Gyenesis 22

Onyankopɔn hyɛ Abraham sɛ ɔmfa Isak mmɔ afɔreɛ

1 Na nsɛm yi akyiri no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abraham! Na ɔse: Menie.

2 Na ɔkaa sɛ: Fa wo ba, wo ba korɔ a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ hɔ, wɔ mmepɔ no mu baako a mɛkyerɛ woɔ so.

3 Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔfaa n’asomfoɔ mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na ɔtwaa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina, na ɔsii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no.

4 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Abraham maa n’ani so, na ɔhunuu beaeɛ hɔ wɔ akyirikyiri.

5 Na Abraham ka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: Mo ne afunumu yi ntena ha; na me ne abarimaa yi bɛkɔ nohoa akɔsɔre, na yɛasane aba mo nkyɛn.

6 Na Abraham faa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina no de soaa ne ba Isak, na ɔfaa ogya ne sekan kurae, na wɔn baanu kɔe.

7 Na Isak ka kyerɛɛ n’agya Abraham sɛ: M’agya! Na ɔse: Menie, me ba. Na ɔse: Hwɛ, ogya ne nnyina nie, na adwammaa a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ he?

8 Na Abraham se: Me ba, Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ adwammaa no. Na wɔn baanu kɔe.

9 Na wɔkɔduruu deɛ Onyankopɔn kyerɛɛ no hɔ, na Abraham sii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔsiesiee nnyina no, na ɔkyekyeree ne ba Isak, na ɔde no too afɔrebukyia no so wɔ nnyina no so.

10 Afei Abraham tenee ne nsa faa sekan no sɛ ɔde rebɛkum ne ba no.

11 Na AWURADE bɔfoɔ firi soro frɛɛ no sɛ: Abraham, Abraham! Na ɔse: Menie.

12 Na ɔse: Mfa wo nsa nka abarimaa no, nso nyɛ no hwee. Afei na mahunu sɛ wosuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba korɔ no.

13 Na Abraham maa n’ani so, na ɔhunuu odwennini a dɔtɔ asɔ ne mmɛn mu wɔ n’akyi. Na Abraham kɔfaa odwennini no de no sii ne ba no ananmu bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.

14 Na Abraham too bea hɔ din sɛ: Yahwe-yir’e.Enti wɔka no nnɛ ara sɛ: AWURADE bepɔ so na wɔbɛhwɛ.

15 Na AWURADE bɔfoɔ firi soro frɛɛ Abraham bio sɛ:

16 Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ woayɛ saa asɛm yi, na woankame me wo ba korɔ no nti, maka me ho ntam sɛ:

17 Hyira na mɛhyira woɔ, na dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na w’asefoɔ bɛfa wɔn atamfoɔ nkuro ano apono adi so.

18 Na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa, ɛfiri sɛ woatie me nne.

19 Ɛnna Abraham sane baa ne mmeranteɛ no nkyɛn, na wɔsɔre sii mu baa Beer-seba. Na Abraham tenaa Beer-seba.

Nahor asefoɔ

20 Na nsɛm yi akyiri no, wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Hwɛ, Milka nso awo mma ama wo nua Nahor:

21 N’abakan Us ne ne nua Bus ne Kemuel a ɔyɛ Aram agya,

22 ne Kesed ne Haso ne Pildas ne Yidlaf ne Betuel.

23 Na Betuel woo Rebeka. Nnipa baawɔtwe yi na Milka wo maa Abraham nua Nahor.

24 Na ne mpena baako bi a wɔfrɛ no Rehuma nso woo Teba, Gaham, Tahas ne Maaka.

Gyenesis 23

Sara wuo ne ne sie

1 Na Sara nkwa nna a ɔdiiɛ nyinaa yɛ mfirinhyia ɔha aduonu nson.

2 Na Sara wuu wɔ Kiriat-arba, (ɛne Hebron) a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no. Na Abraham ba bɛsuu Sara abia; ɔsuu no.

3 Na Abraham sɔre firii n’amu no anim, na ɔne Het mma kɔkasaa sɛ:

4 Meyɛ mo nkyɛn hɔhoɔ ne mamfrani, momma me amusiebea wɔ mo nkyɛn, na mensie m’amu yi ma no mfiri m’ani so.

5 Na Het mma no buaa Abraham see no sɛ:

6 Owura, tie yɛn! Okunini bi ne wo wɔ yɛn mu. Yɛn ada mu deɛ wopɛ no, sie w’amu no wɔ mu. Yɛn mu biara renkame wo ne da, sɛ nsie w’amu wɔ mu.

7 Na Abraham sɔre gyinae, na ɔbɔɔ ne mu ase maa asase no so nkurɔfoɔ, Het mma no,

8 na ɔne wɔn kasaa sɛ: Sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ mesie m’amu yi ma no firi m’ani so a, montie me, na monsrɛ Efron, Sohar ba, mma me,

9 na ɔmfa Makpela bodan a ɛyɛ ne deɛ, na ɛwɔ n’afuo ano no mma me; ɔnnye me n’abotene na ɔmfa mma me, na mennya asieeɛ wɔ mo ha.

10 Na Efron te Het mma no mu. Na Hetini Efron buaa Abraham maa Het mma no tee wɔ wɔn a wɔhyɛne ne kuro pono mu no nyinaa anim sɛ:

11 Dabi, me wura, tie me: Mede afuo no mema wo, na ɔbodan a ɛwɔ mu no nso mede mema wo. Me man mma anim na mede ma woɔ yi, sie w’amu.

12 Na Abraham bɔɔ ne mu ase wɔ asase no so nkurɔfoɔ no anim,

13 na ɔkasa kyerɛɛ Efron maa asase no so nkurɔfoɔ no tee sɛ: Sɛ wotie me a, mede afuo no tiri dwetɛ bɛma wo; gye no me nsam, na mensie m’amu wɔ hɔ.

14 Na Efron buaa Abraham see no sɛ:

15 Me wura, tie, nnwetɛbena ahanan asase yɛ deɛn wɔ me ne wo ntam? W’amu ara na sie.

16 Na Abraham tiee Efron, na Abraham karii dwetɛ a Efron bɔɔ din maa Het mma teeɛ no maa no, nnwetɛbena ahanan a adwadifoɔ die no.

17 Na wɔde Efron afuo a ɛwɔ Makpela a ɛda Mamre ntentensoɔ no, afuo no ne ɔbodan a ɛwɔ mu no ne afuo no so nnua nyinaa, deɛ ɛwɔ n’ahyeɛ nyinaa soɔ,

18 hyɛɛ Abraham nsa wɔ Het mma no anim, wɔn a wɔhyɛne ne kuro pono mu no nyinaa anim.

19 Na ɛno akyiri no, Abraham siee ne yere Sara wɔ Makpela afuo mu ɔbodan mu, wɔ Mamre ntentensoɔ, (a ɛne Hebron) a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no.

20 Na Het mma de afuo no ne ɔbodan a ɛwɔ mu no hyɛɛ Abraham nsa sɛ amusiebea.

Gyenesis 24

Wɔhwehwɛ yerɛ ma Isak

1 Na Abraham abɔ akɔkoraa, na wadi nna pii, na AWURADE ahyira no ade nyinaa mu.

2 Na Abraham ka kyerɛɛ ne fie asomfoɔ mu panin a ɔhwɛ deɛ ɔwɔ nyinaa soɔ sɛ: Fa wo nsa ka m’asene mu,

3 na mɛma woaka AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ worenware Kanaanfoɔ a mete wɔn mu yi mmammaa mu bi mma me ba.

