2 Berɛsosɛm 21

Yehoram nnisoɔ bɔne

1 Yehosafat tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid kuro no mu, na ne ba Yehoram bɛdii n’adeɛ.

2 Na ɔwɔ nuammarima a wɔyɛ Yehosafat mma, wɔn ne Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael ne Sefatia. Yeinom nyinaa yɛ Yudahene Yehosafat mma.

3 Na wɔn agya maa wɔn akyɛdeɛ bebree, dwetɛ ne sika ne aboɔdenneɛ ne Yuda mu nkuro a ɛyɛ den bi nso, na ahennie no deɛ, ɔde maa Yehoram, ɛfiri sɛ na ɔno ne abakan.

4 Na Yehoram dii n’agya adeɛ na n’ahennie gyinaa pintinn no, ɔde nkrantɛ kunkumm ne nuammarimanom nyinaa ne Israel mmapɔmma mu binom nso.

5 Yehoram dii mfeɛ aduasa mmienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem.

6 Na ɔnantee Israel ahemfo kwan so, sɛdeɛ Ahab fie yɛeɛ no, ɛfiri sɛ Ahab babaa yɛ ne yere, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne.

7 Nanso AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe Dawid fie no, apam a ɔne Dawid pameeɛ no nti, ne sɛ ɔkaa sɛ: Ɔbɛma no ne ne mma nso kanea nna nyinaa no.

8 Ne berɛ so na Edom tee atua firii Yuda nsa aseɛ, na wɔkɔsii wɔn so hene.

9 Na Yehoram ne n’asafohene ne nteaseɛnam a ɛka ne ho nyinaa sene kɔɔ hɔ. Na ɔsɔree anadwo na ɔkɔkum Edomfoɔ a wɔatwa ne ho ahyia ne nteaseɛnam so asafohene no.

10 Na Edom tee atua firii Yuda ase de bɛsi nnɛ. Ɛno na Libna nso tee atua berɛ no ara mu firii n’aseɛ, ɛfiri sɛ wagya AWURADE, n’agyanom Nyankopɔn no.

11 Nso ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea Yuda mmepɔ so, na ɔde Yerusalemfoɔ kɔɔ adwamammɔ mu, na ɔhyɛɛ Yuda maa wɔkɔɔ bɔne mu.

12 Na krataa bi firi Odiyifoɔ Elia hɔ baa ne nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE w’agya Dawid Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ woannante w’agya Yehosafat akwan soɔ ne Yudahene Asa akwan soɔ,

13 na wonantee Israel ahemfo akwan soɔ, na wode Yuda ne Yerusalemfoɔ kɔɔ adwamammɔ mu sɛ Ahab fie adwamammɔ no, na woakum wo nuanom nso, w’agya fiefoɔ a wɔyɛ sene woɔ no nti,

14 hwɛ, AWURADE de ɔhaw kɛseɛ bɛha wo man ne wo mma ne wo yerenom ne w’ahodeɛ nyinaa.

15 Na wo ara nso, wobɛyare. Wobɛyare wo yam de bɛkɔ akɔsi sɛ yadeɛ no nti w’ayamdeɛ bɛfiri adi da biara.

16 Na AWURADE hwanyann Filistifoɔ ne Arabfoɔ a wɔwɔ Etiopiafoɔ nkyɛn mu no honhom tiaa Yehoram.

17 Na wɔforo baa Yuda so, na wɔtetee mu, na wɔfaa ahodeɛ a wɔhunuu no ɔhene fie nyinaa ne ne mmammarima nso ne ne yerenom nnommum kɔe, na anka ɔbabarima amma no gye ne mmammarima mu akumaa Yehoahas.

18 Na yei nyinaa akyiri no, AWURADE de yafunu yadeɛ mu yadeɛ a ɛnni sabea bɔɔ no.

19 Na yei kɔɔ so ara kɔsii sɛ, mfeɛ mmienu awieeɛ no, n’ayamdeɛ firii adie yadeɛ no ara mu, na ɔwuu yea kɛseɛ mu. Na ne man ansɔ ogyabiara amma no sɛ n’agyanom deɛ no.

20 Ɔdii mfeɛ aduasa mmienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem. Na ɔkɔe, na obi annyam no. Na wɔsiee no Dawid kuro mu, nanso ɛnyɛ ahemfo no adamena no mu.

2 Berɛsosɛm 22

Ahasia nnisoɔ ne ne wuo

1 Na Yerusalemfoɔ de ne ba kumaa Ahasia sii hene n’ananmu, ɛfiri sɛ ne mma mpanimfoɔ no nyinaa, afomfafoɔ asafo a wɔne Arabfoɔ no baa nsra mu no kunkumm wɔn. Na Yehoram ba Ahasia dii Yuda hene.

2 Ahasia dii mfeɛ aduanan mmienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene afe baako wɔ Yerusalem. Na ne na din de Atalia a ɔyɛ Omri ba.

3 Ɔno nso nantee Ahab fie akwan so, ɛfiri sɛ ne na tuu no fo sɛ ɔnni asɛmmɔne.

4 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ Ahab fie, ɛfiri sɛ n’agya wuo akyiri no wɔn na wɔtuu no foɔ, na ɛmaa no guu asu.

5 Wɔn afotuo nso so na ɔnam kɔeɛ, na ɔne Israelhene Yehoram a ɔyɛ Ahab ba kɔɔ ɔsa ne Siriahene Hasael kɔkoe wɔ Ramot-gilead. Na Siriafoɔ no piraa Yehoram.

6 Na ɔsanee sɛ ɔrekɔsa ne ho yadeɛ Yesreel afiri pira a ɔne Siriahene Hasael reko no, wɔpirapiraa no Rama no mu. Na Yudahene Yehoram ba Asaria siane kɔɔ sɛ ɔrekɔhwɛ Ahab ba Yehoram Yesreel, ɛfiri sɛ na ɔyare.

7 Na Onyankopɔn na ɔde asiane bɛsianee Ahasia sɛ ɔnkɔ Yehoram nkyɛn. Na ɔduruiɛ no, ɔne Yehoram fie kɔhyiaa Nimsi ba Yehu a AWURADE asra no sɛ ɔnsɛe Ahab fie.

8 Na Yehu rebu Ahab fie atɛn no, ɔkɔtoo Yuda mmapɔmma ne Ahasia nuanom mma a wɔsom Ahasia no, na ɔkunkumm wɔn.

9 Na ɔkɔhwehwɛɛ Ahasia, na wɔkyeree no, na ɔno deɛ, na ɔde ne ho ahunta Samaria. Na wɔde no brɛɛ Yehu, na wɔkumm no. Na wɔsiee no, na wɔkaa sɛ: Yehosafat a ɔde n’akoma nyinaa hwehwɛɛ AWURADE no ba ne no. Na obiara nni Ahasia fie bio a ɔbɛnya ahennie no ho ahoɔden.

Atalia awudie

10 Na Ahasia na Atalia hunuu sɛ ne ba awuo no, ɔsɔre kɔdwerɛɛ adehyeɛ a wɔwɔ Yuda fie nyinaa.

11 Na ɔhene babaa Yehosabat faa Ahasia ba Yoas, na ɔwiaa no firii ɔhene mma a wɔreku wɔn no mu, na ɔde no ne ne ɔbagyegyefoɔ hyɛɛ pia mu. Na sɛ Ɔhene Yehoram babaa Yehosabat a ɔyɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada yere no yɛ Ahasia nuabaa nti, ɔde no hunta firii Atalia anim, na wanku no.

12 Na ɔne wɔn tenaa Nyankopɔn fie, huntaa mfeɛ nsia. Na Atalia dii asase no so hemmaa.

2 Berɛsosɛm 23

Wɔsra ɔhene foforɔ ngo

1 Na afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada sii ne bo faa ɔha ha so asafohene Yeroham ba Asaria, ne Yohanan ba Ismael, ne Obed ba Asaria ne Adaia ba Maaseia ne Sikri ba Elisafat maa wɔne no pamee.

