2 Berɛsosɛm 29

Hesekia totoo asɔrefie no foforɔ

1 Hesekia bɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Abia a ɛyɛ Sakaria ba.

2 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so sɛdeɛ n’agya Dawid yɛeɛ no ara.

3 Ɔno deɛ, n’ahennie afe a ɛdi kan no mu, bosome a ɛdi kan no so na ɔhinihinii AWURADE fie apono no, na ɔmiamiaa mu.

4 Na ɔde asɔfoɔ ne Lewifoɔ no baa mu, na ɔboaboaa wɔn ano apueeɛ mpraeɛ no so,

5 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Lewifoɔ, montie, afei monyɛ mo ho kronkron, na monyɛ AWURADE mo Nyankopɔn fie kronkron, na monyiyi fi no mfiri kronkronbea hɔ.

6 Na yɛn agyanom fomee, na wɔyɛɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ani so bɔne, na wɔgyaa no, na wɔyii wɔn ani firii AWURADE tenabea no ho, na wɔde wɔn akyi kyerɛɛ no.

7 Nso wɔtoo ntwironowa no apono mu, na wɔdunnumm nkanea no, na wɔanhye aduhwam, na ɔhyeɛ afɔdeɛ nso wɔammɔ no kronkronbea hɔ amma Israel Nyankopɔn no.

8 Enti na AWURADE abufuo baa Yuda ne Yerusalem soɔ, na ɔde wɔn yɛɛ ahoyeradeɛ ne ahodwirideɛ ne hwerɛmabɔ, sɛdeɛ mo ara mode mo ani hunu yi.

9 Na hwɛ, yɛn agyanom atotɔ afena ano, na yɛn mmammarima ne yɛn mmammaa ne yɛn yerenom nso, yei nti wɔafa wɔn nnommum kɔ.

10 Afei ɛwɔ m’akoma mu, sɛ me ne AWURADE Israel Nyankopɔn bɛpam, na n’abufuhyeɛ no afiri yɛn so akɔ.

11 Me mma, afei monnyɛ aniha, na mo na AWURADE ayi mo sɛ monnyina n’anim nsom, na monyɛ no asomfoɔ ne aduhwamhyefoɔ.

12 Ɛnna Lewifoɔ no sɔreeɛ, Amasai ba Mahat ne Asaria ba Yoel, wɔfiri Kohatfoɔ mma mu; ne Merari mma mu: Abdi ba Kis ne Yehalelel ba Asaria; ne Gersonfoɔ no mu: Sima ba Yoah ne Yoah ba Eden.

13 Ne Elisafan mma mu, Simri ne Yeiel; ne Asaf mma mu, Sakaria ne Matania;

14 ne Heman mma mu: Yehiel ne Simei; ne Yedutun mma mu: Semaia ne Usiel.

15 Na wɔboaboaa wɔn nuanom ano, na wɔyɛɛ wɔn ho kronkron, na wɔbaa sɛdeɛ ɔhene hyɛɛ no AWURADE nsɛm soɔ no, sɛ wɔrebɛpepa AWURADE fie no mu.

16 Na asɔfoɔ no hyɛnee AWURADE fie no mu sɛ wɔrekɔpepa mu, na wɔyiyii fi a wɔhunuu no AWURADE fie no mu no nyinaa de baa AWURADE fie abannwa no so, na Lewifoɔ no sesa firii hɔ, na wɔkɔto guu Kidron subonhwa no mu.

17 Na bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no na wɔfirii kronkronyɛ no aseɛ, na bosome no mu da a ɛtɔ so nwɔtwe no, wɔduruu AWURADE ntwironowa no ho, na wɔyɛɛ AWURADE fie no kronkron nnawɔtwe; na bosome a ɛdi kan, da a ɛtɔ so dunsia no wɔwiee,

18 ɛnna wɔhyɛnee mu baa Ɔhene Hesekia nkyɛn, na wɔkaa sɛ: Yɛapepa AWURADE fie hɔ nyinaa ne ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ɛho adeɛ nyinaa, ne nsiesieeɛ pono no ne ɛho nnoɔma nyinaa ho;

19 na nnoɔma a Ɔhene Ahas di hene no, ɔto guiɛ wɔ ne mmarato mu no nyinaa nso, yɛasiesie na yɛadwira ho, na hwɛ, ɛwowɔ AWURADE afɔrebukyia no anim.

