Lewitikɔs 6

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Sɛ obi yɛ bɔne di AWURADE kusum sɛ ɔsane ne yɔnko adeɛ bi a ɔde ama no asie, anaasɛ ɔde ahyɛ ne nsa, anaasɛ ɔbɔ korɔno, anaasɛ ɔdi ne yɔnko amim,

3 anaasɛ wahunu biribi a ayera na ɔsane, na ɔka ntanhunu, sɛ onipa yɛ yeinom biara mu bɔne,

4 sɛ ɛba sɛ ɔyɛ bɔne na ɔdi so saa a, ɔmfa adeɛ a ɔfaeɛ anaa adeɛ a ɔdii mu amim, anaa adeɛ a wɔde maa no asie anaa adeɛ a ɛyeraeɛ a ɔhunuiɛ,

5 anaa adeɛ biara a ɔkaa ɛho ntanhunu no nsane mmra, ɔmfa ne nyinaa mmra, na ɔmfa abupɛn nnum mu baako mpae so mma ɔdenadeɛ no, n’asodie ho afɔrebɔ da no ara;

6 na ɔmfa n’asodie ho afɔdeɛ a ɔde rebrɛ AWURADE no mmrɛ ɔsɔfoɔ no, nnwan mu odwennini a ɔdi mu, sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ, na ɛnyɛ asodie ho afɔdeɛ.

7 Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ AWURADE anim, na wɔde adeɛ biara a wayɛ a ɔdi ho so no bɛkyɛ no.

Ɔhyeɛ afɔdeɛ ho mmara

8 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

9 Hyɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Yei ne ɔhyeɛ afɔdeɛ ho mmara: Ɔhyeɛ afɔdeɛ no ntena asomurofi, afɔrebukyia no so anadwo mu nyinaa nkɔsi anɔpa, na wɔmma afɔrebukyia no so gya no nnɛre wɔ so.

10 Na ɔsɔfoɔ no nhyɛ ne nwera atadeɛ, na ɔnhyɛ ne nwera twakoto nkata ne ho, na ɔnsesa nso a ɔhyeɛ afɔdeɛ ogya no hye gyaa no afɔrebukyia no soɔ no ngu afɔrebukyia no nkyɛn.

11 Na ɔnyi ne ntadeɛ no, na ɔnhyɛ ntadeɛ foforɔ, na ɔmfa nso no mfiri nkɔ nsraban no akyi nkɔgu deɛ ɛhɔ teɛ.

12 Na wɔmma afɔrebukyia so gya no nnɛre, ennnum ara da, na ɔsɔfoɔ no nsɔ nnyina wɔ so daa anɔpa, na ɔnsiesie ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ so, na ɔnhye so asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no.

13 Ogya nnɛre afɔrebukyia no so daa, ɛnnnum da.

14 Na yei ne aduane afɔdeɛ ho mmara: Aaron mma no mfa mmra AWURADE anim wɔ afɔrebukyia no anim.

15 Na ɔmfa aduane afɔdeɛ no esiam no nsa ma ne ngo no bi ne aduane afɔdeɛ no so hwamfufuo nyinaa, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so, na ɛnyi hwa hwanhwam nyɛ nkaeɛ adeɛ mma AWURADE.

16 Na nkaeɛ no, Aaron ne ne mma no nni no apiti, wɔnni no deɛ ɛhɔ yɛ kronkron, ahyiaeɛ ntomadan no adihɔ na wɔnnie.

17 Wɔmmfa mmɔreka mmfra nnto. Wɔn kyɛfa a mede mama wɔn wɔ me gya afɔdeɛ mu ne no; ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron, sɛ bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ.

18 Aaron mma mu mmarima nyinaa nni; ɛnyɛ AWURADE gya afɔdeɛ ahodoɔ ho daa ahyɛdeɛ, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Obiara a ɔka no nyɛ kronkron.

19 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

20 Yei ne Aaron ne ne mma ayɛyɛdeɛ a wɔmfa mmrɛ AWURADE, ɛda a wɔsra no ngo no; esiam olonka abupɛn du mu baako nyɛ daa ayɛyɛdeɛ, anɔpa deɛ fa na anwummerɛ deɛ fa.

21 Wɔmfa ngo nkye no dadeɛ ayowa mu; yɛ no nkyekyeewa bra; yɛ no sɛ aduane afɔdeɛ a wɔatoto abubu mu asinasini bra, na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE.

22 Na ɔsɔfoɔ a wɔbɛsra no ngo asi n’ananmu wɔ ne mma mu no na ɔnyɛ; ɛyɛ AWURADE daa ahyɛdeɛ; wɔnhye no mu.

23 Na ɔsɔfoɔ no aduane afɔdeɛ nyinaa wɔnhye no mu; wɔnnni bi.

Bɔne ho afɔdeɛ ho mmara

24 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

25 Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma no sɛ: Yei ne bɔne ho afɔdeɛ ho mmara: Faako a wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ aboa no, ɛhɔ ara na wɔnkum bɔne ho afɔdeɛ deɛ no, AWURADE anim; akronkronneɛ mu ade kronkron ne no.

26 Ɔsɔfoɔ a ɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ no na ɔnnie; faako a ɛhɔ yɛ kronkron na wɔnni wɔ ahyiaeɛ ntomadan no adihɔ.

27 Obiara a ɔka nam no nyɛ kronkron; na deɛ mogya no bi apete n’atadeɛ mu no nsi deɛ ɛpetee mu no wɔ deɛ ɛhɔ yɛ kronkron.

28 Na ahina a wɔnoaa no wɔ mu no, wɔmmɔ, na sɛ kɔbere mfrafraeɛ sɛn mu na wɔnoaeɛ a, wɔntwi mu na wɔmfa nsuo nhohoro mu.

29 Mmarima a wɔfiri asɔfoɔ abusuakuo mu nyinaa nni bi; ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.

30 Na bɔne ho afɔdeɛ a wɔde ne mogya no bi ba ahyiaeɛ ntomadan mu bɛpata wɔ kronkronbea hɔ no nyinaa, wɔnnni, wɔmfa ogya nhye.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

19 + 2 =