Hiob 4

Elifas asɛnka a ɛdi kan.

Onyankopɔn ntwe deɛ ɔdi bem aso

1 Ɛnna Temanni Elifas bua see sɛ:

2 Sɛ obi pɛ sɛ ɔka asɛm yi ho bi kyerɛ wo a,

ɛbɛyɛ wo ahomete anaa?

Nanso mpo twa ara na ɛtwa sɛ ɔka?

3 Hwɛ, wo na woatenetene nnipa bebree,

na nsa a agoɔ no, woahyɛ no den;

4 wo nsɛm ama deɛ ɔrebɛhwe ase agyina,

na nankoroma a ahodwo no, wɔahyɛ no den.

5 Na afei ɛtoo woɔ yi, woagyigya,

ɛkaa woɔ yi, woabɔ nnyinnyen.

6 Ɛnyɛ wo Nyamesuro ne deɛ wode wo ho to soɔ,

na w’akwan a ɛtene ne w’anidasoɔ anaa?

7 Kae ɛ, hwan na ɔnyɛɛ bɔne biara na wɔasɛe no pɛn,

anaa ɛhe na wɔapepa ateneneefoɔ pɛn?

8 Manya nhunui sɛ wɔn a wɔfɛntɛm amumuyɛ

na wɔgu mmusuo no, ɛno ara na wɔtwa.

9 Nyankopɔn home sɛe wɔn,

na wɔhye, n’abufuo mframa ano.

10 Wote sɛ gyata mmobɔmu ne ɔsebɔ nne a ɛgyae,

na gyataburuwa sebɔmmɔfoɔ tutu no.

11 Ɛno na hanam bɛbɔ ɛserɛ-mu-sɛe ama no awu,

na gyatabereɛ mma abɔ pete.

12 Na me deɛ, asɛm bi wiawiaa ne ho baa me nkyɛn,

na m’aso tee ɛho asomusɛm bi.

13 Ɔdadwene a ɛfiri anadwo adehunu mu mu,

berɛ a nnahɔɔ atɔ nnipa soɔ no,

14 ehu ne ahopopoɔ kaa me,

na ɛmaa me nnompe nyinaa wosoe.

15 Na honhom bi twaa mu faa m’ani so,

me ho nwi nyinaa sɔre gyinagyinae,

16 ɛgyinae,

nanso manhunu ne su,

suban bi gyinagyina m’ani so,

metee nne bɔkɔɔ bi sɛ:

17 Ɔdasani tene sene Onyankopɔn,

anaa onipa ho te sene ne yɛfoɔ?

18 Hwɛ, ne nkoa mpo, ɔmfa ne ho nto wɔn so,

na n’abɔfoɔ no, ɔbu wɔn sɛ wɔtɔ mu;

19 na nkantom wɔn a wɔte dɔteɛ adan mu,

na wɔn nnyinasoɔ wɔ mfuturo mu,

na wɔfurofuro wɔn sɛ abubummabaa.

20 Ɛfiri anɔpa kɔsi anwummerɛ na wɔaposa wɔn;

wɔyera korakora a obi nnwene ho.

21 Sɛ wɔtete wɔn ho ntomadan homa a,

ɛnyɛ wuo na wɔwuo a wɔanhunu nyansa biara?

Hiob 5

1 Frɛ ɛ, obi wɔ hɔ a ɔbɛbua woɔ?

Na akronkronfoɔ mu hwan na wode bɛdan no?

2 Na ahisɛm kum agyimifoɔ,

na ninkuntwe kum atetekwaa.

3 Me deɛ, mahunu ogyimifoɔ a ɔgyee nhini,

nanso amonom hɔ ara na medomee ne tenabea;

4 ne mma ne nkwagyeɛ ntam twe,

na wɔpɛkyɛ wɔn

wɔ kuro pono mu a ɔgyefoɔ nni hɔ.

5 Wɔn a wɔdi kɔm bɛdi ne nnɔbaeɛ,

na nsɔeɛ mu mpo na wɔbɛfa,

na adufudepɛfoɔ amene wɔn adedodoɔ.

6 Ɛfiri sɛ mmusuo mfifiri mfiri mfuturo mu,

na ɔhaw nso mfu mfiri fam.

7 Na wɔwoo onipa maa ɔhaw,

sɛ ogyaframa tutu kɔ soro no.

