1 Makabee 10

Aleksandro Epifanes atuateɛ

1 Afe ɔha aduosiamu no, Antiokus ba Aleksandro Epifanes bɛduruu Ptolemais na ɔtenaa hɔ. Wɔyɛɛ no atuu, na ɔfiri aseɛ dii hene wɔ hɔ.

2 Ɛberɛ a Ɔhene Demetrius teeɛ no, ɔboaboaa asraafoɔ dɔm kɛseɛ ano na wɔkɔe sɛ wɔrekɔhyia no ne no ako.

3 Demetrius de krataa a emu nsɛm yɛ asomdwoeɛ kɔbɔɔ Yonatan aba so;

4 ɛfiri sɛ ɔka kyerɛɛ ne ho sɛ: Momma yɛnni kan ne no nyɛ asomdwoeɛ apam ansa na ɔne Aleksandro ayɛ asomdwoeɛ apam atia yɛn,

5 ɛfiri sɛ ɔbɛkae bɔne a yɛayɛ ɔne ne nuanom nyinaa ne ne man.

6 Ɛno nti Demetrius maa no tumi sɛ ɔmfa nyiyi akofoɔ, na ɔmma wɔn akodeɛ mfa mmia, na wɔmmɛyɛ ne nnamfonom; na ɔhyɛɛ sɛ wɔnnyae nnommumfoɔ a wɔwɔ abankɛseɛ no mu nyinaa ma no.

7 Afei Yonatan baa Yerusalem na ɔkenkanee krataa no maa ɔman no ne wɔn a wɔwɔ abankɛseɛ no mu nyinaa teeɛ.

8 Na ɛberɛ a wɔtee sɛ ɔhene ama no tumi sɛ ɔnyiyi akofoɔ no, ɛhu kɛseɛ bɔɔ wɔn.

9 Nanso wɔn a wɔwɔ abankɛseɛ no mu no gyae nnommum no maa Yonatan, na ɔde wɔn kɔmaa wɔn awofoɔ.

10 Na Yonatan tenaa Yerusalem na ɔfirii aseɛ sɛ ɔrekyekyere kuro no na wasiesie.

11 Ɔhyɛɛ wɔn a wɔreyɛ adwuma no sɛ, wɔnto afasuo no na wɔmfa aboɔ a ɛyɛ ahinanan ntwa Bepɔ Sion ho nhyia, na ɛmmɔ ho ban yie; na wɔyɛɛ saa.

12 Afei ahɔhoɔ no a wɔtete abandenden a Bakides asisie no dwaneeɛ;

13 wɔn nyinaa gyaa wɔn beaeɛ hɔ san kɔɔ wɔn nsase so.

14 Bet-sur nko ara mu na ebinom a wɔapo mmara ne ahyɛdeɛ no kaeɛ, ɛfiri sɛ na abɛyɛ dwanekɔbea.

15 Afei Ɔhene Aleksandro tee bɔhyɛ a Demetrius asoma de akɔma Yonatan no nyinaa, na ɔtee sa a na Yonatan ne ne nuanom atuo, mmaninneɛ a na wɔayɛ, ne amanehunu a wɔafa mu.

16 Enti ɔkaa sɛ: Yɛbɛtumi anya onipa yi nsɛso anaa? Mommra ɛ, yɛbɛyɛ no yɛn adamfo ne yɛn yɔnko.

17 Na ɔtwerɛɛ krataa de soma kɔmaa no, na emu nsɛm ne sɛ:

Yonatan bɛyɛ Ɔsɔfo Panin

18 Ɔhene Aleksandro de kɔma ne nua Yonatan, mekyea wo.

19 Yɛate wo nka, sɛ woyɛ ɔkofo katakyie a wofata sɛ woyɛ yɛn yɔnko.

20 Ɛno nti, yɛayi wo sɛ, ɛnnɛ da yi bɛyɛ ɔsɔfo panin wɔ wo man mu; wɔbɛfrɛ wo ɔhene Adamfo, na ɛsɛ sɛ wogyina yɛn afa na wo ne yɛn nya ayɔnkofa. Ɔsan nso kɔmaa no atadeɛ beredum ne sika ahenkyɛ.

