Ahyɛdeɛ wɔ Kanaanfoɔ ho 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Hyɛ Israelfoɔ no mmara na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ moduru Kanaan asase no so a, (yei ne asase a ɛbɛyɛ mo agyapadeɛ, Kanaan asase no, sɛdeɛ n’ahyeɛ teɛ). 3 Mo anafoɔ fam nkyɛn mfiri Sin serɛ so Edom nkyɛn mu. Na mo […]
Monthly Archives: July 2017
Numeri 35
Lewifoɔ nkuro 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose wɔ Moab mpaperɛ so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no sɛ: 2 Hyɛ Israelfoɔ no na wɔmfa wɔn agyapadeɛ a wɔanya no mu nkuro bi mma Lewifoɔ no na wɔntena mu, na nkuro no ho mmoa adidibea nsase nso momfa mma Lewifoɔ. 3 Na nkuro no nyɛ […]
Numeri 36
Mma mmaa awarefoɔ ho asɛm 1 Na Gilead, Makir ba, Manase ba mma abusuakuo mu mpanimfie so atitire a wɔfiri Yosef mma mmusua mu no ba bɛkasaa Mose ne mmapɔmma no, Israelfoɔ mpanimfie so atitire no, anim, 2 na wɔse: AWURADE ahyɛ me wura sɛ wɔmfa ntontobɔ so nkyɛ asase no mu mma Israelfoɔ na […]
Lewitikɔs 1
Ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ 1 Na AWURADE frɛɛ Mose, na ɔfiri ahyiaeɛ ntomadan no mu kasa kyerɛɛ no sɛ: 2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mo mu nipa bi de ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, afieboa a ɔfiri anantwie ne nnwan mu na momfa nyɛ mo ayɛyɛdeɛ mmra. 3 Sɛ n’ayɛyɛdeɛ no yɛ ɔhyeɛ […]
Lewitikɔs 2
Aduane afɔdeɛ 1 Na sɛ obi de aduane afɔdeɛ ayɛyɛdeɛ rebrɛ AWURADE a, n’ayɛyɛdeɛ no nyɛ esiam, na ɔngu so ngo, na ɔmfa ohwamfufuo nto so. 2 Na ɔmfa mmrɛ Aaron mma no, asɔfoɔ no, na ɔsɔfoɔ no mfa esiam ne ngo no nsa mama, ne ohwamfufuo no nyinaa, na ɔnhye wɔ afɔrebukyia no so […]
Lewitikɔs 3
Asomdwoeɛ afɔdeɛ 1 Na sɛ obi ayɛyɛdeɛ yɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na anantwie no bi na ɔde reba a, onini oo, ɔbedeɛ oo, deɛ ɔdi mu na ɔmfa no mmra AWURADE anim. 2 Na ɔmfa ne nsa nto n’ayɛyɛdeɛ no atifi, na ɔnku no, ahyiaeɛ ntomadan no ano, na Aaron mma no, asɔfoɔ no, mfa mogya […]
Lewitikɔs 4
Bɔne ho afɔdeɛ 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Sɛ obi anhyɛda na ɔyɛ nnoɔma a AWURADE ahyɛ sɛ wɔnnyɛ no mu biara, 3 sɛ nso ɔsɔfoɔ a wɔasra no ɔsɔfo panin yɛ bɔne ma ɔman no di so a, ɛnneɛ ne bɔne a ɔyɛeɛ nti ma no mfa […]
Lewitikɔs 5
Bɔne ahodoɔ ho afɔrebɔ 1 Na sɛ obi yɛ bɔne sɛ wate ntanka nne na ɔne ɛho danseni, sɛ ɔhunui oo, ɔtee oo, na wanka a, ɔbɛsoa ne mmusuo. 2 Anaasɛ sɛ obi ka afideɛ biara, sɛ aboa bi a ne ho nteɛ funu, anaa afieboa bi a ne ho nteɛ funu, anaa aboaa bi […]
Lewitikɔs 6
1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Sɛ obi yɛ bɔne di AWURADE kusum sɛ ɔsane ne yɔnko adeɛ bi a ɔde ama no asie, anaasɛ ɔde ahyɛ ne nsa, anaasɛ ɔbɔ korɔno, anaasɛ ɔdi ne yɔnko amim, 3 anaasɛ wahunu biribi a ayera na ɔsane, na ɔka ntanhunu, sɛ onipa yɛ yeinom biara […]
Lewitikɔs 7
Asodie afɔdeɛ ho mmara 1 Na yei ne asodie ho afɔdeɛ ho mmara; ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron. 2 Faako a wɔkum ɔhyeɛ afɔdeɛ aboa no, ɛhɔ ara na wɔnkum asodie ho afɔdeɛ deɛ no nso; na ɔnhwie ne mogya mpete afɔrebukyia no so nhyia. 3 Na ɔnyi ne sradeɛ nyinaa mmra: Ne sradedua, ne […]