4 Na kɔ me kuro ne m’abusua mu kɔware yerɛ ma me ba Isak.

5 Na ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Ebia ɔbaa no rempɛ sɛ ɔbɛdi m’akyiri aba asase yi soɔ; ɛnneɛ memfa wo ba no mensane menkɔ asase a wofiri so baeɛ no so anaa?

6 Na Abraham ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ yie, na woamfa me ba ansane ankɔ hɔ bio.

7 AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔfaa me firii m’agya fie ne asase a wɔwoo me wɔ soɔ no so, na ɔne me kasaeɛ, na ɔkaa ntam kyerɛɛ me sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi bɛma wɔn no, ɔbɛsoma ne bɔfoɔ adi w’anim, na woakɔware yerɛ afiri hɔ abrɛ me ba.

8 Na sɛ ɔbaa no mpɛ sɛ ɔdi w’akyiri a, ɛnneɛ wo ho afi me ntam yi mu, nanso mfa me ba nsane nkɔ hɔ bio.

9 Na ɔsomfoɔ no de ne nsa kaa ne wura Abraham asene mu, na ɔkaa no ntam wɔ asɛm no ho.

10 Na ɔsomfoɔ no faa ne wura yoma mu du, na ɔkɔe, na ɔkura ne wura nnepa ahodoɔ nyinaa bi. Na ɔsɔre sii mu kɔɔ Mesopotamia, Nahor kuro mu.

11 Na ɔmaa ne yoma no butuu kuro no kurotia wɔ asubura bi ho anwummerɛ a mmaa bɛsa nsuo.

12 Na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn, mesrɛ wo, ma no nsi me yie nnɛ, na yɛ me wura Abraham adɔeɛ.

13 Hwɛ, meregyina asubura yi so ha; na kurom hɔfoɔ mmammaa bɛfiri abɛsa nsuo.

14 Na ma no mmra sɛ ababaa a mɛse no sɛ: Soɛ w’ahina ma mennom nsuo no bi, na ɔbɛka sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no anom bie no, ma ɔno ara nyɛ deɛ woayi no ama w’akoa Isak, na ɛno mu na mɛhunu sɛ woayɛ me wura adɔeɛ.

15 Na ɔnnya nwiee kasa no, hwɛ, Rebeka baeɛ a n’ahina si ne batiri so. Ɔyɛ Betuel a ɔyɛ Abraham ne nua Nahor yere Milka ba.

16 Na ababaa no ho yɛ fɛ sɛ, ɔyɛ ɔbaabunu ɛfiri sɛ na ɔbarima biara nhunuu no da. Na ɔkɔɔ asubura no mu kɔhyɛɛ n’ahina ma, na ɔbae.

17 Na ɔsomfoɔ no tuu mmirika kɔhyiaa no sɛ: Mesrɛ wo, ma mennom w’ahina yi mu nsuo kakra.

18 Na ɔse: Me wura, nom bi! Na ɔyɛɛ ntɛm soɛɛ n’ahina no sii ne nsam maa no nomee.

19 Na ɔmaa no nom wieeɛ no, ɔkaa sɛ: Mɛkɔ makɔsa bi mabrɛ wo yoma no nso akɔsi sɛ wɔbɛwie nom.

20 Na ɔyɛɛ ntɛm kɔhwiee n’ahina mu nsuo no guu anomeeɛ hɔ, na ɔtutuu mmirika kɔɔ abura no mu bio kɔsaa nsuo, na ɔsa maa ne yoma no nyinaa.

21 Na ɔbarima no hwɛɛ no ara, na ɔyɛɛ komm sɛ ɔbɛhunu sɛ AWURADE ama ne kwankorɔ no ayɛ dwoodwoo anaasɛ ɛnte saa.

22 Na yoma no wiee nsuo nom no, ɔbarima no yii sika hwenemkaa a ano si dwetɛbena fa ne nsa so nkapo mmienu a ano si sikabena du de hyɛɛ no.

23 Na ɔbisaa no sɛ: Hwan ba ne wo? Mesrɛ wo, kyerɛ me! Yɛbɛnya daberɛ wɔ w’agya fie anaa?

24 Na ɔbuaa no sɛ: M’agya ne Betuel a ɔyɛ Nahor ne Milka ba no.

25 Na ɔtoaa so sɛ: Yɛwɔ ɛserɛ ne mmoa aduane pii ne deɛ mobɛda.

26 Na ɔbarima no bɔɔ ne mu ase sɔree AWURADE.

27 Na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn a wamma n’adɔeɛ ne ne nokorɛ ammɔ me wura. Na me nso, AWURADE akyerɛ me me wura nuanom fie kwan.

28 Na ababaa no tuu mmirika kɔkaa saa nsɛm yi kyerɛɛ ne na fiefoɔ.

29 Na Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban. Na Laban de mmirika firii adi kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ asubura no ho.

30 Na ɔhunuu hwenemkaa ne ne nsa so nkapo no, na ɔtee ne nua Rebeka nsɛm no sɛ: Sɛdeɛ ɔbarima no kasa kyerɛɛ me nie no, ɔbaa ɔbarima no nkyɛn. Na hwɛ, na ɔgyina yoma no nkyɛn, asubura no ho.

31 Na ɔkaa sɛ: Wo a AWURADE ahyira woɔ, bra, adɛn nti na wogyina kurotia? Na masiesie ɛdan mu, ne baabi nso mama yoma no.

32 Na ɔbarima no kɔɔ fie, na ɔyii yoma no so nnoɔma maa no ɛserɛ ne aduane, na ɔmaa ɔno ne nnipa a wɔka ne ho no nsuo sɛ wɔnhohoro wɔn nan ase.

33 Na wɔde aduane bɛsii n’anim sɛ ɔnni. Nanso ɔkaa sɛ: Merennidi gye sɛ mabɔ m’amanneɛ ansa. Na ɔse: Bɔ na yɛn ntie ɛ!

34 Na ɔse: Abraham somfoɔ ne me.

35 Na AWURADE ahyira me wura pii na wayɛ ɔkɛseɛ. Na wama no nnwan ne anantwie, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa, ne yoma ne mfunumu.

36 Na me wura yere Sara awo ba wɔ ne mmerewaberɛ mu ama me wura, na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa ama no.

37 Na me wura ama maka ntam sɛ: Nware Kanaanfoɔ a mete wɔn asase soɔ yi mmammaa mu bi mma me ba.

38 Na mmom kɔ m’agya fie ne m’abusua mu kɔware yerɛ brɛ no.

39 Na mebisaa me wura sɛ: Na sɛ ɔbaa no anni m’akyi ɛ?

40 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: AWURADE a menam n’anim no bɛsoma ne bɔfoɔ aka wo ho, na wama wo kwan so ayɛ dwoodwoo, na woakɔware yerɛ wɔ m’abusua mu ne m’agya fie abrɛ me ba;

41 Ɛno na sɛ wokɔ m’abusua mu, na wɔamma wo bi a, ɛnneɛ na wo ho afi me ntam no mu.

