1 Makabee 3

Yuda nkonimdie a ɛdi kan

1 Afei ne ba Yuda a na wɔfrɛ no Makabeus sii n’agya ananmu.

2 Ne nuanom ne wɔn a wɔkaa n’agya ho no nyinaa boaa no; wɔde anigyeɛ ko maa Israel.

3 Ɔmaa ne nkurɔfoɔ animuonyam yɛɛ kɛseɛ.

Te sɛ deɛ abrane yɛ no, ɔde nkataboɔ hyɛe;

ɔkyekyeree n’akodeɛ na ɔde dii ako,

ɔde ne nkrantɛ bɔɔ nsra no ho ban.

4 Ne nnwuma mu na ɔte sɛ gyata,

te sɛ deɛ gyata ba bobom pɛ aboa no.

5 Ɔhwehwɛ ti wɔn a wɔbu mmara soɔ no;

ɔhyee wɔn a wɔteetee ne nkurɔfoɔ no.

6 Mmaratofoɔ kusaeɛ ɛsiane ne ho hu nti;

amumuyɛfoɔ nyinaa ho yeraa wɔn;

na ɔgyeɛ nam ne nsa so bae kɛse.

7 Ɔhyɛɛ ahemfo bebree aniɛyaadeɛ,

na mmom ɔnam ne nnwuma so maa Yakob ani gyeeɛ,

na wɔahyira no daa nyinaa wɔ ne ho nkaeɛ ho.

8 Ɔkyini faa Yuda nkuro so;

ɔsɛee abɔnefoɔ a wɔwɔ asase no so no;

saa nti ɔdanee abufuhyeɛ firii Israel so.

9 Ɔgyee din kɔsii asase ano;

ɔboaboaa wɔn a na wɔrewuwuo no ano.

10 Afei Apolonius boaboaa Amanaman mufoɔ asraadɔm kɛseɛ ano firii Samaria sɛ ɔne Israel rekɔ ko.

11 Na ɛberɛ a Yuda teeɛ no, ɔfirii adi kɔhyiaa no, ɔdii ne so kumm no. Nnipa bebree na wɔpirapiraeɛ na wɔtotɔeɛ, na nkaeɛ no dwaneeɛ.

12 Ɛnna wɔfaa wɔn asadeɛ; na Yuda faa Apolonius nkrantɛ, na ɔde dii ako wɔ ne nna a aka a ɔdii wɔ asase soɔ mu.

13 Ɛberɛ a Seron a ɔyɛ Siria sahene tee sɛ Yuda aboaboa ɛdɔm kɛseɛ ano, a asraafoɔ nokwafoɔ a wɔne no tenaeɛ na wɔkɔɔ sa no,

14 ɔkaa sɛ: Mɛgye din ama me ho na manya animuonyam wɔ ahennie no mu. Mɛtu sa wɔ Yuda ne n’ayɔnkofoɔ so, wɔn a wɔdi ɔhene ahyɛdeɛ ho fɛw no.

15 Bio, asraafoɔ a nyamesuro nni wɔn mu a wɔyɛ den ne no kɔ kɔboaa no, sɛ ɔntɔ Israelfoɔ so were.

16 Ɛberɛ a ɔbɛnee Bet-horon soro hɔ no, Yuda de ɛdɔm kɔhyiaa no.

17 Nanso ɛberɛ a ɛdɔm no hunuu sɛ asraafoɔ reba abɛhyia wɔn no, wɔka kyerɛɛ Yuda sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na yɛn kakraa yi bɛtumi ne ɛdɔm kɛseɛ a wɔn ho yɛ den ako? Yɛayɛ mmerɛ ɛfiri sɛ yɛnnyaa biribi nnii ɛnnɛ.

18 Yuda buaa sɛ: Ɛnyɛ den sɛ ɛdɔm kumaa bɛdi ɛdɔm kɛseɛ soɔ, na Ɔsoro anim deɛ, nsonsonoeɛ biara nna bebree ne kakra bi ntam.

19 Na nkonimdie wɔ ɔsa mu nnyina sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ so, na mmom ahoɔden a ɔnya firi Ɔsoro.

20 Wɔde ani a ɛnsɔ adeɛ ne mmarato a ɛso ba yɛn so sɛ wɔrebɛsɛe yɛn ne yɛn yerenom ne yɛn mma, na wɔafom yɛn afa;

21 nanso yɛko de gye yɛn nkwa ne yɛn mmara.

22 Ɔno ara ankasa na ɔbɛbubu wɔ yɛn anim; na mo deɛ, monnsuro wɔn.

23 Ɛberɛ a ɔkasa wieeɛ no, ɔyɛɛ ntɛm to hyɛɛ Seron ne n’asraafoɔ so mpofirim, na wɔtotɔe wɔ n’anim.

24 Wɔtii wɔn faa Bet-horon asianee so kɔduruu asasetam no so; wɔn mu ahanwɔtwe totɔe, na nkaeɛ no dwane kɔɔ Filistifoɔ asase so.

25 Ɛnna afei wɔfirii aseɛ suroo Yuda ne ne nuanom, na ehu tɔɔ Amanaman mufoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no so.

26 Ne din kɔduruu ɔhene anim, na Amanaman mufoɔ no kaa ɛsa ahodoɔ a Yuda atuo no ho asɛm.

Antiokus nhyehyɛɛ

27 Ɛberɛ a Ɔhene Antiokus tee nsɛm yi no, ne bo fui kɛse; na ɔsoma ma wɔkɔboaboaa asraadɔm a wɔwɔ n’ahennie mu nyinaa, ɛdɔm kɛseɛ pa ara.

28 Ɔbuee ne sikakorabea so na ɔde afe baako akatua maa n’asraafoɔ no, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnsiesie biribiara a wɔbɛhia.

29 Afei ɔhunuu sɛ sika a ɛwɔ sikakorabea hɔ asa, na sika a wɔnya firi ɔman no mu sua, ɛsiane aperepereɛ ne ɔhaw a ɔde baa asase no soɔ, ɛberɛ a ɔtwaa mmara a na ɛwɔ hɔ nna a ɛdi kan no mu.

30 Na ɔsuroo sɛ ɔrensane nnya fotoɔ sɛdeɛ kane no na ɔwɔ no, sɛ wɔde bɛtuatua n’aka ne akyɛdeɛ a na ɔtaa de ma no mmorosoɔ a ɛsene ahemfo a wɔatwa mu kɔ no.

31 Ɛhaa no pa ara wɔ n’adwenem; afei ɔyɛɛ sɛ ɔbɛkɔ Persia na wɔakɔgye sika a wɔnya no mantam mu hɔ na ɔde anya fotoɔ kɛseɛ.

32 Ɔgyaa Lisias a ɔfiri adehyeɛ abusua mu, a wayi ne ho sɛ ɔnhwɛ ɔhene nnoɔma so mfiri Asubɔnten Eufrate de kɔsi Misraim ahyeɛ so.

33 Na ɛsɛ sɛ Lisias hwɛ ne ba Antiokus so kɔsi sɛ ɔbɛsane aba.

34 Na ɔdanee n’asraafoɔ ne asono no mu fa hyɛɛ Lisias nsa, na ɔmaa no nhyehyɛɛ a ɛfa deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ nyinaa ho. Ɛfa wɔn a wɔtete Yudea ne Yerusalem no ho deɛ,

35 na ɛsɛ sɛ Lisias soma asraafoɔ kɔ wɔn so kɔpopa na ɔsɛe Israel ahoɔden ne Yerusalem nkaeɛ no; na ɛsɛ sɛ ɔyi wɔn nkaeɛ firi beaeɛ hɔ,

36 fa ahɔhoɔ tenatena wɔn asase nyinaa so, na fa ntonto kyɛ wɔn asase no.

37 Ɛnna afei ɔhene no faa asraadɔm fa nkaeɛ no na ɔfirii n’ahenkuro Antiokia wɔ afe ɔha aduanan nsonmu. Ɔtwaa Asubɔnten Eufrate na ɔkɔtwaam faa atifi mantam no mu.

Yuda siesie ne ho ma ɔko

38 Lisias yii Dorimenes ba Ptolemi, ne Nikano ne Gorgias, mmarima a wɔtumi wɔn ho a wɔka ɔhene Nnamfonom ho,

39 na ɔsomaa asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu mpem aduanan ne apɔnkɔsotefoɔ mpem nson kaa wɔn ho kɔɔ Yuda sɛ wɔnkɔsɛe hɔ, sɛdeɛ na ɔhene ahyɛ no.

40 Ɛno nti wɔne asraadɔm a wɔka wɔn ho no nyinaa siim kɔe, na ɛberɛ a wɔduruiɛ no, wɔkyeree nsra a na ɛbɛn Emaus wɔ asasetam no so.

41 Ɛberɛ a adwadifoɔ a wɔwɔ mantam no mu tee asɛm a wɔaka akyerɛ wɔn no, wɔfaa sika ne dwetɛ a ɛdɔɔso, ne nkɔnsɔnkɔnsɔn, na wɔkɔɔ nsraban no mu sɛ wɔrekɔfa Israelfoɔ ayɛ nkoa. Na asraafoɔ a wɔfiri Siria ne Filistifoɔ asase so bɛkaa wɔn ho.

42 Afei Yuda ne ne nuanom hunuu sɛ amaneɛ no redɔɔso na asraafoɔ no akyere nsra wɔ asase no so. Wɔsane nso tee sɛdeɛ ɔhene no ahyɛ sɛ wɔnyɛ nkurɔfoɔ na wɔmfa nsɛe wɔn nhye wɔn ase korakorakora.

43 Nanso wɔka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Momma yɛnsiesie yɛn man sɛeɛ no, na yɛnko mma yɛn nkurɔfoɔ ne kronkronbea no.

44 Ɛno nti asafo no hyiae sɛ wɔresiesie wɔn ho akɔko, na wɔabɔ mpaeɛ de asrɛ mmɔborɔhunu ne ayamhyehyeɛ.

45 Yerusalem yɛɛ baabi a wɔntena hɔ sɛ ɛserɛ so;

ne mma mu baako amfiri adi anaasɛ anhyɛne mu.

Wɔtiatiaa kronkronbea no so,

na ahɔhoɔ faa abankɛseɛ no;

na ɛyɛɛ daberɛ maa Ahɔhoɔ.

Wɔyii anigyeɛ firii Yakob nsam;

wɔgyae atɛntɛbɛn ne bɛnta bɔ.

46 Afei wɔboaa wɔn ho ano na wɔkɔɔ Mispa, Yerusalem ntentensoɔ, ɛfiri sɛ akane no, na Israel wɔ mpaebɔ bea wɔ Mispa.

47 Wɔdii mmuada saa da no, wɔfiraa ayitoma na wɔde nso guu wɔn tiri so, na wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu.

48 Na wɔbuee mmara nwoma no mu sɛ wɔrehwehwɛ ahunu nsɛm bi a Amanaman mufoɔ hwehwɛ firii wɔn anyame nsɛsoɔ no nkyɛn.

49 Wɔsane nso de asɔfotadeɛ ne aduanekan ne ntotosoɔ du du bae, na wɔhwanyanee ahotuafoɔa wɔawie wɔn nna no mu;

50 na wɔteaam denden frɛɛ Ɔsoro kaa sɛ:

Ɛdeɛn na yɛnyɛ yeinom?

Ɛhefa na yɛmfa wɔn nkɔ?

51 Wɔatiatia wo kronkronbea so na wɔagu ho fi,

na mo asɔfoɔ asu wɔ ahobrɛaseɛ mu.

52 Ɛha na Amanaman mufoɔ ahyia sɛ wɔrebɛsɛe yɛn;

wonim wɔn pɔ a wɔabɔ atia yɛn no.

53 Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi agyina wɔn anim,

sɛ woammoa yɛn a?

54 Afei wɔhyɛnee totorobɛnto no na wɔteaam denden so.

55 Yei akyiri no, Yuda sisii akannifoɔ wɔ nkurɔfoɔ no so, apem so ne ɔha so ne aduonum so ne du so.

56 Wɔn a na wɔresisi adan, anaasɛ na wɔreware, anaasɛ wɔredua wɔ bobeturo mu, anaasɛ wɔn akoma retuo, ɔkaa sɛ wɔnkɔ fie, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no.

57 Ɛnna asraafoɔ no bɔɔ nsra na wɔkɔkyeree nsra wɔ Emaus anafoɔ.

58 Na Yuda kaa sɛ: Mommia mo ho, na mo bo nyɛ duru. Monsiesie mo ho anɔpahema ne Amanaman mufoɔ yi a wɔahyia sɛ wɔrebɛsɛe yɛn ne kronkronbea no nkɔko.

59 Ɛyɛ ma yɛn sɛ yɛwuwu wɔ ɔsa mu sene sɛ yɛhwɛ yɛn man ne kronkronbea mmusubɔ.

60 Nanso sɛdeɛ n’apɛdeɛ teɛ wɔ soro no, saa ara na ɔnyɛ.

1 Makabee 4

Wɔtu sa wɔ Emaus

1 Afei Gorgias faa asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu mpem nnum ne apɔnkɔsotefoɔ apem a wɔayiyi wɔn, na saa ɔfa yi tuu anammɔn anadwo

2 sɛ wɔrekɔsɛe Yudafoɔ nsraban no na wɔato ahyɛ wɔn so mpofirim. Mmarima a na wɔfiri abankɛseɛ no mu na na wɔyɛ n’akwankyerɛfoɔ.

3 Nanso Yuda tee asɛm yi no, ɔno ne n’akofoɔ kɔ kɔto hyɛɛ ɔhene asraafoɔ no so wɔ Emaus

4 ɛberɛ a na ɔfa no nni nsraban no mu hɔ.

5 Ɛberɛ a anadwo no Gorgias hyɛnee Yuda nsraban no mu no, na wanhunu obiara wɔ hɔ, ɛno nti ɔhwehwɛɛ wɔn wɔ mmepɔ so, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Saa mmarima yi redwane afiri yɛn anim.

6 Adeɛ kyeeɛ no, Yuda ne mmarima mpem mmiɛnsa puee wɔ asasetam no so, nanso na wɔnni akodeɛ ne nkrantɛ sɛdeɛ wɔpɛe no.

7 Na wɔhunuu Amanaman mufoɔ no nsraban a, wɔde apɔnkɔsotefoɔ a wɔatete wɔn wɔ ɔko mu na wɔn ho yɛ den sɛ wɔrebɔ kuro no ho ban.

8 Nanso Yuda ka kyerɛɛ wɔn a wɔka ne ho no sɛ: Monnsuro wɔn dodoɔ anaasɛ monnsuro wɔn, ɛberɛ a wɔreba.

9 Monkae sɛdeɛ wɔgyee yɛn nananom wɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no ho, ɛberɛ a Farao ne n’asraafoɔ tii wɔn no.

10 Afei deɛ, momma yɛnsu mfrɛ Ɔsoro, sɛ ebia ɔbɛdom yɛn na wakae ɔne yɛn nananom apam no, na ɛnnɛ da yi wadwerɛ saa asraafoɔ yi wɔ yɛn anim.

11 Ɛno ansa na Amanaman mufoɔ no nyinaa bɛhunu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyi na ɔgye Israel nkwa.

12 Ɛberɛ a ananafoɔ no hwɛeɛ na wɔhunuu wɔn sɛ wɔreba wɔn soɔ no,

13 wɔfirii wɔn nsraban no mu kɔɔ ɔko. Afei mmarima a wɔka Yuda ho no hyɛnee wɔn totorobɛnto

14 na wɔde ɔko no hyehyɛɛ so. Amanaman mufoɔ no totɔeɛ, na wɔdwane kɔɔ asasetam no so,

15 na wɔn a na wɔbɔ kyidɔm no nyinaa totɔɔ afena ano. Na wɔtii wɔn ara kɔɔ Gasara, de kɔɔ Idumea asasetam no so, de kɔɔ Asoto ne Yamnia; na wɔn mu nnipa mpem mmiɛnsa totɔe.

16 Ɛnna Yuda ne n’asraafoɔ no sane firi ti a wɔreti wɔn no baeɛ,

17 na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnyɛ anibereɛ wɔ asadeɛ mu, ɛfiri sɛ ɔko bi da yɛn anim;

18 Gorgias ne n’asraafoɔ wɔ mmepɔ so a wɔbɛn yɛn. Nanso seesei deɛ monsɔre ntia yɛn atamfoɔ no, na montu wɔn so sa, na ɛno akyiri no, mode nnamyɛ afa asadeɛ no.

19 Ɛberɛ a na Yuda de ne kasa no reba awieeɛ ara pɛ na asraafokuo bi pue firii mmepɔ no so sɛ wɔreba.

20 Wɔhunuu sɛ wɔamma wɔn asraafoɔ no adwane no, na Yudafoɔ rehye nsraban no, ɛfiri sɛ wisie a na wɔhu no kyerɛ deɛ na asie.

21 Ɛberɛ a wɔhunuu yei no, ehu kɛseɛ bɔɔ wɔn, na wɔhunuu Yuda asraafoɔ sɛ wɔaboa wɔn ano wɔ asasetam so rekɔ sa no,

22 wɔn nyinaa dwane kɔɔ Filistifoɔ asase so.

23 Afei Yuda san bɛfomm nsraban no, na wɔfaa sika ne dwetɛ, a ɛdɔɔso pa ara ne ntoma a ɛyɛ bibiri ne beredum, ne ahodeɛ a ɛdɔɔso.

