Lewitikɔs 5

Bɔne ahodoɔ ho afɔrebɔ

1 Na sɛ obi yɛ bɔne sɛ wate ntanka nne na ɔne ɛho danseni, sɛ ɔhunui oo, ɔtee oo, na wanka a, ɔbɛsoa ne mmusuo.

2 Anaasɛ sɛ obi ka afideɛ biara, sɛ aboa bi a ne ho nteɛ funu, anaa afieboa bi a ne ho nteɛ funu, anaa aboaa bi a ne ho nteɛ funu, na ɔnnim mpo a, ne ho agu fi, na ɔdi so.

3 Anaasɛ sɛ ɔka onipa ho fi bi, na sɛ afideɛ a ama oniiko ho agu fi no te sɛn ara, na ɔnnim mpo a, sɛ akyire yi ɔhunu a, ɔdi so.

4 Sɛ asɛnhunu firi onipa anomu anaasɛ ɔka ntam sɛ ɔbɛyɛ bɔne anaa papa bi na ɔnnim mpo a, sɛ akyire n’ani ba ne ho so a, ɔdi adeɛ yi mu biara ho so;

5 na afei sɛ ɔdi adeɛ yi mu biara ho so a, ɔnka deɛ wayɛ mu bɔne no,

6 na ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n’asodie ho afɔdeɛ mmrɛ AWURADE, nnwan mu ɔbedeɛ, odwanten anaa abirekyie, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ ne bɔne no ho.

7 Na sɛ ne nsa anso odwan so a, ɔmfa anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu mmrɛ AWURADE mmɛyɛ bɔne a wayɛ no mu asodie ho afɔdeɛ; baako nyɛ bɔne ho afɔdeɛ, na baako nyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ.

8 Na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔmfa deɛ ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ no kane, na ɔnkyinsa ne ti, ne kɔn so, nanso ɔnnte mfiri so;

9 na ɔmfa bɔne ho afɔdeɛ no mogya no bi mpete afɔrebukyia no ho, na mogya no nkaeɛ no ɔmfa ngu ɔhyeɛ afɔrebukyia no ase, bɔne ho afɔdeɛ ne no.

10 Na deɛ ɔtɔ so mmienu no, ɔmfa no mmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ ne yɛbea teɛ. Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no wɔ ne bɔne a wayɛ no ho, na wɔde bɛkyɛ no.

11 Na sɛ ne nsa anso anyankuku mmienu anaa mmorɔnoma mma mmienu so a, deɛ ɔmfa nyɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ ho ayɛyɛdeɛ ne esiam olonka abupɛn du mu baako, na ɛnyɛ bɔne ho afɔdeɛ; ɔmmfa ngo nngu so, na ɔmmfa ohwamfufuo nnto so, ɛfiri sɛ ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ.

12 Na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa mu nsa ma nyɛ nkaeɛ adeɛ, na ɔnhye no afɔrebukyia no so, sɛdeɛ AWURADE gya afɔrebɔ teɛ no: Bɔne ho afɔdeɛ ne no.

13 Na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, ne bɔne a wayɛ nnoɔma yi biara mu no ho, na wɔde bɛkyɛ no; na nkaeɛ no nyɛ ɔsɔfoɔ no deɛ, sɛ aduane afɔdeɛ.

Asodie ho afɔdeɛ

14 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:

15 Sɛ obi anhyɛ da yɛ bɔne a ɛyɛ kusumdie wɔ AWURADE akronkronneɛ ho a, ɛnneɛ, n’asodie afɔdeɛ a ɔmfa mmrɛ AWURADE ne odwennini a ɔdi mu, sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ, dwetɛ nnwetɛbena mu, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena teɛ; na ɛnyɛ asodie ho afɔdeɛ.

16 Na deɛ wayɛ ɛho bɔne, akronkronneɛ mu no, ɔnsi ananmu, na ɔmfa mu abupɛn nnum mu baako mpae so, na ɔmfa mmrɛ ɔsɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa asodie ho afɔdeɛ dwennini no mpata mma no, na wɔde bɛkyɛ no.

17 Na sɛ obi yɛ bɔne yɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu adeɛ baako a, sɛ wanhunu mpo a, ɔdi so na ɔso ne mmusuo;

18 na ɔmfa odwennini a ɔdi mu mmrɛ ɔsɔfoɔ no, sɛdeɛ wobɛbɔ ne boɔ, na ɛnyɛ asodie ho afɔdeɛ; na ɔsɔfoɔ no mpata mma no, fom a wafom na wanhunu no ho, na wɔde bɛkyɛ no.

19 Asodie ho afɔdeɛ ne no. AWURADE ho so na wadie.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

4 × 5 =