Lewitikɔs 7

Asodie afɔdeɛ ho mmara

1 Na yei ne asodie ho afɔdeɛ ho mmara; ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.

2 Faako a wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ aboa no, ɛhɔ ara na wɔnkum asodie ho afɔdeɛ deɛ no nso; na ɔnhwie ne mogya mpete afɔrebukyia no so nhyia.

3 Na ɔnyi ne sradeɛ nyinaa mmra: Ne sradedua, ne sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ ho no,

4 ne sawa mmienu ne sradeɛ a ɛwɔ ho, sisia mu no, ne mmerɛboɔ so ntentan, ɔmfiri sawa ho nyi;

5 na ɔsɔfoɔ no nhye ne nyinaa afɔrebukyia no so nyɛ AWURADE gya afɔdeɛ; asodie ho afɔdeɛ ne no.

6 Mmarima a wɔfiri asɔfoɔ abusuakuo nyinaa nni; deɛ ɛhɔ yɛ kronkron na wɔnnie; ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.

7 Sɛ bɔne ho afɔdeɛ teɛ no, sɛ asodie ho afɔdeɛ nso teɛ ne no, mmara korɔ na ɛda ho; ɔsɔfoɔ a ɔde pata no, ɛnyɛ ne dea.

8 Na ɔsɔfoɔ a ɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ma obi no, ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɔbɔeɛ no nwoma nyɛ ɔsɔfoɔ no dea.

9 Na aduane afɔdeɛ a wɔto no fononoo mu nyinaa ne deɛ wɔsiesie no kukuo mu ne ɛkyeɛ dadeɛ soɔ nyinaa, ɔsɔfoɔ a ɔde ba no na ɛnyɛ ne dea.

10 Na aduane afɔdeɛ a wɔagu so ngo anaa deɛ ɛyɛ wesee nyɛ Aaron mma nyinaa deɛ, obiara nnya sɛdeɛ ne yɔnko nya.

Asomdwoeɛ afɔdeɛ

11 Na yei ne asomdwoeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ ma AWURADE no ho mmara.

12 Sɛ wɔyɛ no aseda afɔdeɛ de ba a, aseda afɔdeɛ a ɔde ba no nyɛ apiti taterɛ a wɔde ngo afɔre, ne apiti ɔfam a wɔde ngo agu soɔ ne esiam taterɛ a wɔde ngo afɔre akyeɛ.

13 Mmɔreka paanoo taterɛ na ɔmfa nka n’ayɛyɛdeɛ ne n’asomdwoeɛ aseda afɔdeɛ no ho mmra.

14 Na ɔmfa ayɛyɛdeɛ no mu biara baako mmra, na wɔmma so mma AWURADE, ɔsɔfoɔ a ɔde asomdwoeɛ afɔdeɛ mogya peteeɛ no na ɛnyɛ ne dea.

15 Na n’asomdwoeɛ aseda afɔdeɛ no nam no, wɔnni no da a wɔde baeɛ no ara, wɔnnnya bi nnkɔsi adekyeeɛ.

16 Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ bɔhyɛ anaa ayamyi ayɛyɛdeɛ a, wɔnni no da a ɔbɔ n’afɔdeɛ no, na sɛ adeɛ kye bi so a, wɔnni ara;

17 na afɔdeɛ no nam a ɛbɛka akɔsi da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔmfa ogya nhye.

18 Na sɛ obi di n’asomdwoeɛ afɔdeɛ nam no bi da a ɛtɔ so mmiɛnsa no a, ɛrensɔ ani, na wɔremmu mma deɛ ɔde baeɛ no, ɛyɛ akyiwadeɛ, na ɔkra a ɔbɛdi bie no bɛsoa ne mmusuo.

19 Na nam a aka biribi a ɛho nteɛ no, wɔnnni; wɔmfa ogya nhye. Na nam deɛ, obiara a ne ho teɛ nni,

20 nanso ɔkra a ɔbɛdi asomdwoeɛ afɔdeɛ a ɛyɛ AWURADE dea no nam no bie na n’afideɛ da ne soɔ no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene.

21 Na ɔkra bi a ɔbɛka afideɛ biara, onipa ho afideɛ bi oo, aboa a ne ho nteɛ oo, akyiwadeɛ biara a ɛho nteɛ oo, na ɔbɛdi AWURADE asomdwoeɛ afɔdeɛ nam no bie no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene.

Mogya ne sradeɛ akyiwadeɛ

22 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

23 Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Nantwie ne odwanten ne abirekyie sradeɛ biara, monnni.

24 Na aboa funu sradeɛ ne deɛ wɔatete no sradeɛ, wɔmfa nyɛ adwuma biara, na die na monnnie.

25 Na obiara a ɔbɛdi afieboa a wɔde bi bɛbɔ AWURADE gya afɔdeɛ sradeɛ no, wɔbɛtwa ɔkra a ɔdie no afiri ne man mu atwene.

26 Na mogya biara nso, anomaa deɛ oo, atɔteboa deɛ oo, monnni wɔ mo tenabea biara mu.

27 Ɔkra biara a ɔbɛdi mogya biara no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ne man mu atwene.

Asɔfoɔ no kyɛfa

28 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

29 Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Deɛ ɔbɛbɔ n’asomdwoeɛ afɔdeɛ ama AWURADE no, ɔmfa n’asomdwoeɛ afɔdeɛ no mu ayɛyɛdeɛ mmrɛ AWURADE.

30 Ɔno ara ne nsa na ɔmfa nsɔ AWURADE gya afɔdeɛ no mu mmra, sradeɛ ne ɔyan na ɔmfa mmra; ɔyan no, wɔnhim nyɛ ohim afɔdeɛ AWURADE anim.

31 Na ɔsɔfoɔ no nhye sradeɛ no, afɔrebukyia no so, na ɔyan no nyɛ Aaron ne ne mma dea.

32 Na ɔsrɛ nifa no, momfa nyɛ mo asomdwoeɛ afɔdeɛ mu mmasoɔ adeɛ mma ɔsɔfoɔ no.

33 Aaron mma mu deɛ ɔde asomdwoeɛ afɔdeɛ mogya ne sradeɛ ba no, ɔno na ɔsrɛ nifa no nyɛ ne kyɛfa.

34 Na ohim yan ne mmasoɔ srɛ no na mafa, Israelfoɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ no mu, na mede mama Ɔsɔfoɔ Aaron ne ne mma sɛ wɔn daa kyɛfa a ɛfiri Israel mma nsam.

35 Yei ne Aaron kyɛfa ne ne mma kyɛfa a ɛfiri AWURADE gya afɔdeɛ mu, ɛda a wɔde wɔn baa sɛ wɔmmɛdi AWURADE asɔfoɔ

36 na AWURADE hyɛɛ sɛ wɔmfa mma wɔn, ɛda a wɔsraa wɔn ngo firii Israelfoɔ mu, sɛ ɛnyɛ wɔn daa kyɛfa, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu no.

37 Yei ne mmara a ɛda hɔ ma ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ ne asodie ho afɔdeɛ ne atuhoakyɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ

38 a AWURADE hyɛɛ Mose, Sinai bepɔ soɔ, ɛda a ɔhyɛɛ Israelfoɔ sɛ wɔmfa wɔn ayɛyɛdeɛ mmrɛ AWURADE, Sinai serɛ soɔ no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

5 × 1 =