2 Berɛsosɛm 21

Yehoram nnisoɔ bɔne

1 Yehosafat tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho wɔ Dawid kuro no mu, na ne ba Yehoram bɛdii n’adeɛ.

2 Na ɔwɔ nuammarima a wɔyɛ Yehosafat mma, wɔn ne Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael ne Sefatia. Yeinom nyinaa yɛ Yudahene Yehosafat mma.

3 Na wɔn agya maa wɔn akyɛdeɛ bebree, dwetɛ ne sika ne aboɔdenneɛ ne Yuda mu nkuro a ɛyɛ den bi nso, na ahennie no deɛ, ɔde maa Yehoram, ɛfiri sɛ na ɔno ne abakan.

4 Na Yehoram dii n’agya adeɛ na n’ahennie gyinaa pintinn no, ɔde nkrantɛ kunkumm ne nuammarimanom nyinaa ne Israel mmapɔmma mu binom nso.

5 Yehoram dii mfeɛ aduasa mmienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem.

6 Na ɔnantee Israel ahemfo kwan so, sɛdeɛ Ahab fie yɛeɛ no, ɛfiri sɛ Ahab babaa yɛ ne yere, na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne.

7 Nanso AWURADE ampɛ sɛ ɔsɛe Dawid fie no, apam a ɔne Dawid pameeɛ no nti, ne sɛ ɔkaa sɛ: Ɔbɛma no ne ne mma nso kanea nna nyinaa no.

8 Ne berɛ so na Edom tee atua firii Yuda nsa aseɛ, na wɔkɔsii wɔn so hene.

9 Na Yehoram ne n’asafohene ne nteaseɛnam a ɛka ne ho nyinaa sene kɔɔ hɔ. Na ɔsɔree anadwo na ɔkɔkum Edomfoɔ a wɔatwa ne ho ahyia ne nteaseɛnam so asafohene no.

10 Na Edom tee atua firii Yuda ase de bɛsi nnɛ. Ɛno na Libna nso tee atua berɛ no ara mu firii n’aseɛ, ɛfiri sɛ wagya AWURADE, n’agyanom Nyankopɔn no.

11 Nso ɔyeyɛɛ sorɔnsorɔmmea Yuda mmepɔ so, na ɔde Yerusalemfoɔ kɔɔ adwamammɔ mu, na ɔhyɛɛ Yuda maa wɔkɔɔ bɔne mu.

12 Na krataa bi firi Odiyifoɔ Elia hɔ baa ne nkyɛn sɛ: Sɛ AWURADE w’agya Dawid Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ woannante w’agya Yehosafat akwan soɔ ne Yudahene Asa akwan soɔ,

13 na wonantee Israel ahemfo akwan soɔ, na wode Yuda ne Yerusalemfoɔ kɔɔ adwamammɔ mu sɛ Ahab fie adwamammɔ no, na woakum wo nuanom nso, w’agya fiefoɔ a wɔyɛ sene woɔ no nti,

14 hwɛ, AWURADE de ɔhaw kɛseɛ bɛha wo man ne wo mma ne wo yerenom ne w’ahodeɛ nyinaa.

15 Na wo ara nso, wobɛyare. Wobɛyare wo yam de bɛkɔ akɔsi sɛ yadeɛ no nti w’ayamdeɛ bɛfiri adi da biara.

16 Na AWURADE hwanyann Filistifoɔ ne Arabfoɔ a wɔwɔ Etiopiafoɔ nkyɛn mu no honhom tiaa Yehoram.

17 Na wɔforo baa Yuda so, na wɔtetee mu, na wɔfaa ahodeɛ a wɔhunuu no ɔhene fie nyinaa ne ne mmammarima nso ne ne yerenom nnommum kɔe, na anka ɔbabarima amma no gye ne mmammarima mu akumaa Yehoahas.

18 Na yei nyinaa akyiri no, AWURADE de yafunu yadeɛ mu yadeɛ a ɛnni sabea bɔɔ no.

19 Na yei kɔɔ so ara kɔsii sɛ, mfeɛ mmienu awieeɛ no, n’ayamdeɛ firii adie yadeɛ no ara mu, na ɔwuu yea kɛseɛ mu. Na ne man ansɔ ogyabiara amma no sɛ n’agyanom deɛ no.

20 Ɔdii mfeɛ aduasa mmienu na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ nwɔtwe wɔ Yerusalem. Na ɔkɔe, na obi annyam no. Na wɔsiee no Dawid kuro mu, nanso ɛnyɛ ahemfo no adamena no mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

three × 1 =