1 Makabee 3

Yuda nkonimdie a ɛdi kan

1 Afei ne ba Yuda a na wɔfrɛ no Makabeus sii n’agya ananmu.

2 Ne nuanom ne wɔn a wɔkaa n’agya ho no nyinaa boaa no; wɔde anigyeɛ ko maa Israel.

3 Ɔmaa ne nkurɔfoɔ animuonyam yɛɛ kɛseɛ.

Te sɛ deɛ abrane yɛ no, ɔde nkataboɔ hyɛe;

ɔkyekyeree n’akodeɛ na ɔde dii ako,

ɔde ne nkrantɛ bɔɔ nsra no ho ban.

4 Ne nnwuma mu na ɔte sɛ gyata,

te sɛ deɛ gyata ba bobom pɛ aboa no.

5 Ɔhwehwɛ ti wɔn a wɔbu mmara soɔ no;

ɔhyee wɔn a wɔteetee ne nkurɔfoɔ no.

6 Mmaratofoɔ kusaeɛ ɛsiane ne ho hu nti;

amumuyɛfoɔ nyinaa ho yeraa wɔn;

na ɔgyeɛ nam ne nsa so bae kɛse.

7 Ɔhyɛɛ ahemfo bebree aniɛyaadeɛ,

na mmom ɔnam ne nnwuma so maa Yakob ani gyeeɛ,

na wɔahyira no daa nyinaa wɔ ne ho nkaeɛ ho.

8 Ɔkyini faa Yuda nkuro so;

ɔsɛee abɔnefoɔ a wɔwɔ asase no so no;

saa nti ɔdanee abufuhyeɛ firii Israel so.

9 Ɔgyee din kɔsii asase ano;

ɔboaboaa wɔn a na wɔrewuwuo no ano.

10 Afei Apolonius boaboaa Amanaman mufoɔ asraadɔm kɛseɛ ano firii Samaria sɛ ɔne Israel rekɔ ko.

11 Na ɛberɛ a Yuda teeɛ no, ɔfirii adi kɔhyiaa no, ɔdii ne so kumm no. Nnipa bebree na wɔpirapiraeɛ na wɔtotɔeɛ, na nkaeɛ no dwaneeɛ.

12 Ɛnna wɔfaa wɔn asadeɛ; na Yuda faa Apolonius nkrantɛ, na ɔde dii ako wɔ ne nna a aka a ɔdii wɔ asase soɔ mu.

13 Ɛberɛ a Seron a ɔyɛ Siria sahene tee sɛ Yuda aboaboa ɛdɔm kɛseɛ ano, a asraafoɔ nokwafoɔ a wɔne no tenaeɛ na wɔkɔɔ sa no,

14 ɔkaa sɛ: Mɛgye din ama me ho na manya animuonyam wɔ ahennie no mu. Mɛtu sa wɔ Yuda ne n’ayɔnkofoɔ so, wɔn a wɔdi ɔhene ahyɛdeɛ ho fɛw no.

15 Bio, asraafoɔ a nyamesuro nni wɔn mu a wɔyɛ den ne no kɔ kɔboaa no, sɛ ɔntɔ Israelfoɔ so were.

16 Ɛberɛ a ɔbɛnee Bet-horon soro hɔ no, Yuda de ɛdɔm kɔhyiaa no.

17 Nanso ɛberɛ a ɛdɔm no hunuu sɛ asraafoɔ reba abɛhyia wɔn no, wɔka kyerɛɛ Yuda sɛ: Ɛbɛyɛ dɛn na yɛn kakraa yi bɛtumi ne ɛdɔm kɛseɛ a wɔn ho yɛ den ako? Yɛayɛ mmerɛ ɛfiri sɛ yɛnnyaa biribi nnii ɛnnɛ.

18 Yuda buaa sɛ: Ɛnyɛ den sɛ ɛdɔm kumaa bɛdi ɛdɔm kɛseɛ soɔ, na Ɔsoro anim deɛ, nsonsonoeɛ biara nna bebree ne kakra bi ntam.

19 Na nkonimdie wɔ ɔsa mu nnyina sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ so, na mmom ahoɔden a ɔnya firi Ɔsoro.

20 Wɔde ani a ɛnsɔ adeɛ ne mmarato a ɛso ba yɛn so sɛ wɔrebɛsɛe yɛn ne yɛn yerenom ne yɛn mma, na wɔafom yɛn afa;

21 nanso yɛko de gye yɛn nkwa ne yɛn mmara.

