Marko 16

Yesu wusɔreɛ no

1 Na homeda no twaa mu no, Maria Magdalene, Yakobo ne na Maria ne Salome tɔɔ nnuhwam sɛ wɔde reba abɛsra no.

2 Na da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpahema, wɔbaa ɛda no so, na owia apue.

3 Na wɔsesee wɔn ho sɛ: Hwan na ɔbɛmuni ɔboɔ no afiri ɛda no ano ama yɛn?

4 Na wɔmaa wɔn ani so no, wɔhunuu sɛ ɔboɔ no amuni; nso na ɛso kokuroo.

5 Na wɔkɔɔ ɛda no mu no, wɔhunuu aberanteɛ bi sɛ ɔte nifa soɔ, hyɛ atadeɛ tentene fitaa, na wɔbɔɔ binim.

6 Na ɔsee wɔn sɛ: Mommmɔ binim; mohwehwɛ Yesu Nasareni a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no. Wanyane, ɔnni ha. Hwɛ faako a wɔde no toeɛ!

7 Na monkɔ nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ ne Petro sɛ ɔredi mo anim akɔ Galilea; ɛhɔ na mobɛhu no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.

8 Na wɔfirii adi ntɛm ara dwane firii ɛda no ho; na ahopopoɔ ne ahodwirie aka wɔn. Na wɔanka hwee ankyerɛ obiara; ɛfiri sɛ na wɔsuro.

Maria Magdalene hunu Yesu

9 [Na ɔsɔree da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpatutu no, ɔyii ne ho adi kane kyerɛɛ Maria Magdalene a ɔtuu ahomhommɔne nson firii ne mu no.

10 Na ɔkɔ kɔsee wɔn a wɔne no tenaeɛ a na wɔn werɛ ahoɔ na wɔresu no.

11 Na wɔn deɛ wɔtee sɛ ɔte aseɛ na wɔahu no no, wɔannye anni.

Yesu yi ne ho adi kyerɛ Asuafoɔ baanu

12 Yeinom akyiri no, ɔyii ne ho adi suban foforɔ mu kyerɛɛ wɔn mu baanu a na wɔnam rekɔ akuraa.

13 Na wɔn nso ba bɛka kyerɛɛ nkaeɛ no; na wɔannye wɔn nso anni.

14 Akyire yi a dubaako no te adidiiɛ no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn, na ɔkaa wɔn anim gye a wɔnnye nni no ne wɔn akomaden ho, sɛ wɔannye wɔn a wɔhunuu no sɛ wasɔre no annie nti.

Asomafoɔ no asɛmpa ka

15 Na ɔsee wɔn sɛ:Monkɔ wiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa.

16 Deɛ ɔgye die, na wɔbɔ no asu no wɔbɛgye no nkwa, na deɛ ɔnnye nnie no, wɔbɛbu no fɔ.

17 Na nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛdi wɔn a wɔbɛgye adie akyi: Me din mu, wɔbɛtu ahonhommɔne, wɔbɛkasa kasa foforɔ,

18 wɔbɛma awɔ so, na sɛ wɔnom adubɔne biara a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde nsa bɛgu ayarefoɔ so ama wɔn ho ayɛ wɔn den.

Yesu sorokorɔ

19 Na afei, Awurade Yesu ne wɔn kasaeɛ akyiri no, wɔfaa no kɔɔ soro, na ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa.

20 Na wɔn deɛ, wɔfirii hɔ kɔ kɔkaa asɛm mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma, nam nsɛnkyerɛnneɛ a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.]Amen.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

4 × 4 =