2 Na wɔkyinii Yuda, na wɔboaboaa Lewifoɔ no ano firi Yuda nkuro nyinaa mu, ne Israel agyanom atitire no, na wɔbɛhyiaa wɔ Yerusalem.

3 Na badwa no nyinaa ne ɔhene pamm wɔ Nyankopɔn fie. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ɔhene ba no na ɔbɛdi hene, sɛdeɛ AWURADE aka no Dawid mma ho no.

4 Adeɛ a monyɛ nie: Mo mu asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔba asɔrefie homeda no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mmɛyɛ ɛpono ano ahwɛfoɔ;

5 na nkyɛmu baako ntena ɔhene fie, na nkyɛmu baako nso ntena nnyinasoɔ pono no ano, na ɔman no nyinaa ntena AWURADE fie abannwa no so.

6 Na obiara nnhyɛne AWURADE fie gye asɔfoɔ ne Lewifoɔ mu wɔn a wɔsom no, wɔn na wɔnhyɛne mu, ɛfiri sɛ wɔyɛ kronkron, na ɔman no nyinaa nhwɛ AWURADE ahyɛdeɛ no.

7 Na Lewifoɔ no ntwa ɔhene ho nhyia, wɔn akodeɛ nkurakura wɔn nsam. Na deɛ ɔhyɛne efie hɔ no, wɔnku no. Na wɔntena ɔhene no ho n’adifire ne ne muba mu.

8 Na Lewifoɔ no ne Yuda nyinaa yɛɛ sɛdeɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛeɛ no nyinaa. Na wɔn mu biara de ne nnipa a wɔrebɛsom asɔrefie homeda, ne wɔn a wɔrepɔn adwuma homeda no bae, ɛfiri sɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada amma wɔn a wɔrepɔn no ampɔn.

9 Na Ɔsɔfoɔ Yehoiada de Ɔhene Dawid mpea ne akyɛm akɛseɛ ne nkumaa a ɛwowɔ Nyankopɔn fie no memaa ɔha ha so asafohene no.

10 Na ɔde ɔman no nyinaa gyinagyinaa hɔ, na wɔn akodeɛ kurakura wɔn nsam, ɛfiri ɛdan no nifa ntweaso kɔsi ɛdan no benkum ntweaso, afɔrebukyia no ne ɛdan no ho twaa ɔhene no ho hyiae.

11 Na wɔyii ɔhene ba no firii adi, na wɔde ahemmotire no hyɛɛ ne ti, na wɔde adanseɛ no maa no, na wɔsii no hene, na Yehoiada ne ne mma sraa no ngo, na wɔkaa sɛ: Ɔhene tiri nkwa!

Wɔkum Atalia

12 Ɛnna Atalia tee ɔman a wɔretu mmirika na wɔreyi ɔhene ayɛ no gyegyeegye no, ɔbaa nkurɔfoɔ no nkyɛn AWURADE fie,

13 na ɔbɛhunui, na hwɛ, na ɔhene no gyina n’agyinaeɛ aboboano, asafohene ne ntotorobɛnto no wɔ ɔhene no nkyɛn, na asase no so nkurɔfoɔ nyinaa ani agye, na wɔrehyenhyɛne ntotorobɛnto, na nnwontofoɔ no de nsankuo bɔɔ ayeyie nnwom. Ɛnna Atalia sunsuanee n’atadeɛ mu, na ɔkaa sɛ: Atirisopam, atirisopam!

14 Na Yehoiada yii ɔha ha so asafohene a wɔhwɛ dɔm no soɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyi no mfiri nkɔ nkyerɛpɛn no mu, na deɛ ɔbɛdi n’akyire no, wɔnku no nkrantɛ ano. Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Monnku no wɔ AWURADE fie.

15 Na wɔsɔɔ ne mu de no kɔɔ apɔnkɔ pono ano, ahemfie, na wɔkumm no wɔ hɔ.

Wɔgu Baal som

16 Ɛnna Yehoiada de apam too ɔno ne ɔman no nyinaa ne ɔhene no ntam sɛ wɔnyɛ AWURADE man.

17 Na ɔman no nyinaa kɔɔ Baal fie kɔdwirii gui, na n’afɔrebukyia ne n’ahoni no, wɔbubui, na Baal sɔfoɔ Matan nso, wɔkumm no afɔrebukyia no anim.

18 Na Yehoiada siesiee AWURADE fie hwɛ nnwuma no de hyɛɛ asɔfoɔ a wɔne Lewifoɔ a Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sisii AWURADE fie so, sɛ wɔmmɔ AWURADE ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara mu no, na wɔnyɛ no anigyeɛ ne nnwontoɔ mu sɛ Dawid hyehyɛɛ no no.

19 Nanso ɔde apono ano ahwɛfoɔ gyinagyinaa AWURADE fie apono no ano, na deɛ ne ho nte biara, anhyɛne mu.

20 Na ɔfaa ɔha ha so asafohene no ne aberempɔn no ne ɔman no sodifoɔ ne asase no sofoɔ nyinaa, na ɔde ɔhene no firii AWURADE fie sianee, na wɔbaa ɔhene fie pono a ɛkorɔn no mu, na wɔde ɔhene no tenaa ahennie adwa no so.

21 Na asase no sofoɔ nyinaa ani gyee, na kuro no mu dwoe. Na Atalia deɛ, wɔde nkrantɛ kumm no.

2 Berɛsosɛm 24

Yoas nneyɛɛ pa

1 Yoas dii mfeɛ nson na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ aduanan wɔ Yerusalem, na ne na din de Sibia a ɔfiri Beer-seba.

2 Na Yoas yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so Ɔsɔfoɔ Yehoiada berɛ no so nyinaa.

3 Na Yehoiada waree yerenom baanu maa no, na ɔwoo mmammarima ne mmammaa.

4 Na ɛno akyiri no ɛbaa Yoas akoma mu sɛ ɔbɛsiesie AWURADE fie no foforɔ.

5 Na ɔboaboaa asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ano hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfiri adi nkɔ Yuda nkuro so, na monkɔgyegye dwetɛ mfiri Israel nyinaa nsam, na wɔde apempam mo Nyankopɔn fie no daa afe; na mo deɛ, momma mo ho nyɛ hare asɛm yi mu. Nanso Lewifoɔ no ho anyɛ hare.

6 Ɛnna ɔhene no frɛɛ Ɔpanin Yehoiada, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na womma Lewifoɔ no nnye Yuda ne Yerusalem toɔ a AWURADE akoa Mose ne Israel badwa no hyɛ maa adanseɛ ntomadan no?

7 Na Atalia, ɔbɔnefoɔ no mma ahyɛne Nyankopɔn fie no mu, na AWURADE fie akronkronneɛ nyinaa nso, wɔahwere ama Baalim.

8 Na ɔhene no ka maa wɔpamm adaka baako, na wɔde sii AWURADE fie pono ano wɔ adihɔ,

9 na wɔpaee no Yuda ne Yerusalem sɛ wɔmfa Nyankopɔn akoa Mose toɔ a ɔde too Israel so wɔ ɛserɛ so no mmrɛ AWURADE.

10 Na mmapɔmma no nyinaa ne ɔman no nyinaa ani gyee. Na wɔde ba bɛguu adaka no mu ara kɔsii sɛ ɛyɛɛ ma.

11 Na berɛ biara a Lewifoɔ no bɛhunu sɛ sika adɔɔso wɔ adaka no mu no, wɔde brɛ wɔn a ɔhene ahyɛ sɛ wɔnhwɛ soɔ no; ɔhene twerɛfoɔ ne deɛ ɔsɔfo panin no ahyɛ sɛ ɔnhwɛ soɔ no ba bɛhwie firi adaka no mu, na wɔma so sane de kɔsi ne sibea. Saa na na wɔyɛ no da biara, na wɔboaboaa sika bebree ano.

