2 Korintofoɔ 6

1 Na yɛn a yɛne no bom yɛ adwuma no tu mo fo nso sɛ monnnye Nyankopɔn adom no kwa.

2 Na ɔka sɛ:

Ɛberɛ a ɛsɛ mu na matie woɔ,

nkwagyeɛ da mu na maboa woɔ!

Hwɛ, ɛnnɛ ne adom berɛ; hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagyeɛ da.

Asomafoɔ no adansedie nwoma

3 Na yɛnto obiara suntidua, na wɔannya mfomsoɔ biara wɔ yɛn som ho,

4 na mmom nnoɔma nyinaa mu, yɛyi yɛn ho kyerɛ sɛ Nyankopɔn asomfoɔ: Boasetɔ pii mu, ahohia mu, ahokyere mu, ahometeɛ mu;

5 ɛhweɛ mu, afiaseda mu, mansotwe mu, adwuma den mu, ɛpɛsire mu, mmuada mu;

6 ahoteɛ mu, nimdeɛ mu, abodwokyɛre mu, ayamyɛ mu, Honhom Kronkron mu, ɔdɔ a nkontompo nni mu mu;

7 nokorɛ asɛnka mu, Nyankopɔn tumi mu, tenenee akodeɛ mu wɔ nifa ne benkum;

8 animuonyam ne animguaseɛ mu, atenka bɔne ne atenka pa mu; sɛ asisifoɔ, nanso wɔyɛ nokwafoɔ;

9 sɛ wɔn a wɔnnim wɔn, nanso wɔnim wɔn yie, sɛ wɔn a wɔrewuo, na hwɛ, yɛte ase; sɛ wɔn a wɔtwe wɔn aso, nanso wɔnkum wɔn;

10 sɛ awerɛhofoɔ, nanso wɔn ani gye daa; sɛ ahiafoɔ, nanso wɔma nnipa bebree nya wɔn ho; sɛ wɔn a wɔnni hwee, nanso wɔwɔ nnoɔma nyinaa.

Ɔdɔ ho adesrɛ

11 O Korintofoɔ, yɛaka no pefee akyerɛ mo, yɛn akoma mu atrɛ.

12 Ɛnyɛ yɛn mu na monsene, na mmom mo ara mo yam na monsene.

13 Na mo nso — meka yei kyerɛ mo sɛ mma — montrɛ mo mu saa ara mfa ntua ka.

Ɔbara wɔne abosonsomfoɔ ntam ayɔnkofa

14 Mo ne wɔn a wɔnnye nnie ntwe kɔnnua korɔ; twaka bɛn na tenenee ne amumuyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne esum wɔ?

15 Na koroyɛ bɛn na ɛwɔ Kristo ne Belial ntam? Anaasɛ kyɛfa bɛn na ogyidini ne deɛ ɔnnye nnie wɔ?

16 Na baakoyɛ bɛn na Nyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ? Na yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte aseɛ no asɔrefie, sɛdeɛ Onyankopɔn aka sɛ:

Mɛtena wɔn mu, na manante wɔn mu,

na mayɛ wɔn Nyankopɔn,

na wɔayɛ me man.

17 Enti momfiri wɔn mu,

na monte mo ho mfiri wɔn mu, Awurade na ɔseɛ,

na monnka deɛ ɛyɛ fi;

na me nso magye mo,

18 na mayɛ mo agya,

na moayɛ me mmammarima ne mmammaa,

Awurade Tumfoɔ na ɔseɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

six − three =