42 Na mebaa asubura no ho nnɛ kaa sɛ: AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ wo ara worema me kwan a meretuo yi ayɛ dwoodwoo a,

43 hwɛ, megyina asubura yi ho, na ma no mmra sɛ ababaa a ɔbɛfiri abɛsa nsuo no, na mɛse no sɛ: Mesrɛ wo, ma me w’ahina yi mu nsuo kakra mennom,

44 na ɔbɛka akyerɛ me sɛ: Nom, na menkɔsa bi memmrɛ wo yoma no nso no, ma ɔno ara nyɛ ɔbaa a AWURADE ayi no ama me wura ba.

45 Na mennya menwiee m’akoma mu kasa no, hwɛ, Rebeka firii adi bae a ahina si ne mmatiri soɔ, na ɔkɔɔ abura no mu kɔsaa nsuo. Na mesee no sɛ: Mesrɛ wo, ma me bi mennom.

46 Na ɔyɛɛ ntɛm soɛɛ n’ahina no kaa sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no nso bi anom. Na menomee, na ɔmaa yoma no nso bi nomee.

47 Na mebisaa no sɛ: Hwan ba ne wo? Na ɔse: M’agya ne Betuel a ɔyɛ Nahor ne Milka ba no. Na mede ɛhwenemkaa no mesɛnee ne hwenem, na mede nkapo no mehyehyɛɛ ne nsa,

48 na mebɔɔ me mu ase mesɔree AWURADE, na mehyiraa AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn a ɔkyerɛɛ me nokorɛ kwan sɛ menkɔware me wura nua ba memma ne ba no.

49 Na afei sɛ mo ara moreyɛ me wura adɔeɛ adi no nokorɛ a, monka nkyerɛ me; na sɛ ɛnte saa a, monka nkyerɛ me, na mennane memfa nifa anaa benkum.

50 Ɛnna Laban ne Betuel buaa sɛ: AWURADE na asɛm yi firi no, yɛrentumi nka no papa anaa bɔne nkyerɛ wo.

51 Hwɛ, Rebeka na ɔgyina w’anim yi, fa no kɔ ma no nkɔyɛ wo wura ba yere, sɛdeɛ AWURADE aka no.

52 Na Abraham somfoɔ no tee wɔn nsɛm no, ɔkotoo fam sɔree AWURADE.

53 Na ɔsomfoɔ no yii dwetɛ nnwinneɛ ne sika kɔkɔɔ nnwinneɛ ne ntadeɛ de maa Rebeka; na ɔde nnoɔma a ɛsom boɔ maa ne nuabarima ne ne na.

54 Na ɔne nnipa a wɔka ne ho no didii na wɔnomeeɛ no, wɔdaa hɔ anadwo no. Na wɔsɔree anɔpa no, ɔkaa sɛ: Monnya me kwan, na menkɔ me wura nkyɛn.

55 Na ne nua ne ne na kaa sɛ: Ma ababaa no ntena yɛn nkyɛn nna tiaa bi sɛ dadu ansa na woakɔ.

56 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsi me kwan, ɛfiri sɛ AWURADE ama m’akwantuo no asi me yie. Monnya me kwan mma menkɔ me wura nkyɛn.

57 Na wɔse: Ma yɛmfrɛ ababaa no mmisa ɔno ara.

58 Na wɔfrɛɛ Rebeka kyerɛɛ no sɛ: Wo ne ɔbarima yi bɛkɔ anaa? Na ɔse: Mɛkɔ.

59 Na wɔgyaa wɔn nua Rebeka ne n’abaawa panin ne Abraham somfoɔ no ne ne nnipa no kwan.

60 Na wɔhyiraa Rebeka see no sɛ:

Yɛn nuabaa, dane

mpem du ahodoɔ mpem mpem,

na w’asefoɔ mfa

wɔn atamfoɔ apono nni.

61 Na Rebeka ne ne mmaawa sɔree, na wɔtenatenaa yoma so dii ɔbarima no akyi, na ɔsomfoɔ no de Rebeka sii mu kɔe.

62 Na Isak firi Lahai-roi abura ho bae, ɛfiri sɛ na ɔte Negeb asase no so.

63 Na Isak firii adi kɔɔ wiram anwummerɛ kɔdwennwenee ne nsɛm ho. Na ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, yoma reba.

64 Na Rebeka maa n’ani so, na ɔhunuu Isak no, ɔfirii yoma no so sii fam.

65 Na ɔka kyerɛɛ ɔsomfoɔ no sɛ: Ɔbarima bɛn na ɔnam wira mu rebɛhyia yɛn yi? Na ɔsomfoɔ no se: Ɛyɛ me wura. Na ɔfaa ne nkatanimu de kataa n’anim.

66 Na ɔsomfoɔ no kaa deɛ ɔyɛeɛ no nyinaa kyerɛɛ Isak.

67 Na Isak de no kɔɔ ne na Sara ntomadan mu, na ɔwaree Rebeka, na ɔyɛɛ no ɛyerɛ, na ɔdɔ no. Na Isak werɛ kyekyeree, ne na wuo no akyi.

Gyenesis 25

Abraham ne Ketura mma

1 Na Abraham waree yerɛ bio a ne din de Ketura.

2 Na ɔwoo Simran, Yoksan, Medan, Midian, Isbak ne Sua maa no.

3 Na Yoksan woo Seba ne Dedan. Na Dedan mma ne Asurfoɔ, Letusfoɔ ne Leumfoɔ.

4 Na Midian mma ne Hefa, Hefer, Hanok, Abida ne Eldaa. Yeinom nyinaa ne Ketura mma.

5 Na Abraham de deɛ ɔwɔ nyinaa maa Isak.

6 Na mmaa nkae mma a Abraham wɔ no deɛ, berɛ a Abraham te aseɛ no, ɔkyɛɛ wɔn adeɛ, na ɔgyaa wɔn kwan firii ne ba Isak ho maa wɔkɔɔ apueeɛ asase no so.

Abraham wuo ne ne sie

7 Na Abraham nna a ɔdiiɛ yɛ mfeɛ ɔha aduɔson nnum.

8 Na Abraham gyaa ne honhom mu, na ɔwuu ɛdwono pa mu, wabɔ akɔkoraa, na ɔnyaa mfeɛ pii. Na ɔtii n’agyanom wɔ asamando.

9 Na ne mma Isak ne Ismael siee no Makpela bodan mu, wɔ Hetini Efron, Sohar ba, afuo no mu wɔ Mamre ntentensoɔ,

10 afuo a Abraham tɔɔ no Het mma nsam no. Ɛhɔ na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara.

11 Na Abraham wuo akyiri no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak. Na Isak tenaa Lahai-roi abura no ho.

Ismael awoɔ ntoatoasoɔ

12 Na yei ne Abraham ba Ismael a Misraimni Hagar, Sara afenaa no, wo maa Abraham no awoɔ ntoatoasoɔ:

13 Na yei ne Ismael mma din a wɔde frɛɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ no: Ismael abakan Nebaiot. Wɔn a wɔka ho ne Kedar, Adbeel, Mibsam,

14 Misma, Duma, Masa,

15 Hadad, Tema, Yetur, Nafis ne Kedema.

16 Yeinom ne Ismael mma, na yeinom ne wɔn din, sɛdeɛ wɔn nkuraa ne wɔn nsraban teɛ, atitire dummienu ne wɔn aman.

17 (Na Ismael nkwa mu mfeɛ a ɔdiiɛ nie: Mfirinhyia ɔha aduasa nson. Na ɔgyaa ne honhom mu, na ɔwui, na ɔtii n’agyanom wɔ asamando.)