24 Wɔresan aba no, wɔtoo nnwom ne ayeyie dwom maa Ɔsoro — “Na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.”

25 Saa nti Israel nyaa ɔgyeɛ kɛseɛ saa da no.

Lisias satuo a ɛdi kan

26 Ananafoɔ no mu binom a wɔdwaneeɛ no kɔkae deɛ ɛsiiɛ nyinaa kyerɛɛ Lisias.

27 Ɛberɛ a ɔteeɛ no, ne ho dwirii no, na n’abasam tui, ɛfiri sɛ deɛ na ɔpɛ sɛ ɛto Israel no anto wɔn, ɛnna nso anyɛ sɛdeɛ na ɔhene ahyɛ no.

28 Nanso afe da no, ɔboaboaa asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu a wɔayi wɔn ɔpenum sɛ ɔrekɔ di wɔn so.

29 Wɔbɛduruu Idumea na wɔkyeree nsra wɔ Bet-sur, na Yuda ne mmarima ɔpedu hyiaa wɔn.

30 Ɛberɛ a ɔhunuu sɛ wɔn asraafoɔ ho yɛ den no, ɔbɔɔ mpaeɛ kaa sɛ: O Israel Agyenkwa, nhyira nka wo a wonam w’akoa Dawid basa so asɛe ɔdɔmmarima nhyɛsoɔ, na wode Filistifoɔ nsraban no maa Saul ba Yonatan ne n’akodeɛkorani no.

31 Fa wo man Israel basa so ka saa asraafoɔ yi hyɛ mu, na ma wɔn ani nwu wɔn asraafoɔ ne wɔn apɔnkɔsotefoɔ no ho.

32 Fa ehu hyɛ wɔn ma; na nane wɔn ahoɔden nnamyɛ no; ma wɔn ho mpopo wɔ wɔn sɛeɛ mu.

33 Fa wɔn a wɔdɔ wo no nkrantɛ so kunkum wɔn, na ma wɔn a wɔnim wo din no nto dwom nyi wo ayɛ.

34 Afei afanu no de bɔɔ ani, na Lisias asraafoɔ no mu mmarima mpem nnum totɔeɛ; wɔwuwui wɔ ɔko mu.

35 Ɛberɛ a Lisias hunuu sɛ wɔakunkum n’asraafoɔ no na ɔhuu nnamyɛ a ɛrekanyan Yuda nkurɔfoɔ no, n’ahosiesie a wɔayɛ sɛ wɔbɛtena ase anaasɛ wɔbɛwuo wɔ animuonyam mu no, ɔsan kɔɔ Antiokia kɔfaa asraafoɔ apaafoɔ sɛ wɔde asraafoɔ a wɔdɔɔso bɛhyɛne Yudea bio.

Asɔrefie no ho dwira ne tu a wɔtu si hɔ

36 Ɛnna Yuda ne ne nuanom kaa sɛ: Hwɛ, yɛn atamfoɔ atotɔ; momma yɛnkɔdwira kronkronbea hɔ na yɛmfa nsi hɔ bio.

37 Ɛno nti asraafoɔ no nyinaa hyiaeɛ na wɔkɔɔ Bepɔ Sion so.

38 Ɛhɔ na wɔhunuu kronkronbea no amamfo, ne afɔrebukyia a wɔagu ho fi, ne apono a wɔahyeɛ. Abannwa no so na wɔhunuu nwira a afifiri sɛdeɛ ɛteɛ wɔ dɔtɔ mu, anaasɛ sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmepɔ no mu baako soɔ. Wɔsan nso hunuu asɔfoɔ mpia mu a asɛeɛ.

39 Ɛnna afei wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu na wɔtwaa adwo suu kɛseɛ; wɔde nso petee wɔn ho

40 na wɔde wɔn anim butubutuu fam. Na ɛberɛ a wɔhyɛnee totorobɛnto a ɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ adeɛ no, wɔteaam frɛɛ Ɔsoro.

41 Ɛnna Yuda yiyii mmarima bi sɛ wɔne nnipa a wɔwɔ abankɛseɛ no nkɔko kɔsi sɛ ɔbɛdwira kronkronbea hɔ awie.

42 Ɔyiyii asɔfoɔ a wɔn ho nni asɛm na wɔde wɔn ho asi hɔ ama mmara no,

43 na wɔdwiraa kronkronbea hɔ, na ɔyiyii aboɔ a ɛho agu fi no firii hɔ kɔɔ beaeɛ a ɛhɔ nteɛ.

44 Wɔdwennwenee deɛ wɔbɛyɛ afa ɔhyeɛ afɔrebukyia a wɔagu ho fi no ho.

45 Na wɔdwenee ho sii sɛ ɛyɛ sɛ wɔdwiri gu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɛmmɛyɛ daa aniwudeɛ mma wɔn sɛdeɛ Amanaman mufoɔ guu ho fi no. Ɛno nti wɔdwirii afɔrebukyia no gui,

46 na wɔkoraa aboɔ no wɔ beaeɛ a ɛyɛ wɔ asɔrefie bepɔ no so kɔsii berɛ a odiyifoɔ bi bɛba abɛkyerɛ deɛ wɔmfa nyɛ.

47 Ɛnna wɔfaa aboɔ a wɔntwitwaa ho, sɛdeɛ mmara no kyerɛ, na wɔsii afɔrebukyia foforɔ te sɛ dada no.

48 Na wɔsan sii kronkronbea ne asɔredan no mu, na wɔdwiraa abannwa no so.

49 Wɔyɛɛ akronkron nnoɔma foforɔ, na wɔde kaneadua, aduhwamhyeɛ bukyia, ne ɛpono baa asɔrefie hɔ.

50 Ɛnna afei wɔde aduhwam bɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so, na wɔsosɔ akanea a ɛsisi akaneadua no so, na ɛmaa hann baa asɔrefie hɔ.

51 Wɔde paanoo no too ɛpono no so na wɔde ntoma no sensɛnee hɔ. Yei nti wɔwiee adwuma a wɔreyɛ no nyinaa.

52 Afe ɔha aduanan nwɔtwe,bosome nkron, a ɛne Kislew, ne da a ɛtɔ so aduonu nnum, ahemadakye no,

53 wɔsɔree bɔɔ afɔdeɛ sɛdeɛ mmara no kyerɛ, aduhwamhyeɛ bukyia foforɔ a na wɔasie no so.

54 Saa berɛ ne da no ara a Amanaman mufoɔ guu ho fi no, wɔde nnwom, mmɛnta, sankuo ne nnawuro na ɛbuee ano.

55 Nnipa no nyinaa de wɔn anim butubutuu fam na wɔsɔree Ɔsoro na wɔhyiraa no, ɔno a wamma no asi wɔn yie no.

56 Ɛno nti, wɔde nnawɔtwe na ɛhyɛɛ fa wɔ afɔrebukyia no anobue no, na wɔde ahurisie bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ; wɔbɔɔ yiedie ne aseda ho afɔdeɛ.

57 Wɔde sika abotire ne ɛkyɛm nkumaa siesiee asɔrefie no anim; na wɔsii apono no ne asɔfoɔ mpiadan no bio, na wɔde apono sisiiɛ.

58 Na anigyeɛ kɛseɛ na ɔman no nyaeɛ, na wɔyii ahohora a Amanaman mufoɔ no de baeɛ no firii hɔ.

59 Afei Yuda ne ne nuanom ne Israel asafo no nyinaa bɔɔ wɔn tirim sɛ, afe biara, ɛberɛ a nna a wɔde buee afɔrebukyia no ano bɛduru no, wɔde anigyeɛ ne ahosɛpɛ bɛhyɛ ho fa nnawɔtwe, ɛfiri bosome Kislew da a ɛtɔ so aduonu nnum no.

60 Saa berɛ no, wɔtoo Bepɔ Sion ho fasuo a ɛwareɛ ne abantenten a ɛyɛ den faa ho hyiaeɛ, sɛ wɔde resi Amanaman mufoɔ no kwan na wɔammɛtiatia wɔn so sɛdeɛ wɔayɛ pɛn no.

61 Yuda de abansifoɔ baa hɔ sɛ wɔmmɔ ho ban; ɔsan nso bɔɔ Bet-sur ho ban, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔman no bɛnya abandenden a ɛne Idumea di nhwɛanim.

1 Makabee 5

Wɔne aman a ɛbɛn wɔn no ko

1 Ɛberɛ a Amanaman a atwa wɔn ho ahyia nyinaa tee sɛ wɔasi afɔrebukyia no na wɔada kronkronbea no adi sɛdeɛ na ɛteɛ akane no, wɔn bo fui pa ara,

2 na wɔbɔɔ wɔn tirim sɛ wɔbɛsɛe Yakob asefoɔ a wɔtete wɔn mu no. Ɛno nti wɔfirii aseɛ sɛ wɔrekunkum na wɔasɛe wɔn wɔ ɔman no mu.

3 Nanso Yuda ne Esau asefoɔ a wɔte Akrabatene no koe wɔ Idumea, ɛfiri sɛ na wɔkɔ so ara di Israel ntɛ. Ɔbɔɔ wɔn bɔ torɔ kɛseɛ de brɛɛ wɔn ase, na ɔfomm wɔn fae.

4 Ɔsan nso kaee Baean mma a na wɔayɛ kantankoraa ne fidie ama ɔman no, na wɔdi wɔn ntɛ wɔ kwantempɔn mu no amumuyɛ.

5 Ɔkaa wɔn hyɛɛ mu wɔ wɔn abantenten mu hɔ; na ɔkyeree nsra baa wɔn so kaa ntam sɛ ɔbɛsɛe wɔn koraa, na ɔde ogya ahye wɔn abantenten ne wɔn a wɔtete mu no nyinaa.

6 Afei ɔtwaam kɔɔ Amonfoɔ hɔ kɔto hyɛɛ wɔn so, ɛhɔ na ɔhunuu ekuo a wɔn ho yɛ den ne nnipa bebree, a Timoteo da wɔn ano.

7 Ɔne wɔn koe bebree, na wɔdii nkoguo wɔ n’anim; ɔtwitwaa wɔn gui.

8 Ɔsan nso faa Yaser ne ne nkuraaseɛ; ɛnna ɔsane kɔɔ Yudea.

Galilea Yudafoɔ ahofadie

9 Afei Amanaman a wɔwɔ Gilead no boaa wɔn ho ano tiaa Israelfoɔ a wɔtete wɔn asase soɔ no, na wɔhyehyɛɛ sɛ wɔbɛsɛe wɔn. Nanso wɔdwane kɔɔ Datema abandenden no mu,

10 na wɔsoma de krataa kɔɔ Yuda ne ne nuanom nkyɛn a ɛreka sɛ: Amanaman a wɔatwa yɛn ho ahyia no aboa wɔn ho ano sɛ wɔrebɛsɛe yɛn.

11 Wɔresiesie wɔn ho abɛfa abandenden a yɛadwane akɔhyɛ mu no, na Timoteo na ɛdi wɔn asraafoɔ no anim.

12 Seesei ara mommra mmɛgye yɛn mfiri wɔn nsam, ɛfiri sɛ yɛn mu bebree atotɔ,

13 na wɔakunkum yɛn abusuafoɔ a na wɔwɔ Tob asase so no nyinaa; ɔtamfo no akyekye wɔn yerenom ne wɔn mma ne wɔn nnoɔma, na wɔasɛe nnipa bɛyɛ apem wɔ hɔ.

14 Ɛberɛ a wɔgu so rekenkan krataa no, abɔfoɔ foforɔ a wɔn ntadeɛ mu asunsuane firi Galilea de kaseɛ korɔ no ara baeɛ;

15 wɔkaa sɛ nnipa a wɔwɔ Ptolemais, Tiro, Sidon ne Amanaman mufoɔ a wɔwɔ Galilea no aboa wɔn ho ano atia yɛn rebɛhye yɛn ase.

16 Ɛberɛ a Yuda ne ɔman no tee nsɛm yi no, wɔboaa ɛdɔm kɛseɛ ano sɛ wɔmmɛkyerɛ deɛ wɔnyɛ mma wɔn nuanom a wɔwɔ ahohiahia mu na atamfoɔ reto ahyɛ wɔn soɔ no.

17 Afei Yuda ka kyerɛɛ ne nua Simon sɛ: Fa wo mmarima na wo ne wɔnkɔ nkɔgye mo nuanom a wɔwɔ Galilea; me ne me nua Yonatan bɛkɔ Gilead.

18 Nanso ɔgyaa Sakaria ba Yosef ne Asaria, nnipa no kannifoɔ ne asraafoɔ nkaeɛ no sɛ wɔnka Yudea na wɔmmɔ ho ban;

19 na ɔde saa mmara maa wɔn sɛ: Monhwɛ nnipa yi so, na mmom mo ne Amanaman no nnni ako kɔsi sɛ yɛbɛsan aba.

20 Ɛno nti wɔyii mmarima mpem mmiɛnsa de gyaa Simon sɛ wɔnkɔ Galilea, na wɔmaa Yuda mpem nwɔtwe kɔɔ Gilead.

21 Ɛno nti Simon kɔɔ Galilea ne Amanaman no dii ako bebree, na Amanaman no dii ntwo wɔ n’anim.

22 Ɔtii wɔn kɔduruu Ptolemias pono no ho; na Amanaman no mu nnipa bɛyɛ mpem mmiɛnsa totɔe, na ɔfomm wɔn faeɛ.

23 Ɛnna ɔfaa Yudafoɔ a wɔfiri Galilea ne Arbata no ne deɛ wɔwɔ nyinaa, na ɔde ahurisie dii wɔn anim kɔɔ Yudea.

Yuda ne Yonatan wɔ Gilead

24 Yuda Makabeus ne ne nua Yonatan twaa Yordan, na wɔtwaa nnansa kwan wɔ ɛserɛ so.

25 Wɔne Nabatfoɔ dii ahyia, wɔn na wɔhyiaa wɔn wɔ asomdwoeɛ mu ne wɔn kaa nsɛm a ato wɔn nuanom wɔ Gilead sɛ:

26 Wɔaka wɔn mu bebree ano ato mu wɔ Bosor, Alema, Kasfo, Maked ne Karnaim — na saa nkuro yi nyinaa yɛ den na ɛtrɛ —

27 na wɔaka wɔn mu binom ano ato mu wɔ nkuro foforɔ so wɔ Gilead; atamfoɔ no resiesie wɔn ho abɛto ahyɛ abandenden no so ɔkyena na wɔsɛee nnipa yi nyinaa da koro.

28 Ɛhɔ ara na Yuda ne n’asraafoɔ danee wɔn ho ntɛmntɛm faa ɛserɛ so kwan kɔɔ Bosra; na ɔkɔfaa kuro no, na ɔde nkrantɛ kunkumm ɔbarima biara; na ɔgyee wɔn asadeɛ nyinaa de ogya hyeeɛ.

29 Ɔfirii beaeɛ hɔ anadwo, na wɔtwaa kwan ara kɔduruu Datema.

30 Ahemadakye no, wɔhwɛe na wɔhunuu ɛdɔm kɛseɛ bi a wɔntumi nkane wɔn, sɛ wɔsoso atwedeɛ ne akodeɛ a wɔde dwiri fasuo sɛ wɔde rebɛgye abandenden no, na wɔn ne Yudafoɔ a wɔwɔ mu no ako.

31 Ɛno nti Yuda hunuu sɛ ɔko no afiri aseɛ, na ɔman no nteamu aforo aduru Ɔsoro no, totorobɛnto ne nteamu a ɛgyegyeɛ so,

32 na ɔka kyerɛɛ mmarima a wɔwɔ n’asraadɔm mu no sɛ: Ɛnnɛ da yi, monko mma mo nuanom!

33 Afei ɔde asafokuo mmiɛnsa bɛfirii wɔn akyi, a wɔhyɛnee totorobɛnto na wɔteateaa mu bɔɔ mpaeɛ.

34 Na ɛberɛ a Timoteo asraafoɔ no hunuu sɛ ɛyɛ Makabeus no, wɔdwanee wɔ n’anim, na ɔbobɔɔ wɔn kɛse pa ara. Wɔn mu nnipa dodoɔ mpem nwɔtwe totɔeɛ ɛda no.

35 Ɔfiri hɔ na ɔde n’ani kyerɛɛ Maafa, na ɔkɔto hyɛɛ wɔn so fae; na ɔkunkumm mmarima a wɔwɔ hɔ nyinaa, na ɔfomm mu nnoɔma faeɛ, na ɔde ogya too mu hyeeɛ.

36 Ɔfiri hɔ no, ɔkɔe ara kɔfaa Kasfo, Maked, Bosor ne nkuro nkaeɛ a ɛwɔ Gilead no.

37 Yeinom akyiri no, Timoteo boaboaa asraafoɔ foforɔ ano na wɔkyeree nsraban wɔ Rafon ntentensoɔ, wɔ asutene no fa nohoa.

38 Yuda somaa mmarima sɛ wɔnkɔsra nsraban no mu, na wɔbɛbɔɔ no amanneɛ sɛ: Amanaman a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa aboaboa wɔn ho ano wɔ ne nkyɛn; na wɔyɛ ɛdɔm a wɔdɔɔso pa ara.

39 Wɔasan nso akɔbɔ Arabfoɔ paa sɛ wɔmmɛboa wɔn, na wɔakyere nsraban wɔ asutene no agya, a wɔasiesie wɔn ho ne wo rebɛko. Ɛnna Yuda firii adi kɔhyiaa wɔn.

40 Afei ɛberɛ a na Yuda ne n’asraafoɔ no rebɛn asutene mu nsuo no ho no, Timoteo ka kyerɛɛ n’asraafoɔ mpanimfoɔ no sɛ: Sɛ ɛkɔba sɛ ɔdi kan twa ba yɛn nkyɛn a, yɛrentumi nnyina n’anim, ɛfiri sɛ, ɛyɛ deɛn ara a, ɔbɛdi yɛn so.

