Lewitikɔs 1

Ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ

1 Na AWURADE frɛɛ Mose, na ɔfiri ahyiaeɛ ntomadan no mu kasa kyerɛɛ no sɛ:

2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mo mu nipa bi de ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, afieboa a ɔfiri anantwie ne nnwan mu na momfa nyɛ mo ayɛyɛdeɛ mmra.

3 Sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛfiri anantwie mu a, ɔmfa onini a ɔdi mu mmra; ahyiaeɛ ntomadan no ano na ɔmfa no mmra, na wasɔ AWURADE ani.

4 Na ɔmfa ne nsa nto ɔhyeɛ afɔdeɛ no atifi, na ɛnsɔ ani mma no na ɛmpata mma no.

5 Na ɔnkum nantwinini no, AWURADE anim, na Aaron mma asɔfoɔ no, mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔrebukyia a ɛwɔ ahyiaeɛ ntomadan no so nhyia.

6 Na ɔnnwa ɔhyeɛ afɔdeɛ no nwoma, na ɔntwitwa no asinasini.

7 Na Ɔsɔfoɔ Aaron mma no nsiesie nnyina wɔ afɔrebukyia no so, na wɔnsɔ ano.

8 Na Aaron mma asɔfoɔ no, mfa asinasini no, botire no ne sradeɛ no ngu nnyina a ɛwɔ afɔrebukyia no gya no so.

9 Na ɔnhohoro n’ayamdeɛ ne ne nnyawa ho wɔ nsuo mu; na ɔsɔfoɔ no nhye ne nyinaa afɔrebukyia no so, na ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

10 Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no firi nnwan mu, nnwanten anaa mmirekyie mu, na ɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ a, onini a ɔdi mu na ɔmfa mmra.

11 Na ɔnku no afɔrebukyia no nkyɛn mu atifi fam, AWURADE anim, na Aaron mma asɔfoɔ no, mfa ne mogya mpete afɔrebukyia no so nhyia.

12 Na ɔntwitwa mu, n’asinasini no mu, ɛne ne ti ne ne sradeɛ nyinaa na ɔsɔfoɔ no nsiesie ngu afɔrebukyia no so.

13 Na ayamdeɛ ne nnyawa no, ɔmfa nsuo nhohoro ho; na ɔsɔfoɔ no mfa ne nyinaa mmra mmɛhye no afɔrebukyia no so: Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

14 Na sɛ n’ayɛyɛdeɛ no firi ntakraboa mu na ɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE a, ɔmfa anyankuku anaa mmorɔnoma mma nyɛ n’ayɛyɛdeɛ mmra.

15 Na ɔsɔfoɔ no mfa mmra afɔrebukyia no ho, na ɔnte ne ti na ɔnhye no afɔrebukyia no so, na ɔnkyi ne mogya ngu afɔrebukyia no ho.

16 Na ɔnyi ne mene ase ne deɛ ɛwɔ mu nto ntwene afɔrebukyia no nkyɛn apueeɛ fam, deɛ nso guo hɔ.

17 Na ɔnsuane no mu, n’atabu so, nanso ɔnnte mu, na ɔsɔfoɔ no nhye wɔ afɔrebukyia no so: Ɛyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ogya afɔdeɛ a ɛyi hwa hwanhwam ma AWURADE.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

19 − 11 =