18 Na wɔtena firi Hawila kɔsii Sur a ɛwɔ Misraim ntentensoɔ de rekɔ Asiria no. Na ɔne ne nuanom antena no asomdwoeɛ mu.

Esau ne Yakob awoɔ

19 Na yeinom ne Abraham ba Isak awoɔ ntoatoasoɔ: Abraham woo Isak.

20 Na Isak dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Rebeka, Aramni Betuel ba a ɔfiri Mesopotamia no ne Aramni Laban nua.

21 Na Isak srɛɛ AWURADE maa ne yere, ɛfiri sɛ na ɔyɛ obonini. Na AWURADE tiee n’adesrɛ no, na ne yere Rebeka nyinsɛnee.

22 Na nkɔkoaa no pempem wɔn ho wɔ ne yam. Na ɔse: Sɛ ɛte saa a, na mete ase reyɛ deɛn? Na ɔkɔbisaa AWURADE.

23 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ:

Aman mmienu na ɛwɔ wo yam,

na nkurɔfoɔ ahodoɔ mmienu na ɛbɛtete wɔn ho mu afiri wo yafunu mu.

Na ɔman no baako bɛdi baako so,

na ɔpanin no bɛsom akumaa no.

24 Na ne nna duruu so sɛ ɔbɛwoɔ no, na hwɛ, nta wɔ ne yam.

25 Na deɛ ɔdi kan firi baeɛ no, na ne ho yɛ kɔɔ, ne ho nyinaa wɔ enwi kusuu. Enti wɔtoo no din Esau.

26 Na ɛno akyiri no, ne nua no firi bae, na ne nsa kura Esau nantin, enti wɔtoo no din Yakob.Na wɔwoo wɔn no, na Isak adi mfeɛ aduosia.

Esau tɔn ne panin

27 Na mmɔfra no nyinii. Na Esau nim ahayɔ yie, na ɔyɛ ɔhamuni, na Yakob deɛ na ɔyɛ onipa a ɔmpɛ kasa a daa ɔte ntomadan mu.

28 Na Isak dɔ Esau, ɛfiri sɛ na ne hanam yɛ no dɛ; na Rebeka deɛ, ɔdɔ Yakob.

29 Yakob noaa aduane bi, na Esau firi wiram baeɛ no, na wabrɛ.

30 Na Esau ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Ma me adeɛ kɔkɔɔ yi bi menni ɛ, na mabrɛ. (Enti wɔde too no din Edom)

31 Na Yakob kaa sɛ: Tɔn wo panin ma me nnɛ.

32 Na Esau kaa sɛ: Hwɛ, wuo na merebɛwuo yi, na ɔpanin yi bɛyɛ me deɛn?

33 Na Yakob kaa sɛ: Ka ntam kyerɛ me nnɛ. Na ɔkaa ntam kyerɛɛ no tɔn ne panin maa Yakob.

34 Ɛnna Yakob maa Esau paanoo ne asedua a wanoa; na ɔdii, na ɔdidi nomee, na ɔsɔre kɔe. Na sɛdeɛ Esau ammu ne panin ne no.

Gyenesis 26

Isak kɔ Gerar

1 Na ɛkɔm baa asase no so, ɛsono ɛkɔm a ɛbaa Abraham berɛ soɔ no. Na Isak kɔɔ Filistifoɔ hene Abimelek nkyɛn wɔ Gerar.

2 Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no sɛ: Nsiane nkɔ Misraim, tena asase a mɛkyerɛ woɔ yi so.

3 Tena asase yi so sɛ ɔhɔhoɔ, na mɛdi w’akyi na mahyira wo, ɛfiri sɛ wo ne w’asefoɔ na mede nsase yi nyinaa bɛma mo, na mɛma ntam a mekaa w’agya Abraham no agyina.

4 Na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsase yi nyinaa bɛma w’asefoɔ, na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa,

5 ɛfiri sɛ Abraham tiee me nne, na ɔdii me nsiesieeɛ, me mmara nsɛm, m’ahyɛdeɛ ne me mmara so.

6 Na Isak tenaa Gerar.

7 Na ɛhɔfoɔ no bisaa no ne yere ho asɛm no, ɔkaa sɛ: Me nua ne no. Na ɔsuro sɛ ɔbɛka sɛ: Me yere ne no, ɛfiri sɛ ɔse: Anyɛ saa a, Rebeka nti ɛhafoɔ bɛku me; ɛfiri sɛ ne ho yɛ fɛ.

8 Na ɔkyɛree hɔ no, Filistifoɔ hene Abimelek hwɛɛ mpomma mu hunui, na hwɛ, Isak ne ne yere Rebeka rewewe.

9 Na Abimelek frɛɛ Isak sɛ: Hwɛ, ampa ara ɔyɛ wo yere, na ɛyɛɛ dɛn na wose: Ɔyɛ me nua yi? Na Isak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛfiri sɛ medwenee sɛ: Anyɛ saa a, ne nti mɛwu.

10 Na Abimelek kaa sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Ɛkaa kumaa bi na anka ɔman yi muni bi ne wo yere dae, na anka wode mmusuo aba yɛn so.

11 Na Abimelek hyɛɛ ne nkurɔfoɔ nyinaa sɛ: Deɛ ɔbɛka ɔbarima yi anaa ne yere no, wuo na ɔbɛwuo.

12 Na Isak duaa mfudeɛ wɔ asase no so, na ɔnyaa nnɔbaeɛ mmɔho ɔha; afirinhyia no ara mu ɛfiri sɛ AWURADE hyiraa no.

13 Na Isak nyaa ne ho, na ɔkɔɔ so ara nyaa ne ho kɔsii sɛ ɔyɛɛ kɛseɛ pa ara.

14 Na ɔnyaa nnwankuo ne anantwikuo ne nkoa pii. Na Filistifoɔ no ani beree no.

15 (Na nsubura a n’agya Abraham nkoa tutuu no n’agya berɛ soɔ no, Filistifoɔ sisii ne nyinaa de dɔteɛ hyehyɛɛ no mama.)

16 Na Abimelek ka kyerɛɛ Isak sɛ: Firi yɛn nkyɛn kɔ, na wowɔ tumi dodo sene yɛn.

17 Na Isak sii mu firi hɔ kɔsisii ne ntomadan wɔ Gerar bonhwa mu, na ɔtenaa hɔ.

18 Na Isak sane titii nsubura a n’agya Abraham berɛ so wɔtutuiɛ a Abraham wuo akyi Filistifoɔ sisii no no mu. Na ɔtotoo no din sɛdeɛ n’agya totoeɛ no ara.

19 Na Isak nkoa funuu bonhwa no mu, na wɔhunuu nsupa abura wɔ hɔ.

20 Na Gerar mmoahwɛfoɔ ne Isak mmoahwɛfoɔ dii so aperepereɛ kaa sɛ: Nsuo no yɛ yɛn dea! Enti Isak too abura no din Esek,ɛfiri sɛ wɔne no hamee.

21 Na wɔtuu asubura foforɔ, na ɛno ho nso wɔpereperee, enti ɔfrɛɛ no Sitna.

22 Na wɔfirii hɔ kɔtuu abura foforɔ, na ɛno deɛ, wɔampere, enti ɔtoo no din Rehobot,na ɔkaa sɛ: Afei deɛ AWURADE ama yɛn mu atrɛ, na yɛadɔre wɔ asase yi so.