41 Na mmom sɛ ɔda no adi sɛ ɔsuro na ɛno nti ɔkyere nsra wɔ asubɔnten no fa hɔ a, yɛbɛtwa akɔ ne so na yɛadi ne so nkonim.

42 Ɛberɛ a Yuda bɛnee asutene no ho no, ɔmaa n’asraafoɔ mu mpanimfoɔ no kaa hɔ, na ɔmaa wɔn nhyehyɛɛ yi sɛ: Mommma obiara kwan mma ɔnkyere nsraban, na mmom momma wɔn nyinaa nkɔ ɔko no.

43 Ɛnna afei ɔdii kan twa kɔɔ wɔn so, na asraafoɔ no nyinaa dii n’akyi. Na Amanaman no nyinaa dii nkoguo wɔ n’anim, na wɔtotoo wɔn akodeɛ gui dwanee kɔɔ abannwa kronkron a ɛwɔ Karnaim no so.

44 Nanso ɔfaa kuro no na ɔde ogya hyee abannwa kronkron no ne wɔn a na wɔwɔ mu no nyinaa kaa ho. Saa nti, wɔfaa Karnaim; na wɔantumi annyina Yuda anim bio.

Wɔsane ba Yerusalem

45 Ɛnna afei Yuda boaboaa Israelfoɔ nyinaa, nketewa ne akɛseɛ ano wɔ Gilead, wɔne wɔn yerenom ne wɔn mma ne wɔn nnoɔma, ɛdɔm kɛseɛ pa ara, sɛ wɔrekɔ Yuda asase so.

46 Ɛno nti wɔbɛduruu Efron. Yei yɛ kuro kɛseɛ a ɛyɛ den wɔ ɔkwan no so, na na wɔntumi mmane mfa ho nkɔ nifa anaa benkum; na ɛtwa sɛ wɔfa mu.

47 Nanso nnipa a wɔwɔ kuro no mu no sii wɔn kwan, na wɔde aboɔ sii apono no ano kwan.

48 Yuda de ayɔnkofa nkratoɔ yi kɔmaa wɔn sɛ: Momma yɛmfa mo asase so nkɔ yɛn asase so. Obiara renyɛ mo hwee; ɔkwa ara na yɛbɛnante yɛn anammɔn mu atwa mu. Nanso wɔampene sɛ wɔbɛbue wɔn.

49 Ɛno nti Yuda hyɛɛ sɛ wɔnka nkyerɛ asraafoɔ no sɛ wɔnkyere nsraban wɔ faako a wɔwɔ no.

50 Ɛnna mmarima a wɔwɔ asraadɔm no mu no kyeree nsra, na ɔne kuro no koe ɛda mu no nyinaa awia ne anadwo, na wɔde kuro no hyɛɛ ne nsa.

51 Ɔde nkrantɛ kumm ɔbarima biara na ɔfomm kuro no hyeeɛ. Ɛnna afei ɔnante tiatiaa afunu no so de twaa mu faa kuro no mu.

52 Afei wɔtwaa Yordan kɔɔ asasetam tɛtrɛɛ so wɔ Betsan anim.

53 Na Yuda kɔɔ so ara boaboaa akwadwofoɔ no ano, na ɔhyɛɛ ɔman no nkuran wɔ ɔkwan so ara kɔsii sɛ ɔbɛduruu Yuda asase soɔ.

54 Enti wɔde anigyeɛ ne ahosɛpɛ foro kɔɔ Bepɔ Sion so, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɛfiri sɛ na wɔabɛduru dwoodwoo; wɔn mu baako mpo anwu.

Yosef ne Asaria di nkoguo

55 Afei ɛberɛ a na Yuda ne Yonatan wɔ Gilead no, na wɔn nua Simon wɔ Galilea

56 ansa na Sakaria ba Yosef, Asaria ne asraafoɔ mu asahene no tee mmaninyɛ ne wɔn akatakyie nneyɛe a wɔada no adi wɔ ɔko mu no.

57 Ɛno nti wɔkaa sɛ: Momma yɛn nso yɛnnye din mma yɛn ho; momma yɛnkɔ ne Amanaman a wɔatwa yɛn ho ahyia no nko.

58 Saa nti wɔyɛɛ nhyehyɛɛ maa mmarima a wɔwɔ asraadɔm no mu a wɔka wɔn ho no wɔbɔɔ nsra kɔɔ Yamnia so.

59 Gorgias ne ne mmarima firii kuro no mu bae bɛhyiaa wɔn ɔko mu.

60 Ɛnna afei wɔdii Yosef ne Asaria soɔ, na wɔtii wɔn kɔduruu Yudea ahyeɛ so; Israel mu nnipa dodoɔ mpem mmienu totɔɔ ɛda no.

61 Ɛno nti ɔman no dii nkoguo kɛseɛ, ɛfiri sɛ, wɔredwene sɛ wɔbɛyɛ akatakyisɛm no, wɔantie Yuda ne ne nuanom.

62 Nanso na wɔnka abusua a emu mmarima a wɔnam wɔn so agye Israel no ho.

63 Ɔbarima Yuda ne ne nuanom nyaa animuonyam kɛseɛ wɔ Israel ne Amanaman nyinaa mu, baabiara a wɔtee wɔn din no.

64 Nnipa boaboaa wɔn ho ano wɔ ne nkyɛn na wɔyii no ayɛ.

Hebron ne Filistia nkonimdie

65 Afei Yuda ne ne nuanom firii adi na wɔkɔnee Esau asefoɔ koe wɔ asase a ɛda anafoɔ fam hɔ no so. Ɔsɛee Hebron ne ne nkuraa na ɔbubuu n’abandenden na ɔhyee n’abantenten a ɛwɔ afa nyinaa no.

66 Ɛnna ɔfirii hɔ kɔɔ Filistifoɔ asase soɔ, na ɔtwaa mu faa Marisa.

67 Saa da no, asɔfoɔ bi a na wɔn kɔn dɔ sɛ wɔyɛ akatakyisɛm wuwui ɔko mu, ɛfiri sɛ wɔankɔ ɔko no nyansa mu.

68 Nanso Yuda danee n’ani kyerɛɛ Asoto a ɛwɔ Filistifoɔ asase soɔ; ɔdwirii wɔn afɔrebukyia guiɛ, na ɔde ogya hyee wɔn anyame ahoni a wɔasensene no; ɔfomm nkuro no mu nnoɔma na ɔdanee ne ho sane kɔɔ Yuda.

1 Makabee 6

Antiokus Epifanes nna a ɛdi akyire

1 Na Ɔhene Antiokus retwam wɔ atifi mantam mu na ɔtee sɛ Elimais a ɛwɔ Persia no agye din wɔ ne sika ne dwetɛ ahodeɛ nti.

2 N’asɔrefie no wɔ ahonyadeɛ pii, ɛwɔ sika akyɛm, nkataboɔ ne akodeɛ a Filipo ba Aleksandro, Makedonia hene a ɔdii kan dii hene wɔ Helafoɔ soɔ no gyaa hɔ no.

3 Enti ɔbae na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛfa kuro no na wafom mu nnoɔma, nanso wantumi ɛfiri sɛ, na ne tirimbɔ no ada adi ama nnipa a wɔtete mu no ahu,

4 na wɔne no gyinaeɛ wɔ ɔko mu. Ɛno nti ɔde abasamtuo dwane firii hɔ san kɔɔ Babel.

5 Ɛnna obi baa ne nkyɛn wɔ Persia na ɔbɛkaa sɛ atamfoɔ a wɔkɔɔ Yuda asase so no, wɔapamo wɔn;

6 sɛ Lisias na ɔdii kan de asraafoɔ a wɔn ho yɛ den kɔɔ hɔ, nanso ɔdanee ne ho dwane firii Yudafoɔ no anim; na Yudafoɔ no ho ayɛ den ɛsiane akodeɛ, nnoɔma ne asadeɛ a ɛdɔɔso a wɔsesa firii asraafoɔ a wɔakunkum wɔn no nkyɛn;

7 na wɔadwiri akyiwadeɛ a na ɔde asi afɔrebukyia no so wɔ Yerusalem; na wɔde afasuo a ɛware atwa kronkronbea no ho ahyia sɛdeɛ na ɛteɛ akane no, ne ne kurom Betsur nso.

8 Ɛberɛ a ɔhene tee saa nsɛm yi no, ne ho dwirii no, na ne ho popoe kɛse pa ara. Ɔkɔforoo ne mpa na awerɛhoɔ bɔɔ no yareɛ, ɛfiri sɛ na nnoɔma ankɔ so amma no sɛdeɛ na wahyehyɛ no.

9 Ɔdaa hɔ nna pii, ɛfiri sɛ awerɛhoɔ a ɛso kɔɔ so ara hyɛɛ ne so, na ɔhunuu sɛ ɔrewu.

10 Enti ɔfrɛfrɛɛ ne Nnamfonom nyinaa ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Nna afiri m’ani so, na adwendwene ahyɛ me awerɛhoɔ.

11 Meka kyerɛɛ me ho sɛ: Ɛdeɛn ahohiahia na aba me so sei! Na nsuyire kɛseɛ bɛn na wɔaka me ahyɛ mu seesei yi! Ɛfiri sɛ meyɛɛ adɔeɛ, na na wɔpɛ m’asɛm wɔ berɛ a medii adeɛ no.

12 Nanso seesei mekae mfomsoɔ a meyɛe wɔ Yerusalem. Mefaa ne sika ne dwetɛ nnoɔma nyinaa, na mesomaa sɛ wɔnkɔsɛe wɔn a wɔtete Yuda wɔ berɛ a menni sɛnti biara.

13 Menim sɛ ɛyɛ yeinom nti na saa amanehunu yi aba me so; monhwɛ me ɛ, awerɛhoɔ a ɛyɛ ya reku me afiri ananafoɔ asase so.

14 Ɛnna ɔfrɛɛ Filipo, ne nnamfonom mu baako, na ɔde no sii n’ahennie nyinaa so.

15 Ɔde n’abotire, n’atadeɛ ne nsɔano kaa ho maa no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wakyerɛkyerɛ ne babarima Antiokus ama no anyini abɛyɛ ɔhene.

16 Ɛno nti Ɔhene Antiokus wui hɔ, afe ɔha aduanan nkron mu.

17 Ɛberɛ a Lisias tee sɛ ɔhene no awu no, ɔfaa Antiokus, ɔhene ba no sii no hene. Lisias atete no firi ne mmɔfra ase; ɔtoo ne din Eupator.

Siria sane hyɛ ntɔkwa ase bio

18 Afei bansifoɔ a wɔwɔ abankɛseɛ no mu no kɔɔ so ara kaa Israel miaeɛ wɔ kronkronbea no ho. Wɔfaa ɔkwan biara so sɛ wɔbɛdi wɔn dɛm na wɔahyɛ Amanaman no den.

19 Ɛno nti Yuda bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe wɔn, na ɔboaboaa nkurɔfoɔ no nyinaa ano sɛ wɔntu wɔn so sa.

20 Wɔboaa wɔn ho ano na wɔtuu abankɛseɛ no so sa wɔ afe ɔha aduonummu, na ɔsisii abantenten ne akodeɛ a wɔde dwiri fasuo.

21 Nanso abansifoɔ no mu binom dwanee firii ɔko no mu, na Israelfoɔ a wɔnni nyamesuro no binom de wɔn ho kɔbɔɔ wɔn ho.

22 Wɔkɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnkɔsi da bɛn na wobɛkɔ so ara remmu atɛntenenee na wontɔ yɛn nuanom so were?

23 Yɛn ani gyee sɛ yɛbɛsom w’agya, yɛbɛdi nsɛm a ɔka kyerɛɛ yɛn no soɔ, na yɛadi ne mmara soɔ.

24 Yei ho nti na yɛn man mu nnipa ato ahyɛ abankɛseɛ no so na wɔretane yɛn no; bio, wɔakunkum yɛn mu dodoɔ a wɔn nsa kaa wɔn no, na wɔagyegye yɛn agyapadeɛ.

25 Ɛnyɛ yɛn nko ara na wɔatene wɔn nsa aka yɛn; na wɔato ahyɛ nsase a ɛwowɔ wɔn ahyeɛ so nyinaa.

26 Na hwɛ, ɛnnɛ wɔakyere nsra atia abankɛseɛ no wɔ Yerusalem sɛ wɔrefa; kronkronbea no ne Betsur nyinaa wɔabɔ ho ban;

27 gye sɛ wosi wɔn kwan ntɛmntɛm, anyɛ saa a wɔbɛkɔ so ara ayɛ nnoɔma akɛseɛ, na worentumi nsi wɔn ho kwan.

28 Ɔhene bo fui ɛberɛ a ɔtee yei no. Ɔboaboaa ne Nnamfonom, asraafoɔ asafohene ne wɔn a wɔdi tumi nyinaa ano.

29 Apaafoɔ asraafoɔ nso fifiri ahennie afoforɔ mu ne ɛpo ahodoɔ mu nsupɔ so baa ne nkyɛn.

30 Na n’akofoɔ no dodoɔ yɛ asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu, ɔpeha, apɔnkɔsotefoɔ, mpem aduonu, ne asono a wɔtaa kɔ ɔko, aduasa mmienu.

31 Wɔnam Idumea bae na wɔbɛkyeree nsraban wɔ Betsur, na wɔkoo nna pii na wɔyɛɛ akodeɛ a wɔde bubu fasuo; nanso Yudafoɔ no firii adi koe akokoɔduro so, na wɔde ogya hyee yeinom.

Wɔtu sa wɔ Bet-sekaria

32 Ɛnna Yuda firii abankɛseɛ no mu kɔkyeree nsraban wɔ Bet-sekaria a ɛwɔ ɔhene nsraban no ntentensoɔ.

33 Anɔpatutu na ɔhene no sɔre faa n’asraafoɔ nam ɔhyɛ so faa Bet-sekaria kwan so, na n’asraafoɔ no asiesie wɔn ho ama ɔko, na wɔhyɛnee wɔn totorobɛnto.

34 Wɔde bobe aba mu nsuo ne mulberi maa asono no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɛbɛkanyan wɔn de akɔ ɔko.

35 Wɔkyekyɛɛ mmoa no mu maa abansifoɔ akuakuo no; wɔde ɔsono baako biara gyinaa mmarima a wɔahyehyɛ akotadeɛ, na wɔde yaawa kyɛ ahyehyɛ wɔn ti; na wɔde apɔnkɔsotefoɔ a wɔayi wɔn ahanum maa aboa baako biara.

36 Yeinom dii kan gyinagyinae baabiara a aboa no wɔ; baabiara a ɔkɔeɛ no wɔne no kɔe, na wɔanyae ne nko ara.

37 Wɔde abantenten a wɔde dua ayɛ a ɛyɛ den na wɔakata ho sisii asono no akyi; wɔde adeɛ sononko bi na akurakura mu wɔ aboa biara so, na emu biara wɔ mmarima baanan a wɔamia, na wɔtumi ko firi hɔ, na Indiani a wɔka aboa no nso ka ho bi.

38 Wɔde apɔnkɔsotefoɔ nkaeɛ no gyinagyina kaa asraafoɔ afanu no ho wɔ afa mmienu no, sɛ wɔnha atamfoɔ no wɔ berɛ ko a abansifoɔ akuakuo no rebɔ wɔn ho ban.

39 Ɛberɛ a owia hyerɛnn wɔ sika ne yaawa akyɛm no soɔ no, nkokoɔ no so yɛɛ hyerɛn na ɛtetee yerɛyerɛ te sɛ ogyatɛnee.

40 Afei wɔde ɔhene asraafoɔ no bi kɔguu nkokoɔ atenten so, na akofoɔ no bi wɔ asasetam so, na afei wɔtu tenee nkakrankakra a wɔtoatoa so yie.

41 Wɔn a wɔtee ɛdɔm no dedeyɛ no nyinaa ho popoe, ɛsiane ɛdɔm no anammɔntutuo ne wɔn akodeɛ a ɛregyegyeɛ no, ɛsiane sɛ na asraafoɔ no yɛ ɛdɔm kɛseɛ a wɔdɔɔso pa ara.

42 Nanso Yuda ne n’asraafoɔ no kɔɔ ɔko no anim, na ɔhene asraafoɔ no mu ahansia totɔe.

43 Afei Eleasa a wɔfrɛ no Awaran no hunuu sɛ wɔde ahemfo akodeɛ na ahyehyɛ mmoa no mu baako. Na na ɛware sene nkaeɛ no, na ɔdwenee sɛ ɔhene no te ɛno so.

44 Ɛno nti ɔde ne nkwa mae sɛ ɔbɛgye ne man na wagye edin ama ne ho afebɔɔ.

45 Ɔde akokoɔduro tuu mmirika kɔɔ abansifoɔ akuakuo no mu kɔduruu ho; na ɔkumm nnipa wɔ benkum ne nifa, na wɔbuee mu maa no afanu nyinaa.

46 Ɔkɔhyɛɛ ɔsono no ase, na ɔde nkrantɛ wɔɔ no firii n’ase, na ɔkumm no; nanso ɔsono no bu hwee ne so wɔ fam, na ɔwui.

47 Ɛberɛ a Yudafoɔ no hunuu ɔhene ahoɔden ne akofoɔ no aniɛden ntɔkwa no no, wɔdanee wɔn ho dwaneeɛ.

