2 Berɛsosɛm 32

Sanaherib sa

1 Nsɛm yi ne nnwuma mu nokorɛdie yi akyiri no, Asiriahene Sanaherib bae, na ɔbaa Yuda so bɛkyeree nkuro a ɛyɛ den no ho nsraban, na ɔsusuu sɛ ɔbɛdwiri afa.

2 Na Hesekia hunuu sɛ Sanaherib aba na n’ani wɔ so sɛ ɔne Yerusalem rebɛko no,

3 ɔne ne mmapɔmma ne n’atumfoɔ tuu agyina sɛ wɔbɛsisi nsuo aniwa a ɛwowɔ kuro no ho no; na wɔboaa no.

4 Na nkurɔfoɔ bebree bɛhyiae, na wɔsisii nsuo aniwa nyinaa ne asutene a ɛsene fa asase no soɔ, kaa sɛ: Adɛn nti na Asiriahene mmra mmɛnya nsuo a ɛdɔɔso?

5 Na ɔhyɛɛ ne ho den, na ɔtoo ɔfasuo a abubuo no nyinaa, na ɔmaa no korɔn kɔsii aban atentene no ho, na ɔtoo ɔfasuo foforɔ, kuro no akyi, na ɔhyɛɛ Milo a ɛwɔ Dawid kuro mu no den, na ɔyeyɛɛ akodeɛ ne akyɛm bebree.

6 Na ɔde ɔsa mu asafohene sisii ɔman no so, na ɔhyiaa wɔn baa ne nkyɛn, kuro pono ano mpraeɛ no so, na ɔkasa twaa wɔn bo too wɔn yam sɛ:

7 Monhyɛ mo ho den na mo ho nyɛ den, monnsuro na mo akoma nntu Asiriahene no ne n’asafo yuu a wɔka ne ho no anim, na deɛ ɔne yɛn wɔ hɔ no so sene deɛ ɛne no wɔ hɔ.

8 Ɔno deɛ, honam nsa na ɛne no wɔ hɔ, na yɛn deɛ, AWURADE yɛn Nyankopɔn na ɔne yɛn wɔ hɔ, sɛ ɔbɛboa yɛn na wako yɛn ko ama yɛn. Ɛnna ɔman no de wɔn ho too Yudahene Hesekia nsɛm no soɔ.

9 Yei akyiri no, Asiriahene Sanaherib somaa ne nkoa maa wɔbaa Yerusalem, na ɔno deɛ, na ɔwɔ Lakis ho, na wɔn a na ɔdi wɔn soɔ nyinaa ka ne ho, ma wɔbɛka kyerɛɛ Yudahene Hesekia ne Yuda nyinaa a wɔwɔ Yerusalem no sɛ:

10 Sɛ Asiriahene Sanaherib seɛ nie: Mo a mote Yerusalem a wɔatwa ho ahyia, ɛdeɛn so na mo ani da?

11 Ɛnyɛ nnaadaa na Hesekia redaadaa mo, ama moabɛwu ɛkɔm ne sukɔm mu, reka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn bɛyi yɛn Asiriahene nsam no?

12 Ɛnyɛ ɔno Hesekia no ara na ɔyiyii ne sorɔnsorɔmmea ne n’afɔrebukyia no, na waka akyerɛ Yuda ne Yerusalem sɛ: Afɔrebukyia baako anim na monsɔre, na ɛso na monhye aduhwam no?

13 Monnya nhunuu deɛ me ne m’agyanom ayeyɛ nsase so amanaman nyinaa no? Nsase so amanaman no anyame atumi agye wɔn nsase no me nsam anaa?

14 Amanaman yi a m’agyanom asɛe wɔn pasapasa no anyame nyinaa mu hwan na watumi agye ne man me nsam, na mo nyame na ɔbɛtumi agye mo me nsam?

15 Na afei mommma Hesekia nnsisi mo na ɔnnnaadaa mo saa, na monnnye no nnni, ɛfiri sɛ ɔman anaa ahennie biara nyame biara ntumi nnyee ne man me nsam anaa m’agyanom nsam, na nkantom mo nyame no; na ɔrennye mo me nsam.

