1 Korintofoɔ 10

Kɔkɔbɔ wɔ Abosonsom ho

1 Anuanom, mempɛ sɛ mede sie mo sɛ yɛn agyanom nyinaa hyɛɛ mununkum no ase, na wɔn nyinaa faa ɛpo no mu,

2 na wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu too Mose so, mununkum ne ɛpo no mu,

3 na wɔn nyinaa dii honhom fam aduane korɔ,

4 na wɔn nyinaa nom honhom fam anonneɛ korɔ, na wɔnom firii honhom fam botan a na ɛdi wɔn akyire no mu; na ɔbotan no ne Kristo.

5 Nanso wɔn mu fa kɛseɛ no ara ansɔ Nyankopɔn ani; na wɔdwɛree wɔn serɛ so hɔ.

6 Na wɔde yeinom ayɛ nhwɛsoɔ ama yɛn, na yɛn kɔn annɔ bɔne sɛdeɛ wɔn kɔn dɔeɛ no.

7 Afei monnyɛ abosonsomfoɔ sɛdeɛ wɔn mu binom yɛeɛ no, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Nkurɔfoɔ no tenaa ase didii, nomee, na wɔsɔre goroe.

8 Nso mommma yɛmmmɔ adwaman sɛdeɛ wɔn mu binom bɔeɛ na wɔn mu mpem aduonu mmiɛnsa totɔɔ da koro no.

9 Nso mommma yɛnnsɔ Kristonnhwɛ, sɛdeɛ wɔn mu binom yɛeɛ, na awɔ kunkumm wɔn no.

10 Nso monnnwiinwii sɛdeɛ wɔn mu binom nwiinwiiɛ na ɔsɛefoɔ no bɛsɛee wɔn no.

11 Na yeinom nyinaa siiɛ, na ayɛ kɔkɔbɔ ama wɔn, na wɔatwerɛ no sɛ afotuo ama yɛn a wiase berɛ awieeɛ ato yɛn yi.

12 Enti deɛ ɛyɛ no sɛ ɔgyina hɔ no nhwɛ yie na wanhwe ase.

13 Sɔhwɛ biara ntoo mo, gye deɛ ɛyɛ nipa deɛ; na Onyankopɔn yɛ nokwafoɔ a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ mmoro deɛ mobɛtumi soɔ, na mmom ɔbɛma kwan a mode bɛfiri sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi agyina.

14 Enti, m’adɔfo, monnwane mfiri abosonsom ho,

15 Mene mo kasa sɛ animdefoɔ. Mommu deɛ mereka yi ho atɛn.

16 Nhyira kuruwa a yɛhyira soɔ no nyɛ Kristo mogya no ayɔnkoyɛ anaa? Paanoo a yɛbubuo no nyɛ Kristo nipadua ayɔnkoyɛ anaa?

17 Ɛnam sɛ paanoo no yɛ baako nti yɛn a yɛyɛ bebree no yɛ nipadua baako; na yɛn nyinaa di paanoo baako no bi.

18 Monhwɛ honam fam Israel; ɛnyɛ wɔn a wɔdi afɔdeɛ aduane no na wɔne afɔrebukyia no wɔ ayɔnkoyɛ anaa?

19 Afei mese deɛn? Sɛ abosom afɔdeɛ yɛ biribie anaasɛ ɔbosom yɛ biribie?

20 Dabi, na mmom mese, afɔdeɛ a wɔbɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne, na ɛnyɛ Onyankopɔn, na mempɛ sɛ mo ne ahonhommɔne nya ayɔnkoyɛ.

21 Montumi nnom Awurade kuruwa ano ne ahonhommɔne kuruwa ano; montumi nnidi Awurade pono so ne ahonhommɔne pono so.

22 Anaasɛ yɛrehyɛ Awurade ama no atwe ninkunu anaa? Yɛn ho yɛ den kyɛne no anaa?

Onuadɔ bɔ Kristofoɔ ahofadie ho ban

23 Nnoɔma nyinaa ho da kwan, na ɛnyɛ ne nyinaa na ɛboa; nnoɔma nyinaa ho da kwan, na ɛnyɛ ne nyinaa na ɛma nkɔsoɔ.

24 Obiara nnhwehwɛ ɔno ara ne yiedie, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko yiedie.

25 Deɛ wɔtɔn no namdwa ase nyinaa, monni, na ahonim nti mommmisabisa ho asɛm!

26 Na asase ne deɛ ahyɛ so ma nyinaa yɛ Awurade dea.

27 Na sɛ wɔn a wɔnnye nnie no mu bi hyia mo adidi, na mopɛ sɛ mokorɔ a, deɛ wɔde bɛsi mo anim biara, monni, na ahonim nti, mommmisabisa ho asɛm!

28 Na sɛ obi se mo sɛ: Yei yɛ ɔbosom afɔdeɛ a, deɛ ɔkyerɛeɛ no ne ahonim nti, monnni.

29 Sɛ meka sɛ ahonim a, nyɛ wo deɛ, na mene onii no deɛ; na adɛn na obi ahonim bɛbu me ahofadie atɛn?

30 Na sɛ mede aseda medi a, adɛn nti na wɔbɛbɔ me dimmɔne deɛ meda ɛso aseɛ ho?

31 Enti sɛ modidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam.

Abrabɔ pa ho afotuo

32 Monnyɛ deɛ ɛto Yudafoɔ anaa Helafoɔ anaa Nyankopɔn asafo suntidua;

33 sɛdeɛ me nso mehwehwɛ sɛ mesɔ nnipa nyinaa ani, nnoɔma nyinaa mu, na menhwehwɛ deɛ ɛyɛ ma me nko ara, na mmom deɛ ɛyɛ ma dodoɔ no, na ebia wɔagye wɔn nkwa.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

15 − fifteen =