Wɔtua Asɔrefie no

48 Na ɔhene asraafoɔ no foro kɔɔ Yerusalem kɔhyiaa wɔn, na ɔhene kyeree nsraban wɔ Bepɔ Sion so wɔ Yudea.

49 Ɔne Bet-surfoɔ yɛɛ asomdwoeɛ, na wɔfiri kuro no mu kɔe, ɛfiri sɛ na wɔnni aduane a wɔde bɛgyina ɔko anim, ɛsiane sɛ na ɛyɛ homeda afe ma asase no.

50 Enti ɔhene faa Bet-sur na ɔde ɔwɛmfoɔ gyinaa hɔ sɛ ɔnhwɛ so.

51 Ɛnna afei ɔkyeree nsra wɔ kronkronbea hɔ nna pii. Ɔsisii asayɛ abantenten, akodeɛ a wɔde bɛtoto ogya ne aboɔ, akodeɛ a wɔde bɛtoto agyan ne ohim aboɔ.

52 Yudafoɔ no nso yɛɛ akodeɛ a ɛte sɛ wɔn deɛ no ara, na wɔne wɔn koe nna pii.

53 Nanso na wɔnni aduane biara a wɔde asie, ɛfiri sɛ na ɛyɛ homeda afe; wɔn a na wɔadwane afiri Amanaman mu akɔsie Yudea no, na wɔadi aduane a aka a wɔde asie no.

54 Nnipa kakraa bi pɛ na ɛkaeɛ wɔ kronkronbea hɔ; nkaeɛ no dwane kokɔɔ wɔn nkuro so, ɛsiane sɛ na ɛkɔm no ano yɛ den dodo ma wɔn.

Siria yɛ asomdwoeɛ ho nhyehyɛɛ

55 Ɛnna Lisias tee sɛ Filipo a, ɛberɛ a Ɔhene Antiokus te ase no, ɔyii no sɛ ɔntete ne ba Antiokus ma no mmɛdi hene no,

56 ɔne asraafoɔ a wɔn ne ɔhene kɔeɛ no asane firi Persia ne Media aba, na ɔrebɔ mmɔden sɛ amammuo mu tumi no bɛba abɛdi ne nsam.

57 Enti, ntɛm ara na wɔhyɛɛ sɛ wɔnsan, na ɔka kyerɛɛ ɔhene, asafohene, akofoɔ ne nnipa no sɛ: Yɛreyɛ mmerɛ da biara, yɛn aduane sua, beaeɛ a yɛreko no yɛ den, na ahennie no mu nsɛmnsɛm adere yɛn so dendeenden.

58 Afei momma yɛn ne nkurɔfoɔ yi nyɛ nhyehyɛɛ, na yɛmma asomdwoeɛ mmɛda yɛne wɔn ne aman no nyinaa ntam.

59 Momma yɛmpene so ma wɔmfa wɔn mmara ntena ase sɛdeɛ na wɔteɛ dada no; ɛfiri sɛ ɛyɛ wɔn mmara a yɛtwaam no nti na wɔn bo fui, na wɔreyɛ yeinom nyinaa.

60 Asɛm yi sɔɔ ɔhene ne asahene no ani, enti ɔsoma de asomdwoeɛ ho asɛm kɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn, na wɔgye tomm.

61 Enti ɔhene ne asafohene no kaa wɔn ntam. Ɛnam saa nhyehyɛɛ yi so na Yudafoɔ no firii aban no mu hɔ.

62 Nanso ɛberɛ a ɔhene hyɛnee Bepɔ Sion soɔ na ɔhunuu sɛdeɛ ɛhɔ si yɛ den fa no, ɔsɛee ntam a ɔkaa wɔn no, na ɔhyɛɛ sɛ wɔnnwiri ɛho afasuo a atwa ahyia no ngu fam.

63 Afei ɔyɛɛ ntɛmntɛm firi hɔ san baa Antiokia. Ɔbɛhunuu Filipo sɛ ɔno na ɔdi kuro no so deɛ, nanso ɔne no koe na ɔde ɔhyɛ gyee kuro no fae.

1 Makabee 7

Bakides ne Alkimus satuo

1 Afe ɔha aduonum baakomu no, Seleukus ba Demetrius ne nnipa kakraa bi firii Roma nam ɛpo so kɔɔ mpoano kuro bi mu, na ɔfirii aseɛ dii hene.

2 Na ɔgu so rehyɛne ne nananom adehyeɛ ahemfie hɔ no, asraafoɔ no kyeree Antiokus ne Lisias de wɔn brɛɛ no.

3 Nanso ɛberɛ a ne nneyɛɛ duruu n’anim no, ɔkaa sɛ: Mommma me nnhu wɔn anim!

4 Enti asraafoɔ no kumm wɔn, na Demetrius tenaa n’adwa so wɔ n’ahennie ahennwa so.

5 Afei atuatefoɔ ne amumuyɛfoɔ a wɔwɔ Israel nyinaa baa ne nkyɛn; na Alkimus di wɔn anim, ɔno na na anka ɔpɛɛ sɛ ɔyɛ ɔsɔfo panin.

6 Wɔbɛtotoo nnipa no ano kyerɛɛ ɔhene no, sɛ: Yuda ne ne nuanom asɛe wo Nnamfonom nyinaa, na wɔapamo yɛn afiri yɛn asase so.

7 Afei soma onipa bi a wogye no die; na ma no nkɔhwɛ afo a Yuda de aba yɛn so wɔ ɔhene asase so, na ma wɔntwe ɔne wɔn a wɔboaa no no nyinaa aso.

8 Ɛno nti ɔhene yii Bakides, ɔhene Nnamfonom no mu baako a na ɔyɛ amrado wɔ Asubɔnten no Agya; na ɔyɛ onipa kɛseɛ wɔ ahennie no mu, na ɔdi nokorɛ ma ɔhene.

9 Ɔsomaa no ne omumuyɛni Alkimus a ɔyɛɛ no ɔsɔfo panin no; na ɔhyɛɛ no sɛ ɔntɔ Israelfoɔ no so were.

10 Ɛno nti wɔsii mu ne akofoɔ a wɔdɔɔ so pa ara kɔɔ Yuda asase so; na ɔsomaa abɔfoɔ kɔkaa asomdwoeɛ nsɛm a ɛsane yɛ nkontompo kyerɛɛ Yuda ne ne nuanom.

11 Nanso wɔantie wɔn nsɛm no, ɛfiri sɛ, wɔhunuu sɛ wɔde akofoɔ pii na ɛbaeɛ.

12 Ɛnna Atwerɛfoɔ kuo bom baa Alkimus ne Bakides anim sɛ wɔrebɛbisa wɔn asomdwoeɛ nhyehyɛɛ.

13 Na Hasideafoɔ yɛ wɔn a wɔdi kan wɔ Israelfoɔ no mu a wɔbɛhwehwɛɛ wɔn nkyɛn asomdwoeɛ,

14 ɛfiri sɛ, wɔkaa sɛ: Ɔsɔfoɔ bi a ɔyɛ Aaron aseni ne asraafoɔ no na ɛbaeɛ, enti ɔrenyɛ biribiara nha yɛn.

15 Alkimus kaa asomdwoeɛ nsɛm kaa ntam kyerɛɛ wɔn sɛ: Yɛrempɛ sɛ yɛbɛha mo anaasɛ mo Nnamfonom.

16 Yei nti, wɔgyee no diiɛ; nanso ɔkyeree wɔn mu aduosia na ɔkumm wɔn da koro, sɛdeɛ na wɔatwerɛ no sɛ:

17 W’ahotefoɔ honam ne wɔn mogya no,

wɔhwiee ne nyinaa twaa Yerusalem ho hyiae,

na obiara nni hɔ a ɔbɛsie wɔn.

18 Afei wɔn ho hu ne suro kaa ɔman no nyinaa, ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: Nokorɛ ne pɛrepɛreyɛ biara nni wɔn mu, ɛsiane sɛ wɔabu nhyehyɛɛ ne ntam a wɔkaeɛ no so.

19 Afei Bakides twee ne ho firii Yerusalem na ɔkɔkyeree nsraban wɔ Bet-sait. Na ɔsoma maa wɔkɔkyeree nnipa no mu bebree a na wɔadwane agya no no, ne nkurɔfoɔ no mu bi, na ɔkumm wɔn, na ɔtotoo wɔn guu amena kɛseɛ bi mu.

20 Ɔde ɔman no hyɛɛ Alkimus nsa na ɔgyaa no akofoɔ binom sɛ wɔmmoa no; ɛnna Bakides san kɔɔ ɔhene no nkyɛn.

21 Alkimus peree sɛdeɛ n’asɔfodie no bɛgyina,

22 na wɔn a na wɔreha wɔn nkurɔfoɔ no nyinaa bɛkaa ne ho. Wɔnyaa tumi wɔn Yuda asase so, na wɔsɛe ade kɛseɛ wɔ Israel.

23 Na Yuda hunuu bɔne a Alkimus ne wɔn a wɔka ne ho no yɛeɛ wɔ Israelfoɔ mu; na ɛboro deɛ Amanaman no ayɛ no.

24 Ɛno nti, Yuda siim kɔɔ mmeammea a atwa Yudea ho ahyia no nyinaa, sɛ ɔretɔ nnipa a wɔadwane na wɔresi wɔn a wɔwɔ kuro no mu, a wɔrefiri adi akɔ ɔman no mu no kwan no so were.

25 Ɛberɛ a Alkimus hunuu sɛ Yuda ne wɔn a wɔka ne ho no ho ayɛ den no, na ɔhunuu sɛ ɔrentumi nnyina wɔn anim no, ɔsan kɔɔ ɔhene nkyɛn na wɔkɔkaa nsɛmmɔne tiaa wɔn.

Nikanor wɔ Yudea

26 Afei ɔhene no somaa Nikanor, a ɔyɛ atitire animuonyamfoɔ no mu baako a ɔkyiri na ɔtan Israel, na ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔsɛe ɔman no.

27 Ɛno nti Nikanor de akofoɔ pii baa Yerusalem, na ɔnam nkontompo kwan so soma de asomdwoeɛ asɛm kɔmaa Yuda ne ne nuanom sɛ:

28 Mma ɔko mmɛda mo ne me ntam; me ne nnipa kakraa bi bɛba abɛhu wo anim ne anim wɔ asomdwoeɛ mu.

29 Enti ɔkɔɔ Yuda nkyɛn, na wɔde asomdwoeɛ nkyea kyeakyeaa wɔn ho; nanso na ɔtamfo no resiesie ne ho sɛ ɔbɛkye Yuda.

30 Yuda hunuu sɛ Nikanor nam nkontompo kwan so na aba ne nkyɛn, na ɔsuroo no, na wampɛ sɛ ɔhyia no bio.

31 Ɛberɛ a Nikanor hunuu sɛ n’adwene a ɔwɔ no ada adie no, ɔfirii adi kɔhyiaa Yuda ne no koe wɔ baabi a na ɛbɛn Kafar-salama.

32 Nnipa bɛyɛ ahanum totoe, na nkaeɛ no dwane kɔɔ Dawid kuro mu.

Nikanor hunahuna sɛ ɔbɛsɛe Asɔredan no

33 Nsɛm a ɛsisiiɛ yi akyiri no, Nikanor foro kɔɔ Bepɔ Sion so. Asɔfoɔ binom a wɔfiri kronkronbea hɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ bae sɛ wɔrebɛkyea no asomdwoeɛ mu, na wɔde ɔhyeɛ afɔdeɛ a wɔrebɔ ama ɔhene no abɛkyerɛ no.

34 Nanso ɔsii wɔn atwetwe, dwoodwoo wɔn na ɔguu wɔn ho fi de ahantan kasa kyerɛɛ wɔn,

35 na ɔde abufuo kaa ntam yi sɛ: Gye sɛ wɔde Yuda ne n’asraafoɔ ahyɛ me nsa saa berɛ yi ansa, na sɛ mesan kɔ dwoodwoo a, mɛhye saa fie yi. Na ɔde abufuo kɛseɛ firii adi kɔe.

36 Yei mu na asɔfoɔ no kɔɔ mu na wɔkɔgyinaa afɔrebukyia no ne asɔredan no anim; wɔsui kaa sɛ:

37 Woyii saa fie yi sii hɔ sɛ wɔmfa wo din mfrɛ,

na ɛbɛyɛ mpaebɔ ne nkotosrɛ fie ama wo man.

38 Tɔ saa onipa yi ne n’asraafoɔ so were,

na ma wɔn nwuwu wɔ nkrantɛ ano;

kae wɔn abususɛnka no,

na mma wɔn ntena ase bio.

Nikanor wuo

39 Afei Nikanor firii Yerusalem na ɔkɔkyeree nsraban wɔ Bet-horon, na Siriafoɔ asraafoɔ no bɛkaa ne ho.

40 Yuda ne mmarima mpem mmiɛnsa kyeree nsraban wɔ Adasa. Afei Yuda bɔɔ mpaeɛ sɛ:

41 Ɛberɛ a abɔfoɔ a wɔfiri ɔhene hɔ no kaa abususɛm no, wo bɔfoɔ firii adi kɔkunkumm Asiriafoɔ no mu mpem ahanwɔtwe nnum.

42 Saa ara nso na ka saa asraafoɔ a wɔgyina yɛn anim nnɛ yi guo; na ma nkaeɛ no nhunu sɛ Nikanor aka abususɛm atia kronkronbea no, na fa saa amumuyɛ yi so bu no atɛn.

43 Enti asraafoɔ hyiaa ɔko mu wɔ bosome Adar da a ɛtɔ so dummiɛnsa mu. Wɔkaa Nikanor asraadɔm no guiɛ, na ɔno ne onipa a ɔdii kan wuiɛ wɔ ɔko no mu.

44 Ɛberɛ a n’asraafoɔ no hunuu sɛ Nikanor awu no, wɔtotoo wɔn akodeɛ gui na wɔdwanee.

45 Yudafoɔ no tii wɔn da koro akwantuo firi Adasa kɔduruu Gasara, na ɛberɛ a na wɔsa wɔn no, wɔkɔɔ so ara hyɛnee totorobɛnto de frɛɛ ɔko.

46 Nnipa fifiri nkuraaseɛ a atwa Yudea ho ahyia no bae, na wɔtwaree ɔtamfo no na ɔpamoo wɔn sane brɛɛ wɔn atifoɔ no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔn nyinaa bɛwuwu wɔ nkrantɛ ano; na wɔn mu fua mpo anka.

47 Ɛnna afei Yudafoɔ no gyegyee wɔn nnoɔma ne asadeɛ no; na wɔtwaa Nikanor ti ne ne nsa nifa a ɔtenee no wɔ ahantan so, na wɔde baeɛ bɛkyerɛɛ wɔ Yerusalem adihɔ pɛɛ.

48 Ɔman no dii ahurisie kɛseɛ na wɔdii ɛda no sɛ ɛyɛ anigyeɛ kɛseɛ da.

49 Wɔhyɛɛ sɛ wɔnni saa da yi afe biara, bosome Adar ne da a ɛtɔ so dummiɛnsa mu.

50 Ɛno nti Yuda asase no nyaa ahome nna kakraa bi mu.

1 Makabee 8

Romafoɔ no ayeyie

1 Afei Yuda tee edin a Romafoɔ agyeɛ, sɛ wɔn ho yɛ den papaapa na wɔkyerɛ esu pa kyerɛ wɔn a wɔne wɔn yɛ apam nyinaa, na wɔdi ayɔnkoyɛ ho nseɛ de kyerɛ wɔn a wɔba wɔn hɔ,

2 sɛ wɔn ho yɛ den papaapa. Wate wɔn akodie ne wɔn mmaninyɛ a na wɔreyɛ wɔ Gaulfoɔ mu, sɛdeɛ na wɔadi wɔn so nkonim na wɔahyɛ wɔn sɛ wɔntua toɔ,

3 ne deɛ wɔayɛ wɔ Spain asase so sɛ wɔbɛdi tumi wɔ sika ne dwetɛ a wɔtu no wɔ hɔ no so,

4 ne sɛdeɛ wɔnam wɔn nhyehyɛɛ ne wɔn aboterɛ so anya tumi wɔ mantam hɔ nyinaa so, mpo wɔ sɛ beaeɛ hɔ ne wɔn ntam tweɛ. Bio nso, wɔdii ahemfo a wɔfiri asase ano baa wɔn soɔ no so, kɔsii sɛ wɔkaa wɔn hyɛeɛ na wɔde atoyerɛnkyɛm kɛseɛ baa wɔn soɔ, nkaeɛ no tuaa ɛtoɔ maa wɔn afe biara.

5 Filipo ne Ɔhene Perseus a ɔyɛ hene wɔ Makedonia, ne afoforɔ a wɔsɔre tiaa wɔn no, wɔkaa wɔn hyɛe wɔ akono, na wɔdii wɔn so nkonim.

6 Na wɔasan nso adi Antiokus a ɔyɛ Ɔkɛseɛ no, Asia hene a ɔde asono ɔha aduonu ne apɔnkɔsotefoɔ ne teaseɛnam, ne asraafoɔ a wɔdɔɔso pa ara kɔ ne wɔn koeɛ no so nkonim. Wɔkaa wɔn hyɛe;

7 wɔkyeree no animono so na wɔhyɛɛ mmara sɛ ɔne wɔn a wɔbɛdi adeɛ wɔ n’akyi no bɛtua ɛtoɔ a ɛso, na wɔama nnommumfoɔ ne wɔn mantam atitire no bi,

8 India, Media ne Lidia aman no. Yeinom na wɔgye firii ne hɔ a wɔde maa Ɔhene Eumenes.

9 Helafoɔ no faa adwene sɛ wɔbɛba abɛsɛe wɔn,

10 nanso yei daa adi maa wɔhunui, na wɔsomaa ɔsahene bi maa ɔkɔɔ Helafoɔ no so kɔkoe. Wɔn mu bebree pirapirae maa wɔwuwui, na Romafoɔ no faa wɔn yerenom ne wɔn mma nnommum; wɔfomm wɔn nnoɔma fae, wɔgyee asase no, wɔbubuu wɔn abandenden no, na wɔfaa wɔn yɛɛ nkoa de bɛsi nnɛ.