23 Na ɔfirii hɔ kɔɔ Beer-seba.

24 Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no anadwo no ara kaa sɛ: Mene w’agya Abraham Nyankopɔn, nsuro, na medi w’akyi. Mɛhyira wo, na m’akoa Abraham nti mɛma w’asefoɔ adɔre.

25 Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE, na ɔsii ne ntomadan wɔ hɔ. Na Isak nkoa tuu asubura wɔ hɔ.

Abraham ne Abimelek yɛ apam

26 Na Abimelek ne n’adamfo Ahusat ne ne safohene Pikol firi Gerar baa ne nkyɛn.

27 Na Isak ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn nti na moaba me nkyɛn yi? Sɛ motane me, na moapamo me afiri mo nkyɛn.

28 Na wɔse: Yɛahunu pefee sɛ AWURADE di w’akyi. Na yɛse: Ma ntam nna yɛne wo ntam. Na ma yɛne wo mpam,

29 sɛ worenyɛ yɛn bɔne biara; sɛdeɛ yɛanka woɔ, na yɛayɛ wo papa nko ara, na yɛagya wo kwan asomdwoeɛ mu no. Afei wone deɛ AWURADE ahyira no.

30 Na ɔtoo wɔn pono, na wɔdidi nomee.

31 Na wɔsɔree anɔpatutu kekaa ntam kyerɛkyerɛɛ wɔn ho, na Isak gyaa wɔn kwan, na wɔde asomdwoeɛ firi ne nkyɛn kɔe.

32 Na da no ara Isak nkoa ba bɛkaa no abura a wɔtuiɛ no ho asɛm sɛ: Yɛato nsuo.

33 Na ɔfrɛɛ no Siba. Enti kuro no din de Beer-seba de bɛsi nnɛ yi ara.

Esau ananafoɔ yerenom

34 Na Esau dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Hetini Beeri babaa Yudit ne Hetini Elon babaa Basmat.

35 Na wɔhyɛɛ Isak ne Rebeka awerɛhoɔ.

Gyenesis 27

Yakob gye Isak nhyira

1 Na Isak bɔɔ akɔkoraa na n’ani so yɛɛ no kusukusu na ɔnhunu adeɛ yie no, ɔmaa wɔfrɛɛ ne ba panin Esau ka kyerɛɛ no sɛ: Me ba! Na ɔgyee so sɛ: Agya, menie.

2 Na ɔse: Mabɔ akora, na mennim me wuda.

3 Afei fa w’ahayɔdeɛ, w’agyan kotokuo ne w’agyan kɔ wiram kɔpɛ hanam brɛ me,

4 na noa akɔnnɔduane sɛdeɛ mepɛ brɛ me, na menni, na me nhyira wo ansa na mawu.

5 Ɛberɛ a Isak rekasa akyerɛ ne ba Esau no, Rebeka tee. Na Esau kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔkum nam aba.

6 Na Rebeka ka kyerɛɛ ne ba Yakob sɛ: Hwɛ, metee sɛ w’agya rekasa kyerɛ wo nua Esau sɛ:

7 Kɔpɛ hanam brɛ me, na noa m’akɔnnɔduane, na menni, na menhyira wo AWURADE anim ansa na mawu.

8 Na afei, me ba, tie me nne, sɛdeɛ merehyɛ woɔ yi:

9 Kɔ mmoakuo no mu kɔkyere mmirekyie mma pa mmienu brɛ me, na memfa menyɛ akɔnnɔduane memma w’agya sɛdeɛ ɔpɛ;

10 na fa kɔma w’agya, na ɔnni, na ɔnhyira wo ansa na wawu.

11 Na Yakob ka kyerɛɛ ne na Rebeka sɛ: Hwɛ, me nua Esau ho wɔ nwi, na me deɛ, me ho yɛ toromtorom.

12 Ebia m’agya bɛka me ho ahwɛ, na mayɛ n’ani so sɛ ɔdaadaafoɔ, na mede nnome maba me so, na ɛnyɛ nhyira.

13 Ɛnna ne na ka kyerɛɛ no sɛ: Wo nnome mmra me so, me ba, tie me nne ara, na kɔkyere wɔn brɛ me.

14 Na ɔkɔkyeree wɔn brɛɛ ne na, na ne na de yɛɛ akɔnnɔduane sɛdeɛ n’agya pɛ.

15 Na Rebeka faa ne ba panin Esau ntadeɛ fɛfɛ a ɛwɔ ne nkyɛn wɔ ɛdan mu de hyɛɛ ne ba kumaa Yakob.

16 Na ɔde mmirekyie mma no nwoma duraduraa ne nsa ne ne kɔn a ɛho yɛ toromtorom no ho.

17 Na ɔde akɔnnɔduane ne paanoo a wasiesie no hyɛɛ ne ba Yakob nsa.

18 Na ɔde kɔɔ n’agya nkyɛn, na ɔse: M’agya! Na ɔgyee so sɛ: Menie, ɛyɛ wo hwan a, me ba?

19 Na Yakob ka kyerɛɛ n’agya sɛ: Ɛyɛ me, w’abakan Esau. Mayɛ sɛdeɛ wokyerɛɛ me no. Mesrɛ wo, sɔre, tena ase, na di me hanam, na wo kra nhyira me.

20 Na Isak bisaa ne ba no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na wonyaa no ntɛm sɛɛ yi, me ba? Na ɔse: Ɛfiri sɛ AWURADE wo Nyankopɔn na ɔmaa me hyiaa yie.

21 Na Isak ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Twe pini me, na menka wo menhwɛ, me ba, sɛ ampa ara sɛ me ba Esau ne wo anaasɛ ɛnyɛ ɔno a.

22 Na Yakob twe pinii n’agya Isak, na ɔde ne nsa kaa ne ho hwɛe, na ɔkaa sɛ: Ɛnne no yɛ Yakob nne, na nsa no deɛ, ɛyɛ Esau nsa.

23 Na wanhu no, ɛfiri sɛ na ne nsa ho wɔ nwi te sɛ ne nua Esau deɛ. Enti ɔhyiraa no.

24 Na ɔbisaa no sɛ: Ampa ara sɛ wone me ba Esau anaa? Na ɔse: Mene no.

25 Na ɔse: Fa pini me nkyɛn, na menni me ba hanam, na me kra nhyira wo. Na ɔde brɛɛ no, na ɔdii, na ɔde bobesa brɛɛ no, na ɔnomee.

26 Na n’agya Isak ka kyerɛɛ no sɛ: Twe pini bɛfe m’ano ɛ, me ba.

27 Na ɔtwe pinii kɔfee n’ano. Na Isak huaa n’atadeɛ mu hwa hwɛe, na ɔhyiraa no sɛ:

Hwɛ, me ba ho hwa

te sɛ afuo a AWURADE ahyira soɔ mu hwa.

28 Onyankopɔn mma wo ɔsoro bosuo

ne asase mu sradeɛ bi,

ne aburoo ne nsa pii.

29 Aman nsom wo,

na nkurɔfoɔ nkoto wo.

Yɛ wo nuanom so wura,

na wo na mma nkoto wo.

Wɔadome wɔn a wɔdome woɔ,

na wɔahyira wɔn a wɔhyira woɔ.