12 Na ɔhene ne Yehoiada de maa wɔn a wɔyɛ AWURADE fie som adwuma no, na wɔde bobɔɔ aboɔpaefoɔ ne adwumfoɔ paa sɛ wɔnsiesie AWURADE fie no foforɔ, ne dadeɛ ne kɔbere mfrafraeɛ adwumfoɔ nso, sɛ wɔmmiamia AWURADE fie no mu.

13 Na wɔn a wɔyɛ adwuma no yɛe, na pempam adwuma no kɔɔ so wɔn nsam, na wɔde Nyankopɔn fie no sii hɔ maa no yɛɛ yie na ɛyɛɛ den.

14 Na wɔwieeɛ no, wɔde sika no nkaeɛ baa ɔhene ne Yehoiada anim, na wɔde yɛɛ nnoɔma maa AWURADE fie, ɔsom ne ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho nnoɔma ne nkoraa ne sika ne dwetɛ nnoɔma no. Na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ AWURADE fie daa daa Yehoiada berɛ so nyinaa.

15 Na Yehoiada bɔɔ akora, na wanyini pa ara no, ɔwui. Na ɔwuiɛ no, na wadi mfirinhyia ɔha aduasa.

16 Na wɔkɔsiee no Dawid kuro mu, ahemfo no nkyɛn, ɛfiri sɛ ɔdii asɛmpa Israel ne Onyankopɔn ne ne fie no ho.

Yoas wae firi Nyankopɔn ho

17 Na Yehoiada wuo akyiri no, Yuda mmapɔmma ba bɛkotoo ɔhene no. Ɛnna ɔhene no tiee wɔn.

18 Na wɔgyaa AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn fie, na wɔkɔsomm Asera nnua ne ahoni no. Na wɔn asodie yi nti abufuo baa Yuda ne Yerusalem so.

19 Na ɔsomaa adiyifoɔ maa wɔbaa wɔn mu sɛ wɔmmɛsane wɔn mmra AWURADE nkyɛn, na wɔdii wɔn adanseɛ, nanso wɔantie.

20 Na Nyankopɔn honhom baa Ɔsɔfoɔ Yehoiada ba Sakaria so, na ɔkɔgyinaa soro ɔman no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn nti na moto AWURADE mmara nsɛm? Na ɛrensi mo yie. Sɛ moagya AWURADE yi, ɔno nso agya mo.

21 Na wɔpam ne tiri so, na wɔkɔsii no aboɔ, sɛdeɛ ɔhene hyɛeɛ no AWURADE fie abannwa so.

22 Na Ɔhene Yoas ankae adɔeɛ a Sakaria agya Yehoiada de yɛɛ no no, na ɔkumm ne ba no. Na ɔrewuo no, ɔkaa sɛ: AWURADE nhwɛ na ɔntɔ so were.

Yoas asotwe ne ne wuo

23 Na afe no awieeɛ no, Siriafoɔ dɔm tu baa ne so, na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, na wɔbɛsɛee ɔman no mmapɔmma no nyinaa firii ɔman no mu, na wɔn asadeɛ no nyinaa, wɔde kɔmaa Damasko hene.

24 Na nnipa kakraa bi na Siriafoɔ dɔm de baeɛ, nanso AWURADE de dɔm kɛseɛ pa ara hyɛɛ wɔn nsa, ɛfiri sɛ na wɔagya AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no. Na Yoas nso, wɔne no dii atemmusɛm.

25 Na wɔfirii ne so sii mu kɔeɛ, na wɔgyaa no apirakuro bebree mu, na ne nkoa pamm ne tiri so, Ɔsɔfoɔ Yehoiada mma no mogya nti, na wɔkɔkumm no ne mpa so, na ɔwui. Na wɔsiee no Dawid kuro mu, nanso wɔansie no ahemfo no asieeɛ.

26 Na wɔn a wɔpamm ne tiri soɔ no nie: Sabad, Amonni baa Simeat ba ne Yehosabad, Moabni baa Simrit ba.

27 Na ne mma no ne ɛtoɔ dodoɔ a wɔgyee no no, ne Nyankopɔn fie asiesie no, hwɛ, wɔatwerɛ no Ahemfo Nwoma Nkyerɛaseɛ no mu. Na ne ba Amasia bɛdii n’adeɛ.

2 Berɛsosɛm 25

Yudahene Amasia

1 Amasia dii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yehoadan a ɔfiri Yerusalem.

2 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, nanso ɛnyɛ n’akoma pɛyɛ mu.

3 Na ɛbaa sɛ ahennie no timm ne nsam pɛ, ɔkunkumm ne nkoa a wɔkumm n’agya, ɔhene no.

4 Na wɔn mma deɛ, wankum wɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu, Mose nwoma mu no a AWURADE hyɛɛ sɛ: Agyanom nnwu, mma nti, na mma nso nnwu, agyanom nti, na onipa no ara bɔne nti na wɔmma no nwuo.

5 Na Amasia boaboaa Yuda ano hyiae, na wɔde wɔn gyinagyinae, mpanimfie so ne mpem mpem so asafohene, ne ɔha ha so asafohene so, Yuda ne Benyamin nyinaa mu, na ɔkanee wɔn firi wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu ne akyire so. Na ɔhunuu wɔn sɛ wɔyɛ nnipa a wɔayi wɔn mpemahasa a wɔtumi ɔsatuo kura mpea ne akyɛm.

6 Nanso ɔde dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha kɔbɔɔ Israel mu nnipa mpemha a wɔyɛ mmarima a wɔtumi wɔn ho pa ara.

7 Na Nyankopɔn nipa bi baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɔhene, mma Israel dɔm no ne wo nnkɔ, na AWURADE nni Israel, Efraim mma no nyinaa akyi;

8 nanso sɛ wosusu sɛ woyɛ saa a na wobɛnya ɔko no mu ahoɔden a, Onyankopɔn bɛma woahwe ase wo tamfo anim; ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔma obi hwe aseɛ.

9 Ɛnna Amasia bisaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Na ɛdeɛn na yɛnyɛ dwetikɛseɛ ɔha a mede ama Israel asafo no? Na Nyankopɔn nipa no se: Ɛwɔ AWURADE nsam sɛ ɔbɛma wo adeɛ pii asene yei.

10 Na Amasia paee no asafo a wɔfiri Efraim baa ne nkyɛn no mu sɛ wɔnkɔ wɔn tenabea; na wɔn bo fuu Yuda sɛ, na wɔde abufuhyeɛ sane kɔɔ wɔn tenabea.

11 Na Amasia hyɛɛ ne ho den, na ɔde ne dɔm no kɔɔ Nkyene-Bonhwa no mu, na ɔkɔkum Seirfoɔ no mu nnipa mpemdu.

12 Na wɔn mu nnipa mpemdu nso, Yudafoɔ no faa wɔn nnommum animono so, na wɔde wɔn kɔɔ ɔbotan bi atifi, na wɔtotoo wɔn firii ɔbotan no atifi hwehwee fam maa wɔn nyinaa mu paepaee.

13 Na asafo a Amasia maa wɔsanee sɛ wɔne no nnkɔ ɔsa no mma kɔguu Yuda nkuro so, firi Samaria kɔduruu Bet-horon, na wɔkunkumm wɔn mu nnipa mpensa, na wɔfom adeɛ bebree fae.

14 Na Amasia firii Edomfoɔ kum sane baeɛ no, ɔde Seirfoɔ anyame bae, na ɔde bɛsisii hɔ fae sɛ anyame, na ɔkotoo wɔn anim, na ɔhyee aduhwam maa wɔn.