11 Ahennie ne nsupɔ nkaeɛ no, dodoɔ a wɔsɔre tiaa wɔn no, wɔsɛe wɔn de wɔn yɛɛ nkoa;

12 na mmom wɔn nnamfonom ne wɔn a wɔde wɔn ho too wɔn soɔ no deɛ, wɔn ne wɔn ka boom. Wɔbrɛɛ ahemfo a wɔwɔ akyirikyiri ne bɛnkyɛeɛ ase, na wɔn mu dodoɔ no ara a wɔate wɔn nka no suroo wɔn.

13 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa na wɔsi ahene no, wɔsi ahene, na wɔn a wɔpɛ sɛ wɔtu wɔn adeɛ so no; na wɔama wɔn so kɛse.

14 Nanso yeinom nyinaa mu no, wɔn mu biara nni hɔ a wahyɛ ahenkyɛ anaasɛ wahyɛ beredum ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ sɛ wɔyɛ ahantan,

15 na mmom wɔasi mmarahyɛbadwa dan, na da biara mmarahyɛbadwafoɔ ahasa hyia dwennwene nnipa no ho, sɛdeɛ wɔbɛtumi adi wɔn so yie.

16 Afe biara wɔyi onipa baako ma ɔdi wɔn so na wakora wɔn asase nyinaa so; wɔn nyinaa tie onipa baako no, na anibereɛ ne ninkunu biara nni wɔn mu.

Wɔn ne Roma yɛ apam

17 Enti Yuda yii Eupolemus a ɔyɛ Yohane ba, a ɔno nso yɛ Akos ba, ne Eleasa ba Yason na ɔsomaa wɔn kɔɔ Roma sɛdeɛ wɔn ne wɔn bɛnya ayɔnkofa ne nkabom,

18 na wɔagye wɔn ho afiri konnua no ase; ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ Hela ahennie no reyɛ Israelfoɔ nkoa koraa.

19 Wɔkɔɔ Roma, ɔkwan a ɛware pa ara; na wɔkɔɔ mmarahyɛbadwa dan mu hɔ kɔkaa sɛ:

20 Yuda, a wɔsan nso frɛ no Makabeus, ne ne nuanom ne Yudaman asoma yɛn aba mo nkyɛn sɛ yɛn ne mo mmɛnya ayɔnkofa ne nkabom, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛfa yɛn ayɛ aboafoɔ ne ayɔnkofoɔ.

21 Nsusuiɛ yi sɔɔ wɔn ani,

22 na yei ne anoyie krataa a wɔtwerɛeɛ wɔ kɔbere mfrafraeɛ apono so, na wɔsoma de kɔɔ Yerusalem sɛ wɔnkora no wɔn nkyɛn hɔ na ayɛ asomdwoeɛ ne nkabom ho nkaeɛ:

23 Biribiara nkɔ so yie mma Romafoɔ ne Yudafoɔ man wɔ ɛpo ne asase so daa, na afena ne atamfoɔ ne wɔn ntam ntwe.

24 Sɛ ɔko di kan ba Roma anaasɛ wɔn aboafoɔ no mu biara so wɔ wɔn ahemman mu baabiara a,

25 Yudaman no bɛfiri wɔn akoma nyinaa mu ayɛ sɛ wɔn aboafoɔ no, sɛ ɛberɛ no bɛkyerɛ wɔn no.

26 Na ɔtamfo a ɔde ɔko ba no, wɔremma wɔn aburoo, akodeɛ, sika anaasɛ nsuhyɛn, sɛdeɛ Roma abɔ ho pɔ no, na wɔbɛkɔ so ara ayɛ wɔn asɛdeɛ a nso wɔrenya akatua biara.

27 Saa ara nso na sɛ ɔko ba Yudafoɔ so kane a, ntɛm ara Romafoɔ bɛyɛ sɛ wɔn aboafoɔ, sɛdeɛ ɛberɛ no bɛkyerɛ wɔn deɛ wɔnyɛ no.

28 Na wɔn atamfoɔ no nso, wɔremma wɔn aburoo, akodeɛ, sika anaasɛ nsuhyɛn, te sɛ deɛ Roma abɔ ho pɔ no ara; na wɔbɛkɔ so ara ayɛ asɛdeɛ yeinom a nnaadaa biara nni mu.

29 Enti saa nhyehyɛɛ yi so na Romafoɔ no ne Yudafoɔ no gyina yɛɛ apam.

30 Akyire yi sɛ saa nhyehyɛɛ yi ba mu wie, na sɛ afanu no nyinaa pɛ sɛ wɔde bi ka ho anaasɛ wɔyi biribi firi mu a, wɔnnwene ho na wɔnyɛ, na deɛ wɔde bɛka ho anaasɛ wɔbɛyi afiri mu no bɛyɛ adeɛ a wɔbɛgye atom.

31 Na ɛfa bɔne a Ɔhene Demetrius reyɛ wɔn no deɛ, yɛatwerɛ nsɛm yi akɔma no sɛ: Adɛn na woama wo konnua mu ayɛ duru ama yɛn nnamfonom ne yɛn aboafoɔ Yudafoɔ yi?

32 Afei sɛ wɔbisa mmoa bio tia wo a, yɛne wo bɛko wɔ ɛpo ne asase so de atwitwa agye wɔn.

1 Makabee 9

Bakides san kɔ Yudea

1 Ɛberɛ a Demetrius tee sɛ Nikanor ne n’asraafoɔ atotɔ wɔ ɔko mu no, ɔsomaa Bakides ne Alkimus kɔɔ Yuda asase so ne mprenu so, na wɔne nifadɔm a wɔwɔ asraafoɔ no mu na ɛkɔeɛ.

2 Wɔfaa ɔkwan a ɛkɔ Gilgal mu no so na wɔkyeree nsra wɔ Mesalot a ɛwɔ Arbela, na wɔgyee na wɔkumm nnipa bebree.

3 Bosome a ɛdi kan wɔ afe ɔha aduonum mmienu mu no, wɔkyeree nsraban tiaa Yerusalem;

4 na afei wɔde asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu mpem aduonu ne apɔnkɔsotefoɔ mpem mmienu firi hɔ kɔɔ Berea.

5 Afei Yuda kyeree nsra wɔ Elasa, na na mmarima a wɔayi wɔn mpem mmiɛnsa ka ne ho.

6 Ɛberɛ a wɔhunuu atamfoɔ no akofoɔ no ne wɔn dodoɔ kɛseɛ no, wɔsuroo kɛse, na nnipa no mu binom firi nsraban no mu kɔe, kɔsii sɛ wɔn a wɔkaeɛ no nnuru ahanwɔtwe.

7 Ɛberɛ a Yuda hunuu sɛ n’asraafoɔ no adwanedwane kɔ na ɔko no abɛn no, ne honhom brɛɛ ase, ɛfiri sɛ na ɔnni berɛ sɛ ɔde bɛboaboa wɔn ano.

8 Ɔbotoe, nanso ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔka ne ho no sɛ: Momma yɛnsɔre nkɔ yɛn atamfoɔ no so. Ebia yɛbɛnya ahoɔden ne wɔn ako.

9 Nanso wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsesa n’adwene na ɔkaa sɛ: Yɛnni ahoɔden. Seesei ara deɛ momma yɛnnye yɛn ho nkwa, na yɛn ne yɛn nuanom nsan mmra ne wɔn mmɛko; yɛsua dodo.

10 Nanso Yuda kaa sɛ: Mpare yɛn sɛ yɛbɛyɛ adeɛ a ɛte saa, sɛ yɛbɛdwane afiri wɔn anim. Sɛ yɛn berɛ aso a, momma yɛnwu sɛ akatakyie mma yɛn nuanom na amma nkekaeɛ biara amma yɛn animuonyam ho.

Yuda sa a ɛtwa toɔ

11 Afei Bakides asrafoɔ no firii nsraban no mu bɛtwaa mpasua sɛ wɔrebɛko. Wɔkyɛɛ apɔnkɔsotefoɔ no mu akuo mmienu, na ntɔmmoɔtofoɔ ne agyantofoɔ dii asraafoɔ no anim kan, na saa ara na asafo hene no nyinaa yɛeɛ.

12 Na Bakides wɔ nifa fam. Akuo mmienu wɔ n’afa ne n’afa, abansifoɔ akuakuo no tie totorobɛnto no na wɔde anante; na mmarima a wɔka Yuda ho no nso hyɛnee wɔn totorobɛnto.

13 Asraafoɔ no ho dede no maa asase wosoe, na ɔko no kɔɔ so kitikiti firi anɔpa kɔsii anwummerɛ.

14 Ɛberɛ a Yuda hunuu sɛ Bakides ne n’asraafoɔ no ahoɔden kɛseɛ wɔ nifa no; afei ɔne mmarima akokoɔdurufoɔ no nyinaa kɔɔ hɔ,

15 na ɔkaa nifa dɔm no gui, na ɔtii wɔn kɔduruu Bepɔ Asoto ho.

16 Na ɛberɛ a benkum dɔm no hunuu sɛ wɔaka nifa dɔm no agu no, wɔdanee wɔn ho dii Yuda ne ne mmarima no akyi bɛnee wɔn.

17 Ɔko no ani yɛɛ nyan, na afa ne afa mu nnipa bebree pirapiraae na wɔwuwui.

18 Yuda nso wui, na nkaeɛ no dwaneeɛ.

19 Ɛnna Yonatan ne Simon faa wɔn nuabarima Yuda kɔsiee no wɔ wɔn nananom bodan mu wɔ Modein,

20 na wɔsuu no. Israel nyinaa twaa adwo kɛseɛ maa no; wɔsui nna bebree mu kaa sɛ:

21 Sɛdeɛ akatakyie si hwe aseɛ,

Israel agyenkwa no!

22 Afei Yuda nnwuma nkaeɛ no, n’akodie ne ne mmaninneɛ a ɔyɛeɛ no, ne kɛseyɛ no yɛ deɛ wɔntwerɛeɛ nanso ɛdɔɔso pa ara.

Yonatan si Yuda ananmu

23 Yuda wuo akyi no, atuatefoɔ sɔresɔree wɔ Israel baabiara; amumuyɛfoɔ no nyinaa san baeɛ.

24 Ɛberɛ no mu ɛkɔm kɛseɛ baeɛ, na ɔman no kɔɔ wɔn afa.

25 Bakides yiyii nnipa a wɔnsuro Nyame de wɔn dii ɔman no so.

26 Wɔyɛɛ nhwehwɛmu na wɔhwehwɛɛ Yuda nnamfonom, na wɔde wɔn brɛɛ Bakides, na ɔtɔɔ wɔn so were, na ɔgoroo wɔn ho.

27 Enti ahohiahia kɛseɛ baa Israel a ɛfiri berɛ a adiyifoɔ gyae wɔn mu ba no, ebi mmaa da.

28 Ɛnna afei Yuda nnamfonom nyinaa hyiae, na wɔka kyerɛɛ Yonatan sɛ:

29 Ɛfiri berɛ a wo nuabarima Yuda wuiɛ no, obiara nni hɔ sɛ no a ɔbɛkɔ akɔko atia yɛn atamfoɔ ne Bakides, na ɔne yɛn man mufoɔ a wɔtan yɛn no bɛdie.

30 Enti seesei ara yɛayi wo ɛnnɛ da yi sɛ si no ananmu sɛ yɛn hene ne yɛn kannifoɔ, na ko yɛn ko.

31 Ɛno nti Yonatan gyee akannie no tomm saa berɛ no, na ɔsii Yuda ananmu.

Yonatan satuo

32 Ɛberɛ a Bakides hunuu yei no, ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛku no.

33 Nanso Yonatan ne ne nuabarima Simon ne wɔn a wɔka wɔn ho no teeɛ no, wɔdwanee kɔɔ Tekoa ɛserɛ so na wɔkyeree nsraban wɔ Asfar ɔtareɛ ho.

34 Bakides; hunuu yei wɔ homeda, na ɔno ne n’asraafoɔ nyinaa twaa Yordan.

35 Ɛno nti Yonatan somaa ne nua sɛ ɛdɔm no kannifoɔ na ɔsrɛɛ Nabatfoɔ, a na wɔyɛ ne nnamfonom, sɛ wɔmma wɔn kwan mma wɔnkora wɔn nnoɔma dodoɔ a wɔwɔ no wɔn nkyɛn.

36 Nanso Yambri a ɔfiri Medeba abusua mu baeɛ bɛkyeree Yohane na wɔfaa deɛ na ɔwɔ nyinaa de kɔeɛ.

37 Yeinom nyinaa akyiri no, wɔkaa nsɛm yi kyerɛɛ Yonatan ne ne nua Simon sɛ: Yambri abusua no rehyɛ awareɛ ho fa, na wɔde ayeforɔ a ɔyɛ Kanaan okunini no mu baako babaa a ɔfiri Nadabat a awɛmfoɔ pii ka wɔn ho resen.

38 Wɔkaee sɛdeɛ wɔkumm wɔn nua Yohane no, wɔforo de wɔn ho kɔsiee bepɔ no so.

39 Wɔmaa wɔn ani so hwɛe na wɔhunuu santen a wɔde dede gyegyeegye a nnoɔma soso wɔn; na ayeforɔkunu ne ne nuanom ne ne nnamfonom firi baeɛ de akasae ne adwontofoɔ ne akodeɛ bebree bɛhyiaa wɔn.

40 Ɛhɔ ara na wɔfiri ahuntaeɛm hɔ to hyɛɛ wɔn so, na wɔfirii aseɛ sɛ wɔrekunkum wɔn. Nnipa bebree pirapirae na wɔwuwui, na nkaeɛ no dwane kɔɔ bepɔ so; na Yudafoɔ no faa wɔn nnoɔma nyinaa.

41 Enti ayeforɔ no danee osu, na adwontofoɔ no nne danee agyaadwoɔ twa.

42 Ɛberɛ a wɔtɔɔ were wɔ wɔn nua no mogya ho wieeɛ no, wɔdanee wɔn ani kɔɔ Yordan atɛkyɛ mu.

43 Ɛberɛ a Bakides tee yei no, ɔde akofoɔ a wɔdɔɔso baa Yordan agya wɔ homeda mu.

44 Na Yonatan ka kyerɛɛ wɔn a wɔka ne ho no sɛ: Momma yɛnko nnye yɛn ho nkwa, ɛfiri sɛ, ɛnnɛ nnoɔma nte sɛ kane no.

45 Na monhwɛ, ɔko no wɔ yɛn anim ne yɛn akyi; Yordan mu nsuo wɔ afa ha ne ɛhɔ, a atɛkyɛ ne wira nko; yɛnni baabiara fa.

46 Monsu mfrɛ Ɔsoro sɛ ebia ɔbɛgye mo afiri mo atamfoɔ nsam.

47 Ɛno nti ɔko no firii aseɛ, na Yonatan tenee ne nsa sɛ ɔreku Bakides, nanso ɔdwane kɔhyɛɛ akyire hɔ.

48 Afei Yonatan ne ne mmarima no hurii totɔɔ Yordan mu na wɔboro twa kɔɔ ɔfa nohoa, na ɔtamfo no antumi antwa Yordan ankɔtoa wɔn.

49 Na Bakides mmarima no mu bɛyɛ sɛ apem wuwui saa da no.

Bakides sisi abankɛseɛ

50 Afei Bakides san kɔɔ Yerusalem na ɔsii abandenden wɔ Yudea nkuro yi so: Abankɛseɛ a ɛwɔ Yeriko, Emaus, Bet-horon, Timnat, Faraton, Tefon, na afasuo atenteneatentene, apono ne adaban.

51 Na ɔde abansifoɔ sisii wɔn mu sɛ wɔnteetee Israelfoɔ.

52 Bio, ɔbɔɔ Bet-sur ne Gasara nkuro, ne abankɛseɛ no ho ban, na ɔde asraafoɔ tenaa hɔ na ɔde aduane pii guu hɔ.

53 Na ɔfaa asase no so mmarima atitire no mma nnommum na ɔde wɔn hyɛɛ awɛmfoɔ nsa wɔ Yerusalem abankɛseɛ no mu.

54 Afe ɔha ne aduonum mmiɛnsamu, bosome a ɛtɔ so mmienu mu, Alkimus hyɛɛ sɛ wɔnwiri kronkronbea no mu ɛfam abannwa no fasuo ngu. Ɔbubuu adiyifoɔ no nnwuma guu fam!

55 Mmom ɔfirii aseɛ dwirii ara, ɛfiri sɛ, saa berɛ no na Alkimus abubu gu hɔ, enti n’adwuma no ankɔ so; n’ano ka tomm na ɔdwodwoe, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na ɔntumi nka asɛm bi anaasɛ ɔntumi nhyɛ biribiara wɔ ne dan no ho.

56 Alkimus wui ɛberɛ no mu wɔ ahodwane kɛseɛ mu.

57 Ɛberɛ a Bakides hunuu sɛ Alkimus awuo no, ɔsan kɔɔ ɔhene hɔ, na Yuda asase no nyaa ɔhomee mfeɛ mmienu.

