Lewitikɔs 3

Asomdwoeɛ afɔdeɛ

1 Na sɛ obi ayɛyɛdeɛ yɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na anantwie no bi na ɔde reba a, onini oo, ɔbedeɛ oo, deɛ ɔdi mu na ɔmfa no mmra AWURADE anim.

2 Na ɔmfa ne nsa nto n’ayɛyɛdeɛ no atifi, na ɔnku no, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no, asɔfoɔ no, mfa mogya no mpete afɔrebukyia no so nhyia.

3 Na ɔnyi asomdwoeɛ afɔdeɛ no bi mmra mmɛyɛ AWURADE gya afɔdeɛ; sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ no soɔ no ne ayamdeɛ no ho sradeɛ nyinaa,

4 ne sawa mmienu no ne sradeɛ a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛboɔ so ntentan no; ɔmfiri sawa ho nyi.

5 Na Aaron mma no nhye no afɔrebukyia no so, mpae ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛgu ogya no so, na ɛnyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

6 Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ a ɔde rebɛbɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE no yɛ nnwan no bi a, onini oo, ɔbedeɛ oo, deɛ ɔdi mu na ɔmfa mmra.

7 Sɛ n’ayɛyɛdeɛ yɛ adwammaa na ɔde reba a, ɔmfa mmra AWURADE anim;

8 na ɔmfa ne nsa nto n’ayɛyɛdeɛ no atifi, na ɔnku no ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔrebukyia no so nhyia.

9 Na ɔnyi asomdwoeɛ afɔdeɛ no bi mmra mmɛbɔ ogya afɔdeɛ mma AWURADE; ne sradeɛ ne ne sradeɛ duapuo a ɔntwa no padua so pa ara ne sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ soɔ ne ayamdeɛ ho sradeɛ nyinaa,

10 ne sawa mmienu no ne sradeɛ a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛboɔ so ntentan no; ɔmfiri sawa ho nyi.

11 Na ɔsɔfoɔ no nhye no afɔrebukyia no so: Ɛyɛ aduane afɔdeɛ a wɔbɔ no gya so ma AWURADE.

12 Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ abirekyie a, ɔmfa mmra AWURADE anim;

13 na ɔmfa ne nsa nto n’atifi, na ɔnku no, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no mfa ne mogya mpete afɔrebukyia no so nhyia.

14 Na ɔnyi bi mmra mmɛyɛ n’ayɛyɛdeɛ, AWURADE gya afɔdeɛ: Sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ soɔ no ne ayamdeɛ ho sradeɛ nyinaa;

15 ne sawa mmienu no, ne sradeɛ a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛboɔ so ntentan no; ɔmfiri sawa ho nyi.

16 Na ɔsɔfoɔ no nhye no wɔ afɔrebukyia no so: Ɛyɛ ogya afɔreduane a ɛyi hwa hwanhwam; sradeɛ no nyinaa yɛ AWURADE dea.

17 Ɛnyɛ daa ahyɛdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu ne mo tenabea nyinaa sɛ: Monnni sradeɛ anaa mogya biara.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

twelve − 3 =