2 Berɛsosɛm 31

Ɔhene no nsiesieeɛ foforɔ

1 Na wɔwiee yei nyinaa no, Israelfoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ no nyinaa firii adi kɔɔ Yuda nkuro mu, na wɔkɔbubuu fadum, na wɔtwitwaa Asera nnua, na wɔdwirii sorɔnsorɔmmea ne afɔrebukyia no Yuda ne Benyamin nyinaa, ne deɛ ɛwɔ Efraim ne Manase no nso de kɔsii sɛ wɔwieeɛ. Ɛnna Israelfoɔ no nyinaa sane kɔɔ wɔn nkuro ne nkuraase.

2 Na Hesekia de asɔfoɔ ne Lewifoɔ no nkyekyɛmu so atitire no sisii wɔn nkyekyɛmu so, obiara sɛdeɛ ne som teɛ, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no, sɛ wɔmmobɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ na wɔnsom na wɔnna ase, nyi ayɛ AWURADE nsraban apono mu.

3 Na mmoa a ɛfiri ɔhene nnoɔma mu no, wɔde ma ɔhyeɛ afɔdeɛ, anɔpa ne anwummerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne home nna ne abosome foforɔ ne afahyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ no, sɛdeɛ wɔatwerɛ no AWURADE mmara mu no.

4 Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ a wɔte Yerusalem no sɛ wɔmfa asɔfoɔ ne Lewifoɔ no kyɛfa mma, na wɔasɔ AWURADE mmara no mu den.

5 Na asɛm no hyetae no, Israel mma no de ayuo ne nsa ne ngo ne ɛwoɔ ne mfuo mu nnɔbaeɛ nyinaa mu adikanneɛ bebree bae, na nnoɔma nyinaa mu ntotosoɔ du du no nso, wɔde pii bae.

6 Na Israel ne Yuda mma a wɔtete Yuda nkuro mu no, wɔn nso wɔde anantwie ne nnwan mu ntotosoɔ du du ne akronkronneɛ a wɔdwira wɔn ho ama AWURADE wɔn Nyankopɔn no mu ntotosoɔ du du bae, na wɔde bɛguu hɔ akuakuo.

7 Bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no mu na wɔfirii akuakuo no aseɛ, na bosome a ɛtɔ so nson no mu na wɔwieeɛ.

8 Ɛnna Hesekia ne asafohene no ba bɛhunuu nnoɔma akuakuo no, wɔhyiraa AWURADE ne ne man Israel.

9 Na Hesekia bisaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ no akuakuo no ho asɛm.

10 Ɛnna Asaria, ɔsɔfo panin a ɔfiri Sadok fie no ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛfiti sɛ wɔfirii aseɛ de mmasoɔ adeɛ baa AWURADE fie no, yɛadidi amee, ama pii aka, ɛfiri sɛ AWURADE ahyira ne man, na nkaeɛ ne kuo kɛseɛ yi.

11 Na Hesekia hyɛɛ sɛ wɔnsiesie mpumpunu AWURADE fie; na wɔsiesiee,

12 na wɔde mmasoɔ adeɛ no ne ntotosoɔ du du no ne akronkronneɛ no hyɛɛ hɔ nokorɛdie so. Na ɛso panin ne Lewini Kanania, na ne nua Simei di hɔ.

13 Na Yehiel ne Asasia ne Nahat ne Asahel ne Yerimot ne Yosabad ne Eliel ne Ismakia ne Mahat ne Benaia ne ɛso hwɛfoɔ wɔ Kanania ne ne nua Simei ase, sɛdeɛ Ɔhene Hesekia ne Nyankopɔn fie so panin Asaria hyɛeɛ no.

14 Na Imna ba Kore, Lewini a ɔwɛn apueeɛ pono no na na ɔhwɛ Nyankopɔn ayamyɛ ayɛyɛdeɛ no soɔ, sɛ ɔde AWURADE mmasoɔ adeɛ ne akronkronneɛ mu adekronkron no bɛma.

15 Na n’ase na Eden ne Miniamin ne Yesua ne Semaia, Amaria ne Sekania hyɛ, wɔ asɔfoɔ nkuro no mu, de nokorɛdie kyɛ wɔn nuanom nnoɔma, sɛdeɛ nkyekyɛmu no teɛ, ɔkɛseɛ deɛ te sɛ akumaa deɛ.

16 Ɛsono wɔn a wɔkan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ deɛ a wɔde ma mmarima a wɔadi mfeɛ mmiɛnsa de rekorɔ, wɔn a wɔba AWURADE fie bɛyɛ wɔn adwuma sɛdeɛ da biara deɛ teɛ, sɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no;

17 ne asɔfoɔ no nkaneeɛ deɛ, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, ne Lewifoɔ no deɛ nso, de firi deɛ wadi mfirinhyia aduonu so de rekorɔ, sɛdeɛ wɔn dibea teɛ wɔ wɔn akuo mu,

18 ne wɔn mma nkumaa ne wɔn yerenom ne wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nyinaa nkaneeɛ deɛ nso, sɛdeɛ asafo no nyinaa teɛ, ɛfiri sɛ wɔn nokorɛdie so na wɔyɛɛ akronkronneɛ no ho adeɛ.

19 Na Aaron mma, asɔfoɔ no a wɔwɔ wɔn nkuro ho mmoa adidibea nsase so mfuo mu, mmarima a wɔabobɔ wɔn din mmaako mmaako wowɔ nkuro no nyinaa mu sɛ wɔmfa kyɛfa no mmema asɔfoɔ no mu mmarima nyinaa ne wɔn a wɔakan wɔn Lewifoɔ no mu no nyinaa.

20 Na Hesekia yɛɛ saa ara Yuda nyinaa mu. Na ɔyɛɛ deɛ ɛyɛ, na ɛtene na ɛyɛ nokorɛ AWURADE ne Nyankopɔn anim.

21 Na nneyɛɛ a ɔfirii aseɛ Nyankopɔn fie som mu ne mmara ne mmara nsɛm mu, de hwehwɛɛ ne Nyankopɔn no nyinaa, ɔde n’akoma nyinaa na ɛyɛeɛ, na ɛsii no yie.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

fourteen − 4 =