Esau srɛ Isak hɔ nhyira

30 Na Isak wiee Yakob hyira na Yakob firii n’agya nkyɛn firii adi ara pɛ na ne nua Esau firi n’ahayɔ baeɛ.

31 Na ɔno nso bɛnoaa akɔnnɔduane de brɛɛ n’agya ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya sɔre ɛ, na di wo ba hanam, na wo kra nhyira me!

32 Na n’agya Isak see no sɛ: Ɛyɛ wo hwan a? Na ɔse: Ɛyɛ me, wo ba, w’abakan Esau.

33 Na Isak de ahopopoɔ kɛseɛ pa ara kaa sɛ: Hwan mpo ne deɛ ɔkɔyɛɛ ha de brɛɛ me, na medii ne nyinaa na mehyiraa no ansa na woreba yi? Nso ɔbɛyɛ deɛ wɔahyira no.

34 Esau tee n’agya nsɛm no, ɔde su kɛseɛ ne awerɛhoɔ pii teaa mu denden ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya, hyira me nso bi.

35 Na ɔse: Wo nua de nnaadaa aba abɛgye wo nhyira.

36 Na ɔse: Ne din nne Yakob anaa? Mprenu ni na watwintwane m’anan mu. Wafa me panin, na hwɛ, afei nso wagye me nhyira. Na ɔse: Woamfa nhyira bi ansie me?

37 Na Isak bua see Esau sɛ: Hwɛ, mede no mayɛ wo so wura, na mede ne nuanom nyinaa mayɛ ne nkoa. Na mede aburoo ne nsa mawowa no. Na afei wo deɛ, ɛdeɛn na menyɛ woɔ, me ba?

38 Na Esau ka kyerɛɛ n’agya sɛ: M’agya, nhyira baako pɛ na wowɔ? Hyira me nso, m’agya. Na Esau maa ne nne so sui.

39 Na n’agya Isak bua see no sɛ:

Hwɛ, asase a sradeɛ nni mu

ne deɛ ɔsoro bosuo yɛ so na so na wobɛtena.

40 Wo nkrantɛ so na wonam bɛtena aseɛ,

na wobɛsom wo nua.

Nanso ɛbɛba sɛ wobɔ mmɔden kentene wo ho a,

wobɛyi ne kɔnnua afiri wo kɔn so.

Esau repɛ Yakob aku no

41 Na Esau tanee Yakob wɔ nhyira a n’agya de hyiraa no no nti. Na Esau kaa no n’akoma mu sɛ: Nna a wɔde bɛsu m’agya no reyɛ abɛn, na merebɛkum me nua Yakob.

42 Na wɔkɔkaa ne ba panin Esau nsɛm yi kyerɛɛ Rebeka. Na ɔsoma maa wɔkɔfrɛɛ ne ba kumaa Yakob, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo nua Esau rekyekyere ne werɛ sɛ ɔrebɛku wo.

43 Afei, me ba, tie me nne, na sɔre dwane kɔ me nua Laban nkyɛn wɔ Haran,

44 na tena ne nkyɛn nna tiaa kɔsi sɛ wo nua anibereɛ no bɛfiri ne mu,

45 kɔsi sɛ wo nua abufuo bɛdane afiri wo soɔ, na ne werɛ afiri deɛ woyɛɛ no no, ansa na masoma ama wɔabɛfa wo wɔ hɔ aba. Na adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ mehwere mo baanu da koro?

Isak ma Yakob kɔ Laban nkyɛn

46 Na Rebeka ka kyerɛɛ Isak sɛ: Het mmammaa nti m’asetena afono me. Sɛ Yakob kɔware yerɛ Het mmammaa mu, sɛ yeinom a wɔwɔ ɛha yi a, na me mmerɛ ngui, na mete ase reyɛ deɛn bio?

Gyenesis 28

Isak hyira Yakob, na ɔgya no kwan kɔ Mesopotamia

1 Na Isak frɛɛ Yakob, na ɔhyiraa no hyɛɛ no sɛ: Nware ɛyerɛ wɔ Kanaan mmammaa mu.

2 Sɔre kɔ Mesopotamia kɔ wo na n’agya Betuel fie, na kɔware wɔ wo na nua Laban mmammaa mu bi.

3 Na Onyankopɔn Tweaduampɔn nhyira wo, na ɔmma wo nnɔ, na ɔmma wo nyɛ bebree, na woayɛ aman asafo;

4 na ɔmfa Abraham nhyira nhyira wo, wo ne w’asefoɔ a wɔka wo ho, na woanya asase a woyɛ so hɔhoɔ a Onyankopɔn de ama Abraham yi.

5 Na Isak gyaa Yakob kwan, na ɔkɔɔ Mesopotamia wɔ Aramni Betuel ba Laban a ɔyɛ Yakob ne Esau wɔn na Rebeka nuabarima no nkyɛn.

Esau ware ɔbaa foforɔ

6 Na Esau hunuu sɛ Isak ahyira Yakob, ama wagya no kwan sɛ ɔnkɔ Mesopotamia nkɔware yerɛ wɔ hɔ. Afei ɔhunuu bio sɛ ɔhyiraa no hyɛɛ no sɛ: Nware Kanaan mmammaa mu yerɛ,

7 na Yakob tiee n’agya ne ne na, na ɔkɔɔ Mesopotamia.

8 Na Esau hunuu sɛ Kanaan mmammaa nyɛ wɔ n’agya Isak ani soɔ no,

9 ɔsii mu kɔɔ Ismael nkyɛn kɔwaree Abraham ba Ismael babaa, Nebaiot nuabaa Mahalat kaa ne yerenom no ho.

Yakob daeɛso wɔ Betel

10 Na Yakob firi Beer-seba sii mu kɔɔ Haran.

11 Na ɔduruu baabi no ɔsoɛɛ hɔ anadwo no, ɛfiri sɛ na owia akɔtɔ. Na ɔfaa hɔ aboɔ no bi de yɛɛ sumiiɛ, na ɔdaa hɔ.

12 Na ɔsoo daeɛ, na hwɛ, na atwedeɛ bi si fam a atifi pem soro, na hwɛ, Nyankopɔn abɔfoɔ redi so aforosiane.

13 Na hwɛ, AWURADE gyina atifi, na ɔse: Mene AWURADE, w’agya Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn; asase a woda soɔ yi mede bɛma wo ne w’asefoɔ.

14 Na w’asefoɔ bɛyɛ sɛ asase so mfuturo, na woatrɛ akɔ atɔeɛ ne apueeɛ, atifi fam ne anafoɔ fam. Na wo ne w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira wiase mmusuakuo nyinaa.

15 Na hwɛ, mɛdi w’akyi, na mahwɛ wo so baabiara a wobɛkorɔ, na mama woasane aba asase yi so. Na merennya wo de bɛkɔ akɔsi sɛ mɛma deɛ maka makyerɛ woɔ yi aba mu.

16 Na Yakob nyane firii ne nna mu no, ɔkaa sɛ: Ampa ara, AWURADE wɔ ha yi, nanso me deɛ, manhunu.

17 Na ɔsuroe, na ɔse: Ɛha yi yɛ hu ampa. Ɛha nyɛ baabiara sɛ Nyankopɔn fie, na ɛha ne ɔsoro aboboano.

18 Na Yakob sɔree anɔpatutu, na ɔfaa ɔboɔ a ɔde yɛɛ sumiiɛ no de yɛɛ odum sii hɔ, na ɔhwiee ngo guu so.

19 Na ɔfrɛɛ hɔ: Betel,nanso akane no na kuro no din de Lus.

20 Na Yakob hyɛɛ bɔ kaa sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn bɛdi m’akyi ahwɛ me so ɔkwan a merebɛtuo yi mu, na wama me aduane madi ne atadeɛ mahyɛ,

21 na wasane me asomdwoeɛ mu de me aba m’agya fie a, ɛnneɛ AWURADE bɛyɛ me Nyankopɔn.