8 Na me a, anka mɛhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan,

na mede m’asɛm mahyɛ ne nsa,

9 deɛ ɔyɛ ade kɛseɛ a ɛnni nhwehwɛmu,

anwanwadeɛ nso a wɔntumi nkan.

10 Deɛ ɔma osuo tɔ asase soɔ,

na ɔma nsuo ba wira mu,

11 ɔde ahobrɛasefoɔ tena deɛ ɛkorɔn,

na ɔma abooboodifoɔ so kɔ yiedie mu.

12 Ɔsɛe anitefoɔ atirimpɔ,

na wɔn nsa antumi anyɛ adepa biara.

13 Ɔkyere anyansafoɔ wɔn aniteɛ mu,

na ɔbutu akontonkyifoɔ agyina.

14 Wɔtɔ sum mu awia,

na awia ketee wɔkeka sɛ anadwo.

15 Na ɔgye ohiani firi afena a ɛfiri wɔn anomu no ano,

ne ɔhoɔdenfoɔ nsam.

16 Na mmɔborɔni nya anidasoɔ,

na amumuyɛ mua n’ano.

17 Hwɛ, nhyira ne ɔdasani a Onyankopɔn ka n’anim,

enti, mpo Otumfoɔ atenetene no.

18 Na ɔno na ɔpira, na ɔkyekyere soɔ,

ɔpɛkyɛ, na ne nsa nso sa.

19 Ɔbɛyi wo afiri ahohiahia nsia mu,

na deɛ ɛtɔ so nson no mu, bɔne renka wo.

20 Ɛkɔm berɛ ɔbɛgye wo afiri owuo mu,

na akodie mu nso wagye wo afiri afena ano.

21 Ɔbɛkora wo afiri tɛkyerɛma mpire ano,

na wɔrensuro sɛeɛ a ɛbɛba.

22 Wobɛsere sɛeɛ ne ɛkɔm,

na asase so mmoadoma nso, worensuro wɔn.

23 Ɛfiri sɛ wo ne wiram aboɔ mpo bɛyɛ apam,

na wiram mmoadoma bɛdwo ama wo.

24 Na wobɛhunu sɛ wo ntomadan si hɔ dwoodwoo,

na wohwɛ wo tenabea a, worenhunu sɛ atɔ mu.

25 Na wobɛhunu nso sɛ w’asefoɔ bɛdɔɔso pii,

na wɔn a wɔfiri wo mu bɛyɛ sɛ asase so nhahan,

26 wode onyinkyerɛ na ɛbɛkɔ damena mu,

sɛ wɔde ayuo afiafi ba mu ne berɛ mu no.

27 Hwɛ, yei na yɛahwehwɛ ahunu, sɛ ɛteɛ nie;

tie, na wo nso, hunu fa!

Hiob 6

Hiob su n’awerɛhoɔ, na ɔkasa tia ne nnamfo no denyɛ

1 Na Hiob gyee so sɛ:

2 O, sɛ anka wɔrekari m’awerɛhoɔ,

na wɔde me yea nso agu nsania mu susu ɛ!

3 Ɛno deɛ anka ɛbɛsene mpoano anwea duru,

enti na me nsɛm ayɛ hatuhatu yi,

4 na Otumfoɔ agyan tuatua me mu,

me honhom renom emu borɔ,

Nyankopɔn ahuyideɛ atwa me ho mpasua.

5 Ɔtorɔmo nya ɛserɛ mono a, ɔteateam?

Anaa ɔnantwie su n’aduane ho?

6 Wɔdi aduane hunu a nkyene nni mu?

Ɛdɛ bi wɔ kosua mu fufuo mu?

7 Adeɛ a me kra ampɛ sɛ ɛbɛka me no,

ɛno ara na ayɛ me aduane a ɛyɛ me nwunu.

8 O, sɛ anka merenya m’abisadeɛ,

na Onyankopɔn ama me m’anigyinadeɛ no ɛ!

9 Sɛ Onyankopɔn pene na ɔpɛkyɛ me,

na ɔgya ne nsa kwan na ɛtwa me ɛ!

10 Anka ɛbɛyɛ me awerɛkyekyerɛ ara na madi ahurisie,

ɛyea a ɛnni adɔna me soɔ no mu,

ɛfiri sɛ mensane Ɔkronkronni no nsɛm no!

11 M’ahoɔden ne deɛn, sɛ mede bɛtɔ me bo aseɛ,

na m’awieeɛ ne deɛn, sɛ me kra bɛkyɛre ho?