15 Ɛnna AWURADE abufuo sɔre tiaa Amasia, na ɔsomaa odiyifoɔ bi baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Adɛn nti na woahwehwɛ ɔman bi anyame a wɔantumi annye wɔn man amfiri wo nsam no?

16 Na ɔrekasa akyerɛ no no, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔahyɛ wo ɔhene fotufoɔ? Gyae! Adɛn nti na wɔnku woɔ? Na odiyifoɔ no gyaee, na ɔkaa sɛ: Mahunu sɛ AWURADE abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe wo, ɛfiri sɛ woayɛ yei, na woantie m’afotuo no.

17 Ɛnna Yudahene Amasia tuu agyina, na ɔsomaa Israelhene Yoas a ɔyɛ Yehoahas ba Yehu baa ne nkyɛn sɛ: Bra ma yɛnsɔ yɛn ho nhwɛ.

18 Na Israelhene Yoas soma maa wɔkɔɔ Yudahene Amasia nkyɛn sɛ: Nkasɛɛ dua a ɛwɔ Lebanon no soma maa wɔkɔɔ tweneduro a ɛwɔ Lebanon no nkyɛn sɛ: Fa wo ba ma me ba nware. Na wiram mmoa a wɔwɔ Lebanon no sene bɛtiatiaa nkasɛɛ dua no so.

19 Wose: Hwɛ, woakum Edom, na w’ahoahoa wo ho sɛ worehwehwɛ animuonyam. Afei tena wo fie. Adɛn nti na wo ne mmusuo rebɛdi aperepereɛ na woahwe aseɛ, wo ne Yuda nyinaa?

20 Na Amasia antie, ɛfiri sɛ Nyankopɔn nsam na ɛfire, sɛ ɔde wɔn bɛhyɛ obi nsam, sɛ wɔasom Edom anyame no nti.

21 Na Israelhene Yoas foro bae, na wɔde bɛbɔɔ anim, ɔno ne Yudahene Amasia wɔ Bet-semes a ɛyɛ Yuda dea no.

22 Na Yuda gui wɔ Israel anim, na wɔdwanedwane kɔɔ wɔn ntomadan mu.

23 Na Yudahene Amasia a ɔyɛ Yoas ba, Yehoahas ba deɛ, Israelhene Yoas kyeree no Bet-semes, na ɔde no baa Yerusalem na ɔdwirii Yerusalem fasuo no firii Efraim pono ho de kɔsii ntweaso pono no ho, basafa ahanan.

24 Na ɔfaa sika ne dwetɛ nyinaa ne nnwinneɛ a wɔhunuu no Nyankopɔn fie, Obed-Edom nsam no nyinaa, ne ahemfie akoradeɛ no ne nnommum no nso, na ɔsane kɔɔ Samaria.

25 Na Yudahene Amasia a ɔyɛ Yoas ba dii mfirinhyia dunum, Israelhene Yoas a ɔyɛ Yehoahas ba no wuo akyi.

26 Na Amasia ho nsɛm nkaeɛ, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, hwɛ, wɔantwerɛ no Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma no mu anaa?

27 Na ɛfiri berɛ a Amasia sane firii AWURADE akyire no, wɔpamm ne tiri so wɔ Yerusalem, na ɔdwane kɔɔ Lakis, na wɔsoma maa wɔtii no kɔɔ Lakis kɔkumm no wɔ hɔ.

28 Na wɔsoaa no apɔnkɔ so bae, na wɔbɛsiee no n’agyanom nkyɛn wɔ Dawid kuro no mu.

2 Berɛsosɛm 26

Usia ahennie mfitiaseɛ pa

1 Na Yuda man no nyinaa faa Usia, na wadi mfirinhyia dunsia, na wɔsii no hene n’agya Amasia ananmu.

2 Ɔno na ɔkyekyeree Elot, na ɔdane maa Yuda, akyire yi a ɔhene no tii n’agyanom wɔ asamando.

3 Usia dii mfeɛ dunsia na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ aduonum mmienu wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yekalia a ɔfiri Yerusalem.

4 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Amasia yɛeɛ no ara.

5 Na ɔhwehwɛɛ Onyankopɔn nna a Sakaria a ɔyɛ Nyankopɔn adehunu mu nhunumufoɔ no wɔ hɔ no nyinaa, na nna nso a ɔhwehwɛɛ AWURADE no, Onyankopɔn maa no dii yie.

6 Na ɔfirii adi kɔnee Filistifoɔ koe, na ɔbubuu Gat fasuo ne Yabne fasuo ne Asdod fasuo, na ɔkyekyeree nkuro Asdod ho ne Filistifoɔ no mu.

7 Na Onyankopɔn boaa no tiaa Filistifoɔ ne Arabfoɔ a na wɔtete Gur-baal, ne Meunifoɔ no.

8 Na Amonfoɔ de apeatoɔ brɛɛ Usia, na ne din hyeta kɔduruu Misraim, na ne ho yɛɛ den kɔɔ so pa ara.

9 Na Usia totoo aban atentene wɔ Yerusalem, ntweaso pono no so, ne bonhwa pono no so ne emu fam ntweaso no so, na ɔhyehyɛɛ no den.

10 Na ɔtotoo aban atentene nso ɛserɛ so, na ɔtutuu mmura pii, ɛfiri sɛ na ɔwɔ mmoakuo bebree mpaperɛ ne asaseta so. Ɔwɔ akuafoɔ ne bobeturoyɛfoɔ, mmepɔ so ne Karmel so, ɛfiri sɛ na ɔpɛ kua.

11 Na Usia wɔ dɔm a wɔdi ako a wɔtu sa asafo soɔ, sɛdeɛ wɔn nkaneeɛ a wɔnam Ɔtwerɛfoɔ Yeiel ne Ɔpanin Maaseia so kan wɔn no ano teɛ, wɔn nso na wɔhyɛ Hanania a ɔfiri ɔhene asafohene no mu no aseɛ.

12 Agyanom atitire a wɔwɔ mmarima akofoɔ no mu no nyinaa ano si mpennu ahansia.

13 Na ɛdɔm a ɛhyɛ wɔn aseɛ a wɔtumi wɔn ho ano si mpemahasa ne mpemnson ahanum, akofoɔ a wɔwɔ tumi ne ahoɔden de boa ɔhene tia atamfoɔ.

14 Wɔn na Usia siesiee akyɛm, mpea, nnadeɛkyɛ, nkataboɔ, ntadua ne ntɔmmoɔ maa wɔn, sɛ wɔmfa mma dɔm no nyinaa.

15 Na ɔyɛɛ adetoɔ mfidie a ɛyɛ adwumfoɔ adwini wɔ Yerusalem, sɛ ɛnsisi aban atentene so ne afasuo ntweaso, na wɔmfa ntoto agyan ne aboɔ akɛseɛ. Na ne din tahye kɔɔ akyirikyiri pa ara, na ɔnyaa mmoa a ɛyɛ nwanwa kɔsii sɛ ne ho yɛɛ den.

Usia fom asɔfoɔ

16 Na ne ho yɛɛ den no, ɔyɛɛ ahantan na ɔbɔɔ brafunu, na ɔfomm AWURADE ne Nyankopɔn, na ɔhyɛnee AWURADE asɔredan mu sɛ ɔrekɔhye aduhwam aduhwamhyeɛbukyia no so.

17 Na Ɔsɔfoɔ Asaria dii n’akyi, na AWURADE asɔfoɔ aduɔwɔtwe, nnipa a wɔtumi wɔn ho ka ne ho.

18 Na wɔkɔgyinae ne Ɔhene Usia dii asie, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Usia, ɛnyɛ wo deɛ sɛ wobɛhye aduhwam ama AWURADE, na ɛyɛ asɔfoɔ, Aaron mma a wɔayɛ wɔn kronkron sɛ wɔnhye aduhwam no dea. Firi adi firi kronkronbea ha yi, na woafom, na w’anim nyɛ nyam AWURADE Nyankopɔn anim.

