2 Korintofoɔ 9

Wɔnyi toɔ ansa na Paulo aba

1 Na ɛfa ahotefoɔ som no ho deɛ, ɛnhia sɛ metwerɛ mo;

2 ɛfiri sɛ menim ɛho adwene a mowɔ a mede mehoahoa me ho mekyerɛ Makedoniafoɔ, sɛ Akaiafoɔ siesiee wɔn ho afe ni. Na mo mmɔdemmɔ no akɔkanyan nnipa bebree.

3 Nanso masoma anuanom yi, na yɛn ahohoahoa a yɛhoahoa no mo ho no anyɛ kwa, na sɛdeɛ mekaeɛ no, moasiesie mo ho,

4 na sɛ Makedoniafoɔ bi ne me ba, na wɔbɛto mo sɛ monsiesiee mo ho a, yɛn mpo yɛn ani bɛwu — nyɛ mene mo mmom — sɛ yɛde yɛn ho too mo soɔ.

5 Enti medwene sɛ ɛhia sɛ metu anuanom no foɔ sɛ wɔnni yɛn anim mmra mo nkyɛn na wɔmmɛsiesie mo nhyira a mahyɛ aseɛ masie no nto hɔ, na ada hɔ sɛ nhyira, na ɛnyɛ sɛ anibereɛ.

Deɛ yɛguo na yɛbɛtwa

6 Na yei deɛ, deɛ ɔdua no kyenkyenee mu no bɛtwa no kyenkyenee mu, na deɛ ɔdua no bafuu no bɛtwa no bafuu.

7 Sɛdeɛ obiara asusu n’akoma mu no, ɔmma, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ mu, ɛfiri sɛ deɛ ɔte n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.

8 Na Onyankopɔn bɛtumi sɛ ɔma adom nyinaa boro so ma mo, na nnoɔma nyinaa mu ne daa nyinaa moanya deɛ ɛdɔɔso ma mo nyinaa, na moaboro so adwuma pa nyinaa mu,

9 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Ɔto pete, ɔde ma ahiafoɔ,

ne tenenee no wɔ hɔ daa.

Ayamyɛ so aba

10 Na deɛ ɔde aba ma ogufoɔ na ɔma paanoo sɛ aduane no, ɔbɛma aba a moguo no, na wama no adɔɔso, na wama mo tenenee aba no ase adɔre.

11 Na moanya mo ho biribiara mu, ama ayamyɛ nyinaa a ɛnam yɛn so no ama Onyankopɔn anya aseda.

12 Ɛfiri sɛ ɔsom yi ho adwuma deɛ, ɛnyɛ sɛ wɔde bɛyɛ deɛ ɛhia ahotefoɔ no nko ara, na mmom ɛnam aseda bebree a wɔde da Onyankopɔn no so bɛboro so.

13 Na wɔnam mo som a wɔhunu so, bɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam wɔ mo setie a mode ka Kristo asɛmpa no, ne mo ayamyɛ a mode boa wɔn ne nnipa nyinaa mu,

14 na wɔn ara nso bɛbɔ mpaeɛ ama mo, na Nyankopɔn adom a aboro so agu mo soɔ no nti, wɔn ani bɛgyina mo.

15 Na aseda nka Onyankopɔn wɔ n’akyɛdeɛ a ɛnni kabea no ho!

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

1 + 17 =