1 Korintofoɔ 9

Paulo ahopakyire nhwɛsoɔ

1 Menne me ho anaa? Menyɛ ɔsomafoɔ anaa? Menhunuu yɛn Awurade Yesu anaa? Ɛnyɛ m’adwuma Awurade mu ne mo anaa?

2 Sɛ menyɛ ɔsomafoɔ mma ebinom a, mo deɛ meyɛ ɔsomafoɔ ma mo; ɛfiri sɛ me somafoyɛ nsɔano ne mo, Awurade mu.

3 M’anoyie a meyi mekyerɛ wɔn a wɔhwehwɛ me dwumadie mu nie.

4 Yɛnni ho kwan sɛ yɛdidi na yɛnom?

5 Yɛnni ho kwan sɛ yɛde onuabaa a ɔyɛ ɔyere kyini sɛ asomafoɔ a aka no ne Awurade nuanom ne Kefa?

6 Anaasɛ mene Barnaba nko ara na yɛnni ho kwan sɛ yɛgyae adwumayɛ?

7 Hwan na ɔkɔ sa na ɔno ara na ɔtua ne ho ka? Hwan na ɔyɛ bobeturo na ɔnni n’aba bie? Anaasɛ hwan na ɔhwɛ mmoakuo na ɔnnom wɔn nufosuo no bie?

8 Meka yei nnipa fam, na mmara no nso nka saa?

9 Na wɔatwerɛ Mose mmara no mu sɛ: Nkyekyere nantwie a ɔrepore aburoo no ano. Ɔnantwie no na ne ho hia Onyankopɔn,

10 anaasɛ yɛn nti na ɔkaa saa? Na yɛn nti na wɔatwerɛ sɛ ɛsɛ deɛ ɔfuntum asase no sɛ ɔfuntum no anidasoɔ mu, na deɛ ɔpore aburoo no pore no anidasoɔ mu sɛ ɔbɛnya mu bi.

11 Sɛ yɛduaa honhom fam nnoɔma maa mo a, ɛyɛ adeɛ a ɛso, sɛ yɛbɛbu honam fam nnoɔma afiri mo hɔ?

12 Sɛ nnipa bi wɔ mo so tumi yi bi a, yɛnni nsene wɔn anaa? Nanso yɛamfa saa tumi yi anyɛ deɛ yɛn ara yɛpɛ, na mmom yɛpene nnoɔma nyinaa so na yɛansi Kristo asɛmpa no kwan.

13 Monnim sɛ wɔn a wɔyɛ asɔredan mu adwuma no di asɔredan adeɛ no bie, na wɔn a wɔte afɔrebukyia ho no nso didi afɔrebukyia no ho?

14 Saa ara na Awurade nso ahyehyɛ sɛ, wɔn a wɔka n’asɛmpa no nnidi asɛmpa no ho.

15 Na me deɛ, mamfa yeinom biara anyɛ hwee. Na mantwerɛ yeinom sɛ wɔnyɛ no saa mma me; na ɛyɛ ma me sɛ anka mɛwuo kyɛne sɛ obi bɛma m’ahohoahoa ayɛ kwa.

16 Na sɛ meka asɛmpa no a, ɛnyɛ adeɛ a mede hoahoa me ho, ɛfiri sɛ ɛtwa sɛ meka, na sɛ manka asɛmpa no a, mennue!

17 Na sɛ meyɛ no anigyeɛ so a, mewɔ akatua, sɛ nso manyɛ no anigyeɛ so a, wɔde efiehwɛ adwuma no ahyɛ me nsa ara.

18 Na afei m’akatua ne deɛ ɛwɔ he? Ɛne sɛ, meka asɛmpa no a, memfa akatua biara mmata ho na mamfa tumi a wɔde ama me wɔ asɛmpa no ho no manyɛ biribi.

19 Na mede me ho adeɛ nyinaa mu deɛ, nanso mede me ho mayɛ akoa mama nnipa nyinaa na manya dodoɔ.

20 Meyɛɛ me ho sɛ Yudani memaa Yudafoɔ, na manya Yudafoɔ; wɔn a wɔwɔ mmara aseɛ no, (ɛwom sɛ menhyɛ mmara ase deɛ,) nanso meyɛɛ me ho sɛ obi a ɔwɔ mmara aseɛ memaa wɔn, na manya wɔn a wɔwɔ mmara aseɛ no.

21 Wɔn a wɔnhyɛ mmara no aseɛ no, meyɛɛ me ho memaa wɔn sɛ obi a ɔnhyɛ mmara no ase, (ɛnyɛ sɛ menni mmara wɔ Nyankopɔn anim, mmom mewɔ Kristo mmara mu,) na manya wɔn a wɔnni mmara no.

22 Wɔn a wɔyɛ mmerɛ no, meyɛɛ me ho sɛ obi a ɔyɛ mmerɛ memaa wɔn, na manya wɔn a wɔyɛ mmerɛ no; mede me ho meyɛɛ ade nyinaa memaa nnipa nyinaa, na ɛyɛ deɛn ara a, magye ebinom nkwa.

23 Na yei nyinaa, asɛmpa no nti na meyɛ, na manya emu nhyira no bi.

24 Monnim sɛ wɔn a wɔsi ammirika kan no, wɔn nyinaa tu ammirika no deɛ, nanso ɔbaako na ɔnya nkonim boɔ no anaa? Saa ara na montu ammirika, na moanya bi.

25 Na obiara a ɔsi agodie kan no, ɔsɔn ne ho nnoɔma nyinaa mu; na wɔn deɛ, wɔyɛ na wɔanya abotire a ɛsɛeɛ, na yɛn deɛ, deɛ ɛnsɛeɛ.

26 Saa nti, me deɛ, ammirika a metuo yi, mentu no asunsumabo, kuturukuo a mebɔ yi, memmɔ no sɛ deɛ ɔreboro mframa,

27 na mmom mehyɛ me nipadua yea, na medi no nya, na mereka asɛm makyerɛ binom yi, me ara wɔanyi me totwene.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

17 − 9 =