1 Berɛsosɛm 21

Ɔman no kan ne ɛho asotwe

1 Na Satan sɔre gyina tiaa Israel bio, na ɔpiapiaa Dawid sɛ ɔnkan Israel.

2 Na Dawid ka kyerɛɛ Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene sɛ: Monkɔ nkɔkan Israel mfiri Beer-seba nkɔduru Dan, na momfa ho kasɛe mmerɛ me, na menhunu wɔn dodoɔ.

3 Na Yoab kaa sɛ: AWURADE nka ne man ho sɛdeɛ wɔteɛ yi mprɛha so, me wura ɔhene, ɛnyɛ wɔn nyinaa ne me wura nkoa anaa? Adɛn nti na me wura rehwehwɛ yei? Adɛn nti na yei nyɛ asodie mma Israel?

4 Nanso ɔhene asɛm no dii Yoab deɛ so. Na Yoab firii adi kɔkyini faa Israel nyinaa mu, na ɔsane baa Yerusalem.

5 Na Yoab de ɔman no nkaneeɛ dodoɔ brɛɛ Dawid, na Israel nyinaa ano si ɔpepem ne mpemha, nnipa a wɔtwe nkrantɛ. Na Yuda ano si mpemahanan aduɔson, nnipa a wɔtwe nkrantɛ.

6 Na Lewi ne Benyamin deɛ, Yoab ankan wɔn, ɛfiri sɛ ɔhene asɛm no yɛɛ no ahi.

7 Nanso asɛm yi ansɔ Nyankopɔn ani nti, ɔbɔɔ Israel.

8 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Mayɛ bɔne pa ara sɛ madi saa asɛm yi, na afei mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ.

9 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ɔdehununi Gad sɛ:

10 Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Nnoɔma mmiɛnsa na mede resi w’anim, fa emu baako na menyɛ wo.

11 Na Gad baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Fa emu baako:

12 Sɛ mfeɛ mmiɛnsa kɔm oo, anaa abosome mmiɛnsa dwanee, wɔ w’ahohiahiafoɔ anim a w’atamfo nkrantɛ reto wo oo, anaa AWURADE afena ne asase no so yaredɔm, nnansa a AWURADE bɔfoɔ resɛe nnipa Israel ahyeɛ nyinaa mu oo. Afei hwɛ asɛnkorɔ a memfa mensane menkɔ deɛ ɔsomaa me no hɔ.

13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hiahia me sɛ; ma menhwe AWURADE nsam ɛ, na ne mmɔborɔhunu dɔɔso sɛ, na onipa nsam na wɔmmma mennhweɛ.

14 Na AWURADE maa ɔyaredɔm baa Israel so, na Israel mu nnipa mpemaduɔson wuwui.

Dawid afɔrebɔ

15 Na Onyankopɔn somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ Yerusalem sɛ ɔnkɔsɛe hɔ. Na ɔrebɛsɛe hɔ no, AWURADE hwɛe, na ɔnuu ne ho bɔne no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔresɛe hɔ no sɛ: Ɛdɔɔso, afei pono wo nsa. Nso na AWURADE bɔfoɔ no gyina Yebusini Ornan ayuporebea ho.

16 Na Dawid maa n’ani so, na ɔhunuu AWURADE bɔfoɔ no sɛ ɔgyina asase ne ɔsoro ntam, na n’afena a watwe kura ne nsam, na watene no Yerusalem so. Ɛnna Dawid ne mpanimfoɔ a wɔfirafira ayitoma no de wɔn anim butubutuu fam.

17 Na Dawid ka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: Ɛnyɛ me na mese wɔnkan ɔman no, na me na mayɛ bɔne, na mayɛ deɛ ɛnyɛ yi, na nnwan yi deɛ, ɛdeɛn na wɔayɛ? AWURADE me Nyankopɔn, ma wo nsa mmra me so ne m’agya fie so, na mma no mma wo man so mmmɛbɔ wɔn.

18 Ɛnna AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ Gad sɛ, ɔnkɔka nkyerɛ Dawid sɛ, Dawid mforo nkɔ nkɔsi afɔrebukyia mma AWURADE Yebusini Ornan ayuporebea hɔ.

19 Na Dawid foro kɔe sɛdeɛ Gad asɛm a ɔde AWURADE din kaeɛ no teɛ.

20 Na Ornan danee ne ho, na ɔhunuu ɔbɔfoɔ no, na ne mma baanan ka ne ho, na wɔde wɔn ho huntae. Na Ornan repore ayuo.

21 Na Dawid duruu Ornan nkyɛn no, Ornan danee n’ani na ɔhunuu Dawid. Ɛnna ɔfirii adi firii ayuporebea hɔ, na ɔkotoo Dawid de n’anim butuu fam.

22 Na Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Fa ayuporebea yi ma me na mensi so afɔrebukyia memma AWURADE. Fa ma me sɛdeɛ ne boɔ teɛ, na wɔasi ɛhaw no kwan afiri ɔman no so.

23 Na Ornan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Gye fa, na me wura ɔhene nyɛ deɛ ɛsɔ n’ani. Hwɛ, mema anantwie a wɔde bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ne ɔporeɛ teaseɛnam a wɔde bɛyɛ nnyina, ne ayuo a wɔde bɛyɛ aduane afɔdeɛ; mede ne nyinaa mema.

24 Na Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ Ornan sɛ: Dabi, na tɔ na mɛtɔ no sɛdeɛ ne boɔ teɛ, na meremfa adeɛ a ɛyɛ wo deɛ memma AWURADE, sɛ mede adeɛ a mammɔ ho ka bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.

25 Na Dawid maa Ornan sika a wɔakarie nnwetɛbena ahansia de tɔɔ hɔ.

26 Na Dawid sii hɔ afɔrebukyia maa AWURADE, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na ɔfrɛɛ AWURADE no, ɔde ogya firii soro gyee no so ɔhyeɛ afɔrebukyia no so.

27 Ɛnna AWURADE kasa kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no, na ɔde n’afena hyɛɛ bɔha mu.

28 Ɛberɛ a Dawid hunuu sɛ AWURADE agye no soɔ, wɔ Yebusini Ornan ayuporebea no, ɔbɔɔ afɔdeɛ hɔ.

29 Na berɛ no na AWURADE tenabea a Mose yɛɛ no ɛserɛ soɔ no ne afɔrebukyia no wɔ sorɔnsorɔnbea a ɛwɔ Gibeon no mu.

30 Nanso Dawid antumi ankɔ ɛno anim ankɔhwehwɛ Onyankopɔn, ɛfiri sɛ na ehu aka no AWURADE bɔfoɔ no afena anim.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

fourteen + 15 =