2 Korintofoɔ 8

Akyɛdeɛ a ɛfiri Makedonia

1 Nanso, anuanom, yɛrema moahunu Nyankopɔn adom a wɔde adom Makedonia asafo no,

2 ɛfiri sɛ, wɔn ahohiahia sɔhwɛ kɛseɛ mu no, wɔn anigyeɛ buu so maa wɔn wɔ wɔn hia bebrebe mu mpo, wɔyii ayamyɛ kɛseɛ kyerɛe;

3 na medi wɔn ho adanseɛ sɛ, wɔde wɔn ara wɔn pɛ maa sɛdeɛ wɔbɛtumi, wɔma maa no boroo wɔn ahoɔden so mpo,

4 na wɔkoto srɛɛ yɛn pii sɛ, wɔbɛnya kyɛfa wɔ som a wɔde som ahotefoɔ wɔ adɔeyɛ ho.

5 Na ɛnyɛ sɛdeɛ na yɛn ani da soɔ no, na mmom wɔnam Onyankopɔn pɛ so dii kan de wɔn ho maa Awurade, na afei wɔde wɔn ho maa yɛn nso,

6 na ama yɛsrɛɛ Tito sɛ, sɛdeɛ ɔfirii aseɛ kane no, ɔnwie adɔeyɛ no saa ara wɔ mo mu.

7 Na sɛdeɛ moboro so nnoɔma nyinaa mu no, gyidie ne kasa ne nimdeɛ ne mmɔdemmɔ nyinaa ne ɔdɔ a mode dɔ yɛn mu no, monhwɛ sɛ mobɛboro so adɔeyɛ yi mu nso.

Yesu nhwɛsoɔ

8 Menka no ɔhyɛ so, na mmom menam ebinom mmɔdemmɔ so meresɔ mo dɔ mapa no ahwɛ.

9 Na monim yɛn Awurade Yesu Kristo adom no, sɛ ɔyɛ ɔdefoɔ deɛ, nanso mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, na monam ne hia no so abɛyɛ adefoɔ.

10 Na m’adwene a ɛwɔ ho ne sɛ, ɛfata sɛ afei mowie deɛ afe ni, ɛnyɛ ɔyɛ nko ara na mofirii aseɛ yɛeɛ, na mmom monyaa ho pɛ no nso.

Ɔdɔ ne mmoa

11 Na afei monwie ne yɛ no nso, na sɛdeɛ mowɔ akoma a ɛpɛ no, moafiri deɛ mowɔ no mu awie ne yɛ no saa ara.

12 Na sɛ akoma a ɛpɛ no wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛdeɛ onii wɔ adeɛ, na ɛnyɛ sɛdeɛ ɔnnie.

13 Na ɛnyɛ sɛ ebinom ho dwo wɔn na mo deɛ mo ho hiahia mo,

14 na mmom sɛ ɛnyɛ pɛpɛɛpɛ nti; na saa berɛ yi mu, mo mmorosoɔ akɔgu wɔn hia mu, na wɔn mmorosoɔ nso abɛgu mo hia mu, na ayɛ pɛpɛɛpɛ,

15 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Deɛ ɔboaboaa bebree ano no, annya ammoro so,

na deɛ ɔboaboaa kakraa bi ano no, anhia no hwee.

Tito adwuma foforɔ

16 Na aseda nka Onyankopɔn a ɔde mo ho mmɔdemmɔ yi ara bi ahyɛ Tito akoma mu.

17 Ɛwɔ mu sɛ yɛn afotuo na ɔtieeɛ deɛ, nanso ne mmɔdemmɔ mmorosoɔ nti na ɔde ɔno ara ne pɛ baa mo nkyɛn.

18 Na yɛasoma no ne onua bi a wɔayi no ayɛ wɔ asɛmpa no ka ho wɔ asafo no nyinaa mu no,

19 na ɛnyɛ yei nko ara, na ɔno na asafo no ayi no sɛ ɔne yɛn nnante nkura adɔeyɛ a yɛsom ho yi mu, mma Awurade no ara animuonyam, na ɛnkyerɛ yɛn mmɔdemmɔ kɛse no.

20 Na yɛda yɛn ho so, na obiara annya yɛn ho asɛm anka wɔ akyɛdeɛ kɛseɛ a yɛsom ho yi ho;

21 na yɛdwene deɛ ɛfata, ɛnyɛ Awurade anim nko, na mmom nnipa anim nso.

22 Na yɛresoma yɛn nua a yɛanya no asɔ no ahwɛ sɛ ɔyɛ mmɔdemmɔfoɔ wɔ nnoɔma bebree mu no aka wɔn ho, na afei nso awerɛhyɛmu a ɔwɔ no mo mu nti, ɛma ne mmɔdemmɔ no boro so.

23 Na Tito deɛ, ɔyɛ me yɔnko ne me yɔnko dwumayɛfoɔ ma mo; yɛn nuanom no deɛ, wɔyɛ asafo ahodoɔ no asomafoɔ, Kristo animuonyam.

24 Enti monyi mo dɔ ne nhoahoa a yɛde hoahoa yɛn ho no nkyerɛ wɔn wɔ asafo ahodoɔ no anim.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

four × three =