19 Na Usia bo fui, na aduhwamhyeɛ adeɛ no kura ne nsam sɛ ɔde rebɛhye aduhwam no. Na ɔfaa asɔfoɔ no ho abufuo no, kwata fifirii ne moma so, asɔfoɔ no anim, AWURADE fie hɔ, aduhwamhyeɛbukyia no ho.

20 Na Ɔsɔfopanin Asaria danee n’ani kyerɛɛ no, ɔne asɔfoɔ no nyinaa, na hwɛ, wayare kwata ne moma so, na wɔpiapiaa no firii hɔ, na ɔno ara nso yɛɛ ntɛm firii adi, ɛfiri sɛ AWURADE aka no.

21 Na Ɔhene Usia yaree kwata kɔsii ne wuda, na ɔtenaa ayarefoɔ fie sɛ ɔkwatani, na wɔsii no AWURADE fie kwan. Na ne ba Yotam dii ɔhene fie no so, na ɔbuu asase no so man no atɛn.

22 Na Usia ho nsɛm nkaeɛ, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, Amos ba Odiyifoɔ Yesaia atwerɛ.

23 Na Usia tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agyanom nkyɛn ahemfo asieeɛ asase no so, na wɔkaa sɛ: Ɔyaree kwata. Na ne ba Yotam bɛdii n’adeɛ.

2 Berɛsosɛm 29

Hesekia totoo asɔrefie no foforɔ

1 Hesekia bɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Abia a ɛyɛ Sakaria ba.

2 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so sɛdeɛ n’agya Dawid yɛeɛ no ara.

3 Ɔno deɛ, n’ahennie afe a ɛdi kan no mu, bosome a ɛdi kan no so na ɔhinihinii AWURADE fie apono no, na ɔmiamiaa mu.

4 Na ɔde asɔfoɔ ne Lewifoɔ no baa mu, na ɔboaboaa wɔn ano apueeɛ mpraeɛ no so,

5 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Lewifoɔ, montie, afei monyɛ mo ho kronkron, na monyɛ AWURADE mo Nyankopɔn fie kronkron, na monyiyi fi no mfiri kronkronbea hɔ.

6 Na yɛn agyanom fomee, na wɔyɛɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ani so bɔne, na wɔgyaa no, na wɔyii wɔn ani firii AWURADE tenabea no ho, na wɔde wɔn akyi kyerɛɛ no.

7 Nso wɔtoo ntwironowa no apono mu, na wɔdunnumm nkanea no, na wɔanhye aduhwam, na ɔhyeɛ afɔdeɛ nso wɔammɔ no kronkronbea hɔ amma Israel Nyankopɔn no.

8 Enti na AWURADE abufuo baa Yuda ne Yerusalem soɔ, na ɔde wɔn yɛɛ ahoyeradeɛ ne ahodwirideɛ ne hwerɛmabɔ, sɛdeɛ mo ara mode mo ani hunu yi.

9 Na hwɛ, yɛn agyanom atotɔ afena ano, na yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa ne yɛn yerenom nso, yei nti wɔafa wɔn nnommum kɔ.

10 Afei ɛwɔ m’akoma mu, sɛ me ne AWURADE Israel Nyankopɔn bɛpam, na n’abufuhyeɛ no afiri yɛn so akɔ.

11 Me mma, afei monnyɛ aniha, na mo na AWURADE ayi mo sɛ monnyina n’anim nsom, na monyɛ no asomfoɔ ne aduhwamhyefoɔ.

12 Ɛnna Lewifoɔ no sɔreeɛ, Amasai ba Mahat ne Asaria ba Yoel, wɔfiri Kohatfoɔ mma mu; ne Merari mma mu: Abdi ba Kis ne Yehalelel ba Asaria; ne Gersonfoɔ no mu: Sima ba Yoah ne Yoah ba Eden.

13 Ne Elisafan mma mu, Simri ne Yeiel; ne Asaf mma mu, Sakaria ne Matania;

14 ne Heman mma mu: Yehiel ne Simei; ne Yedutun mma mu: Semaia ne Usiel.

15 Na wɔboaboaa wɔn nuanom ano, na wɔyɛɛ wɔn ho kronkron, na wɔbaa sɛdeɛ ɔhene hyɛɛ no AWURADE nsɛm soɔ no, sɛ wɔrebɛpepa AWURADE fie no mu.

16 Na asɔfoɔ no hyɛnee AWURADE fie no mu sɛ wɔrekɔpepa mu, na wɔyiyii fi a wɔhunuu no AWURADE fie no mu no nyinaa de baa AWURADE fie abannwa no so, na Lewifoɔ no sesa firii hɔ, na wɔkɔto guu Kidron subonhwa no mu.

17 Na bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no na wɔfirii kronkronyɛ no aseɛ, na bosome no mu da a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔduruu AWURADE ntwironowa no ho, na wɔyɛɛ AWURADE fie no kronkron nnawɔtwe; na bosome a ɛdi kan, da a ɛtɔ so dunsia no wɔwiee,

18 ɛnna wɔhyɛnee mu baa Ɔhene Hesekia nkyɛn, na wɔkaa sɛ: Yɛapepa AWURADE fie hɔ nyinaa ne ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ɛho adeɛ nyinaa, ne nsiesieeɛ pono no ne ɛho nnoɔma nyinaa ho;

19 na nnoɔma a Ɔhene Ahas di hene no, ɔto guiɛ wɔ ne mmarato mu no nyinaa nso, yɛasiesie na yɛadwira ho, na hwɛ, ɛwowɔ AWURADE afɔrebukyia no anim.

20 Ɛnna Ɔhene Hesekia tuaa nhema boaboaa kuro no mmapɔmma no ano, na ɔforo kɔɔ AWURADE fie.

21 Na wɔde anantwinini nson ne adwennini nson ne nnwammaa nson ne mpapo nson kɔbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ maa ahennie no ne kronkronbea no ne Yuda. Na ɔka kyerɛɛ Aaron mma, asɔfoɔ no, sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ AWURADE afɔrebukyia no so.

22 Na wɔkunkumm anantwie no, na asɔfoɔ no sɔɔ mogya no, na wɔde petee afɔrebukyia no so, na wɔkunkumm adwennini no de wɔn mogya petee afɔrebukyia no so, na wɔkunkum nnwammaa no de wɔn mogya petee afɔrebukyia no so.

23 Na wɔde bɔne ho afɔdeɛ mpapo no baa ɔhene badwa no anim, na wɔde wɔn nsa guguu wɔn so.

24 Na asɔfoɔ no kunkumm wɔn, na wɔde wɔn mogya no yɛɛ bɔne ho afɔdeɛ guu afɔrebukyia no ho sɛ wɔde repata ama Israel nyinaa. Na Israel nyinaa na ɔhene no kaa sɛ, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ no yɛ Israel nyinaa dea.

25 Na ɔde Lewifoɔ no gyinagyinaa AWURADE fie, na wɔkurakura nnawuro ne mmɛnta ne asankuten sɛdeɛ Dawid ne ɔhene no Ɔdehunufoɔ Gad ne Odiyifoɔ Natan hyɛeɛ no. Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nsa so na ɔhyɛeɛ.

26 Na Lewifoɔ no de Dawid nsankuo no gyinagyina hɔ, na asɔfoɔ no nso de ntotorobɛnto.

27 Na Hesekia kaa sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia no so. Na ɛberɛ a wɔfirii ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ aseɛ no, AWURADE dwom ne ntotorobɛntohyɛne nso firii aseɛ Israelhene Dawid dwontoɔ nnoɔma no so.