12 M’ahoɔden yɛ aboɔ ahoɔden,

me honam yɛ kɔbere mfrafraeɛ?

13 Ɛnyɛ mmoa bi na ɛnni me mu,

na wɔatu ahoɔden afiri me ho?

14 Deɛ ne home te no no, ɛsɛ no ne yɔnko nsam adɔeɛ;

anyɛ saa a, ɔgyaa Otumfoɔ no suro.

15 Me nuanom twa nkontompo sɛ asusɔsuwa,

sɛ subonhwa a emu nsuwansuwa resene korɔ.

16 Nsukyeneeɛ nti ani fono,

sukyerɛmma hyɛne mu hunta.

17 Sɛ hyehyeɛ ka no a, ɛtwitwa,

ahuhuro mu ɛyera firi n’afa.

18 N’akwantemfoɔ no kwan kontonkonton,

ɛdane huruhuro kɔ soro na ɛyera.

19 Tema akwantemfoɔ asafo no hwɛe,

Seba anantefoɔ ani daa so,

20 wɔn ani wuu sɛ wɔde wɔn ani too soɔ,

wɔkɔduruu ho, na wɔn anim guu ase.

21 Na afei saa ara na mo nso moteɛ,

moahunu m’amanehunu yi, moannya tema biara amma me.

22 Maka sɛ mommrɛ me biribi,

na me nti momfa mo adeɛ bi nkyɛ,

23 na monyi me ɔhohiahiafoɔ nsam,

na monnye me mfiri nhyɛsofoɔ nsam anaa?

24 Monkyerɛkyerɛ me, na mɛyɛ komm,

na deɛ mafom wɔ mu no, momma menhunu.

25 Sɛdeɛ atɛntenenee si yɛ den fa!

Na mo atɛnyie yi deɛ, animka bɛn na ɛwɔ mu?

26 Nsɛm ho animka na modwene?

Ɔwerɛhoni deɛ, ne nsɛm yɛ mframa.

27 Awisiaa so mpo moretwe ntonto,

na mo yɔnko tiri nso moredi ano.

28 Na afei mompɛ ani pa nhwɛ me,

na merenni torɔ mo anim ha.

29 Mompɛ mu bio ɛ, na mommmu ntɛnkyea;

na monsane mpɛ mu, na m’asɛm wom ara.

30 Deɛ ɛntene bi wɔ me tɛkyerɛma so,

anaasɛ me dodom nhunu abusudeɛ?

Hiob 7

Nkwa afono Hiob

1 Ɛnyɛ akodie na ɛwɔ hɔ ma ɔdasani asase soɔ

na ne nna te sɛ ɔpaani nna?

2 Sɛ akoa pere onwunu ho

ne sɛ ɔpaani hwɛ n’apaadeɛ kwan no,

3 saa ara na wɔama madi abosome hunu,

na wɔabu ɔhaw anadwo ama me.

4 Sɛ mekɔda a, meka sɛ:

Da bɛn na mɛsɔreɛ na anadwo atwam akorɔ?

Ɔdafatwa fono me kɔsi ahemadakye.

5 Me honam fira mmoaa ne dɔteɛ abon,

me wedeɛ ayɛ twann, na ɛrefiri nsuo.

6 Me nna yɛ hare sene ɔnwomfoɔ akurokurowa,

na ɛrehi, na anidasoɔ biara nni hɔ.

7 Kae sɛ me nkwa yɛ mframa,

m’ani rensane nhunu papa.

8 Deɛ ɔhu me ani renhu me bio,

w’ani tua me, nso na menni hɔ.

9 Sɛdeɛ mununkum sa na ɛkorɔ no,

saa ara na deɛ ɔsiane kɔ Asamando no remforo mma bio.

10 Ɔrensane mma ne fie bio,

na ne tenabea renhu no bio.

11 Enti me nso meremmua m’ano,

mɛkasa me honhom ahohiahia mu,

mɛsi apini m’awerɛhoɔ mu.

12 Meyɛ ɛpo anaa asuo mu bɔpɔn,

na ɛma wode awɛmfoɔ sisi me ho yi?

13 Sɛ mese: Me mpa bɛkyekyere me werɛ,

na me daberɛ bɛdwodwo m’apinisie no a,

14 ɛnneɛ wode daeɛso hyɛ me yea,

na anisoadehunu mu na woma mebɔ binim.

15 Na ɛma me kra yi menebɔ ne owuo mmom

sene me nnompe yi.