Ɔko no awieeɛ

58 Afei mmaratofoɔ no nyinaa faa adwene kaa sɛ: Hwɛ! Yonatan ne ne mmarima no te ase asomdwoeɛ ne awerɛhyɛmu mu. Enti momma yɛnkɔfa Bakides mmra bio, na ɔbɛkyekye wɔn nyinaa anadwo baako pɛ.

59 Na wɔkɔ kɔnee no faa adwene.

60 Ɔfiri aseɛ sɛ ɔde akofoɔ a wɔdɔɔso reba, na ɔnam kokoam de nkrataa kɔmemaa n’ayɔnkofoɔ a wɔwɔ Yudea nyinaa, ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkyere Yonatan ne ne mmarima no; nanso wɔantumi anyɛ saa, ɛfiri sɛ wɔn nhyehyɛɛ no bɛdaa adi.

61 Na Yonatan mmarima no kyeree ɔman no mu mmarima bɛyɛ aduonum a na wɔyɛ akannifoɔ wɔ saa afatwafoɔ yi mu, na ɔkumm wɔn.

62 Ɛnna afei Yonatan ne ne mmarima ne Simon twee wɔn ho kɔɔ Betbasi wɔ ɛserɛ so; ɔsane sisii n’afa bi a wɔabubuo no bio, na wɔbɔɔ ho ban.

63 Ɛberɛ a Bakides teeɛ no, ɔboaboaa n’akofoɔ nyinaa ano, na ɔsoma de nhyehyɛɛ kɔmaa nnipa a wɔwɔ Yudea.

64 Afei wɔbae bɛkyeree nsraban tiaa Betbasi; ɔne no koe nna pii na ɔyɛɛ akodeɛ a wɔde bubu fasuo.

65 Mmom Yonatan gyaa ne nua Simon wɔ kuro no mu, ɛberɛ a ɔno firii adi kɔɔ ɔman no mu; na ɔno ne nnipa kakraa bi na wɔkɔeɛ.

66 Ɔbɔɔ Odomera kumm no ne n’abusuafoɔ ne nnipa a wɔwɔ Fasiron wɔ wɔn ntomadan mu.

67 Afei ɔfirii aseɛ tuu wɔn so sa na ɔne n’akofoɔ no kɔɔ akono; na Simon ne ne mmarima no firii kuro no mu baeɛ na wɔde ogya hyee akodeɛ a wɔde bubu fasuo no.

68 Wɔn ne Bakides koe, na wɔkaa no gui. Wɔhiahiaa no pa ara, ɛfiri sɛ ne satuo no ayɛ kwa.

69 Yei nti ne bo fuu atuatefoɔ a wɔtuu ne fo sɛ ɔmmra ɔman no mu no, na ɔkumm wɔn mu bebree. Afei ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsane akɔ ɔno ara n’asase so.

70 Ɛberɛ a Yonatan tee yei no, ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ ne nkyɛn sɛ ɔne wɔn nya asomdwoeɛ na wɔnnyae nnommumfoɔ no mma no.

71 Ɔpenee so, na ɔyɛɛ sɛdeɛ Yonatan kaeɛ no; na ɔdii nse kyerɛɛ Yonatan sɛ ɔrempɛ sɛ wɔbɛha no bio mmerɛ dodoɔ a ɔte aseɛ no.

72 Ɔde nnommumfoɔ a ɔdii kan faa wɔn firii Yuda asase so no maa no; na afei ɔdanee n’ani na ɔsane kɔɔ ɔno ara n’asase so, na wansan amma wɔn hyeɛ so bio.

73 Saa nti, akodie gyae wɔ Israel. Yonatan tenaa Mikmas na ɔfiri aseɛ buu ɔman no atɛn; na ɔsɛe wɔn a wɔnsuro nyame no wɔ Israel.

1 Makabee 10

Aleksandro Epifanes atuateɛ

1 Afe ɔha aduosiamu no, Antiokus ba Aleksandro Epifanes bɛduruu Ptolemais na ɔtenaa hɔ. Wɔyɛɛ no atuu, na ɔfiri aseɛ dii hene wɔ hɔ.

2 Ɛberɛ a Ɔhene Demetrius teeɛ no, ɔboaboaa asraafoɔ dɔm kɛseɛ ano na wɔkɔe sɛ wɔrekɔhyia no ne no ako.

3 Demetrius de krataa a emu nsɛm yɛ asomdwoeɛ kɔbɔɔ Yonatan aba so;

4 ɛfiri sɛ ɔka kyerɛɛ ne ho sɛ: Momma yɛnni kan ne no nyɛ asomdwoeɛ apam ansa na ɔne Aleksandro ayɛ asomdwoeɛ apam atia yɛn,

5 ɛfiri sɛ ɔbɛkae bɔne a yɛayɛ ɔne ne nuanom nyinaa ne ne man.

6 Ɛno nti Demetrius maa no tumi sɛ ɔmfa nyiyi akofoɔ, na ɔmma wɔn akodeɛ mfa mmia, na wɔmmɛyɛ ne nnamfonom; na ɔhyɛɛ sɛ wɔnnyae nnommumfoɔ a wɔwɔ abankɛseɛ no mu nyinaa ma no.

7 Afei Yonatan baa Yerusalem na ɔkenkanee krataa no maa ɔman no ne wɔn a wɔwɔ abankɛseɛ no mu nyinaa teeɛ.

8 Na ɛberɛ a wɔtee sɛ ɔhene ama no tumi sɛ ɔnyiyi akofoɔ no, ɛhu kɛseɛ bɔɔ wɔn.

9 Nanso wɔn a wɔwɔ abankɛseɛ no mu no gyae nnommum no maa Yonatan, na ɔde wɔn kɔmaa wɔn awofoɔ.

10 Na Yonatan tenaa Yerusalem na ɔfirii aseɛ sɛ ɔrekyekyere kuro no na wasiesie.

11 Ɔhyɛɛ wɔn a wɔreyɛ adwuma no sɛ, wɔnto afasuo no na wɔmfa aboɔ a ɛyɛ ahinanan ntwa Bepɔ Sion ho nhyia, na ɛmmɔ ho ban yie; na wɔyɛɛ saa.

12 Afei ahɔhoɔ no a wɔtete abandenden a Bakides asisie no dwaneeɛ;

13 wɔn nyinaa gyaa wɔn beaeɛ hɔ san kɔɔ wɔn nsase so.

14 Bet-sur nko ara mu na ebinom a wɔapo mmara ne ahyɛdeɛ no kaeɛ, ɛfiri sɛ na abɛyɛ dwanekɔbea.

15 Afei Ɔhene Aleksandro tee bɔhyɛ a Demetrius asoma de akɔma Yonatan no nyinaa, na ɔtee sa a na Yonatan ne ne nuanom atuo, mmaninneɛ a na wɔayɛ, ne amanehunu a wɔafa mu.

16 Enti ɔkaa sɛ: Yɛbɛtumi anya onipa yi nsɛso anaa? Mommra ɛ, yɛbɛyɛ no yɛn adamfo ne yɛn yɔnko.

17 Na ɔtwerɛɛ krataa de soma kɔmaa no, na emu nsɛm ne sɛ:

Yonatan bɛyɛ Ɔsɔfo Panin

18 Ɔhene Aleksandro de kɔma ne nua Yonatan, mekyea wo.

19 Yɛate wo nka, sɛ woyɛ ɔkofo katakyie a wofata sɛ woyɛ yɛn yɔnko.

20 Ɛno nti, yɛayi wo sɛ, ɛnnɛ da yi bɛyɛ ɔsɔfo panin wɔ wo man mu; wɔbɛfrɛ wo ɔhene Adamfo, na ɛsɛ sɛ wogyina yɛn afa na wo ne yɛn nya ayɔnkofa. Ɔsan nso kɔmaa no atadeɛ beredum ne sika ahenkyɛ.

21 Ɛno nti Yonatan hyɛɛ atadeɛ kronkron no wɔ afe ahansia aduosia mu, bosome a ɛtɔ so nson, wɔ sese afahyɛ no mu, na ɔfaa akofoɔ maa wɔn akodeɛ bebree.

22 Ɛberɛ a Demetrius tee saa nsɛm yi no, ɛhaa no maa ɔkaa sɛ:

23 Ɛdeɛn na yɛayɛ yi? Aleksandro adi yɛn anim kan ɛne Yudafoɔ ayɛ ayɔnkoɔ de ahyɛ ne ho den.

24 Me nso mɛtwerɛ wɔn nkuranhyɛ krataa na mahyɛ wɔn animuonyam ne akyɛdeɛ ho bɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛnya wɔn mmoa.

25 Enti ɔtoo wɔn nkra wɔ nsɛm yi mu sɛ:

Demetrius krataa a ɔde kɔma Yonatan

Ɔhene Demetrius de kɔma Yudafoɔ man, mekyea mo.

26 Ɛsiane sɛ moadi nhyehyɛɛ a mo ne yɛn yɛeɛ na moakɔ so ara akora mo ne yɛn ayɔnkofa no, na moakɔ yɛn atamfoɔ afa nti, yɛate na yɛn ani agye.

27 Afei monkɔ so ara nya yɛn mu gyidie, na yɛde papa bɛtua mo ka wɔ deɛ moyɛ ma yɛn no ho.

28 Yɛbɛma mo banbɔ ne akyɛdeɛ bebree.

29 Seesei mema wo ahofadie ne Yudafoɔ nyinaa fawohodie wɔ ɛtoɔ tua ne nkyene toɔ ne ahenkyɛ ɛtoɔ tua ho,

30 na sɛ anka mɛgye aburoo mu abupɛn mmiɛnsa, ne nnua so nnuaba abunu a anka megyeɛ no, ɛfiri nnɛ rekorɔ megyae mu. Merennye yeinom mfiri Yuda asase so anaasɛ mansini mmiɛnsa a wɔde aka ho firi Samaria ne Galilea, ɛfiri nnɛ ne ɛberɛ a aka nyinaa.

31 Yerusalem ne ne mpɔtam, ntotosoɔ du du ne sika a wɔtua bɛyɛ ade kronkron a wɔntua ho toɔ biara.

32 Megyae me tumi a mewɔ wɔ Yerusalem abankɛseɛ no soɔ no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔno ara de mmarima a wɔayi wɔn bɛbɔ ho ban.

33 Na Yudani biara a wɔfaa no kɔɔ dommum mu wɔ m’ahemman mu baabiara no, mede ne ho kyɛ no a ɔntua biribiara; na ɛtogyefoɔ nyinaa nso twaa ɛtoɔ a wɔgye no wɔ wɔn anantwie ho no mu.

34 Na afahyɛ nyinaa, home nna, abosome foforɔ, nna a wɔayi asi hɔ, ne nnansa a ɛdi afahyɛ anim ne afahyɛ akyi no, momma nna yi nyinaa nyɛ ɔgyeɛ ne ahosan nna ma Yudafoɔ a wɔwɔ m’ahennie mu baabiara.

35 Obiara nni hɔ a ɔbɛnya tumi de agye biribiara afiri wɔn nkyɛn anaasɛ ɔde nnoɔma yeinom bi bɛhyɛ wɔn mu biara abufuo.

36 Wɔntwerɛ Yudafoɔ mmarima a wɔn dodoɔ yɛ mpem aduasa din nka ɔhene akofoɔ no ho, na wɔmma wɔn aduane a ɛsɛ sɛ wɔde ma ɔhene akofoɔ nyinaa no bi.

37 Momma wɔn mu binom nnyinagyina ɔhene abandenden no ho, na momma wɔn mu binom so nnyina asodie diberɛ wɔ ahennie no mu. Momma wɔn mu diberɛfoɔ ne akannifoɔ mfiri wɔn ara mu, na momma wɔmfa wɔn mmara ntena ase, sɛdeɛ ɔhene ahyɛ wɔ Yuda asase soɔ ara pɛpɛɛpɛ.

38 Ɛfa amansini mmiɛnsa a wɔde firi Samaria man mu abɛka Yudea ho no deɛ, momfa wɔn mfam Yudea ho sɛdeɛ wɔbɛfa no sɛ wɔhyɛ ɔhene baako ase na wɔayɛ setie ama tumi baako a ɛno ne ɔsɔfo panin no.

39 Mede Ptolemais ne asase a ɛfam ho no akyɛ kronkronbea a ɛwɔ Yerusalem no, ama wɔatumi atua ɛka a ɛho hia wɔ kronkronbea hɔ no.

40 Mesan nso de dwetɛbena mpem dunum a ɛfiri ɔhene toɔ a wɔgye firi beaeɛ a ɛfata no mu mema.

41 Na sika a ɛkeka ho a aban mu mpanimfoɔ ntuaeɛ sɛdeɛ wɔyɛe wɔ mfeɛ a ɛdi kan no mu, wɔde bɛma ama wɔde adi dwuma wɔ asɔrefie no mu.

42 Afei nso, dwetɛbena mpem nnum a m’atogyefoɔ gyegye firii asɔrefie som mu afe biara no, yei nso matwa mu, ɛfiri sɛ ɛyɛ asɔfoɔ a wɔsom wɔ hɔ no dea.

43 Na wɔn a wɔde asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem hɔ ayɛ wɔn dwanekɔbea no nyinaa, anaasɛ mmeammea a ɛwowɔ ne nkyɛn no bi, sɛ wɔwɔ sika bi tua ma ɔhene anaasɛ wɔde ka bi a, wɔnnyaa no na wɔn nsa nka wɔn agyapadeɛ biara wɔ m’ahemman mu.

44 Wɔntua kronkronbea no afa a wɔresan ahyehyɛ na wɔasiesie no ho ka mfiri ɔhene sika a ɔnya no mu.

45 Na wɔmma Yerusalem afasuo a wɔresan ato ahyia ne ne ban bɔ no ho ka ne Yudea afasuo a wɔresan asie ho ka no, wɔntua mfiri ɛtoɔ a wɔgyegye ma ɔhene no mu.

Demetrius wuo

46 Ɛberɛ a Yonatan ne ɔman no tee nsɛm yi no, wɔannye anni anaasɛ wɔannye antom, ɛfiri sɛ wɔkaee amumuyɛ kɛseɛ a Demetrius ayɛ wɔ Israel ne sɛdeɛ wɔhiahiaa wɔn ho no.

47 Wɔgyee Aleksandro too mu, ɛfiri sɛ ɔno na ɔdii kan kaa asomdwoeɛ nsɛm kyerɛɛ wɔn, na wɔkɔɔ so ara yɛɛ ne nnamfonom ne nna nyinaa.

48 Afei Ɔhene Aleksandro boaboaa akofoɔ bebree ano na wɔkyeree nsraban wɔ Demetrius ntentensoɔ.

49 Ahemfo mmienu no hyiaa mu wɔ ɔko mu, na Demetrius dwanee, na Aleksandro tii no na ɔdii wɔn so nkonim.

50 Ɔpemm so wɔ ɔko no mu dendeenden kɔsii sɛ owia kɔtɔeɛ, na saa da no Demetrius wui.

Ptoleme ne Aleksandro apam

51 Ɛnna Aleksandro somaa abɔfoɔ kɔɔ Ptoleme a ɔyɛ Misraim hene de nsɛm yi kɔmaa no sɛ:

52 Masan akɔ m’ahemman mu na matena me nananom ahennwa soɔ yi, na m’ahennie ase atim, ɛsiane sɛ madi Demetrius so na medi tumi wɔ yɛn man mu yi;

53 mehyiaa no ɔko mu, na ɔno ne n’asraafoɔ dii ntwo wɔ yɛn anim, na yɛafa yɛn adwa wɔ n’ahemman ahennwa no so,

54 ɛnneɛ afei momma yɛmfa yɛn ho ayɔnkofoɔ; fa wo babaa ma menware, na menyɛ wo aseɛ, na mede akyɛdeɛ bɛbrɛ wo ne no sɛdeɛ ɛfata wo diberɛ no.

55 Ɔhene Ptoleme buaae na ɔkaa sɛ: Ɛyɛ anigyeɛ da, ɛberɛ a wosan kɔɔ wo nananom asase so kɔtenaa wɔn ahennie adwa soɔ no.

56 Afei mɛyɛ sɛdeɛ wotwerɛeɛ no, na mmom hyia me wɔ Ptolemais, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛhu yɛn ho anim ne anim, na mayɛ wo aseɛ, sɛdeɛ woaka no.

57 Enti Ptoleme sii mu wɔ Misraim, na ɔno ne ne babaa Kleopatra baa Ptolemais wɔ afe ɔha aduosia mmienumu.

58 Ɔhene Aleksandro hyiaa no, na Ptoleme de ne babaa Kleopatra maa no awareɛ, na wɔyɛɛ n’ayeforɔhyia wɔ Ptolemais wɔ animuonyam kɛseɛ mu, sɛdeɛ ahemfo yɛ no.

59 Afei Ɔhene Aleksandro twerɛ kɔmaa Yonatan sɛ ɔmmra ne no mmɛhyia.

60 Enti ɔde animuonyam kɛseɛ kɔɔ Ptolemais hɔ kɔhyiaa ahemfo baanu no; ɔde sika, dwetɛ ne akyɛdeɛ bebree maa wɔn ne wɔn Nnamfonom, na ɔnyaa wɔn anim adom.

61 Nnipa bi a wɔyɛ mansotwefoɔ, mekyerɛ atuatefoɔ boaa wɔn ho ano firii Israel, baeɛ bɛtiaa no totoo n’ano; nanso ɔhene antie wɔn.

62 Ɔhene hyɛɛ sɛ wɔnyi Yonatan atadeɛ na wɔmfa beredum atadeɛ nhyɛ no, na wɔyɛɛ saa.

