2 Berɛsosɛm 23

Wɔsra ɔhene foforɔ ngo

1 Na afe a ɛtɔ so nson mu no, Yehoiada sii ne bo faa ɔha ha so asafohene Yeroham ba Asaria, ne Yohanan ba Ismael, ne Obed ba Asaria ne Adaia ba Maaseia ne Sikri ba Elisafat maa wɔne no pamee.

2 Na wɔkyinii Yuda, na wɔboaboaa Lewifoɔ no ano firi Yuda nkuro nyinaa mu, ne Israel agyanom atitire no, na wɔbɛhyiaa wɔ Yerusalem.

3 Na badwa no nyinaa ne ɔhene pamm wɔ Nyankopɔn fie. Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, ɔhene ba no na ɔbɛdi hene, sɛdeɛ AWURADE aka no Dawid mma ho no.

4 Adeɛ a monyɛ nie: Mo mu asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔba asɔrefie homeda no mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako mmɛyɛ ɛpono ano ahwɛfoɔ;

5 na nkyɛmu baako ntena ɔhene fie, na nkyɛmu baako nso ntena nnyinasoɔ pono no ano, na ɔman no nyinaa ntena AWURADE fie abannwa no so.

6 Na obiara nnhyɛne AWURADE fie gye asɔfoɔ ne Lewifoɔ mu wɔn a wɔsom no, wɔn na wɔnhyɛne mu, ɛfiri sɛ wɔyɛ kronkron, na ɔman no nyinaa nhwɛ AWURADE ahyɛdeɛ no.

7 Na Lewifoɔ no ntwa ɔhene ho nhyia, wɔn akodeɛ nkurakura wɔn nsam. Na deɛ ɔhyɛne efie hɔ no, wɔnku no. Na wɔntena ɔhene no ho n’adifire ne ne muba mu.

8 Na Lewifoɔ no ne Yuda nyinaa yɛɛ sɛdeɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛeɛ no nyinaa. Na wɔn mu biara de ne nnipa a wɔrebɛsom asɔrefie homeda, ne wɔn a wɔrepɔn adwuma homeda no bae, ɛfiri sɛ Ɔsɔfoɔ Yehoiada amma wɔn a wɔrepɔn no ampɔn.

9 Na Ɔsɔfoɔ Yehoiada de Ɔhene Dawid mpea ne akyɛm akɛseɛ ne nkumaa a ɛwowɔ Nyankopɔn fie no memaa ɔha ha so asafohene no.

10 Na ɔde ɔman no nyinaa gyinagyinaa hɔ, na wɔn akodeɛ kurakura wɔn nsam, ɛfiri ɛdan no nifa ntweaso kɔsi ɛdan no benkum ntweaso, afɔrebukyia no ne ɛdan no ho twaa ɔhene no ho hyiae.

11 Na wɔyii ɔhene ba no firii adi, na wɔde ahemmotire no hyɛɛ ne ti, na wɔde adanseɛ no maa no, na wɔsii no hene, na Yehoiada ne ne mma sraa no ngo, na wɔkaa sɛ: Ɔhene tiri nkwa!

Wɔkum Atalia

12 Ɛnna Atalia tee ɔman a wɔretu mmirika na wɔreyi ɔhene ayɛ no gyegyeegye no, ɔbaa nkurɔfoɔ no nkyɛn AWURADE fie,

13 na ɔbɛhunui, na hwɛ, na ɔhene no gyina n’agyinaeɛ aboboano, asafohene ne ntotorobɛnto no wɔ ɔhene no nkyɛn, na asase no so nkurɔfoɔ nyinaa ani agye, na wɔrehyenhyɛne ntotorobɛnto, na nnwontofoɔ no de nsankuo bɔɔ ayeyie nnwom. Ɛnna Atalia sunsuanee n’atadeɛ mu, na ɔkaa sɛ: Atirisopam, atirisopam!

14 Na Yehoiada yii ɔha ha so asafohene a wɔhwɛ dɔm no soɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyi no mfiri nkɔ nkyerɛpɛn no mu, na deɛ ɔbɛdi n’akyire no, wɔnku no nkrantɛ ano. Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Monnku no wɔ AWURADE fie.

15 Na wɔsɔɔ ne mu de no kɔɔ apɔnkɔ pono ano, ahemfie, na wɔkumm no wɔ hɔ.

Wɔgu Baal som

16 Ɛnna Yehoiada de apam too ɔno ne ɔman no nyinaa ne ɔhene no ntam sɛ wɔnyɛ AWURADE man.

17 Na ɔman no nyinaa kɔɔ Baal fie kɔdwirii gui, na n’afɔrebukyia ne n’ahoni no, wɔbubui, na Baal sɔfoɔ Matan nso, wɔkumm no afɔrebukyia no anim.

18 Na Yehoiada siesiee AWURADE fie hwɛ nnwuma no de hyɛɛ asɔfoɔ a wɔne Lewifoɔ a Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sisii AWURADE fie so, sɛ wɔmmɔ AWURADE ɔhyeɛ afɔdeɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no Mose mmara mu no, na wɔnyɛ no anigyeɛ ne nnwontoɔ mu sɛ Dawid hyehyɛɛ no no.

19 Nanso ɔde apono ano ahwɛfoɔ gyinagyinaa AWURADE fie apono no ano, na deɛ ne ho nte biara, anhyɛne mu.

20 Na ɔfaa ɔha ha so asafohene no ne aberempɔn no ne ɔman no sodifoɔ ne asase no sofoɔ nyinaa, na ɔde ɔhene no firii AWURADE fie sianee, na wɔbaa ɔhene fie pono a ɛkorɔn no mu, na wɔde ɔhene no tenaa ahennie adwa no so.

21 Na asase no sofoɔ nyinaa ani gyee, na kuro no mu dwoe. Na Atalia deɛ, wɔde nkrantɛ kumm no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

seven + 20 =