22 Ɔno ara ankasa na ɔbɛbubu wɔ yɛn anim; na mo deɛ, monnsuro wɔn.

23 Ɛberɛ a ɔkasa wieeɛ no, ɔyɛɛ ntɛm to hyɛɛ Seron ne n’asraafoɔ so mpofirim, na wɔtotɔe wɔ n’anim.

24 Wɔtii wɔn faa Bet-horon asianee so kɔduruu asasetam no so; wɔn mu ahanwɔtwe totɔe, na nkaeɛ no dwane kɔɔ Filistifoɔ asase so.

25 Ɛnna afei wɔfirii aseɛ suroo Yuda ne ne nuanom, na ehu tɔɔ Amanaman mufoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia no so.

26 Ne din kɔduruu ɔhene anim, na Amanaman mufoɔ no kaa ɛsa ahodoɔ a Yuda atuo no ho asɛm.

Antiokus nhyehyɛɛ

27 Ɛberɛ a Ɔhene Antiokus tee nsɛm yi no, ne bo fui kɛse; na ɔsoma ma wɔkɔboaboaa asraadɔm a wɔwɔ n’ahennie mu nyinaa, ɛdɔm kɛseɛ pa ara.

28 Ɔbuee ne sikakorabea so na ɔde afe baako akatua maa n’asraafoɔ no, na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnsiesie biribiara a wɔbɛhia.

29 Afei ɔhunuu sɛ sika a ɛwɔ sikakorabea hɔ asa, na sika a wɔnya firi ɔman no mu sua, ɛsiane aperepereɛ ne ɔhaw a ɔde baa asase no soɔ, ɛberɛ a ɔtwaa mmara a na ɛwɔ hɔ nna a ɛdi kan no mu.

30 Na ɔsuroo sɛ ɔrensane nnya fotoɔ sɛdeɛ kane no na ɔwɔ no, sɛ wɔde bɛtuatua n’aka ne akyɛdeɛ a na ɔtaa de ma no mmorosoɔ a ɛsene ahemfo a wɔatwa mu kɔ no.

31 Ɛhaa no pa ara wɔ n’adwenem; afei ɔyɛɛ sɛ ɔbɛkɔ Persia na wɔakɔgye sika a wɔnya no mantam mu hɔ na ɔde anya fotoɔ kɛseɛ.

32 Ɔgyaa Lisias a ɔfiri adehyeɛ abusua mu, a wayi ne ho sɛ ɔnhwɛ ɔhene nnoɔma so mfiri Asubɔnten Eufrate de kɔsi Misraim ahyeɛ so.

33 Na ɛsɛ sɛ Lisias hwɛ ne ba Antiokus so kɔsi sɛ ɔbɛsane aba.

34 Na ɔdanee n’asraafoɔ ne asono no mu fa hyɛɛ Lisias nsa, na ɔmaa no nhyehyɛɛ a ɛfa deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ nyinaa ho. Ɛfa wɔn a wɔtete Yudea ne Yerusalem no ho deɛ,

35 na ɛsɛ sɛ Lisias soma asraafoɔ kɔ wɔn so kɔpopa na ɔsɛe Israel ahoɔden ne Yerusalem nkaeɛ no; na ɛsɛ sɛ ɔyi wɔn nkaeɛ firi beaeɛ hɔ,

36 fa ahɔhoɔ tenatena wɔn asase nyinaa so, na fa ntonto kyɛ wɔn asase no.

37 Ɛnna afei ɔhene no faa asraadɔm fa nkaeɛ no na ɔfirii n’ahenkuro Antiokia wɔ afe ɔha aduanan nsonmu. Ɔtwaa Asubɔnten Eufrate na ɔkɔtwaam faa atifi mantam no mu.

Yuda siesie ne ho ma ɔko

38 Lisias yii Dorimenes ba Ptolemi, ne Nikano ne Gorgias, mmarima a wɔtumi wɔn ho a wɔka ɔhene Nnamfonom ho,

39 na ɔsomaa asraafoɔ a wɔnam anammɔn mu mpem aduanan ne apɔnkɔsotefoɔ mpem nson kaa wɔn ho kɔɔ Yuda sɛ wɔnkɔsɛe hɔ, sɛdeɛ na ɔhene ahyɛ no.

40 Ɛno nti wɔne asraadɔm a wɔka wɔn ho no nyinaa siim kɔe, na ɛberɛ a wɔduruiɛ no, wɔkyeree nsra a na ɛbɛn Emaus wɔ asasetam no so.