16 Afono me, merentena ase daa.

Gyaa me, na me nna yɛ huruhuro.

17 Ɔdasani ne hwan a wobu no ɔkɛseɛ,

na wodwene ne ho?

18 Na wohwɛ no daa anɔpa,

na wotaa sɔ no hwɛ ara?

19 Worenyi w’ani mfiri me so de rekɔsi da bɛn?

Wonnya me kwan na memmene me ntasuo mpo?

20 Mayɛ bɔne a, ɛdeɛn na mayɛ woɔ, nnipa hwɛfoɔ,

adɛn na wode me ayɛ w’adeɛ

a wo ne no anya na madane adesoa ama me ho yi?

21 Na adɛn na womfa me mmarato nkyɛ,

na womma me mfomsoɔ nsene nkorɔ?

Na afei mɛda mfuturo mu,

na wobɛhwehwɛ me, nso na menni hɔ bio.

Hiob 8

Bildad asɛnka a ɛdi kan.

Ahonu de ahotɔ ba

1 Ɛnna Suhini Bildad gyee so sɛ:

2 Ɛnkɔsi berɛ bɛn na wobɛka yeinom,

na w’anomu nsɛm bɛyɛ sɛ mframa denden yi?

3 Onyankopɔn bɛkyea atemmuo

anaasɛ Otumfoɔ bɛkyea tenenee?

4 Sɛ wo mma ayɛ no bɔne a,

wagyaa wɔn de wɔn ahyɛ wɔn mmarato nsam.

5 Sɛ wo ara wohwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan,

na wokoto srɛ Otumfoɔ no,

6 sɛ wo ho te na wotene a,

ampa ara ɔbɛkanyan ne ho ama wo,

na wama wo tenenee tenabea no adi yie.

7 Na sɛ mpo wo mfitiaseɛ yɛ ketewa a,

w’awieeɛ bɛso kokuroo.

8 Mesrɛ wo, bisa awoɔ ntoatoasoɔ ɛ,

na ma w’akoma mmra deɛ wɔn agyanom ahwehwɛ ahunu no so.

9 Na yɛn deɛ, nnora nko ara na yɛfiri hɔnom,

na yɛnnim hwee, ɛfiri sɛ yɛn nna te sɛ sunsum asase so.

10 Ɛnyɛ wɔn na wɔbɛkyerɛ wo na wɔaka akyerɛ woɔ anaa,

na wɔayiyi nsɛm afiri wɔn akoma mu?

11 Nkyɛkyerɛ fifiri deɛ ɔwora nnie, anaasɛ

mmɛwa bɛma ne ho so deɛ nsuo nnie?

12 Ɛda so wɔ ne frɔmfrɔmyɛ mu a wɔntwaeɛ no,

ɛdi wura nyinaa anim kusa.

13 Saa ara na wɔn a wɔn werɛ firi Onyankopɔn nyinaa akwan teɛ,

na ɔbɔnefoɔ anidasoɔ bɛyera,

14 ɛfiri sɛ wɔtwa deɛ ɔde ne ho to soɔ,

na n’anidasoɔ yɛ ananse ntentan.

15 Ɔtwere ne dan, na ɛrennyina,

ɔkura mu, nso ɛrentena hɔ.

16 Ɔyɛ frɔmfrɔm owia ano,

na ne mman yiyi kata ne turo so,

17 ne nhini mantammantam aboɔkuo ho,

ɔhyɛne aboɔ ntam.

18 Sɛ wɔsɛe no firi ne tenabea a,

ɛpa no ka sɛ: Menhunuu wo da.

19 Hwɛ, sɛdeɛ ne kwan ho ahosɛpɛ teɛ ne no,

na mfuturo no mu na afoforɔ fifire.

20 Hwɛ, Onyankopɔn mpo deɛ ɔdi mu,

na abɔnefoɔ nso, ɔnsɔ wɔn nsa.

21 Ɔde sereɛ bɛhyɛ w’anomu ma,

na wama ahurisie nne afa w’anofafa mu.

22 W’atamfo bɛfira aniwuo,

na abɔnefoɔ ntomadan rennyina hɔ bio.

Hiob 9

Hiob mmuaeɛ. Obi ntumi ne Otumfoɔ nni asie

1 Na Hiob gyee so sɛ:

2 Ampa ara, menim sɛ ɛte saa,

na ɔdasani bɛtene Nyankopɔn anim sɛn?

