1 Samuel 19

Yonatan yi n’agya atirimpɔ bɔne no adi

1 Na Saulo ka kyerɛɛ ne ba Yonatan ne ne nkoa nyinaa sɛ wɔnkum Dawid.

2 Nanso Saulo ba Yonatan pɛ Dawid asɛm sɛ. Na Yonatan kɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: M’agya Saulo rehwehwɛ wo aku wo, na afei, kora wo ho anɔpa, na tena kokoa bi mu hunta;

3 na me deɛ, mɛfiri adi makɔgyina m’agya nkyɛn wiram baabi a wowɔ no, na me ne m’agya aka wo ho asɛm, na mete biribi a maka makyerɛ wo.

4 Na Yonatan kaa Dawid ho asɛmpa kyerɛɛ n’agya Saulo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mma ɔhene nnyɛ n’akoa Dawid ho bɔne; na ɔnyɛɛ wo bɔne biara, na ne nneyɛɛ nso ayɛ wo yie pii.

5 Na ɔde ne kra too ne nsam kɔkumm Filistini no, na AWURADE dii nkonim kɛse maa Israel nyinaa. Wohunui na w’ani gyeeɛ; na adɛn nti na worebɛyɛ mogya a ɛdi bem ho bɔne na woakum Dawid kwa?

6 Na Saulo tiee Yonatan, na Saulo kaa ntam sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, wɔrenkum no da!

7 Na Yonatan frɛɛ Dawid; na Yonatan kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no. Ɛnna Yonatan de Dawid baa Saulo nkyɛn, na ɔbɛtenaa n’anim sɛ kane no.

8 Na ɔko no kɔɔ so ara, na Dawid firii adi ne Filistifoɔ kɔkoeɛ, na ɔde ekumkɛseɛ kumm wɔn, na wɔdwane firii n’anim.

9 Na AWURADE honhommɔne no baa Saulo so; na ɔte ne fie, na pea kura ne nsam, na Dawid de ne nsa rebɔ sankuo.

10 Na Saulo hwehwɛɛ sɛ ɔde pea no bɔ Dawid fam ɔfasuo no ho, nanso ɔtwee ne ho firii Saulo anim, na ɔtoo pea no wɔɔ ɔfasuo no mu; na Dawid dwaneeɛ, na ɔfirii mu firii anadwo no.

11 Ɛnna Saulo somaa abɔfoɔ kɔɔ Dawid fie sɛ wɔnkɔwɛn no na wɔnku no anɔpa. Na Dawid yere Mikal ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ woannye wo kra anadwo yi a, ɔkyena wɔbɛku wo.

12 Na Mikal de Dawid faa mpomma mu sii fam, na ɔkɔeɛ, na ɔdwane firii mu firii.

13 Na Mikal faa ohoni de too mpa no so, na ɔde abirekyie nwi sumiiɛ too atifi, na ɔde ntoma kataa so.

14 Na Saulo somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa Dawid no, Mikal kaa sɛ: Ɔyare.

15 Ɛnna Saulo somaa abɔfoɔ no sɛ wɔnkɔhwɛ Dawid, na ɔse: Momfa no mfiri mpa no so mmrɛ me, na menku no.

16 Na abɔfoɔ no duruu hɔ no, na hwɛ, ohoni na ɛda mpa no soɔ, na abirekyie nwi sumiiɛ da atifi.

17 Na Saulo ka kyerɛɛ Mikal sɛ: Adɛn nti na woadaadaa me sɛɛ, na woagya me tamfo kwan na wafiri mu afire yi? Na Mikal ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ma menkɔ; adɛn nti na menku woɔ?

18 Na Dawid dwane firii mu firiiɛ, na ɔkɔɔ Samuel nkyɛn Rama kɔkaa deɛ Saulo de ayɛ no nyinaa kyerɛɛ no. Na ɔne Samuel kɔ kɔtenaa Naiot.

19 Na wɔka kyerɛɛ Saulo sɛ: Hwɛ, Dawid wɔ Naiot wɔ Rama.

20 Na Saulo somaa abɔfoɔ sɛ wɔnkɔfa Dawid; na wɔhunuu adiyifoɔ asafo no sɛ wɔrehyɛ nkɔm na Samuel gyina hɔ rehwɛ wɔn soɔ no, Nyankopɔn honhom baa Saulo abɔfoɔ no so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm.

21 Na wɔbɛka kyerɛɛ Saulo no, ɔsomaa abɔfoɔ foforɔ; na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm saa ara. Na Saulo somaa abɔfoɔ bio, ne mprɛnsa so, na wɔn nso hyehyɛɛ nkɔm.

22 Ɛnna ɔno ara kɔɔ Rama, na ɔduruu abura kɛseɛ a ɛwɔ Seku ho no, ɔbisaa sɛ: Ɛhe na Samuel ne Dawid wɔ? Na wɔse: Hwɛ, wɔwɔ Naiot wɔ Rama.

23 Na ɔkɔɔ Naiot wɔ Rama hɔ; na Nyankopɔn honhom baa ɔno nso so, na ɔrekorɔ no, ɔhyɛɛ nkɔm ara kɔ kɔsii sɛ ɔduruu Naiot wɔ Rama.

24 Na ɔno nso worɔɔ ne ntadeɛ, na ɔno nso hyɛɛ nkɔm Samuel anim, na ɔde adagya daa hɔ da mu no nyinaa ne anadwo mu no nyinaa. Enti na wɔka sɛ: Saulo nso fra adiyifoɔ no mu anaa?

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

3 × three =