22 Na ɔboɔ yi a mede mayɛ odum asi hɔ yi bɛyɛ Nyankopɔn fie. Na deɛ wobɛma me nyinaa, mɛma wo so ntotosoɔ du du.

Gyenesis 29

Yakob kɔduru Laban fie

1 Na Yakob sii mu kɔɔ nnipa a wɔte apueeɛ fam asase so.

2 Na ɔhunui asubura bi wɔ wiram, na hwɛ, nnwankuo mmiɛnsa boaboa ho wɔ hɔ, ɛfiri sɛ abura no mu nsuo na wɔsa ma nnwankuo no nom, na ɔboɔ kokuroo da abura no ano.

3 Ɛhɔ na wɔboa nnwankuo nyinaa ano, na wɔmuni ɔboɔ no firi abura no ano, na wɔma nnwan no nom, na wɔmuni ɔboɔ no to abura no so bio wɔ ne daberɛ hɔ.

4 Na Yakob bisaa wɔn sɛ: Me nuanom, mofiri he? Na wɔse: Yɛfiri Haran.

5 Na ɔsee wɔn sɛ: Monim Nahor ba Laban anaa? Na wɔse: Yɛni no.

6 Na ɔbisaa wɔn sɛ: Ne ho yɛ? Na wɔbuaa sɛ: Ne ho yɛ, na hwɛ, ne babaa Rahel ne nnwan na ɛreba yi.

7 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, adeɛ nnya nsae koraa, na ɛberɛ a wɔboaboa mmoakuo ano nnya nnurui. Momma nnwan no nsuo nnom, na monkɔ mma wɔnkɔdidi.

8 Na wɔse: Yɛntumi, gye sɛ wɔaboaboa nnwankuo no nyinaa ano, na wɔamuni ɔboɔ no afiri abura no ano, ansa na yɛama nnwan no anom.

9 Na Yakob ne wɔn da so rekasa no, Rahel ne n’agya nnwan no bae, ɛfiri sɛ na ɔyɛ odwanhwɛfoɔ.

10 Na Yakob hunuu ne na nua Laban ba Rahel ne ne na nua Laban nnwan no no, ɔtwe pinii kɔmunii ɔboɔ no firii asubura no ano, na ɔmaa ne na nua nnwan no nsuo nomee.

11 Na Yakob fee Rahel ano, na ɔmaa ne nne so sui.

12 Na Yakob ka kyerɛɛ Rahel sɛ ɔyɛ n’agya busuani, na ɔyɛ Rebeka ba. Na Rahel tutuu mmirika kɔka kyerɛɛ n’agya.

13 Na Laban tee ne nua ba Yakob nka no, ɔtuu mmirika kɔhyiaa no, na ɔyɛɛ no atuu fee n’ano, na ɔde no baa ne fie. Na ɔbɔɔ n’amanneɛ kyerɛɛ Laban.

14 Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, woyɛ me dompe ne me honam. Na ɔtenaa ne nkyɛn bɛyɛ bosome.

Yakob som Laban de ware Lea ne Rahel

15 Na Laban bisaa Yakob sɛ: Ɛnam sɛ woyɛ me busuani nti, wobɛsom me kwa anaa? Kyerɛ me deɛ ɛnyɛ w’akatua.

16 Nso Laban wɔ mmammaa baanu, ɔpanin no din de Lea, na akumaa no din de Rahel.

17 Na Lea animma yɛ nketewa, na Rahel ho yɛ fɛ, na n’anim yɛ nyam.

18 Na Yakob dɔ Rahel, na ɔkaa sɛ: Wo ba kumaa Rahel nti mɛsom wo mfeɛ nson.

19 Na Laban se: Ɛyɛ sɛ mede no mema woɔ sene sɛ mede no bɛma onipa foforɔ bie; tena me nkyɛn.

20 Na Rahel nti Yakob som mfeɛ nson, na dɔ a ɔdɔ no nti ɛyɛɛ n’ani so sɛ nna mfuamfua bi.

21 Na Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Fa me yere ma me, na me nna no adu, na mene no nna.

22 Na Laban boaboaa kurom hɔfoɔ nyinaa ano, na ɔtoo pono.

23 Na anadwofa no ɔde ne ba Lea brɛɛ no, na ɔne no dae.

24 (Na Laban de n’abaawa Silpa maa ne ba Lea yɛɛ n’abaawa.)

25 Na adeɛ kyeeɛ no, Yakob hunuu sɛ ɛyɛ Lea mmom. Na ɔbisaa Laban sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Ɛnyɛ Rahel nti na mesom woɔ? Na adɛn nti na woadaadaa me yi?

26 Ɛnna Laban se: Yɛn ha deɛ, wɔnyɛ no saa, wɔmma akumaa nware ansa na wɔde abakan ama.

27 Di ne nkyɛn nnawɔtwe yi, na yɛde oyi nso bɛma wo, som a wobɛsom me mfeɛ nson bio ho.

28 Na Yakob yɛɛ saa, na ɔdii ne nkyɛn nnawɔtwe no. Na ɔde ne ba Rahel maa no awareɛ.

29 (Na Laban de n’abaawa Bilha maa ne ba Rahel yɛɛ n’abaawa.)

30 Na Yakob ne Rahel nso dae, na ɔdɔ Rahel sene Lea, na ɔsomm no mfeɛ nson bio.

Yakob mma

31 Na AWURADE hunuu sɛ wɔtane Lea no, ɔbuee ne yafunu mu, na Rahel deɛ, ɔyɛɛ obonini.

32 Na Lea nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo no din Ruben,na ɔse: AWURADE ahwɛ m’amaneɛ, na afei deɛ, me kunu bɛdɔ me.

33 Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔkaa sɛ: AWURADE ate sɛ wɔtane me nti na ɔde oyi nso ama me. Na ɔtoo no din Simeon.

34 Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔse: Afei ansa na me kunu de ne ho bɛfam me ho, ɛfiri sɛ me ne no awo mmammarima baasa. Enti ɔtoo no din Lewi.

35 Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔse: Yei deɛ mɛyi AWURADE ayɛ. Enti ɔtoo no din Yuda.Na n’awoɔ mu twee.

Gyenesis 30

1 Na Rahel hunuu sɛ ɔnwo mma Yakob no, ɔtwee ne nuabaa no ho kora, na ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: Ma me mma, na anyɛ saa a, mɛwu.