3 Sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no yiyi ano a,

ɔntumi mmua no apem mu baako mpo.

4 Akoma mu nyansafoɔ ne tumi mu hoɔdenfoɔ no,

hwan na wasene ne kɔn wɔ ne soɔ na asi no yie?

5 Ɔtutu mmepɔ mpatuo mu,

ɔbutu no n’abufuo mu.

6 Ɔwoso asase firi n’atenaeɛ,

na ne nnyinasoɔ popo.

7 Ɔhyɛ owia, na ɛmpue;

na ɔsosɔ nsoromma ano.

8 Ɔno nko na ɔtrɛ ɔsoro mu,

na ɔtiatia po asorɔkyeɛ so;

9 ɔyɛ Nsorommason, Nwenwenente ne Akokɔbaatan-ne-ne-mma

ne anafoɔ fam mpiakyire.

10 Ɔyɛ ade akɛseɛ a ɛnni nhwehwɛmu

ne anwanwadeɛ a wɔntumi nkan.

11 Hwɛ, ɔnam me ho, nso menhu no,

ɔsene, nso menhu no.

12 Hwɛ, ɔhwim kɔ, hwan na ɔbɛsane no?

Hwan na ɔbɛbisa no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?

13 Onyankopɔn rensianka n’abufuo,

Rahab aboafoɔ brɛ wɔn ho ase wɔ n’ase.

14 Na nkantom sɛ me na mɛbua no,

anaasɛ mɛhwehwɛ me nsɛm mu, na me ne no ayiyie.

15 Ɔno na sɛ metene mpo a, meremmua no,

mɛkoto no sɛ me temmufoɔ.

16 Sɛ mefrɛ na ɔgye me so a,

merennye menni sɛ wayɛ aso ama me nne.

17 Ɔno a ɔde ahum posa me,

na ɔma m’akuro dɔɔso kwa no,

18 ɔmma mennya ahomegyeɛ,

na ɔde awerɛhoɔ hyɛ me ma tɔ.

19 Sɛ wɔdi no ɔhoɔdenfoɔ tumi so a, anka: Ɔnnie!

Na sɛ atemmuo nso a, anka: Hwan na ɔbɛsane no?

20 Sɛ metene mpo a, anka m’ano bɛbu me fɔ,

na medi mu mpo a, ɔbɛma makyea.

21 Me deɛ, medi mu deɛ, nanso memmu me ho;

me nkwa afono me.

22 Ne nyinaa yɛ bafua; enti na mese:

Deɛ ɔdi mu ne ɔbɔnefoɔ nyinaa na ɔsɛe wɔn.

23 Sɛ atoyerɛnkyɛm kum obi mpofirim a,

ɔseresere wɔn a wɔdi bem amaneɛ.

24 Wɔde asase ahyɛ ɔbɔnefoɔ nsa,

ɔkata n’atemmufoɔ ani.

Sɛ ɛnyɛ ɔno a, na ɛyɛ hwan a?

25 Na me nna ho yɛ hare sene mmirikatuni;

ɛdwane kɔ, ɛnhunu adepa biara.

26 Ɛsene kɔ sɛ demmire nkyɛkyerɛ hyɛn,

sɛ ɔkɔdeɛ a ɔsi aduane soɔ.

27 Sɛ mese: Me werɛ bɛfiri m’apinisie,

mɛgyae mosooyɛ na mate m’anim a,

28 me yea nyinaa yɛ me hu,

ɛfiri sɛ mehunu sɛ woremmu me bem.

29 Na sɛ wɔbɛbu me fɔ a,

adɛn nti na memmrɛ nguo?

30 Sɛ medware sukyerɛmma nsuo

na mede dɔw mehohoro me nsa a,

31 ɛno nso wode me bɛto amena mu,

na me ho ayɛ me ntadeɛ mpo nwunu.

32 Na ɔnyɛ onipa sɛ me, na mabua no,

na yɛn baanu ahyiam abɔ nkuro.

33 Nso ntamgyinafoɔ bi nni yɛn ntam a

ɔde ne nsa bɛto yɛn baanu soɔ.

34 Ma no nyi n’abaa mfiri me so,

na ne ho hu ankuta me.

35 Ɛnna anka mɛkasa a merensuro no,

nanso mentumi nyɛ saa wɔ me ara m’afam.

Hiob 10

1 Me nkwa yɛ me kra nwunu,

mɛgyaa m’apinisie mu wɔ me mu,

mɛkasa m’awerɛhoɔ mu.

