Lewitikɔs 4

Bɔne ho afɔdeɛ

1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Sɛ obi anhyɛda na ɔyɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu biara,

3 sɛ nso ɔsɔfoɔ a wɔasra no ɔsɔfo panin yɛ bɔne ma ɔman no di so a, ɛnneɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ nti ma no mfa nantwinini a ɔdi mu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.

4 Na ɔmfa nantwinini no mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano, AWURADE anim, na ɔmfa ne nsa nto n’atifi, na ɔnku no, AWURADE anim.

5 Na ɔsɔfoɔ a wɔasra no no mfa nantwie no mogya no bi nkɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu,

6 na asɔfoɔ no mfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu, na ɔmpete mogya no bi mprɛnson, AWURADE anim, kronkronbea ntwamutam no anim.

7 Na ɔsɔfoɔ no mfa mogya no bi nkeka aduhwamhyeɛ bukyia a ɛwɔ AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan mu no mmɛn ho, na ɔnhwie nantwie no mogya nyinaa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan ano no ase.

8 Na ɔnyi bɔne ho afɔdeɛ nantwie no sradeɛ nyinaa mfiri ne ho; sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ so ne ayamdeɛ ho sradeɛ nyinaa,

9 ne sawa mmienu no ne sradeɛ a ɛwɔ so, sisia mu no ne mmerɛboɔ so ntentan no; ɔmfiri sawa ho nyi,

10 sɛdeɛ wɔyi firi asomdwoeɛ afɔdeɛ nantwie ho no; na ɔsɔfoɔ no nhye no ɔhyeɛ afɔrebukyia no so.

11 Na ɔmfa nantwinini no nwoma ne ne nam nyinaa ne ne ti ne ne nnyawa ne n’ayamdeɛ ne n’agyanan no,

12 nantwinini mu no nyinaa, mfiri nkɔ nsraban no akyi, deɛ ɛhɔ teɛ, deɛ wɔhwie nso guo, na ɔmfa ogya nhye no nnyina so; deɛ wɔhwie nso guo na wɔnhye no.

Ɔman mu no

13 Na sɛ Israel asafo nyinaa fom, na asɛm no ahunta ɔman no ani so, na wɔyɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu bi, na wɔdi so,

14 na wɔhunu bɔne a wɔayɛ de afom no a, ɛnneɛ, asafo no mfa nantwinini mmra mmɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na wɔmfa no mmra ahyiaeɛ ntomadan no ano.

15 Na asafo no mu mpanimfoɔ mfa wɔn nsa ngu nantwinini no atifi, na wɔnkum nantwie no, AWURADE anim.

16 Na ɔsɔfoɔ a wɔasra no no mfa nantwinini no mogya no bi nhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu;

17 na ɔmfa ne nsateaa mmɔ mogya no mu mfa mpete mprɛnson, AWURADE anim, ntwamutam no anim,

18 na ɔmfa mogya no bi nkeka afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no mu, no mmɛn ho, na ɔnhwie mogya no nyinaa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia a ɛsi ahyiaeɛ ntomadan ano no ase.

19 Na ɔnyi ne sradeɛ nyinaa mfiri so, na ɔnhye no afɔrebukyia no so.

20 Na sɛdeɛ ɔyɛɛ bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no, saa ara na wɔnyɛ yei nso; na ɔsɔfoɔ no mpata mma wɔn, na wɔde bɛkyɛ wɔn.

21 Na ɔmfa nantwinini no mfiri nkɔ nsraban no akyi, na ɔnhye no sɛdeɛ wɔhyee kane nantwinini no, asafo no bɔne ho afɔdeɛ ne no.

Ɔmanfoɔ no mu atitire

22 Sɛ otitire bi anhyɛda na ɔyɛ nnoɔma a AWURADE ne Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no nyinaa mu adeɛ baako, na ɔdi so, na sɛ wɔma no hunu ne bɔne a wayɛ no a,

23 ɛnneɛ, ɔmfa n’ayɛyɛdeɛ a ɛyɛ ɔpapo a ɔdi mu mmra;

24 na ɔmfa ne nsa nto ɔpapo no atifi, na ɔnku no deɛ wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ AWURADE anim: Bɔne ho afɔdeɛ ne no.

25 Na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa mfa bɔne ho afɔdeɛ no mogya no bi nkeka ɔhyeɛ afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔnhwie ne mogya no ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia no ase.

26 Na ɔnhye ne sradeɛ nyinaa wɔ ɔhyeɛ afɔrebukyia no so sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ sradeɛ no; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne no ho, na wɔde bɛkyɛ no.

Ɔmanfoɔ no

27 Na sɛ asase no so nkurɔfoɔ no mu biara anhyɛda na ɔyɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu adeɛ baako, na ɔdi so, na sɛ wɔma no hunu ne bɔne a wayɛ a,

28 ɛnneɛ, ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n’ayɛyɛdeɛ, abirekyibereɛ a ɔdi mu mmra mmɛma;

29 na ɔmfa ne nsa nto bɔne ho afɔdeɛ no atifi, na ɔnkum bɔne ho afɔdeɛ no deɛ wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ.

30 Na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa nka mogya no bi nkeka ɔhyeɛ afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔnhwie ne mogya nyinaa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia no ase.

31 Na ɔnyi ɛho sradeɛ sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ deɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no ɔhyeɛ afɔrebukyia no so, na ɛnyi hwa hwanhwam mma AWURADE; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.

32 Na sɛ ɔde adwammaa bɛyɛ n’ayɛyɛdeɛ ba bɛbɔ bɔne ho afɔdeɛ a, ɔmfa ɔbedeɛ a ɔdi mu mmra.

33 Na ɔmfa ne nsa nto bɔne ho afɔdeɛ no atifi, na ɔnku no nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, deɛ wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ hɔ.

34 Na ɔsɔfoɔ no mfa ne nsateaa nka bɔne ho afɔdeɛ no mogya no bi nkeka ɔhyeɛ afɔrebukyia no mmɛn ho, na ɔnhwie mogya no nyinaa ngu afɔrebukyia no ase.

35 Na ɔnyi ne sradeɛ nyinaa, sɛdeɛ wɔyi asomdwoeɛ afɔdeɛ adwammaa ho sradeɛ no, na ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia so, sɛdeɛ AWURADE gya afɔrebɔ teɛ no; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

10 + eleven =