28 Na badwa no nyinaa kotokotoe, na wɔtotoo nnwom na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto no ara de kɔsii sɛ wɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ.

29 Na wɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔhene ne wɔn a na wɔka ne ho no nyinaa kotokoto sɔree.

30 Na Ɔhene Hesekia ne asafohene no ka kyerɛɛ Lewifoɔ no sɛ wɔmfa Dawid ne Ɔdehunufoɔ Asaf nsɛm nyi AWURADE ayɛ. Na wɔde anigyeɛ yii no ayɛ, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.

31 Na Hesekia kaa sɛ: Afei moadwira mo ho ama AWURADE, montwe mpini, na momfa okum afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ mmra AWURADE fie. Na badwa no de okum afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ bae, na obiara a ɔwɔ ayamyɛ akoma no de ɔhyeɛ afɔdeɛ bae.

32 Na ɔhyeɛ afɔdeɛ a badwa no de baeɛ no ano si anantwie aduɔson, adwennini ɔha, nnwammaa ahanu. Yei nyinaa wɔde bɔɔ AWURADE ɔhyeɛ afɔdeɛ.

33 Na akronkronneɛ no yɛ anantwie ahansia ne nnwan mpensa.

34 Nanso na asɔfoɔ no nnɔɔso nti, wɔn nko ara antumi anyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa, enti wɔn nuanom Lewifoɔ no boaa wɔn kɔsii sɛ wɔwiee adwuma no ansa na asɔfoɔ no reyɛ wɔn ho kronkron. Na na Lewifoɔ no akoma tene sene asɔfoɔ no wɔn ho kronkronyɛ no mu.

35 Nanso ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ ne ahwiesa a ɛka ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho dɔɔso bebree. Sɛ wɔsiesiee AWURADE fie som no nie.

36 Na Hesekia ne ɔman no nyinaa ani gyee sɛ Onyankopɔn asiesie ɔman no, ɛfiri sɛ ntɛm so na wɔyɛɛ adeɛ yi.

2 Berɛsosɛm 30

Hesekia Twam afahyɛ

1 Na Hesekia soma maa wɔkɔɔ Israel ne Yuda nyinaa so, na ɔtwerɛɛ nwoma nso kɔmaa Efraim ne Manase, sɛ wɔmmra AWURADE fie wɔ Yerusalem, na wɔmmɛdi Twam mma AWURADE Israel Nyankopɔn.

2 Na ɔhene no ne ne mmapɔmma ne badwa no nyinaa atu agyina wɔ Yerusalem sɛ wɔbɛdi Twam bosome a ɛtɔ so mmienu no so. —

3 Na wɔantumi anni no berɛ no mu, ɛfiri sɛ na asɔfoɔ no nnya nyɛɛ wɔn ho kronkron mmaa no nnɔɔso, na ɔman no nso nnya mmoaa wɔn ano Yerusalem. —

4 Na nhyehyɛɛ no sɔɔ ɔhene ne badwa no nyinaa ani.

5 Na wɔhyɛɛ asɛm no so mom sɛ wɔmpae no Israel nyinaa mu mfiri Beer-seba nkɔsi Dan, sɛ wɔmmra mmɛdi Twam mma AWURADE Israel Nyankopɔn wɔ Yerusalem, ɛfiri sɛ na wɔmmɔɔ mu nnii no sɛdeɛ wɔatwerɛ no no.

6 Na awɛmfoɔ de nwoma a ɛfiri ɔhene ne ne mmapɔmma nsam no sii mu kɔ kɔkyinii Israel ne Yuda nyinaa mu, sɛdeɛ ɔhene mmara no teɛ, kaa sɛ: Israelfoɔ, monsane mmra AWURADE, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn nkyɛn, na ɔno nso asane aba wɔn a wɔafiri mu aka ama mo afiri Asiria ahemfo nsam no nkyɛn.

7 Na monnyɛ sɛ mo agyanom ne mo nuanom a wɔfomm AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn, na ɔde wɔn yɛɛ ɔsɛeɛ adeɛ, sɛdeɛ mo ara mohunu yi.

8 Afei monnsensene mo kɔn sɛ mo agyanom, momfa mo nho mma AWURADE, na mommra ne kronkronbea a wayɛ no kronkron de rekɔsi daa no mu, na monsom AWURADE mo Nyankopɔn, na n’abufuhyeɛ no mfiri mo ho nkɔ.

9 Na sɛ mosane ba AWURADE nkyɛn a, mo nuanom ne mo mma bɛnya mmɔborɔhunu, wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nsam, na wɔasane aba asase yi so bio, na ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne AWURADE mo Nyankopɔn, na sɛ mosane ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfiri mo so.

10 Ɛnna asomafoɔ no sene firii kuro mu kɔɔ kuro mu, Efraim ne Manase asase so de kɔsii Sebulon tɔnn. Na wɔsereseree wɔn na wɔdii wɔn ho fɛw.

11 Nanso ebinom a wɔfirii Aser ne Manase ne Sebulon brɛɛ wɔn ho ase na wɔbaa Yerusalem.

12 Na Nyankopɔn nsa baa Yuda nso so, sɛ ɔrema wɔn akoma korɔ sɛ wonni ɔhene ne asafohene no adeɛ a wɔde AWURADE asɛm hyɛeɛ no so.

13 Na nkurɔfoɔ bebree boaa wɔn ano wɔ Yerusalem sɛ wɔrebɛdi apiti nnapɔnna no bosome a ɛtɔ so mmienu no so, badwa kɛseɛ pa ara.

14 Na wɔsɔre yiyii afɔrebukyia a ɛwowɔ Yerusalem no, na aduhwamhyeɛ afɔrebukyia no nyinaa nso wɔyiyii, na wɔkɔto guu asuwa Kidron mu.

15 Ɛnna wɔkumm Twam Dwan no bosome a ɛtɔ so mmienu no da a ɛtɔ so dunan no. Na asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no ani wui, na wɔdwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ baa AWURADE fie.

16 Na wɔkɔgyinagyinaa wɔn agyinaeɛ, sɛdeɛ wɔn amanneɛ no teɛ, Nyankopɔn nipa Mose mmara mu. Na asɔfoɔ no gyee mogya no Lewifoɔ no nsam de petee.

17 Ɛfiri sɛ na nnipa bebree wɔ badwa no mu a wɔnnya nyɛɛ wɔn ho kronkron, na Lewifoɔ no de Twam nnwan no kum ara maa wɔn a wɔn ho nteɛ no nyinaa, sɛ ɛnyɛ kronkron mma AWURADE.

18 Na ɔman no mu dodoɔ, nnipa bebree a wɔfiri Efraim ne Manase ne Isakar ne Sebulon annya annwira wɔn ho, na wɔdii Twam no, nso ɛnyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no. Ɛfiri sɛ Hesekia bɔɔ mpaeɛ maa wɔn, na ɔkaa sɛ: AWURADE a woyɛ, fa kyɛ

19 obiara a wasiesie n’akoma sɛ ɔrehwehwɛ Onyankopɔn, AWURADE n’agyanom Nyankopɔn, mpo sɛ ɛnyɛ kronkronbea ahodwira so a.

20 Na AWURADE tiee Hesekia, na ɔsaa ɔman no yadeɛ.

21 Na Israelfoɔ a wɔhunuu wɔn Yerusalem no dii apiti nnapɔnna no nnanson anigyeɛ kɛseɛ mu, na Lewifoɔ ne asɔfoɔ no de AWURADE nsankuo no yii AWURADE ayɛ nna nyinaa.

22 Na Hesekia kaa Lewifoɔ a wɔwɔ AWURADE ho nimdeɛ pa no nyinaa abotɔyam asɛm, na wɔdii afahyɛ afɔrebɔdeɛ no nnanson, na wɔbobɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ, na wɔkamfoo AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no.