21 Ɛno nti Yonatan hyɛɛ atadeɛ kronkron no wɔ afe ahansia aduosia mu, bosome a ɛtɔ so nson, wɔ sese afahyɛ no mu, na ɔfaa akofoɔ maa wɔn akodeɛ bebree.

22 Ɛberɛ a Demetrius tee saa nsɛm yi no, ɛhaa no maa ɔkaa sɛ:

23 Ɛdeɛn na yɛayɛ yi? Aleksandro adi yɛn anim kan ɛne Yudafoɔ ayɛ ayɔnkoɔ de ahyɛ ne ho den.

24 Me nso mɛtwerɛ wɔn nkuranhyɛ krataa na mahyɛ wɔn animuonyam ne akyɛdeɛ ho bɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mɛnya wɔn mmoa.

25 Enti ɔtoo wɔn nkra wɔ nsɛm yi mu sɛ:

Demetrius krataa a ɔde kɔma Yonatan

Ɔhene Demetrius de kɔma Yudafoɔ man, mekyea mo.

26 Ɛsiane sɛ moadi nhyehyɛɛ a mo ne yɛn yɛeɛ na moakɔ so ara akora mo ne yɛn ayɔnkofa no, na moakɔ yɛn atamfoɔ afa nti, yɛate na yɛn ani agye.

27 Afei monkɔ so ara nya yɛn mu gyidie, na yɛde papa bɛtua mo ka wɔ deɛ moyɛ ma yɛn no ho.

28 Yɛbɛma mo banbɔ ne akyɛdeɛ bebree.

29 Seesei mema wo ahofadie ne Yudafoɔ nyinaa fawohodie wɔ ɛtoɔ tua ne nkyene toɔ ne ahenkyɛ ɛtoɔ tua ho,

30 na sɛ anka mɛgye aburoo mu abupɛn mmiɛnsa, ne nnua so nnuaba abunu a anka megyeɛ no, ɛfiri nnɛ rekorɔ megyae mu. Merennye yeinom mfiri Yuda asase so anaasɛ mansini mmiɛnsa a wɔde aka ho firi Samaria ne Galilea, ɛfiri nnɛ ne ɛberɛ a aka nyinaa.

31 Yerusalem ne ne mpɔtam, ntotosoɔ du du ne sika a wɔtua bɛyɛ ade kronkron a wɔntua ho toɔ biara.

32 Megyae me tumi a mewɔ wɔ Yerusalem abankɛseɛ no soɔ no mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔno ara de mmarima a wɔayi wɔn bɛbɔ ho ban.

33 Na Yudani biara a wɔfaa no kɔɔ dommum mu wɔ m’ahemman mu baabiara no, mede ne ho kyɛ no a ɔntua biribiara; na ɛtogyefoɔ nyinaa nso twaa ɛtoɔ a wɔgye no wɔ wɔn anantwie ho no mu.

34 Na afahyɛ nyinaa, home nna, abosome foforɔ, nna a wɔayi asi hɔ, ne nnansa a ɛdi afahyɛ anim ne afahyɛ akyi no, momma nna yi nyinaa nyɛ ɔgyeɛ ne ahosan nna ma Yudafoɔ a wɔwɔ m’ahennie mu baabiara.

35 Obiara nni hɔ a ɔbɛnya tumi de agye biribiara afiri wɔn nkyɛn anaasɛ ɔde nnoɔma yeinom bi bɛhyɛ wɔn mu biara abufuo.

36 Wɔntwerɛ Yudafoɔ mmarima a wɔn dodoɔ yɛ mpem aduasa din nka ɔhene akofoɔ no ho, na wɔmma wɔn aduane a ɛsɛ sɛ wɔde ma ɔhene akofoɔ nyinaa no bi.

37 Momma wɔn mu binom nnyinagyina ɔhene abandenden no ho, na momma wɔn mu binom so nnyina asodie diberɛ wɔ ahennie no mu. Momma wɔn mu diberɛfoɔ ne akannifoɔ mfiri wɔn ara mu, na momma wɔmfa wɔn mmara ntena ase, sɛdeɛ ɔhene ahyɛ wɔ Yuda asase soɔ ara pɛpɛɛpɛ.

