Nnwom 47

Onyankopɔn di hene

Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Kora mma dwom.

1 Aman nyinaa, mommɔ mo nsam,

momfa anigyeɛ nhuro mmɔ ose mma Onyankopɔn.

2 Na AWURADE a ɔwɔ sorosoro no ho yɛ hu,

ɔyɛ ɔhenkɛseɛ asase nyinaa so.

3 Ɔbrɛ aman ase de hyɛ yɛn ase,

na ɔde nkurɔfoɔ hyɛ yɛn nan ase.

4 Ɔyi yɛn apɛgyadeɛ ma yɛn,

Yakob a ɔdɔ no no animuonyam.

5 Onyankopɔn de anigyeɛ huro kɔ ɔsoro,

AWURADE de totorobɛnto gyegyeɛ kɔ.

6 Monto Nyankopɔn dwom, monto ayeyie dwom,

monto dwom mma yɛn hene, monto ayeyie dwom.

7 Na Onyankopɔn ne asase nyinaa so hene,

mommɔ sankuo nto nnweneho dwom.

8 Onyankopɔn di amanaman so hene,

Onyankopɔn te n’ahennwa kronkron so.

9 Aman ahene boaboa wɔn ho ano,

Abraham Nyankopɔn man.

Na asase so akyɛm yɛ Onyankopɔn dea,

wɔama no so kɛse.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

five − 3 =