2 Korintofoɔ 7

1 Afei sɛ yɛwɔ saa bɔhyɛ yi nti, adɔfoɔ, momma yɛnhohoro yɛn ho mfiri honam ne honhom mu fi nyinaa ho, na yɛawie yɛn ahoteɛ Onyankopɔn suro mu.

Paulo ne agyidifoɔ ntam dɔ

2 Mommue mo akoma mu mma yɛn; yɛnyɛɛ obiara bɔne, yɛnsɛee obiara, yɛnsisii obiara.

3 Menka yei wɔ afobuo kwan so; ɛfiri sɛ maka dada sɛ, sɛ yɛwu oo, yɛte ase oo, mohyɛ yɛn akoma mu.

4 Mewɔ akokoɔduro kɛseɛ wɔ mo ho, mewɔ mo ho ahohoahoa pii; awerɛkyekyerɛ ahyɛ me ma, na m’anigyeɛ aboro so pii yɛn ahohia nyinaa mu.

Tito ba a ɔbaeɛ

5 Na yɛbaa Makedonia no nso, yɛn honam annya ahome biara, na mmom yɛn ho hiahiaa yɛn afa nyinaa: Ɔko atwa yɛn ho ahyia, na ehu ahyɛ yɛn mu ma;

6 nanso Onyankopɔn a ɔkyekyere ahobrɛaseɛfoɔ werɛ no de Tito ba a ɔbaeɛ no kyekyeree yɛn werɛ.

7 Na ɛnyɛ ne ba no nko ara, na mmom awerɛkyekyerɛ nso a ɔnyaa no mo ho berɛ a ɔkaa mo anigyina wɔ yɛn ho, mo awerɛhodie, me ho mmɔden a mobɔ a ɛmaa m’ani gyee pii kyerɛɛ yɛn no.

Korintofoɔ ahonu

8 Na sɛ mede me krataa no maa mo werɛ hoo mpo a, (mennu me ho); na sɛ menuu me ho nso a, na mehunu sɛ krataa no, sɛ ɛyɛ dɔnhwereɛ pɛ mpo a, ɛhoo mo werɛ.

9 Afei m’ani agye, ɛnyɛ sɛ mo werɛ hoeɛ ntira, na mmom sɛ mo werɛ ho kɔɔ adwensakyera mu; ɛfiri sɛ mo werɛ hoo Nyankopɔn kwan so, na yɛn nti moanhwere biribi wɔ biribiara mu.

10 Na Nyankopɔn kwan so awerɛhoɔ yɛ adwensakyera a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu, a wɔnnu wɔn ho wɔ ho; na ewiase awerɛhoɔ deɛ, ɛma owuo.

11 Na mo werɛ a ɛhoo Nyankopɔn kwan soɔ no ara, monhwɛ nsiyɛ korɔ a ɛmaa mo, ɛne anoyie ne ahi ne ehu ne anigyina ne mmɔdemmɔ ne aweretɔ!

Na biribiara mu no moyii mo ho kyerɛɛ sɛ mo ho te, asɛm no mu.

12 Enti sɛ metwerɛɛ mo a, na ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ bɔne no ntira, nso ɛnyɛ deɛ wɔyɛɛ no bɔne no ntira, na mmom sɛdeɛ nsiyɛ a mowɔ no yɛn ho no bɛda adi mo Nyankopɔn anim.

Paulo anidasoɔ baa mu

13 Yei nti yɛn werɛ akyekye. Na yɛn awerɛkyekyerɛ yi mu yɛn ani gye boroo so, ɛnam Tito anigyeɛ no nti, ɛfiri sɛ mo nyinaa momaa ne honhom nyaa ahotɔ.

14 Na sɛ mede mo mehoahoa me ho mekyerɛɛ no a, m’ani anwu, na mmom sɛdeɛ yɛkaa mo nsɛm nyinaa nokorɛ mu no, saa ara nso na yɛn ahoahoa a yɛhoahoaa yɛn ho wɔ Tito anim no ayɛ nokorɛ.

15 Na n’akoma wɔ mo ho pii boro so, na ɔkae mo nyinaa setie, sɛdeɛ mode suro ne ahopopoɔ gyee no no.

16 M’ani agye sɛ biribiara mu mewɔ mo mu awerɛhyɛmu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

two × 4 =