38 Ɛfa amansini mmiɛnsa a wɔde firi Samaria man mu abɛka Yudea ho no deɛ, momfa wɔn mfam Yudea ho sɛdeɛ wɔbɛfa no sɛ wɔhyɛ ɔhene baako ase na wɔayɛ setie ama tumi baako a ɛno ne ɔsɔfo panin no.

39 Mede Ptolemais ne asase a ɛfam ho no akyɛ kronkronbea a ɛwɔ Yerusalem no, ama wɔatumi atua ɛka a ɛho hia wɔ kronkronbea hɔ no.

40 Mesan nso de dwetɛbena mpem dunum a ɛfiri ɔhene toɔ a wɔgye firi beaeɛ a ɛfata no mu mema.

41 Na sika a ɛkeka ho a aban mu mpanimfoɔ ntuaeɛ sɛdeɛ wɔyɛe wɔ mfeɛ a ɛdi kan no mu, wɔde bɛma ama wɔde adi dwuma wɔ asɔrefie no mu.

42 Afei nso, dwetɛbena mpem nnum a m’atogyefoɔ gyegye firii asɔrefie som mu afe biara no, yei nso matwa mu, ɛfiri sɛ ɛyɛ asɔfoɔ a wɔsom wɔ hɔ no dea.

43 Na wɔn a wɔde asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem hɔ ayɛ wɔn dwanekɔbea no nyinaa, anaasɛ mmeammea a ɛwowɔ ne nkyɛn no bi, sɛ wɔwɔ sika bi tua ma ɔhene anaasɛ wɔde ka bi a, wɔnnyaa no na wɔn nsa nka wɔn agyapadeɛ biara wɔ m’ahemman mu.

44 Wɔntua kronkronbea no afa a wɔresan ahyehyɛ na wɔasiesie no ho ka mfiri ɔhene sika a ɔnya no mu.

45 Na wɔmma Yerusalem afasuo a wɔresan ato ahyia ne ne ban bɔ no ho ka ne Yudea afasuo a wɔresan asie ho ka no, wɔntua mfiri ɛtoɔ a wɔgyegye ma ɔhene no mu.

Demetrius wuo

46 Ɛberɛ a Yonatan ne ɔman no tee nsɛm yi no, wɔannye anni anaasɛ wɔannye antom, ɛfiri sɛ wɔkaee amumuyɛ kɛseɛ a Demetrius ayɛ wɔ Israel ne sɛdeɛ wɔhiahiaa wɔn ho no.

47 Wɔgyee Aleksandro too mu, ɛfiri sɛ ɔno na ɔdii kan kaa asomdwoeɛ nsɛm kyerɛɛ wɔn, na wɔkɔɔ so ara yɛɛ ne nnamfonom ne nna nyinaa.

48 Afei Ɔhene Aleksandro boaboaa akofoɔ bebree ano na wɔkyeree nsraban wɔ Demetrius ntentensoɔ.

49 Ahemfo mmienu no hyiaa mu wɔ ɔko mu, na Demetrius dwanee, na Aleksandro tii no na ɔdii wɔn so nkonim.

50 Ɔpemm so wɔ ɔko no mu dendeenden kɔsii sɛ owia kɔtɔeɛ, na saa da no Demetrius wui.

Ptoleme ne Aleksandro apam

51 Ɛnna Aleksandro somaa abɔfoɔ kɔɔ Ptoleme a ɔyɛ Misraim hene de nsɛm yi kɔmaa no sɛ:

52 Masan akɔ m’ahemman mu na matena me nananom ahennwa soɔ yi, na m’ahennie ase atim, ɛsiane sɛ madi Demetrius so na medi tumi wɔ yɛn man mu yi;

53 mehyiaa no ɔko mu, na ɔno ne n’asraafoɔ dii ntwo wɔ yɛn anim, na yɛafa yɛn adwa wɔ n’ahemman ahennwa no so,

54 ɛnneɛ afei momma yɛmfa yɛn ho ayɔnkofoɔ; fa wo babaa ma menware, na menyɛ wo aseɛ, na mede akyɛdeɛ bɛbrɛ wo ne no sɛdeɛ ɛfata wo diberɛ no.