41 Ɛberɛ a adwadifoɔ a wɔwɔ mantam no mu tee asɛm a wɔaka akyerɛ wɔn no, wɔfaa sika ne dwetɛ a ɛdɔɔso, ne nkɔnsɔnkɔnsɔn, na wɔkɔɔ nsraban no mu sɛ wɔrekɔfa Israelfoɔ ayɛ nkoa. Na asraafoɔ a wɔfiri Siria ne Filistifoɔ asase so bɛkaa wɔn ho.

42 Afei Yuda ne ne nuanom hunuu sɛ amaneɛ no redɔɔso na asraafoɔ no akyere nsra wɔ asase no so. Wɔsane nso tee sɛdeɛ ɔhene no ahyɛ sɛ wɔnyɛ nkurɔfoɔ na wɔmfa nsɛe wɔn nhye wɔn ase korakorakora.

43 Nanso wɔka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ: Momma yɛnsiesie yɛn man sɛeɛ no, na yɛnko mma yɛn nkurɔfoɔ ne kronkronbea no.

44 Ɛno nti asafo no hyiae sɛ wɔresiesie wɔn ho akɔko, na wɔabɔ mpaeɛ de asrɛ mmɔborɔhunu ne ayamhyehyeɛ.

45 Yerusalem yɛɛ baabi a wɔntena hɔ sɛ ɛserɛ so;

ne mma mu baako amfiri adi anaasɛ anhyɛne mu.

Wɔtiatiaa kronkronbea no so,

na ahɔhoɔ faa abankɛseɛ no;

na ɛyɛɛ daberɛ maa Ahɔhoɔ.

Wɔyii anigyeɛ firii Yakob nsam;

wɔgyae atɛntɛbɛn ne bɛnta bɔ.

46 Afei wɔboaa wɔn ho ano na wɔkɔɔ Mispa, Yerusalem ntentensoɔ, ɛfiri sɛ akane no, na Israel wɔ mpaebɔ bea wɔ Mispa.

47 Wɔdii mmuada saa da no, wɔfiraa ayitoma na wɔde nso guu wɔn tiri so, na wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu.

48 Na wɔbuee mmara nwoma no mu sɛ wɔrehwehwɛ ahunu nsɛm bi a Amanaman mufoɔ hwehwɛ firii wɔn anyame nsɛsoɔ no nkyɛn.

49 Wɔsane nso de asɔfotadeɛ ne aduanekan ne ntotosoɔ du du bae, na wɔhwanyanee ahotuafoɔa wɔawie wɔn nna no mu;

50 na wɔteaam denden frɛɛ Ɔsoro kaa sɛ:

Ɛdeɛn na yɛnyɛ yeinom?

Ɛhefa na yɛmfa wɔn nkɔ?

51 Wɔatiatia wo kronkronbea so na wɔagu ho fi,

na mo asɔfoɔ asu wɔ ahobrɛaseɛ mu.

52 Ɛha na Amanaman mufoɔ ahyia sɛ wɔrebɛsɛe yɛn;

wonim wɔn pɔ a wɔabɔ atia yɛn no.

53 Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi agyina wɔn anim,

sɛ woammoa yɛn a?

54 Afei wɔhyɛnee totorobɛnto no na wɔteaam denden so.

55 Yei akyiri no, Yuda sisii akannifoɔ wɔ nkurɔfoɔ no so, apem so ne ɔha so ne aduonum so ne du so.

56 Wɔn a na wɔresisi adan, anaasɛ na wɔreware, anaasɛ wɔredua wɔ bobeturo mu, anaasɛ wɔn akoma retuo, ɔkaa sɛ wɔnkɔ fie, sɛdeɛ mmara no kyerɛ no.

57 Ɛnna asraafoɔ no bɔɔ nsra na wɔkɔkyeree nsra wɔ Emaus anafoɔ.

58 Na Yuda kaa sɛ: Mommia mo ho, na mo bo nyɛ duru. Monsiesie mo ho anɔpahema ne Amanaman mufoɔ yi a wɔahyia sɛ wɔrebɛsɛe yɛn ne kronkronbea no nkɔko.

59 Ɛyɛ ma yɛn sɛ yɛwuwu wɔ ɔsa mu sene sɛ yɛhwɛ yɛn man ne kronkronbea mmusubɔ.

60 Nanso sɛdeɛ n’apɛdeɛ teɛ wɔ soro no, saa ara na ɔnyɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

3 × four =