20 Ɛnna Ɔhene Hesekia tuaa nhema boaboaa kuro no mmapɔmma no ano, na ɔforo kɔɔ AWURADE fie.

21 Na wɔde anantwinini nson ne adwennini nson ne nnwammaa nson ne mpapo nson kɔbɔɔ bɔne ho afɔdeɛ maa ahennie no ne kronkronbea no ne Yuda. Na ɔka kyerɛɛ Aaron mma, asɔfoɔ no, sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ AWURADE afɔrebukyia no so.

22 Na wɔkunkumm anantwie no, na asɔfoɔ no sɔɔ mogya no, na wɔde petee afɔrebukyia no so, na wɔkunkumm adwennini no de wɔn mogya petee afɔrebukyia no so, na wɔkunkum nnwammaa no de wɔn mogya petee afɔrebukyia no so.

23 Na wɔde bɔne ho afɔdeɛ mpapo no baa ɔhene badwa no anim, na wɔde wɔn nsa guguu wɔn so.

24 Na asɔfoɔ no kunkumm wɔn, na wɔde wɔn mogya no yɛɛ bɔne ho afɔdeɛ guu afɔrebukyia no ho sɛ wɔde repata ama Israel nyinaa. Na Israel nyinaa na ɔhene no kaa sɛ, ɔhyeɛ afɔdeɛ ne bɔne ho afɔdeɛ no yɛ Israel nyinaa dea.

25 Na ɔde Lewifoɔ no gyinagyinaa AWURADE fie, na wɔkurakura nnawuro ne mmɛnta ne asankuten sɛdeɛ Dawid ne ɔhene no Ɔdehunufoɔ Gad ne Odiyifoɔ Natan hyɛeɛ no. Na AWURADE nam n’adiyifoɔ nsa so na ɔhyɛeɛ.

26 Na Lewifoɔ no de Dawid nsankuo no gyinagyina hɔ, na asɔfoɔ no nso de ntotorobɛnto.

27 Na Hesekia kaa sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ afɔrebukyia no so. Na ɛberɛ a wɔfirii ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ aseɛ no, AWURADE dwom ne ntotorobɛntohyɛne nso firii aseɛ Israelhene Dawid dwontoɔ nnoɔma no so.

28 Na badwa no nyinaa kotokotoe, na wɔtotoo nnwom na wɔhyenhyɛnee ntotorobɛnto no ara de kɔsii sɛ wɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ.

29 Na wɔwiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔhene ne wɔn a na wɔka ne ho no nyinaa kotokoto sɔree.

30 Na Ɔhene Hesekia ne asafohene no ka kyerɛɛ Lewifoɔ no sɛ wɔmfa Dawid ne Ɔdehunufoɔ Asaf nsɛm nyi AWURADE ayɛ. Na wɔde anigyeɛ yii no ayɛ, na wɔbobɔɔ wɔn mu ase sɔree.

31 Na Hesekia kaa sɛ: Afei moadwira mo ho ama AWURADE, montwe mpini, na momfa okum afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ mmra AWURADE fie. Na badwa no de okum afɔdeɛ ne aseda afɔdeɛ bae, na obiara a ɔwɔ ayamyɛ akoma no de ɔhyeɛ afɔdeɛ bae.

32 Na ɔhyeɛ afɔdeɛ a badwa no de baeɛ no ano si anantwie aduɔson, adwennini ɔha, nnwammaa ahanu. Yei nyinaa wɔde bɔɔ AWURADE ɔhyeɛ afɔdeɛ.

33 Na akronkronneɛ no yɛ anantwie ahansia ne nnwan mpensa.

34 Nanso na asɔfoɔ no nnɔɔso nti, wɔn nko ara antumi anyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ no nyinaa, enti wɔn nuanom Lewifoɔ no boaa wɔn kɔsii sɛ wɔwiee adwuma no ansa na asɔfoɔ no reyɛ wɔn ho kronkron. Na na Lewifoɔ no akoma tene sene asɔfoɔ no wɔn ho kronkronyɛ no mu.

35 Nanso ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ ne ahwiesa a ɛka ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho dɔɔso bebree. Sɛ wɔsiesiee AWURADE fie som no nie.

36 Na Hesekia ne ɔman no nyinaa ani gyee sɛ Onyankopɔn asiesie ɔman no, ɛfiri sɛ ntɛm so na wɔyɛɛ adeɛ yi.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

fourteen + 2 =