55 Ɔhene Ptoleme buaae na ɔkaa sɛ: Ɛyɛ anigyeɛ da, ɛberɛ a wosan kɔɔ wo nananom asase so kɔtenaa wɔn ahennie adwa soɔ no.

56 Afei mɛyɛ sɛdeɛ wotwerɛeɛ no, na mmom hyia me wɔ Ptolemais, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛhu yɛn ho anim ne anim, na mayɛ wo aseɛ, sɛdeɛ woaka no.

57 Enti Ptoleme sii mu wɔ Misraim, na ɔno ne ne babaa Kleopatra baa Ptolemais wɔ afe ɔha aduosia mmienumu.

58 Ɔhene Aleksandro hyiaa no, na Ptoleme de ne babaa Kleopatra maa no awareɛ, na wɔyɛɛ n’ayeforɔhyia wɔ Ptolemais wɔ animuonyam kɛseɛ mu, sɛdeɛ ahemfo yɛ no.

59 Afei Ɔhene Aleksandro twerɛ kɔmaa Yonatan sɛ ɔmmra ne no mmɛhyia.

60 Enti ɔde animuonyam kɛseɛ kɔɔ Ptolemais hɔ kɔhyiaa ahemfo baanu no; ɔde sika, dwetɛ ne akyɛdeɛ bebree maa wɔn ne wɔn Nnamfonom, na ɔnyaa wɔn anim adom.

61 Nnipa bi a wɔyɛ mansotwefoɔ, mekyerɛ atuatefoɔ boaa wɔn ho ano firii Israel, baeɛ bɛtiaa no totoo n’ano; nanso ɔhene antie wɔn.

62 Ɔhene hyɛɛ sɛ wɔnyi Yonatan atadeɛ na wɔmfa beredum atadeɛ nhyɛ no, na wɔyɛɛ saa.

63 Ɔhene san de no tenaa ne nkyɛn; na ɔka kyerɛɛ ne mpanimfoɔ no sɛ: Mo ne no nkɔ kuro no mfimfini hɔ na mompae mu nka sɛ, ma obiara mfa asɛm biara mmɛbɔ no kwaadu, na mma obiara nhyɛ no abufuo biribiara nti.

64 Ɛberɛ a n’anototofoɔ no hunuu animuonyam a wɔahyɛ no no, sɛdeɛ na dawurubɔ no teɛ no, na ɔhunuu sɛ wɔde beredum atadeɛ ahyɛ no nti, wɔn nyinaa dwaneeɛ.

65 Saa nti, ɔhene hyɛɛ no animuonyam na ɔde no kaa ne Nnamfonom atitire no ho, na ɔyɛɛ no ɔsahene ne amrado wɔ mantam no so.

66 Na Yonatan de asomdwoeɛ ne anigyeɛ san kɔɔ Yerusalem.

Yonatan di Apolonius so nkonim

67 Afe ɔha aduosia nnummu no, Demetrius ba Demetrius firii Kreta baa ne nananom asase so.

68 Ɛberɛ a Ɔhene Aleksandro teeɛ no, ɛhaa no pa ara na ɔsan kɔɔ Antiokia.

69 Demetrius yii Apolonius, Koelesiria amrado, na ɔboaboaa akofoɔ pii ano na wɔkyeree nsraban wɔ Yamnia. Ɛnna afei ɔsoma maa wɔde nkra kɔmaa Ɔsɔfo Panin Yonatan sɛ:

70 Wo nko ara ne deɛ wasɔre atia yɛn, na ama mayɛ adeseredeɛ ne aniwudeɛ ɛsiane wo nti. Adɛn nti na woafa tumi de atia yɛn wɔ nkokoɔ man no mu?

71 Afei sɛ wowɔ awerɛhyɛmu wɔ w’akofoɔ no mu, siane bɛhyia yɛn wɔ asasetam no so na yɛmfa nsi ani wɔ hɔ, ɛfiri sɛ nkuro no ahoɔden taa m’akyi.

