2 Korintofoɔ 10

Honhom fam ko

1 Me Paulo ara na menam Kristo dwoɔ a ɔdwoɔ ne n’ayamyɛ so metu mo foɔ, me a mewɔ mo nkyɛn a, meyɛ mmɔborɔfoɔ wɔ mo mu, nanso menni mo nkyɛn a, meyɛ mo ho kokoɔdurufoɔ.

2 Na meresrɛ mo, na meba mo nkyɛn a, anhia sɛ mekyerɛ akokoɔduro a mahyɛ sɛ mede awerɛhyɛmu bɛsi me bo makyerɛ wɔ ebinom a wɔbu yɛn sɛ yɛnam honam fam no soɔ.

3 Na yɛnam honam mu deɛ, nanso yɛntu ɔsa honam fam;

4 ɛfiri sɛ yɛn sa a yɛtuo no akodeɛ nyɛ honam mu deɛ, na mmom ɛyɛ den Nyankopɔn anim sɛ yɛde bɛdwiri abankɛseɛ na yɛadwiri adwene

5 ne biribiara a ɛkorɔn a wɔma so de ne Nyankopɔn nimdeɛ di asie, na yɛafa adwene nyinaa dommum de ayɛ setie ama Kristo,

6 na yɛasiesie yɛn ho sɛ, sɛ mo setie wie pɛ yɛ a, yɛbɛtɔ asoɔden nyinaa so were.

Paulo kasa ne ne nneyɛɛ mu ahoɔden

7 Mohwɛ honam ani adeɛ anaa? Sɛ obi de ne ho to ne ho so sɛ ɔyɛ Kristo dea a, ma ɔno ara nnwene nso sɛ, sɛdeɛ ɔno yɛ Kristo dea no, sɛ nso yɛyɛ Kristo dea ne no.

8 Na sɛ mehoahoa me ho boro so kakra wɔ tumi a Awurade de ama yɛn mo nkɔsoɔ, na ɛnyɛ mo dwirie nti no ho mpo a, m’ani renwu,

9 na manyɛ sɛ deɛ mede nwoma mebɛyi mo hu.

10 Na wɔka sɛ: Ne nwoma no deɛ, emu yɛ duru, na ɛkura tumi, nanso ɔwɔ yɛn ntam a, ɔyɛ mmerɛ, na ɔkasa nso a, ahoɔden biara nnim.

11 Ma onii no nhunu sɛ, sɛdeɛ yɛnni hɔ a yɛteɛ wɔ nwoma mu asɛm mu no, saa ara nso na yɛwɔ hɔ a yɛteɛ wɔ nneyɛɛ mu.

Adwuma a Paulo yɛ ma Korintofoɔ

12 Na yɛnsi yɛn bo sɛ yɛbu yɛn ho fra wɔn a wɔyi wɔn ho ayɛ no mu bi, anaasɛ yɛde yɛn ho to wɔn ho, na mmom wɔn a wɔde wɔn ho susu wɔn ho, na wɔde wɔn ho to wɔn ara ho no, wɔnnim nyansa.

13 Na yɛn deɛ, yɛrenhoahoa yɛn ho mma no ntra so, na mmom sɛdeɛ susuhoma a Onyankopɔn de asusu ama yɛn sɛ yɛbɛduru mo nkyɛn bi no teɛ no.

14 Na yɛntwe yɛn mu ntra so sɛdeɛ yɛnnuru mo nkyɛn; ɛfiri sɛ yɛde Kristo asɛmpa no abɛduru mo nkyɛn nso.

15 Na yɛnhoahoa yɛn ho mma no ntra so wɔ ebinom adwuma mu, na yɛn ani da so sɛ, mo gyidie nyini a, yɛbɛyɛ mo mu kɛse aboro so, sɛdeɛ susuhoma no teɛ

16 ama yɛakɔka asɛmpa no wɔ mmeammea a ɛwɔ mo akyiri nohoa, na yɛamfa obi susuhoma so anhoahoa yɛn ho deɛ wɔawie dada no ho.

17 Na deɛ ɔhoahoa ne ho no, ma no nhoahoa ne ho wɔ Awurade mu;

18 ɛfiri sɛ ɛnyɛ deɛ ɔyi ne ho ayɛ na ɔfata, na mmom deɛ Awurade yi no ayɛ a.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

fifteen − 8 =