2 Berɛsosɛm 27

Yotam ahennie pa

1 Yotam dii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yerusa a ɔyɛ Sadok ba.

2 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Usia yɛeɛ no ara. Nanso wanhyɛne AWURADE asɔredan no mu. Nanso ɔman no kɔɔ so bɔɔ ɔbra bɔne ara.

3 Ɔno na ɔsii AWURADE fie atifi pono no. Na Ofel fasuo no nso, ɔtoo bebree.

4 Na ɔkyekyeree nkuro nso wɔ Yuda mmepɔ so, na ɔtotoo aban a ɛyɛ den ne aban atentene kwaeɛ mu.

5 Na ɔno ara na ɔne Amonfoɔ hene kɔkoeɛ, na ɔdii wɔn so tumi. Na Amonfoɔ no maa no dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha ne ayuo kormpemdu ne atokoɔ nso mpemdu afe no mu. Amonfoɔ no de nnoɔma bi brɛɛ no afe a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa mu nso.

6 Na Yotam yɛɛ ɔberempɔn, ɛfiri sɛ ɔsiesiee n’akwan AWURADE ne Nyankopɔn anim.

7 Na Yotam ho nsɛm nkaeɛ ne n’akodie ne n’akwan nyinaa, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ne Yuda Ahemfo Nwoma no mu.

8 Ɔdii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfeɛ dunsia wɔ Yerusalem.

9 Na Yotam tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Dawid kuro no mu. Na ne ba Ahas bɛdii n’adeɛ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

two + 19 =