72 Bisa na wɔnka nkyerɛ me nipaban nkyerɛ wo ne wɔn a wɔreboa yɛn no. Nnipa bɛka akyerɛ wo sɛ wontumi nnyina yɛn anim, ɛfiri sɛ wo nananom dwanee mprenu wɔ wɔn ara wɔn asase so.

73 Na seesei worentumi nnyina m’apɔnkɔsotefoɔ ne asraafoɔ a wɔwɔ asasetam no so hɔ no, faako a ɔboɔ anaasɛ abosea, anaasɛ baabi a wɔdwane korɔ.

74 Ɛberɛ a Yonatan tee Apolonius nsɛm yi no, ne bo fui. Ɔfaa mmarima mpem du na ɔsiim firii Yerusalem, na ne nua Simon hyiaa no sɛ ɔrebɛboa no.

75 Ɔkyeree nsraban wɔ Yopa, nanso nnipa a wɔwɔ kuro no mu no totoo n’apono mu, ɛfiri sɛ na Apolonius wɔ bansifoɔ wɔ Yopa.

76 Enti wɔne wɔn koe, na nnipa a wɔwɔ kuro no mu no suroe na wɔbuee apono no, na Yonatan faa Yopa.

77 Ɛberɛ a Apolonius teeɛ no, ɔfaa apɔnkɔsotefoɔ mpem mmiɛnsa ne asraafoɔ dɔm kɛseɛ, na ɔkɔɔ Asoto sɛdeɛ gyama ɔrekɔ akyiri no. Ɛberɛ korɔ no ara mu ɔkɔɔ asasetam no so, ɛfiri sɛ na ɔwɔ apɔnkɔsotefoɔ akofoɔ a ɔde ne werɛ ahyɛ mu.

78 Yonatan tii no kɔɔ Asoto, na asraafoɔ no de bɔɔ ani.

79 Afei na Apolonius de apɔnkɔsotefoɔ apem ahunta asie wɔ wɔn akyi.

80 Yonatan hunuu sɛ wɔatɛ no wɔ n’akyi, ɛfiri sɛ wɔtwaa n’asraafoɔ no ho hyiae na wɔtotoo ne mmarima no agyan firi anɔpa kɔsii awiaberɛ.

81 Nanso Yonatan mmarima no gyinaa pintinn sɛdeɛ na wahyɛ wɔn no, na ɔtamfo no apɔnkɔ no brɛeɛ.

82 Ɛnna Simon pinii n’anim ne abansifoɔ kuo no bɛkoe (ɛfiri sɛ na apɔnkɔsotefoɔ no abrɛ); ɔhyɛɛ wɔn so maa wɔdwanee,

83 na wɔbɔɔ apɔnkɔsotefoɔ no hwetee wɔ asasetam no so hɔ. Wɔdwane kɔɔ Asoto na wɔhyɛnee Bet-dagon, wɔn abosomfie kɔsiee hɔ.

84 Nanso Yonatan hyee Asoto ne nkuro a atwa ho ahyia nyinaa, na ɔfomm fae; na Dagon abosomfie hɔ deɛ, wɔn a wɔdwane kɔhuntaa hɔ no, wɔde ogya hyeeɛ.

85 Nnipa a wɔwuu wɔ nkrantɛ ano ne wɔn a wɔhyee wɔn animono soɔ no ano sii mpem nwɔtwe.

86 Afei Yonatan firii hɔ na ɔkɔkyeree nsra wɔ Askelon, na nnipa a wɔwɔ kuro mu hɔ no de anidie kɛseɛ bɛhyiaa no kwan.

87 Ɔno ne wɔn a wɔka ne ho no de asadeɛ a ɛdɔɔso san baa Yerusalem.

88 Ɛberɛ a Ɔhene Aleksandro tee nsɛm yi no, ɔhyɛɛ Yonatan animuonyam mmorosoɔ;

89 na ɔsoma ma wɔde sika aboomu kɔmaa no sɛdeɛ na ɛyɛ amammerɛ a ɔyɛ ma Ɔhene nkurɔfoɔ no. Ɔsan nso de Ekron ne ɛho nsase maa no sɛ n’agyapadeɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

6 + three =