Anɔpa afɔdeɛ ho mpaebɔ
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto. Dawid dwom.
1 AWURADE, yɛ aso ma me nsɛm,
na hwɛ me nsusuiɛ a mekura mu.
2 Tie me nteamu,
me hene ne me Nyankopɔn,
na wo na mɛbɔ wo mpaeɛ.
3 AWURADE, tie me nne anɔpa,
anɔpa na masiesie mama woɔ, na mɛhwɛ wo kwan.
4 Na wonyɛ Onyankopɔn a wopɛ adebɔne,
ɔbɔnefoɔ ne wo rentena.
5 Agyimifoɔ rennyina w’anim,
wotane amumuyɛfoɔ nyinaa.
6 Wosɛe wɔn a wɔka atorosɛm.
AWURADE kyiri mogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.
7 Na me deɛ, menam w’adom bebree so
mɛba wo fie,
na wo ho suro mu na mɛkoto masɔre
makyerɛ w’asɔrefie kronkron no.
8 AWURADE, fa wo tenenee kyerɛ me kwan,
wɔn a wɔtɛ me nti,
tene wo kwan wɔ m’anim.
9 Na wɔn anomu nni nokwasɛm bi,
wɔn yam wɔ mmusuo,
wɔn menewa yɛ ɛda a abue,
na wɔde wɔn tɛkyerɛma dɛfɛdɛfɛ.
10 Onyankopɔn, bu wɔn fɔ,
ma wɔmpɔn mfiri wɔn agyinatuo ho.
Wɔn mmarato bebrebe nti sum wɔn gu,
na wɔasɔre atia wo.
11 Na ma wɔn a wɔdwane bɛtoa woɔ nyinaa ani nnye,
na wɔmfa ahosan nhuro daa,
ɛfiri sɛ woakata wɔn so,
na ma wɔn a wɔdɔ wo din no ani nka wo ho.
12 Na wo, AWURADE, wohyira ɔteneneeni,
wode anisɔ twa ne ho hyia sɛ ɛkyɛm.