23 Na badwa no nyinaa penee so, sɛ wɔbɛdi Twam no nnanson foforɔ nso, na wɔde anigyeɛ dii nnanson no bio.

24 Na Ɔhene Hesekia yii anantwinini apem ne nnwan mpemnson maa badwa no, na mmapɔmma no nso yii anantwie apem ne nnwan mpemdu maa badwa no. Na asɔfoɔ bebree dwiraa wɔn ho.

25 Na Yuda badwa no nyinaa ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no, ne asafo a wɔfiri Israel baeɛ no nyinaa nso, ahɔhoɔ a wɔfiri Israel asase so baeɛ no ne wɔn a wɔte Yuda no ani gyee.

26 Na anigyeɛ kɛseɛ baa Yerusalem; anigyeɛ a ɛfiri Dawid ba Salomo berɛ so ebi mmaa Yerusalem saa da.

27 Ɛnna asɔfoɔ ne Lewifoɔ no sɔreeɛ na wɔhyiraa ɔman no. Na wɔtee wɔn nne, na wɔn mpaebɔ duruu ne tenabea kronkron no ɔsoro.

2 Berɛsosɛm 31

Ɔhene no nsiesieeɛ foforɔ

1 Na wɔwiee yei nyinaa no, Israelfoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ no nyinaa firii adi kɔɔ Yuda nkuro mu, na wɔkɔbubuu fadum, na wɔtwitwaa Asera nnua, na wɔdwirii sorɔnsorɔmmea ne afɔrebukyia no Yuda ne Benyamin nyinaa, ne deɛ ɛwɔ Efraim ne Manase no nso de kɔsii sɛ wɔwieeɛ. Ɛnna Israelfoɔ no nyinaa sane kɔɔ wɔn nkuro ne nkuraase.

2 Na Hesekia de asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nkyekyɛmu so atitire no sisii wɔn nkyekyɛmu so, obiara sɛdeɛ ne som teɛ, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no, sɛ wɔmmobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ na wɔnsom na wɔnna ase, nyi ayɛ AWURADE nsraban apono mu.

3 Na mmoa a ɛfiri ɔhene nnoɔma mu no, wɔde ma ɔhyeɛ afɔdeɛ, anɔpa ne anwummerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne home nna ne abosome foforɔ ne afahyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, sɛdeɛ wɔatwerɛ no AWURADE mmara mu no.

4 Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ a wɔte Yerusalem no sɛ wɔmfa asɔfoɔ ne Lewifoɔ no kyɛfa mma, na wɔasɔ AWURADE mmara no mu den.

5 Na asɛm no hyetae no, Israel mma no de ayuo ne nsa ne ngo ne ɛwoɔ ne mfuo mu nnɔbaeɛ nyinaa mu adikanneɛ bebree bae, na nnoɔma nyinaa mu ntotosoɔ du du no nso, wɔde pii bae.

6 Na Israel ne Yuda mma a wɔtete Yuda nkuro mu no, wɔn nso wɔde anantwie ne nnwan mu ntotosoɔ du du ne akronkronneɛ a wɔdwira wɔn ho ama AWURADE wɔn Nyankopɔn no mu ntotosoɔ du du bae, na wɔde bɛguu hɔ akuakuo.

7 Bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu na wɔfirii akuakuo no aseɛ, na bosome a ɛtɔ so nson no mu na wɔwieeɛ.

8 Ɛnna Hesekia ne asafohene no ba bɛhunuu nnoɔma akuakuo no, wɔhyiraa AWURADE ne ne man Israel.

9 Na Hesekia bisaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ no akuakuo no ho asɛm.

10 Ɛnna Asaria, ɔsɔfo panin a ɔfiri Sadok fie no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛfiti sɛ wɔfirii aseɛ de mmasoɔ adeɛ baa AWURADE fie no, yɛadidi amee, ama pii aka, ɛfiri sɛ AWURADE ahyira ne man, na nkaeɛ ne kuo kɛseɛ yi.

11 Na Hesekia hyɛɛ sɛ wɔnsiesie mpumpunu AWURADE fie; na wɔsiesiee,

12 na wɔde mmasoɔ adeɛ no ne ntotosoɔ du du no ne akronkronneɛ no hyɛɛ hɔ nokorɛdie so. Na ɛso panin ne Lewini Kanania, na ne nua Simei di hɔ.

13 Na Yehiel ne Asasia ne Nahat ne Asahel ne Yerimot ne Yosabad ne Eliel ne Ismakia ne Mahat ne Benaia ne ɛso hwɛfoɔ wɔ Kanania ne ne nua Simei ase, sɛdeɛ Ɔhene Hesekia ne Nyankopɔn fie so panin Asaria hyɛeɛ no.

14 Na Imna ba Kore, Lewini a ɔwɛn apueeɛ pono no na na ɔhwɛ Nyankopɔn ayamyɛ ayɛyɛdeɛ no soɔ, sɛ ɔde AWURADE mmasoɔ adeɛ ne akronkronneɛ mu adekronkron no bɛma.

15 Na n’ase na Eden ne Miniamin ne Yesua ne Semaia, Amaria ne Sekania hyɛ, wɔ asɔfoɔ nkuro no mu, de nokorɛdie kyɛ wɔn nuanom nnoɔma, sɛdeɛ nkyekyɛmu no teɛ, ɔkɛseɛ deɛ te sɛ akumaa deɛ.

16 Ɛsono wɔn a wɔkan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ deɛ a wɔde ma mmarima a wɔadi mfeɛ mmiɛnsa de rekorɔ, wɔn a wɔba AWURADE fie bɛyɛ wɔn adwuma sɛdeɛ da biara deɛ teɛ, sɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no;

17 ne asɔfoɔ no nkaneeɛ deɛ, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, ne Lewifoɔ no deɛ nso, de firi deɛ wadi mfirinhyia aduonu so de rekorɔ, sɛdeɛ wɔn dibea teɛ wɔ wɔn akuo mu,

18 ne wɔn mma nkumaa ne wɔn yerenom ne wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nyinaa nkaneeɛ deɛ nso, sɛdeɛ asafo no nyinaa teɛ, ɛfiri sɛ wɔn nokorɛdie so na wɔyɛɛ akronkronneɛ no ho adeɛ.

19 Na Aaron mma, asɔfoɔ no a wɔwɔ wɔn nkuro ho mmoa adidibea nsase so mfuo mu, mmarima a wɔabobɔ wɔn din mmaako mmaako wowɔ nkuro no nyinaa mu sɛ wɔmfa kyɛfa no mmema asɔfoɔ no mu mmarima nyinaa ne wɔn a wɔakan wɔn Lewifoɔ no mu no nyinaa.

20 Na Hesekia yɛɛ saa ara Yuda nyinaa mu. Na ɔyɛɛ deɛ ɛyɛ, na ɛtene na ɛyɛ nokorɛ AWURADE ne Nyankopɔn anim.

21 Na nneyɛɛ a ɔfirii aseɛ Nyankopɔn fie som mu ne mmara ne mmara nsɛm mu, de hwehwɛɛ ne Nyankopɔn no nyinaa, ɔde n’akoma nyinaa na ɛyɛeɛ, na ɛsii no yie.

2 Berɛsosɛm 32

Sanaherib sa

1 Nsɛm yi ne nnwuma mu nokorɛdie yi akyiri no, Asiriahene Sanaherib bae, na ɔbaa Yuda so bɛkyeree nkuro a ɛyɛ den no ho nsraban, na ɔsusuu sɛ ɔbɛdwiri afa.