2 Mɛse Onyankopɔn sɛ: Mmu me fɔ,

ma menhunu adekodeɛ a enti wo ne me ham yi.

3 Ɛyɛ ma wo sɛ wohyɛ obi soɔ anaa,

sɛ wopo wo nsa ano adwuma

na wopene abɔnefoɔ agyina soɔ?

4 Wowɔ honam aniwa

anaasɛ wohunu adeɛ sɛ ɔdasani hu no?

5 Wo nna te sɛ ɔdasani nna

anaa wo mfeɛ te sɛ onipa nna anaa?

6 Sɛ wohwehwɛ me mfomsoɔ akyiri kwan

na wodi me bɔne akyire?

7 Nanso wonim sɛ menyɛ ɔbɔnefoɔ,

na obi nni hɔ a ɔbɛgye wo nsam.

8 Wo nsa na ɛnwonoo me na ɛyɛɛ me,

me nipa mu nyinaa prɛko, ɛnna woamene me yi.

9 Kae sɛ wonwonoo me sɛ anwommoɔ,

na wobɛma madane mfuturo bio anaa?

10 Anaa woanhwie me angu sɛ nufosuo na womaa mepii sɛ nufosuo a akyenkyen ɛtoa?

11 Wode wedeɛ ne nam na ɛhyɛɛ me,

na wode nnompe ne ntini wurawuraa me mu.

12 Nkwa ne adɔeɛ na wode ayɛ me,

na wo hwɛ nso wɛn me honhom.

13 Na yeinom na wode siee w’akomam;

na mahunu sɛ yei na wowɔ tia me.

14 Sɛ meyɛ bɔne a, wobɛhwɛ me,

na woremmu me bem me mfomsoɔ ho.

15 Sɛ medi abɔnefosɛm a, mennue,

na sɛ metene nso a, meremma me tiri so;

ɛfiri sɛ ahohora ahyɛ me ma,

na mehwɛ m’amanehunu.

16 Na sɛ mema me ho so a, wobɛti me sɛ gyata

na woasane ne me adi anwanwasɛm.

17 Na wode w’adansefoɔ afoforɔ ara abɛgyina m’anim,

na woama w’abufuo adɔɔso me so,

na ɛdɔm a ɛto dɔm agu me so.

18 Adɛn nti na woyii me firii yafunu mu?

Anka menya megyaa mu na ani biara anhu me ɛ!

19 Sɛ menya meyɛɛ sɛ adeɛ a ɛnni hɔ ɛ!

Mefirii yafunu mu no, ɛnna anka wɔkɔgyaa me ɛda mu ɛ!

20 Me nna nyɛ kakraa bi?

Ma no nnyaa me, ɔnyi n’ani mfiri me so, na me ho nsane me kakra,

21 ansa na makɔ deɛ merensane memma,

na makɔ sum ne sunsum asase so,

22 esum kabii a ɛte sɛ ɔdasuom tumm asase,

sunsum ne sakasaka asase a hann te sɛ ɔdasuom tumm no.

Hiob 11

Sofar asɛnka a ɛdi kan. Ɛsɛ Hiob sɛ ɔbrɛ ne ho ase Nyankopɔn anim

1 Ɛnna Naamani Sofar gyee so sɛ:

2 Wɔremmua nsɛm dodoɔ yi,

anaasɛ wɔmma ɔbarima tɛkyerɛmakyene nni bem anaa?

3 Wo kasa worɔworɔ bɛma nnipa amua wɔn ano?

Na sɛ wodi fɛw a, obi renhyɛ wo aniwuo anaa?

4 Na woaka sɛ: Me nkyerɛkyerɛ yɛ gyenegyene,

na me ho te wɔ Onyankopɔn anim.

5 O, anka ma Onyankopɔn nkasa

na ɔmmue n’ano nkyerɛ wo;

6 na ɔnka wo nyansa ahuntasɛm, sɛ emu dɔ yie,

na hunu sɛ Onyankopɔn yi n’ani firi w’amumuyɛ no bi so.

7 Wobɛhwehwɛ ahunu Onyankopɔn

anaasɛ wobɛhunu akɔduru Otumfoɔ pɛyɛ mu anaa?

8 Ɛkorɔn sɛ ɔsoro, — ɛdeɛn na wobɛyɛ?

Ɛyɛ kuronkuron sɛ Asamando, — ɛdeɛn na wonim?