63 Ɔhene san de no tenaa ne nkyɛn; na ɔka kyerɛɛ ne mpanimfoɔ no sɛ: Mo ne no nkɔ kuro no mfimfini hɔ na mompae mu nka sɛ, ma obiara mfa asɛm biara mmɛbɔ no kwaadu, na mma obiara nhyɛ no abufuo biribiara nti.

64 Ɛberɛ a n’anototofoɔ no hunuu animuonyam a wɔahyɛ no no, sɛdeɛ na dawurubɔ no teɛ no, na ɔhunuu sɛ wɔde beredum atadeɛ ahyɛ no nti, wɔn nyinaa dwaneeɛ.

65 Saa nti, ɔhene hyɛɛ no animuonyam na ɔde no kaa ne Nnamfonom atitire no ho, na ɔyɛɛ no ɔsahene ne amrado wɔ mantam no so.

66 Na Yonatan de asomdwoeɛ ne anigyeɛ san kɔɔ Yerusalem.

Yonatan di Apolonius so nkonim

67 Afe ɔha aduosia nnummu no, Demetrius ba Demetrius firii Kreta baa ne nananom asase so.

68 Ɛberɛ a Ɔhene Aleksandro teeɛ no, ɛhaa no pa ara na ɔsan kɔɔ Antiokia.

69 Demetrius yii Apolonius, Koelesiria amrado, na ɔboaboaa akofoɔ pii ano na wɔkyeree nsraban wɔ Yamnia. Ɛnna afei ɔsoma maa wɔde nkra kɔmaa Ɔsɔfo Panin Yonatan sɛ:

70 Wo nko ara ne deɛ wasɔre atia yɛn, na ama mayɛ adeseredeɛ ne aniwudeɛ ɛsiane wo nti. Adɛn nti na woafa tumi de atia yɛn wɔ nkokoɔ man no mu?

71 Afei sɛ wowɔ awerɛhyɛmu wɔ w’akofoɔ no mu, siane bɛhyia yɛn wɔ asasetam no so na yɛmfa nsi ani wɔ hɔ, ɛfiri sɛ nkuro no ahoɔden taa m’akyi.

72 Bisa na wɔnka nkyerɛ me nipaban nkyerɛ wo ne wɔn a wɔreboa yɛn no. Nnipa bɛka akyerɛ wo sɛ wontumi nnyina yɛn anim, ɛfiri sɛ wo nananom dwanee mprenu wɔ wɔn ara wɔn asase so.

73 Na seesei worentumi nnyina m’apɔnkɔsotefoɔ ne asraafoɔ a wɔwɔ asasetam no so hɔ no, faako a ɔboɔ anaasɛ abosea, anaasɛ baabi a wɔdwane korɔ.

74 Ɛberɛ a Yonatan tee Apolonius nsɛm yi no, ne bo fui. Ɔfaa mmarima mpem du na ɔsiim firii Yerusalem, na ne nua Simon hyiaa no sɛ ɔrebɛboa no.

75 Ɔkyeree nsraban wɔ Yopa, nanso nnipa a wɔwɔ kuro no mu no totoo n’apono mu, ɛfiri sɛ na Apolonius wɔ bansifoɔ wɔ Yopa.

76 Enti wɔne wɔn koe, na nnipa a wɔwɔ kuro no mu no suroe na wɔbuee apono no, na Yonatan faa Yopa.

77 Ɛberɛ a Apolonius teeɛ no, ɔfaa apɔnkɔsotefoɔ mpem mmiɛnsa ne asraafoɔ dɔm kɛseɛ, na ɔkɔɔ Asoto sɛdeɛ gyama ɔrekɔ akyiri no. Ɛberɛ korɔ no ara mu ɔkɔɔ asasetam no so, ɛfiri sɛ na ɔwɔ apɔnkɔsotefoɔ akofoɔ a ɔde ne werɛ ahyɛ mu.

78 Yonatan tii no kɔɔ Asoto, na asraafoɔ no de bɔɔ ani.

79 Afei na Apolonius de apɔnkɔsotefoɔ apem ahunta asie wɔ wɔn akyi.

80 Yonatan hunuu sɛ wɔatɛ no wɔ n’akyi, ɛfiri sɛ wɔtwaa n’asraafoɔ no ho hyiae na wɔtotoo ne mmarima no agyan firi anɔpa kɔsii awiaberɛ.

81 Nanso Yonatan mmarima no gyinaa pintinn sɛdeɛ na wahyɛ wɔn no, na ɔtamfo no apɔnkɔ no brɛeɛ.

82 Ɛnna Simon pinii n’anim ne abansifoɔ kuo no bɛkoe (ɛfiri sɛ na apɔnkɔsotefoɔ no abrɛ); ɔhyɛɛ wɔn so maa wɔdwanee,

83 na wɔbɔɔ apɔnkɔsotefoɔ no hwetee wɔ asasetam no so hɔ. Wɔdwane kɔɔ Asoto na wɔhyɛnee Bet-dagon, wɔn abosomfie kɔsiee hɔ.

84 Nanso Yonatan hyee Asoto ne nkuro a atwa ho ahyia nyinaa, na ɔfomm fae; na Dagon abosomfie hɔ deɛ, wɔn a wɔdwane kɔhuntaa hɔ no, wɔde ogya hyeeɛ.

85 Nnipa a wɔwuu wɔ nkrantɛ ano ne wɔn a wɔhyee wɔn animono soɔ no ano sii mpem nwɔtwe.

86 Afei Yonatan firii hɔ na ɔkɔkyeree nsra wɔ Askelon, na nnipa a wɔwɔ kuro mu hɔ no de anidie kɛseɛ bɛhyiaa no kwan.

87 Ɔno ne wɔn a wɔka ne ho no de asadeɛ a ɛdɔɔso san baa Yerusalem.

88 Ɛberɛ a Ɔhene Aleksandro tee nsɛm yi no, ɔhyɛɛ Yonatan animuonyam mmorosoɔ;

89 na ɔsoma ma wɔde sika aboomu kɔmaa no sɛdeɛ na ɛyɛ amammerɛ a ɔyɛ ma Ɔhene nkurɔfoɔ no. Ɔsan nso de Ekron ne ɛho nsase maa no sɛ n’agyapadeɛ.

1 Makabee 11

Ptoleme hyɛne Siria

1 Afei Misraim hene boaa akofoɔ pii ano sɛ ɛpo ano anwea, ne nsuhyɛn bebree; na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔnam nnaadaa kwan so bɛgye Aleksandro ahennie na ɔde aka n’ankasa ahennie ho.

2 Ɔsiim de asomdwoeɛ nsɛm kɔɔ Siria, na nnipa a wɔwɔ nkuro no mu no buee wɔn apono maa no, na ɔkɔ kɔhyiaa no, ɛfiri sɛ na Ɔhene Aleksandro ahyɛ sɛ wɔnhyia no, ɛsiane sɛ na ɔyɛ Aleksandro ase barima.

3 Nanso ɛberɛ a Ptoleme hyɛnee nkuro no mu no, ɔde akofoɔ abansifoɔ tenaa kuro biara mu.

4 Ɛberɛ a ɔbɛnee Asoto no, wɔkyerɛɛ no Dagon abosonnan a wɔahyeɛ no, ne afunu a ɛgugu hɔ, ne wɔn a Yonatan hyee wɔn wɔ ɔko mu no, ɛfiri sɛ na wɔaboaboa ano wɔ ne kwan ho.

5 Wɔsan nso kaa deɛ Yonatan ayɛ, sɛ wɔde rebɔ no soboɔ; nanso ɔhene yɛɛ komm.

6 Yonatan hyiaa ɔhene wɔ Yopa wɔ anidie mu, na wɔkyeakyeaa wɔn ho na wɔdaa hɔ anadwo no.

7 Na Yonatan ne ɔhene no kɔɔ ara kɔduruu asubɔnten a wɔfrɛ no Eleuterus ho; na afei ɔsan baa Yerusalem.

8 Enti Ɔhene Ptoleme nyaa tumi wɔ mpoano nkuro no so de kɔsi Seleusia a ɛda ɛpo ho no, na ɔkɔɔ so ara faa adwene bɔne tiaa Aleksandro.

9 Ɔsomaa ananmusifoɔ kɔɔ Ɔhene Demetrius nkyɛn kaa sɛ: Bra ma yɛnyɛ apam, na mede wo bɛma me babaa a na ɔyɛ Aleksandro yere no aware, na wobɛdi w’agya ahennie so.

10 Afei na manu me ho sɛ mede me babaa maa no, ɛfiri sɛ wapɛ sɛ anka ɔku me.

11 Ɔde soboɔ no bɔɔ Aleksandro ɛfiri sɛ na n’ani bere n’ahennie no.

12 Enti ɔgyee ne babaa no firii ne nsam na ɔde no maa Demetrius. Ɔtwee ne ho firii Aleksandro ho, na wɔn manso no bɛdaa adi pefee.

13 Ɛnna Ptoleme hyɛnee Antiokia na ɔkɔhyɛɛ Asia ahenkyɛ no. Yei kyerɛ sɛ ɔde ahenkyɛ mmienu hyɛɛ ne ti, Misraim ahenkyɛ ne Asia deɛ no.

14 Saa berɛ no na Ɔhene Aleksandro wɔ Kilikia, ɛfiri sɛ nnipa a wɔwɔ mantam no mu no ate atua.

15 Ɛberɛ a Aleksandro teeɛ no, ɔbɛhyiaa no ne no koe. Ptoleme siim de akofoɔ a wɔyɛ den kɔhyiaa no, na ɔmaa wɔn dwanee.

16 Enti Aleksandro dwane kɔɔ Arabia kɔbɔɔ ne ho adwaa hɔ, na Ɔhene Ptoleme dii nkonim.

17 Sabdiel ne Arab twaa Aleksandro ti na ɔsoma de kɔmaa Ptoleme.

18 Nanso nnansa akyi no, Ɔhene Ptoleme wui, na nnipa a wɔtete abandenden no mu hɔ no kunkumm n’akofoɔ no wɔ abandenden no mu hɔ.

19 Ɛno nti Demetrius bɛyɛɛ ɔhene wɔ afe ɔha aduosia nsonmu.

Yonatan yɛ amanyɛsɛm

20 Nna no mu Yonatan boaboaa Yudeafoɔ sɛ wɔrekɔto ahyɛ abankɛseɛ a ɛwɔ Yerusalem no so, na ɔhyehyɛɛ akodeɛ a wɔde bubu afasuo a ɔde bɛko atia no.

21 Nanso atuatefoɔ bi a wɔtan wɔn man kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ Yonatan retua abankɛseɛ no.

22 Ɛberɛ a ɔtee yei no, ne bu fui, na ɔteeɛ no, ntɛm ara na ɔsiim baa Ptolemais; na ɔtwerɛ kɔmaa Yonatan sɛ ɔnnyae atuateɛ no, na mmom ɔmmɛhyia no wɔ Ptolemais ntɛm ara na wɔmfa adwene.

23 Ɛberɛ a Yonatan tee yei no, ɔhyɛɛ sɛ wɔnkɔ so ara ntua abankɛseɛ no. Ɔyii Israel mpanimfoɔ no mu bi ne asɔfoɔ no mu bi, na ɔde ne nkwa dii agorɔ,

24 ɛfiri sɛ ɔkɔɔ ɔhene hɔ wɔ Ptolemais de sika, dwetɛ, ntadeɛ ne akyɛdeɛ pii kɔmaa no. Na ɔnyaa ɔhene anim adom.

25 Ɛwom sɛ na atuatefoɔ bi a wɔfiri ne man mu kɔ so ara bɔ no kwaadu deɛ,

26 nanso ɔhene no yɛɛ no te sɛ deɛ na n’akannifoɔ yɛe no ara; ɔkorɔnn no wɔ ne Nnamfonom nyinaa anim.

27 Ɔsii no pi sɛ ɔno ne ɔsɔfo panin ne animuonyam ahodoɔ a na akane no ɔwɔ, na ɔmaa wɔkan no kaa ne Nnamfonom atitire no ho.

28 Afei Yonatan bisaa ɔhene no sɛ ɔmfa Yudea ne Samaria mansini mmiɛnsa no ho nkyɛ wɔn wɔ ɛtoɔ tua mu, na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛma no dwetɛbena ahasa.

29 Ɔhene penee so, na ɔtwerɛɛ krataa a ɛfa nnoɔma yeinom nyinaa ho kɔmaa Yonatan; na emu nsɛm no te sɛ deɛ ɛdidi soɔ yi:

30 Ɔhene Demetrius de kɔma ne nua Yonatan ne Yudafoɔ man, mekyea mo.

31 Nwoma a yɛtwerɛ faa wo ho kɔmaa yɛn busuani Lastenes nhwɛsoɔ na yɛatwerɛ de rebrɛ wo nso yi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wobɛhu deɛ ɛreka.

32 Ɔhene Demetrius de kɔma n’agya Lastenes, mekyea wo.

33 Yɛabɔ yɛn tirim sɛ yɛbɛyɛ deɛ ɛyɛ ama Yudafoɔ a wɔyɛ yɛn ayɔnkofoɔ no, ɛsiane adɔeɛ a wɔayi no adi akyerɛ yɛn no nti.

34 Yɛasi no pi sɛ Yudea, Afairema ne Lida amansini no yɛ wɔn dea; akyire deɛ no, wɔde mantam a wɔn ne wɔn bɔ hyeɛ no nyinaa aka wɔn ho firi Samaria. Na wɔn a wɔbɔ afɔdeɛ wɔ Yerusalem no, yɛama wɔn fawohodie wɔ adehyeɛ toɔ a na anka wɔtua firi asase no so nnɔbaeɛ ne nnua so nnuaba de ma ɔhene afe biara no ho.

35 Na ɛfiri ɛnnɛ rekɔ, ɛtoɔ nkaeɛ a ɛyɛ yɛn dea no, ntotosoɔ du du, ɛtoɔ a ɛsɛ sɛ ɛba yɛn nkyɛn no, ne nkyene amena ne ahenkyɛ toɔ a wɔyi ma yɛn no, yɛbɛma mo agyae yeinom nyinaa tua.

36 Na mmoa sika yi, wɔrentwa mu da ɛfiri nnɛ de kɔsi daa.

37 Afei hwɛ yei yie na yɛ ne nhwɛsoɔ bi, na wɔmfa ma Yonatan na wɔmfa nto baabi a wɔbɛhu wɔ bepɔ kronkron no so.

Trifo kontokyisɛm

38 Ɛberɛ a Ɔhene Demetrius hunuu sɛ asase no so ayɛ dinn wɔ n’anim na obiara nsɔre ntia no no, ɔgyaa n’akofoɔ no nyinaa kwan maa wɔkɔɔ wɔn afie mu, na ɛkaa ahɔhoɔ akofoɔ a wɔfaa wɔn firii nsupɔ a ɛwɔ aman soɔ no. Enti akofoɔ a na anka wɔasom n’akannifoɔ tanee no.

39 Afei Trifo bi a akane no na ɔyɛ Aleksandro akyitaefoɔ no mu baako; ɔhunuu sɛ akofoɔ no nyinaa renwiinwii tia Demetrius. Enti ɔkɔɔ Arabni Imalkue a na ɔretete Aleksandro ba kumaa Antiokus,

40 na ɔhyɛɛ no dendeenden sɛ ɔmfa Antiokus ma no, na ɔmmɛsi n’agya ananmu nni hene. Ɔsan nso ka kyerɛɛ Imalkue adeɛ a Demetrius ayɛ, ne ɔtan a Demetrius akofoɔ tan no; na ɔtenaa hɔ nna bebree.

41 Afei Yonatan soma kɔɔ Ɔhene Demetrius nkyɛn sɛ ɔnyi akofoɔ a wɔwɔ Yerusalem abankɛseɛ ne abandenden mu no hɔ; ɛfiri sɛ na wɔda so ara ne Israel di ako.

42 Ɛnna Demetrius soma de asɛm yi kɔmaa Yonatan sɛ: Ɛnyɛ yei nko na mɛyɛ ama wo ne wo man, na mmom mede animuonyam kɛseɛ bɛma wo ne wo man, sɛ menya ɛberɛ a ɛsɛ a.

43 Seesei deɛ wobɛbɔ mmɔden asoma mmarima a wɔbɛboa me, ɛfiri sɛ m’akofoɔ no nyinaa ate tua.

44 Enti Yonatan soma de mmarima abrane mpem mmiɛnsa kɔmaa no wɔ Antiokia, na ɛberɛ a wɔbɛduruu ɔhene nkyɛn no, ɔhene no ani gyee sɛ wɔabɛduru.

45 Afei nnipa a wɔwɔ kuro no mu boaboaa wɔn ho ano, na na wɔn dodoɔ yɛ mpem ɔha aduonu, na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔbɛku ɔhene.

46 Nanso ɔhene dwane kɔhyɛɛ ahemfie. Ɛnna afei kuro no mu nnipa gyee kuro no abɔntene fae, na wɔfirii aseɛ koe.

47 Enti ɔhene frɛɛ Yudafoɔ no sɛ wɔmmɛboa no, na wɔbɛtwaa ne ho hyiae, na afei wɔfefaa kuro no mu baabiara; na ɛda no wɔkumm nnipa bɛyɛ ɔpeha.