2 Na Hesekia hunuu sɛ Sanaherib aba na n’ani wɔ so sɛ ɔne Yerusalem rebɛko no,

3 ɔne ne mmapɔmma ne n’atumfoɔ tuu agyina sɛ wɔbɛsisi nsuo aniwa a ɛwowɔ kuro no ho no; na wɔboaa no.

4 Na nkurɔfoɔ bebree bɛhyiae, na wɔsisii nsuo aniwa nyinaa ne asutene a ɛsene fa asase no soɔ, kaa sɛ: Adɛn nti na Asiriahene mmra mmɛnya nsuo a ɛdɔɔso?

5 Na ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔtoo ɔfasuo a abubuo no nyinaa, na ɔmaa no korɔn kɔsii aban atentene no ho, na ɔtoo ɔfasuo foforɔ, kuro no akyi, na ɔhyɛɛ Milo a ɛwɔ Dawid kuro mu no den, na ɔyeyɛɛ akodeɛ ne akyɛm bebree.

6 Na ɔde ɔsa mu asafohene sisii ɔman no so, na ɔhyiaa wɔn baa ne nkyɛn, kuro pono ano mpraeɛ no so, na ɔkasa twaa wɔn bo too wɔn yam sɛ:

7 Monhyɛ mo ho den na mo ho nyɛ den, monnsuro na mo akoma nntu Asiriahene no ne n’asafo yuu a wɔka ne ho no anim, na deɛ ɔne yɛn wɔ hɔ no so sene deɛ ɛne no wɔ hɔ.

8 Ɔno deɛ, honam nsa na ɛne no wɔ hɔ, na yɛn deɛ, AWURADE yɛn Nyankopɔn na ɔne yɛn wɔ hɔ, sɛ ɔbɛboa yɛn na wako yɛn ko ama yɛn. Ɛnna ɔman no de wɔn ho too Yudahene Hesekia nsɛm no soɔ.

9 Yei akyiri no, Asiriahene Sanaherib somaa ne nkoa maa wɔbaa Yerusalem, na ɔno deɛ, na ɔwɔ Lakis ho, na wɔn a na ɔdi wɔn soɔ nyinaa ka ne ho, ma wɔbɛka kyerɛɛ Yudahene Hesekia ne Yuda nyinaa a wɔwɔ Yerusalem no sɛ:

10 Sɛ Asiriahene Sanaherib seɛ nie: Mo a mote Yerusalem a wɔatwa ho ahyia, ɛdeɛn so na mo ani da?

11 Ɛnyɛ nnaadaa na Hesekia redaadaa mo, ama moabɛwu ɛkɔm ne sukɔm mu, reka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛyi yɛn Asiriahene nsam no?

12 Ɛnyɛ ɔno Hesekia no ara na ɔyiyii ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔrebukyia no, na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔrebukyia baako anim na monsɔre, na ɛso na monhye aduhwam no?

13 Monnya nhunuu deɛ me ne m’agyanom ayeyɛ nsase so amanaman nyinaa no? Nsase so amanaman no anyame atumi agye wɔn nsase no me nsam anaa?

14 Amanaman yi a m’agyanom asɛe wɔn pasapasa no anyame nyinaa mu hwan na watumi agye ne man me nsam, na mo nyame na ɔbɛtumi agye mo me nsam?

15 Na afei mommma Hesekia nnsisi mo na ɔnnnaadaa mo saa, na monnnye no nnni, ɛfiri sɛ ɔman anaa ahennie biara nyame biara ntumi nnyee ne man me nsam anaa m’agyanom nsam, na nkantom mo nyame no; na ɔrennye mo me nsam.

16 Na ne nkoa nso kaa deɛ ɛkyɛne yei tiaa Awurade NYANKOPƆN ne n’akoa Hesekia.

17 Na ɔtwerɛɛ nwoma nso de bɛbɔɔ AWURADE Israel Nyankopɔn no ahohora, kaa ne ho asɛm sɛ: Sɛ nsase so amanaman no anyame annye wɔn aman me nsam no, sɛ nso Hesekia nyame no renyi ne man me nsam ne no.

18 Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu Yuda kasa mu frɛɛ Yerusalem man a wɔwɔ ɔfasuo soɔ no, sɛ wɔreyi wɔn hu na wɔasuro binim na wɔanya kuro no afa.

19 Na wɔkasa tiaa Yerusalem Nyankopɔn no sɛ asase so amanaman anyame a wɔyɛ onipa nsa ano adwuma no.

20 Na Ɔhene Hesekia ne Amos ba Odiyifoɔ Yesaia bɔɔ yei ho mpaeɛ na wɔteaa mu kyerɛɛ ɔsoro.

21 Ɛnna AWURADE somaa ɔbɔfoɔ maa no bɛdwerɛɛ Asiriahene nsraban mu nnɔmmarima a wɔtumi wɔn ho ne mmapɔmma ne asafohene nyinaa, na ɔde aniwuo sane kɔɔ n’asase so. Na ɔkɔhyɛnee ne nyame fie, na ɛhɔ na wɔn a wɔfiri ne yafunu mu no mu bi maa no tɔɔ nkrantɛ ano.

22 Saa na AWURADE gyee Hesekia ne wɔn a wɔte Yerusalem no nkwa firii Asiriahene Sanaherib ne nnipa nyinaa nsam, na ɔmaa wɔn ho tɔɔ wɔn afa nyinaa hyiae.

23 Na nnipa bebree de ayɛyɛdeɛ brɛɛ AWURADE wɔ Yerusalem, na wɔde aboɔdenneɛ brɛɛ Yudahene Hesekia, na wɔmaa no so amanaman nyinaa ani so, yeinom akyi.

Hesekia yadeɛ, animuonyam ne ne wuo

24 Ɛberɛ no mu no Hesekia yaree owuyadeɛ; na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ, na ɔbuaa no, na ɔmaa no nsɛnkyerɛnneɛ bi.

25 Nanso ɔyɛ maa no no, Hesekia anhyɛ no ananmu sɛdeɛ yie a ɔyɛ maa no no teɛ, na mmom n’akoma yɛɛ ahantan, na AWURADE abufuo baa ɔno ne Yuda ne Yerusalem so.

26 Na Hesekia sane brɛɛ ne ho ase n’akoma ahantan no ho, ɔno ne Yerusalemfoɔ nyinaa, enti AWURADE abufuo no amma wɔn so Hesekia berɛ so.

27 Na Hesekia nyaa ne ho ne animuonyam pii, na ɔyɛɛ adekorabea maa dwetɛ ne sika ne abohene ne aduhwam ne akyɛm ne afɛfɛdeɛ nyinaa

28 ne adekora adan maa ayuo ne nsa ne ngo nnɔbaeɛ, ne anantwie ahodoɔ nyinaa ne nnwan nso.

29 Na ɔkyekyeree nkuro na ɔnyaa nnwan ne anantwie akuakuo bebree. Na Onyankopɔn maa no adeɛ bebree pa ara.

30 Saa Hesekia yi ara sii Gihon nsuo atifi nsuniwa no ano, na ɔde nsuo no nam mpumpunaseɛ baa Dawid kuro no atɔeɛ fam. Na Hesekia dii yie ne nneyɛɛ nyinaa mu.

31 Na ne saa nti Babel mmapɔmma akyeame a wɔsomaa wɔn ne nkyɛn sɛ wɔmmɛbisa anwanwadeɛ a ɔyɛɛ no asase no soɔ no baeɛ no, Onyankopɔn gyaa no sɛ ɔresɔ no ahwɛ na wahunu n’akoma mu nyinaa.

32 Na Hesekia ho nsɛm nkaeɛ ne n’adɔeɛyɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Amos ba Odiyifoɔ Yesaia adehunu mu, Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma no mu.

33 Na Hesekia tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid mma asieeɛ deɛ ɛkorɔn, na Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa dii no ni wɔ ne wuo mu. Na ne ba Manase bɛdii n’adeɛ.