Lewitikɔs 2

Aduane afɔdeɛ

1 Na sɛ obi de aduane afɔdeɛ ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, n’ayɛyɛdeɛ no nyɛ esiam, na ɔngu so ngo, na ɔmfa ohwamfufuo nto so.

2 Na ɔmfa mmrɛ Aaron mma no, asɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa esiam ne ngo no nsa mama, ne ohwamfufuo no nyinaa, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so sɛ nkaeɛ adeɛ. Ɛyɛ ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

3 Na aduane afɔdeɛ no mu deɛ ɛbɛka no nyɛ Aaron ne ne mma dea, AWURADE gya mu akronkronneɛ mu ade kronkron ne no.

4 Na sɛ wode aduane afɔdeɛ ayɛyɛdeɛ a wɔato no fononoo mu bi reba a, fa esiam apiti a wɔde ngo afɔre taterɛ ne apiti ɔfam a wɔagu so ngo bra.

5 Na sɛ w’ayɛyɛdeɛ no yɛ aduane afɔdeɛ a wɔakye no dadeɛ so a, ma no nyɛ esiam apiti a wɔde ngo afɔre;

6 bubu mu asinasini, na hwie ngo gu so, aduane afɔdeɛ ne no.

7 Na sɛ w’ayɛyɛdeɛ no yɛ kukuo mu aduane afɔdeɛ a, fa esiam ne ngo yɛ.

8 Na fa aduane afɔdeɛ a wɔde nnoɔma yi ayɛ no brɛ AWURADE; na wɔde brɛ ɔsɔfoɔ no a, ɔmfa mmra afɔrebukyia no ho.

9 Na ɔsɔfoɔ no nyi ayɛyɛdeɛ no so nkaeɛ adeɛ no, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so; ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE ne no.

10 Na aduane afɔdeɛ no nkaeɛ nyɛ Aaron ne ne mma dea; akronkronneɛ mu ade kronkron a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ mu ne no.

11 Aduane afɔdeɛ a mode bɛbrɛ AWURADE no nyinaa, mommfa mmɔreka nnyɛ; na monnhye mmɔreka biara ne ɛwoɔ biara sɛ ogya afɔdeɛ mmma AWURADE.

12 Momfa nnoɔma yi mmrɛ AWURADE sɛ aba a ɛdi kan mu afɔrebɔdeɛ, nanso wɔmmfa bi mmma afɔrebukyia no so sɛ ɛmmɛyi hwa hwanhwam.

13 Na w’aduane afɔdeɛ ayɛyɛdeɛ nyinaa, to mu nkyene, na mma wo Nyankopɔn apam nkyene mmpa w’aduane afɔdeɛ mu; fa nkyene ka w’ayɛyɛdeɛ nyinaa ho.

14 Na sɛ wode aba a ɛdi kan ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, fa aburoo mmɛtem a wɔato no ogya mu atutu apɔn ho yɛ w’aba a ɛdi kan mu ayɛyɛdeɛ;

15 na fa ngo gu so, na fa ohwamfufuo to so; aduane afɔdeɛ ne no.

16 Na ɔsɔfoɔ no nhye aburoo mfuamfua a wɔapɔn ho no bi ne ngo no bi ne ohwamfufuo no nyinaa sɛ nkaeɛ adeɛ; ɛyɛ ogya afɔdeɛ a wɔbɔ ma AWURADE.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

4 × 2 =