9 Ne nsusuiɛ ware sene asase,

na ɛtrɛ sene ɛpo.

10 Sɛ ɔtwam ba na ɔde nnipa gu nnua mu na ɔhyia asennie a,

ɛnneɛ hwan na ɔbɛsianka no?

11 Na ɔno na ɔnim nnipa ahuhufoɔ,

na ɔhunu abusudeɛ, nanso ɔmmu.

12 Na onipa tibɔnkɔso nya nyansa akoma a,

na ɛte sɛdeɛ wɔawo afunumu ba onipa.

13 Sɛ wo deɛ, wosiesie w’akoma,

na wotrɛ wo nsam kyerɛ no a,

14 sɛ amumuyɛ wɔ wo nsam a, yi kɔ akyiri,

na mma abusudeɛ nntena wo ntomadan mu.

15 Ɛno na wobɛma w’ani so a wonni dɛm,

na wobɛtim pintinn a worensuro.

16 Na wo werɛ bɛfiri wo haw,

wobɛkae no sɛ nsuo a asene.

17 Na wo nkwa nna bɛyɛ sɛ awia ketee,

esum bɛdane sɛ adekyeeɛ.

18 Na wobɛnya abotɔyam sɛ anidasoɔ wɔ hɔ,

na wobɛhwɛ wo ho ahyia na woada dwoodwoo.

19 Wobɛda ahome, na obi renyi wo hu,

na nnipa bebree bɛhwehwɛ wo hɔ adom.

20 Na abɔnefoɔ deɛ wɔn ani so bɛsi

na dwanekɔbea abɔ wɔn,

na wɔn anidasoɔ bɛdane wɔn wuo.

Hiob 12

Hiob ma mmuaeɛ

1 Na Hiob gyee so sɛ:

2 Yoo! Mone ɔman no nne,

na mowu a, nyansa bɛwu.

3 Me nso, mewɔ nteaseɛ sɛ mo ara,

me deɛ, mentɔ mu mo anim.

Na hwan na ɔnnim nnoɔma a ɛte sɛɛ yi?

4 Deɛ ne yɔnko sere no ne me,

deɛ ɔsu frɛɛ Onyankopɔn na ɔgyee no soɔ,

wɔsere ɔteneneeni a ɔdi mu no.

5 Deɛ ɔte hɔ dwoodwoo no tirim deɛ, animtiabuo na ɛfata amanehunu,

ɛne deɛ wasiesie ama wɔn a wɔn nan watirie.

6 Amimfoɔ ntomadan si hɔ dwoodwoo,

na wɔn a wɔhuru Nyankopɔn boɔ te hɔ komm,

wɔn a wɔkura wɔn nyame wɔ wɔn nsam no.

7 Na yei deɛ, bisa mmoa ɛ, na wɔnkyerɛ wo,

ne ɔsoro nnomaa nso, na wɔnka nkyerɛ wo.

8 Anaasɛ bisa asase hwɛ, na ɛnkyerɛ wo,

na ɛpo mu mpataa nka nkyerɛ wo.

9 Hwan na ɔrenhunu yei nyinaa mu

sɛ AWURADE nsa na ɛyɛɛ yeinom?

10 Ne nsam na ɔteasefoɔ biara kra wɔ,

ne adasamma nyinaa ahonhom.

11 Ɛnyɛ aso na ɛsɔ nsɛm hwɛ,

na dodom nso ka aduane hwɛ?

12 Nkɔkoraa mu na nyansa wɔ,

na onyinkyerɛ ma nhunumu.

13 Ɔno nkyɛn na nyansa ne mmaninneɛ wɔ,

ɔno na afotuo ne nhunumu wɔ no.

14 Hwɛ, ɔdwiri, na wɔrento,

ɔto onipa mu, na wɔremmue.

15 Hwɛ, ɔsianka nsuo ma no we,

nanso ɔgyaa mu ma no butu asase.

16 Ɔno nkyɛn na ahoɔden ne nyansa wɔ,

deɛ wɔdaadaa no ne ɔdaadaafoɔ nyinaa yɛ ne dea.

17 Ɔpa apamfoɔ ho de wɔn kɔ,

na ɔma atemmufoɔ dane nkwaseafoɔ;

18 ɔsane ahemfo nkyehoma,

na ɔde nhoma kyekyere wɔn asene.

