Numeri 34

Ahyɛdeɛ wɔ Kanaanfoɔ ho 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Hyɛ Israelfoɔ no mmara na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ moduru Kanaan asase no so a, (yei ne asase a ɛbɛyɛ mo agyapadeɛ, Kanaan asase no, sɛdeɛ n’ahyeɛ teɛ). 3 Mo anafoɔ fam nkyɛn mfiri Sin serɛ so Edom nkyɛn mu. Na mo […]

Numeri 35

Lewifoɔ nkuro 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose wɔ Moab mpaperɛ so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no sɛ: 2 Hyɛ Israelfoɔ no na wɔmfa wɔn agyapadeɛ a wɔanya no mu nkuro bi mma Lewifoɔ no na wɔntena mu, na nkuro no ho mmoa adidibea nsase nso momfa mma Lewifoɔ. 3 Na nkuro no nyɛ […]

Numeri 36

Mma mmaa awarefoɔ ho asɛm 1 Na Gilead, Makir ba, Manase ba mma abusuakuo mu mpanimfie so atitire a wɔfiri Yosef mma mmusua mu no ba bɛkasaa Mose ne mmapɔmma no, Israelfoɔ mpanimfie so atitire no, anim, 2 na wɔse: AWURADE ahyɛ me wura sɛ wɔmfa ntontobɔ so nkyɛ asase no mu mma Israelfoɔ na […]

Lewitikɔs 1

Ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ 1 Na AWURADE frɛɛ Mose, na ɔfiri ahyiaeɛ ntomadan no mu kasa kyerɛɛ no sɛ: 2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mo mu nipa bi de ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, afieboa a ɔfiri anantwie ne nnwan mu na momfa nyɛ mo ayɛyɛdeɛ mmra. 3 Sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ ɔhyeɛ […]

Lewitikɔs 4

Bɔne ho afɔdeɛ 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Sɛ obi anhyɛda na ɔyɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu biara, 3 sɛ nso ɔsɔfoɔ a wɔasra no ɔsɔfo panin yɛ bɔne ma ɔman no di so a, ɛnneɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ nti ma no mfa […]