16 Na ne nkoa nso kaa deɛ ɛkyɛne yei tiaa Awurade NYANKOPƆN ne n’akoa Hesekia.

17 Na ɔtwerɛɛ nwoma nso de bɛbɔɔ AWURADE Israel Nyankopɔn no ahohora, kaa ne ho asɛm sɛ: Sɛ nsase so amanaman no anyame annye wɔn aman me nsam no, sɛ nso Hesekia nyame no renyi ne man me nsam ne no.

18 Na wɔde nne kɛseɛ teaa mu Yuda kasa mu frɛɛ Yerusalem man a wɔwɔ ɔfasuo soɔ no, sɛ wɔreyi wɔn hu na wɔasuro binim na wɔanya kuro no afa.

19 Na wɔkasa tiaa Yerusalem Nyankopɔn no sɛ asase so amanaman anyame a wɔyɛ onipa nsa ano adwuma no.

20 Na Ɔhene Hesekia ne Amos ba Odiyifoɔ Yesaia bɔɔ yei ho mpaeɛ na wɔteaa mu kyerɛɛ ɔsoro.

21 Ɛnna AWURADE somaa ɔbɔfoɔ maa no bɛdwerɛɛ Asiriahene nsraban mu nnɔmmarima a wɔtumi wɔn ho ne mmapɔmma ne asafohene nyinaa, na ɔde aniwuo sane kɔɔ n’asase so. Na ɔkɔhyɛnee ne nyame fie, na ɛhɔ na wɔn a wɔfiri ne yafunu mu no mu bi maa no tɔɔ nkrantɛ ano.

22 Saa na AWURADE gyee Hesekia ne wɔn a wɔte Yerusalem no nkwa firii Asiriahene Sanaherib ne nnipa nyinaa nsam, na ɔmaa wɔn ho tɔɔ wɔn afa nyinaa hyiae.

23 Na nnipa bebree de ayɛyɛdeɛ brɛɛ AWURADE wɔ Yerusalem, na wɔde aboɔdenneɛ brɛɛ Yudahene Hesekia, na wɔmaa no so amanaman nyinaa ani so, yeinom akyi.

Hesekia yadeɛ, animuonyam ne ne wuo

24 Ɛberɛ no mu no Hesekia yaree owuyadeɛ; na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ, na ɔbuaa no, na ɔmaa no nsɛnkyerɛnneɛ bi.

25 Nanso ɔyɛ maa no no, Hesekia anhyɛ no ananmu sɛdeɛ yie a ɔyɛ maa no no teɛ, na mmom n’akoma yɛɛ ahantan, na AWURADE abufuo baa ɔno ne Yuda ne Yerusalem so.

26 Na Hesekia sane brɛɛ ne ho ase n’akoma ahantan no ho, ɔno ne Yerusalemfoɔ nyinaa, enti AWURADE abufuo no amma wɔn so Hesekia berɛ so.

27 Na Hesekia nyaa ne ho ne animuonyam pii, na ɔyɛɛ adekorabea maa dwetɛ ne sika ne abohene ne aduhwam ne akyɛm ne afɛfɛdeɛ nyinaa

28 ne adekora adan maa ayuo ne nsa ne ngo nnɔbaeɛ, ne anantwie ahodoɔ nyinaa ne nnwan nso.

29 Na ɔkyekyeree nkuro na ɔnyaa nnwan ne anantwie akuakuo bebree. Na Onyankopɔn maa no adeɛ bebree pa ara.

30 Saa Hesekia yi ara sii Gihon nsuo atifi nsuniwa no ano, na ɔde nsuo no nam mpumpunaseɛ baa Dawid kuro no atɔeɛ fam. Na Hesekia dii yie ne nneyɛɛ nyinaa mu.

31 Na ne saa nti Babel mmapɔmma akyeame a wɔsomaa wɔn ne nkyɛn sɛ wɔmmɛbisa anwanwadeɛ a ɔyɛɛ no asase no soɔ no baeɛ no, Onyankopɔn gyaa no sɛ ɔresɔ no ahwɛ na wahunu n’akoma mu nyinaa.

32 Na Hesekia ho nsɛm nkaeɛ ne n’adɔeɛyɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Amos ba Odiyifoɔ Yesaia adehunu mu, Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma no mu.

33 Na Hesekia tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid mma asieeɛ deɛ ɛkorɔn, na Yuda ne Yerusalemfoɔ nyinaa dii no ni wɔ ne wuo mu. Na ne ba Manase bɛdii n’adeɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

five × 3 =