19 Ɔpa asɔfoɔ ho de wɔn kɔ,

na ɔde wɔn a wɔatim no hwe fam;

20 ɔma anotefoɔ gyae kasa

na ɔgye mpanimfoɔ nimdeɛ;

21 ɔde animtiabuo gu mmapɔmma so,

na ɔhodwo nnɔmmarima abɔsoɔ mu.

22 Ɔyi adeɛ kuronkuron adi firi sum mu;

na ɔde sum kabii firi ba hann mu;

23 ɔma aman dɔɔso, na ɔsɛe wɔn;

ɔtrɛ amanaman mu, na ɔtu wɔn kɔ,

24 ɔgye asase so aman mu atitire akoma.

Na ɔma wɔkyini asasesofoɔ a ɔkwan nni hɔ so.

25 Wɔkeka sum a hann nni hɔ mu,

na ɔma wɔkyini sɛ nsaboni.

Hiob 13

Hiob bɔ ne nnamfo Nyankopɔn tenenee ho kɔkɔ

1 Hwɛ, m’ani ahunu ne nyinaa, m’aso nso ate, na ate aseɛ;

2 deɛ monim no, me nso menim.

Mentɔ mu wɔ mo mu.

3 Me deɛ, mepɛ sɛ anka me ne Otumfoɔ no mmom bɛkasa,

na mehwehwɛ sɛ me ne Onyankopɔn bɛyiyi nsɛm ano.

4 Na mo deɛ, moyɛ atorofoɔ mapa,

ayaresafoɔ ahuhufoɔ ne mo nyinaa.

5 Sɛ momua mo ano mmom koraa a,

anka ɛyɛ mo nyansa.

6 Montie me nkurobɔ,

na monyɛ aso mma m’anoyie.

7 Mobɛka deɛ ɛntene ama Onyankopɔn,

na mode nnaadaa aka ama no anaa?

8 Mobɛgye ne ti,

anaasɛ mobɛham ama Onyankopɔn?

9 Ɔhwehwɛ mo mu a, ɛbɛsi yie,

anaasɛ mobɛdaadaa no sɛdeɛ wɔdaadaa ɔdasani?

10 Sɛ mohwɛ nnipa anim kokoa mu a,

ɔbɛka mo anim ampa.

11 Ne kɛseyɛ rentu mo akoma,

na ne ho hu mma mo so?

12 Mo kasammebuo yɛ nso mmebusɛm,

mo anoyie yɛ dɔteɛ anoyie.

13 Mommua mo ano mfiri me so, na me ara menkasa,

na deɛ ɛbɛba me soɔ mmra.

14 Adɛn nti na memfa me honam mentua me se ano,

na memfa me kra mento me nsam?

15 Sɛ ɔreku me mpo a, mehwɛ ɔno ara;

mede me nsɛm bɛto n’anim.

16 Yei ara nso na ɛbɛyɛ me nkwagyeɛ,

ɛfiri sɛ ɔbɔnefoɔ remma n’anim.

17 Montie, montie deɛ mewɔ meka,

na m’asɛm nkyerɛaseɛ nhyɛne mo aso mu.

18 Hwɛ, masiesie m’asɛm mato hɔ,

menim sɛ me na mɛdi bem.

19 Hwan ne deɛ ɔne me bɛham?

Ɛnneɛ anka mɛyɛ komm na magyaa mu.

20 Ao! AWURADE, sɛ woreyɛ adeɛ mmienu yi pɛ ama me a,

ɛno na meremfa me ho menhunta mfiri w’anim:

21 Yi wo nsa firi me so kɔ akyirikyiri,

na mma wo ho hu nnkuta me;

22 ɛno na frɛ me, na me nso mɛgye so,

anaasɛ mɛkasa, na woabua me.

23 Me bɔne ne me mfomsoɔ yɛ ahe ara?

Ma menhunu me mmarato ne me bɔne.

24 Adɛn nti na wode w’ani hunta,

na wobu me wo tamfo?

25 Wobɛyi ahahan a mframa de rekorɔ ahi,

na wobɛti nkraadua a adwan?

26 Na wotwerɛɛ me ho nsɛm yaya,

na woma medi me mmeranteberɛ mu bɔne so adeɛ.

27 Wode me nan hyehyɛ ɛpa mu,

na wowɛn m’akwan nyinaa,

wotwa m’anammɔn ho hyeɛ.

28 Na onipa deɛ, ɔporɔ sɛ dufɔkyeɛ,

sɛ ntoma a nweweboaa redie.