48 Wɔde ogya hyee kuro no na wɔfaa asadeɛ pii ɛda no, na wɔgyee ɔhene no nkwa.

49 Na ɛberɛ a nnipa a wɔwɔ kuro no mu hunuu sɛ Yudafoɔ no anya tumi wɔ kuro no so sɛdeɛ wɔpɛ no, wɔn akoma tui, na wɔsu de kyɛw pa kɔmaa ɔhene sɛ:

50 Dom yɛn asomdwoeɛ, na ma Yudafoɔ no nnyae ɔko a wɔreko tia yɛn ne yɛn kuro no.

51 Na wɔtotoo wɔn akodeɛ guu fam na wɔyɛɛ asomdwoeɛ nhyehyɛɛ. Saa nti Yudafoɔ no nyaa animuonyam wɔ ɔhene no ani so ne nnipa a wɔwɔ ahemman no mu nyinaa ani so, na wɔsan de asadeɛ pii baa Yerusalem.

52 Enti Ɔhene Demetrius tenaa n’ahennie adwa so, na asase no so dwoe ne berɛ so.

53 Nanso ɔbuu ne bɔhyɛ a ɔhyɛeɛ no nyinaa so; na ɔno ne Yonatan ntam teteeɛ, na papayɛ a Yonatan yɛɛ no no, mmom ɔde ayakayakadeɛ na ɛtuaa ne so ka.

Trifo gye ahennie no

54 Yei akyi no, Trifo san bae, na na abarimaa Antiokus a ɔfirii aseɛ hyɛɛ ahenkyɛ na ɔdii adeɛ no ka ne ho.

55 Akofoɔ a Demetrius yii wɔn adie no nyinaa boaa wɔn ano baa ne nkyɛn, na wɔn ne Demetrius koe, na ɔdwanee, na ɔdii nkoguo.

56 Trifo kyeree asono no na ɔnyaa tumi wɔ Antiokia so.

57 Afei aberanteɛ Antiokus twerɛ kɔmaa Yonatan kaa sɛ: Mefoa wo so wɔ wo sɔfo panin yɛ no, na mede mansini nnan hyɛ wo nsa, na mayɛ wo ɔhene Nnamfonom no mu baako.

58 Ɔsan nso soma maa wɔde sika plɛte ne ɔsom pono bi kɔmaa no, na ɔmaa no kwan sɛ ɔnom sika nkuruwa ano na ɔnhyɛ beredum atadeɛ na ɔmmɔ sika aboomu.

59 Ɔyii Yonatan nua Simon sɛ amrado firi Lader a ɛwɔ Tiro de kɔsi Misraim ahyeɛ so.

Yonatan ne Simon satuo

60 Afei Yonatan siim na ɔtuu kwan traa asubɔnten no ne nkuro no, na Siria asraafoɔ no nyinaa boaa wɔn ho ano bɛyɛɛ n’ayɔnkofoɔ. Ɛberɛ a ɔbaa Askelon no, nnipa a wɔwɔ hɔ no hyiaa no, na wɔhyɛɛ no animuonyam.

61 Ɛfiri hɔ no, ɔkɔɔ Gasa, nanso nnipa a wɔwɔ Gasa no sii no kwan. Yei nti ɔtuaa kuro no de ogya hyee n’aborɔno no na ɔfomm mu nnoɔma fae.

62 Afei nnipa a wɔwɔ Gasa no srɛɛ Yonatan, na ɔne wɔn yɛɛ asomdwoeɛ apam, na ɔfaa wɔn ahemfo mmabarima nnommum, na ɔde wɔn baa Yerusalem. Na ɔtwaam faa ɔman no mu kɔduruu Damasko.

63 Afei Yonatan tee sɛ Demetrius mpanimfoɔ no de asraafoɔ dɔm kɛseɛ aba Kades a ɛwɔ Galilea, na wɔafa adwene sɛ wɔbɛyi no afiri ne diberɛ.

64 Ɔkɔhyiaa wɔn, na mmom ɔgyaa ne nua Simon hɔ wɔ ɔman no mu.

65 Simon kyeree nsra wɔ Bet-sur anim na ɔko tiaa no nna bebree na ɔkaa wɔn miaeɛ.

66 Afei wɔsrɛɛ no sɛ ɔne wɔn nyɛ asomdwoeɛ ho nhyehyɛɛ, na ɔyɛɛ saa. Ɔyii wɔn firii hɔ, na ɔfaa kuro no, na ɔde abansifoɔ duaa hɔ.

67 Yonatan ne n’asraafoɔ no kyeree nsraban wɔ asuo a ɛwɔ Genesaret ho. Anɔpahema na wɔkɔɔ Hasor asasetam no ho,

68 na asasetam no so hɔ na asraafoɔ ahɔhoɔ no hyiaa no; na wɔahunta retɛ no wɔ mmepɔ no so, nanso wɔn ankasa bɛhyiaa no anim ne anim.

69 Afei mmarima atɛfoɔ no firi wɔn mmeammea ba bɛkoe.

70 Mmarima a wɔka Yonatan ho no nyinaa dwanee; anka wɔn mu baako mpo gye Matatias a n’agya ne Absalom, ne Yuda a n’agya ne Kalfi, asahene a wɔdeda asraafoɔ dɔm no ano.

71 Yonatan sunsuanee n’atadeɛ mu, na ɔde mfuturo guu ne tirim, na ɔbɔɔ mpaeɛ.

72 Afei ɔsan danee ne ho kɔɔ akono ne n’atamfoɔ kɔkoe, na ɔdii wɔn so, na wɔdwanee.

73 Ɛberɛ a ne mmarima a wɔredwane no hunuu yei no, wɔsan baa ne nkyɛn bɛkaa ne ho ne no tii wɔn kɔɔ Kades, wɔn nsraban mu, na wɔkyeree nsra wɔ hɔ.

74 Asraafoɔ ahɔhoɔ no mu dodoɔ bɛyɛ mpem mmiɛnsa totɔe ɛda no. Na Yonatan san baa Yerusalem.

1 Makabee 12

Wɔne Roma ne Sparta yɛ apam

1 Afei ɛberɛ a Yonatan hunuu sɛ ɛberɛ no yɛ ma no no, ɔyii mmarima somaa wɔn kɔɔ Roma sɛ wɔnkɔsi wɔne wɔn ayɔnkofa no so dua na wɔnyɛ no foforɔ.

2 Ɔsan nso de nkrataa a ɛreka asɛm korɔ no ara kɔɔ Sparta ne mmeaɛ afoforɔ.

3 Saa nti wɔkɔɔ Roma na ɔhyɛnee mmarahyɛbadwa dan no mu na wɔkaa sɛ: Yonatan, ɔsɔfo panin no ne Yuda man asoma yɛn sɛ yɛmmɛyɛ yɛne wɔn ayɔnkofa ne apam dada no foforɔ.

4 Na Romafoɔ no maa wɔn nkrataa de kɔmaa nkurɔfoɔ a wɔwɔ baabiara, sɛ wɔngya ananmusifoɔ no kwan ma wɔnkɔduru Yuda asase so dwoodwoo.

5 Yei ne krataa a Yonatan twerɛ kɔmaa Spartafoɔ no nhwɛsoɔ:

6 Yonatan, ɔsɔfo panin, ɔman no mmarahyɛbadwa, asɔfoɔ, ne Yudafoɔ nkaeɛ de kɔma wɔn nuanom Spartafoɔ, yɛkyea mo.

7 Ɛberɛ a abɛsene korɔ no, wɔde krataa bi kɔmaa Ɔsɔfopanin Onias a ɔfiri Arius, a na ɔka mo ho, kaa sɛ mo yɛ yɛn nuanom, sɛdeɛ nhwɛsoɔ a wɔatwerɛ no kyerɛ no.

8 Onias de anidie gyee asomafoɔ no, na ɔgyee krataa a ɛka apam ne ayɔnkofa no pefee.

9 Saa nti, ɛwom sɛ yɛnhia saa nnoɔma yi deɛ, ɛsiane sɛ yɛnya yɛn nkuranhyɛ firi nwoma kronkron a yɛwɔ wɔ yɛn nsam yi mu,

10 yɛagye atom sɛ yɛbɛsoma, na abusuayɛ ne ayɔnkofa a yɛn ne mo wɔ no ayɛ foforɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na yɛn ne mo ntam nteɛ, ɛfiri sɛ mode nwoma brɛɛ yɛn no akyɛre yie.

11 Saa nti yɛkae mo ɛberɛ biara mu, yɛn afahyɛ ne nna afoforɔ a ɛfata mu nyinaa, wɔ afɔdeɛ a yɛbɔ ne yɛn mpaebɔ mu, sɛdeɛ ɛtene na ɛyɛ papa sɛ yɛkae anuanom no.

12 Na yɛn ani gye wɔ mo animuonyam mu.

13 Na mmom yɛn ara deɛ, sɔhwɛ ne akodie bebree atwa yɛn ho ahyia; ahemfo a wɔatwa yɛn ho ahyia atu yɛn so sa.

14 Na yɛmpɛ sɛ saa akokoakoko yi bɛha mo ne yɛn nnamfonom ne ayɔnkofoɔ nkaeɛ no,

15 ɛfiri sɛ yɛwɔ mmoa a ɛfiri Ɔsoro bɛboa yɛn, enti wɔgyee yɛn firii yɛn atamfoɔ nsam, na wɔbrɛɛ yɛn atamfoɔ ase.

16 Saa nti yɛayi Antiokus ba Numenius ne Yason ba Antipater na yɛasoma wɔn kɔ Roma sɛ wɔnkɔyɛ yɛne wɔn kane ayɔnkofa ne apam no foforɔ.

17 Yɛahyɛ wɔn nso sɛ, wɔnsan mmra mo nkyɛn mmɛkyea mo na wɔmfa saa krataa yi a ɛfa yɛn abusuayɛ foforɔyɛ no mmrɛ mo.

18 Afei yɛsrɛ mo, momfa yei ho mmuaeɛ mmrɛ yɛn.

19 Yei ne krataa a wɔde kɔmaa Onias no nhwɛsoɔ:

20 Ɔhene Arius a ɔdi Spartafoɔ soɔ, de kɔma Ɔsɔfo panin Onias, mekyea wo.

21 Wɔahunu nsɛm bi a wɔatwerɛ afa Spartafoɔ ne Yudafoɔ ho sɛ wɔyɛ anuanom a wɔfiri Abraham abusua mu.

22 Na afei a yɛahu yei no, yɛsrɛ mo, montwerɛ biribi a ɛfa mo asetena mu yiedie ho mmrɛ yɛn;

23 yɛn fa mu, yɛtwerɛ brɛ mo sɛ mo anantwie ne mo agyapadeɛ wɔ yɛn, na yɛn deɛ nso wɔ mo. Saa nti yɛahyɛ yɛn ananmusifoɔ sɛ wɔmmɛka asɛm yi nkyerɛ mo saa ara.

Yonatan ne Simon satuo afoforɔ bi

24 Afei Yonatan tee sɛ Demetrius asafohene de akofoɔ pii a wɔdɔɔso sene akane deɛ no no sɛ wɔne no rebɛko.

25 Enti ɔfirii Yerusalem kɔe na ɔhyiaa wɔn wɔ Hamat mantam mu, ɛfiri sɛ wammma wɔn kwan biara sɛ wɔmmɛfa wɔn man mfa ntena mu.

26 Ɔsomaa akwansrafoɔ kɔɔ wɔn nsraban mu, na wɔsan ba bɛka kyerɛɛ no sɛ ɔtamfo no reboaboa wɔn ho abɛto ahyɛ Yudafoɔ so anadwo.

27 Enti owia kɔtɔeɛ no, Yonatan hyɛɛ n’akofoɔ sɛ wɔnna wɔn ho so na wɔmmia wɔn ho, sɛdeɛ wɔbɛyɛ ahoboa anadwo no nyinaa atwɛn ɔko, na ɔde twafoɔ gyinagyinaa nsraban no ho hyiae.

28 Ɛberɛ a ɔtamfo no tee sɛ Yonatan ne n’akofoɔ no resiesie wɔn ho ama ɔko no, wɔsuroe na wɔn akoma tui; enti wɔsɔɔ gya wɔ nsraban no mu na wɔtwe sanee.

29 Nanso na Yonatan ne n’akofoɔ no nnim de kɔsi anɔpa, ɛfiri sɛ wɔhunuu sɛ ogya rehyeɛ.

30 Afei Yonatan tii wɔn, nanso wantumi anto wɔn, ɛfiri sɛ na wɔatwa Eleuterus asubɔnten no.

31 Enti Yonatan danee ne ho kɔto hyɛɛ Arabfoɔ a wɔfrɛ wɔn Sabadeafoɔ no so, na ɔkunkumm wɔn na ɔfomm wɔn nnoɔma.

32 Afei ɔtuu nsraban no na ɔkɔɔ Damasko, na ɔtwaam faa mantam mu hɔ nyinaa.

33 Simon nso firii adi na ɔfaa ɔman no kɔ kɔduruu Askelon ne abandenden a ɛbemmɛn no ho. Ɔdanee ne ho kɔɔ Yopa na ɔkɔfae mpofirim,

34 ɛfiri sɛ na wate sɛ wɔrebɛdane abandenden no ama wɔn a Demetrius asoma wɔn no. Na ɔde abansifoɔ duaa hɔ sɛ wɔnwɛn.

35 Ɛberɛ a Yonatan san baeɛ no, ɔfrɛɛ ɔman no mu mpanimfoɔ nhyiamu, na ɔne wɔn faa adwene sɛ wɔbɛsisi abandenden wɔ Yudea,

36 na wɔato Yerusalem afasuo no tentene bio, na wɔasi pampim wɔ abankɛseɛ no ne kuro no ntam, na ate ne ho afiri kuro no ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na wɔbɛgya no nko ara, na n’abansifoɔ no ntumi ntɔ na wɔntumi ntɔn.

37 Enti wɔboaa wɔn ho ano sɛ wɔresi kuro no bio; na ɔfasuo no fa a ɛwɔ bonhwa a ɛwɔ apueeɛ fam no abubu, na ɔsiesiee ɛfa a wɔfrɛ no Kafenata no.

38 Simon nso sii Adida a ɛwɔ Sefela no; na ɔbɔɔ ho ban na ɔde mpratwom sisii apono no.

Trifo kye Yonatan

39 Afei Trifo pɛɛ sɛ ɔbɛdi hene wɔ Asia na ɔde ahenkyɛ hyɛ, na wama ne nsa so atia Ɔhene Antiokus.

40 Ɔsuroo sɛ ebia Yonatan remma no kwan mma no nyɛ saa, na mmom ɔne no bɛko, enti ɔhwehwɛɛ sɛ ɔbɛkye no na waku no. Ɔfirii adi baeɛ bɛduruu Bet-san.

41 Yonatan de akofoɔ a wɔayi wɔn mpem aduanan firii adi kɔhyiaa no, na ɔbɛduruu Bet-san.

42 Ɛberɛ a Trifo hunuu sɛ ɔde asraafoɔ dɔm kɛseɛ aba no, ɔsuroo sɛ ɔde ne nsa bɛka no.

43 Enti ɔde anidie gyee no na ɔkamfoo no maa ne Nnamfonom nyinaa, na ɔmaa no akyɛdeɛ na ɔhyɛɛ ne Nnamfonom ne n’akofoɔ no sɛ wɔntie no sɛdeɛ wɔtie no no.

44 Ɛnna ɔka kyerɛɛ Yonatan sɛ: Adɛn nti na woaha saa nnipa yi nyinaa saa wɔ berɛ a yɛrenko?

45 Gya wɔn kwan ma wɔnkɔ fie na ɛnka nnipa kakraa bi ma wɔntena wo ho, na ma yɛnkɔ Ptolemais. Mede bɛma wo, ɛne abandenden afoforɔ ne akofoɔ nkaeɛ no ne mpanimfoɔ no nyinaa, na mɛdane me ho akɔ fie. Na yei ara nti na mewɔ ha.

46 Yonatan gyee no diiɛ na ɔyɛɛ sɛdeɛ ɔkaeɛ no; ɔgyaa n’akofoɔ no kwan maa wɔkɔe, na wɔsan baa Yuda asase so.

47 Ɔgyaa mmarima mpem mmiɛnsa kaa ne ho, ɔgyaa wɔn mu mpem mmienu wɔ Galilea, ɛberɛ a apem kaa ne ho.

48 Nanso ɛberɛ a Yonatan hyɛnee Ptolemais no, nnipa a wɔwɔ Ptolemais no totoo apono no mu na wɔkyeree no, na wɔde nkrantɛ kunkumm wɔn a wɔne no kɔɔ hɔ no nyinaa.

49 Afei Trifo somaa akofoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ kɔɔ Galilea ne Asasetam Kɛseɛ no so sɛ wɔrekɔkunkum Yonatan asraafoɔ no nyinaa.

50 Nanso wɔhunuu sɛ wɔakyere Yonatan na ɔne ne nkurɔfoɔ no awuwu, na wɔhyehyɛɛ wɔn ho nkuran na wɔkaa wɔn ho boom kɔɔ wɔn anim, na wɔsiesiee wɔn ho maa ɔko.

51 Ɛberɛ a wɔn atifoɔ no hunuu sɛ wɔrebɛko agye wɔn ho nkwa no, wɔsanee wɔn akyi.

52 Enti wɔn nyinaa bɛduruu Yuda asase so dwoodwoo, na wɔbɛsuu Yonatan ne n’ayɔnkofoɔ na ehu kɛseɛ bɔɔ wɔn; na Israel nyinaa suu kɛseɛ.

53 Aman a atwa wɔn ho ahyia no nyinaa pɛɛ sɛ wɔsɛe wɔn, ɛfiri sɛ wɔkaa sɛ: Wɔnni ɔkannifoɔ anaa ɔboafoɔ biara. Saa nti momma yɛn ne wɔn nko na yɛmpepa wɔn nkaeɛ mfiri adasamma mu.