2 Na Yakob bo fuu Rahel kaa sɛ: Mesi Nyankopɔn a ɔkame wo wo yam mma no ananmu anaa?

3 Na Rahel kaa sɛ: Hwɛ, m’afenaa Bilha nie, wo ne no nna, na ɔnwo ngu me srɛ so, na me nso mennya ne ho mma.

4 Na ɔde n’abaawa Bilha maa no awareɛ, na Yakob ne no dae.

5 Na Bilha nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa Yakob.

6 Na Rahel kaa sɛ: Onyankopɔn adi m’asɛm, na watie me nne nso ama me ɔba. Enti ɔtoo no din Dan.

7 Na Rahel abaawa Bilha nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob.

8 Na Rahel kaa sɛ: Ako akɛseɛ na me ne me nuabaa adie, nso matumi no. Na ɔtoo no din Naftali.

9 Na Lea hunuu sɛ n’awoɔ mu atwe no, ɔde n’abaawa Silpa maa Yakob awareɛ.

10 Na Lea abaawa Silpa woo ɔbabarima maa Yakob.

11 Na Lea kaa sɛ: Aba yie. Na ɔtoo no din Gad.

12 Na Lea abaawa Silpa woo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob.

13 Na Lea kaa sɛ: M’ahotɔ nie! Na mmaa bɛfrɛ me deɛ wɔahyira no. Na ɔtoo no din Aser.

14 Na ayuo twaberɛ mu no, Ruben firii adi kɔhunuu dudaimwɔ wiram, na ɔde brɛɛ ne na Lea. Na Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ: Ma me wo ba dudaim yi bi ɛ!

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnnɔɔso sɛ woafa me kunu? Na worebɛgye me ba dudaim nso anaa? Na Rahel se: Wo ba dudaim no nti ma ɔne wo nkɔda anadwo yi.

16 Na anwummerɛ a Yakob firi wiram reba no, Lea firii adi kɔhyiaa no kaa sɛ: Bra me nkyɛn, ɛfiri sɛ ampa ara mede me ba dudaim matɔ wo. Na ɔne no daa anadwo no.

17 Na Onyankopɔn tiee Lea, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima a ɔtɔ so nnum maa Yakob.

18 Na Lea kaa sɛ: Onyankopɔn atua me ka, sɛ mede m’abaawa mama me kunu awareɛ. Na ɔtoo no din Isakar.

19 Na Lea nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabarima a ɔtɔ so nsia maa Yakob.

20 Na Lea kaa sɛ: Onyankopɔn akyɛ me akyɛdeɛ pa, afei deɛ, me kunu ne me bɛtena yie, ɛfiri sɛ mawo mmammarima baasia mama no. Na ɔtoo no din Sebulon.

21 Na ɛno akyiri no, ɔwoo ɔbabaa, na ɔtoo no din Dina.

22 Na Onyankopɔn kaee Rahel, na Onyankopɔn tiee no, na ɔbuee ne yam.

23 Na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔse: Onyankopɔn ayi m’ahohora.

24 Na ɔtoo no din Yosefsɛ: AWURADE mma me ɔba foforɔ nka ne ho.

Laban ne Yakob nnaadaa

25 Na Rahel woo Yosef no, Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Gya me kwan na menkɔ me kurom ne m’asase so.

26 Fa me yerenom ne me mma a wɔn nti mesomm woɔ no ma me. Wo ara wonim me som a masom woɔ.

27 Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ma mennya w’anim animuonyam, na mahunu sɛ wo nti AWURADE ahyira me.

28 Kyerɛ me w’akatua a woregye me, na mɛma.

29 Na Yakob see no sɛ: Wo ara wonim sɛdeɛ masom wo afa ne sɛdeɛ wo mmoakuo ayɛ wɔ m’aseɛ.

30 Mebaa wo nkyɛn no, na deɛ wowɔ no sua, na afei aseɛ atrɛ ayɛ pii, na AWURADE ahyira wo baabiara a mefa. Na afei da bɛn na menhwɛ me fie nso?

31 Na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na memma woɔ? Na Yakob se: Mma me biribiara; sɛ wobɛyɛ saa adeɛ yi ama me deɛ a, mɛsane mabɛyɛne wo nnwan na mahwɛ wɔn.

32 Ɛnnɛ mɛkɔ makɔfa wo nnwan nyinaa mu, na mayiyi emu nnwan a wɔn ho yɛ ntokontrama ne nworonnworan nyinaa ne nnwammire nyinaa wɔ nnwanten no mu ne mmirekyie no mu nworonnworan ne ntokontrama. Wɔn a wɔtete sɛɛ na ɛnyɛ m’akatua.

33 Na daakye bi a wobɛka m’akatua ho asɛm no, me tenenee abua ama me wɔ w’anim. Mmirekyie no mu biara a ne ho nyɛ ntokontrama ne nworonnworan, ne nnwanten no mu deɛ ɔnyɛ odwammire no, ma wɔmmu no awifodeɛ wɔ me nsam.

34 Na Laban se: Hwɛ, ma no nyɛ sɛdeɛ woaka yi ɛ!

35 Na da no ara ɔyiyii mpapo a wɔn ho yɛ nsensannsensan ne nworonnworan, ne mmirekyibereɛ a wɔn ho yɛ ntokontrama ne nworonnworan nyinaa, obiara a fufuo wɔ ne ho, ne nnwanten no mu nnwammire nyinaa. Na ɔde wɔn hyɛɛ ne mmammarima nsa.

36 Na ɔde nnansa kwan too ɔne Yakob ntam, na Yakob yɛnee Laban nnwan a ɛkaeɛ no.

37 Na Yakob faa sɛsɛ dua, ɛdwono dua ne kyɛnkyɛn dua mman mono, na ɔyiyii ho nsema fitafitaa maa mmaa no ho fitaa no fifirii adi.

38 Na ɔde mmaa a ɔyiyii ho no guu anomeeɛ adaaseɛ a nnwan no rebɛnom mu nsuo no mu wɔ nnwan no anim, na wɔba nsunom a, wɔanyenyem so.

39 Na nnwan no nyenyem mmaa no so, na wɔwowoo nsensannsensan, ntokontrama ne nworonnworan.

40 Na Yakob yiyii nnwammaa no, na ɔde nnwan no ani kyerɛɛ Laban nnwan no mu nsensannsensan ne nnwammire nyinaa. Na ɔyɛɛ ɔno ara nnwankuo nko wɔ fa baabi, na wamfa wɔn amfra Laban nnwan no mu.

41 Na sɛ daa nnwan a wɔn ho yɛ den no nyenyem a, na Yakob de mmaa no akɔgu adaaseɛ no mu wɔ nnwan no anim, na wɔanyenyem mmaa no so.

42 Na nnwan no yɛ nofonofo deɛ a, ɔmfa ngu mu. Na wɔn a wɔyɛ mmerɛ no yɛɛ Laban dea, na wɔn a wɔn ho yɛ den no yɛɛ Yakob dea.

43 Na ɔbarima no yɛɛ kɛseɛ pa ara, na ɔnyaa nnwan pii ne mfenaa ne nkoa ne yoma ne mfunumu.

Gyenesis 31

Yakob dwane firi Laban nkyɛn

1 Na ɔtee Laban mmammarima nsɛm a wɔkaeɛ no sɛ: Yakob afa deɛ ɛyɛ yɛn agya deɛ nyinaa; na ɛno na ɔde anya saa agyapadeɛ yi nyinaa.

2 Na Yakob hunuu Laban anim, na hwɛ, ɛnte no sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.

3 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Sane kɔ wo nananom asase so ne w’abusua mu, na mɛdi w’akyi.

4 Na Yakob soma maa wɔkɔfrɛɛ Rahel ne Lea baa wiram wɔ ne nnwan no nkyɛn,

5 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mehunu mo agya anim sɛ ɛnte me sɛdeɛ na ɛteɛ kane no; nanso m’agya Nyankopɔn adi m’akyi.

6 Na mo ara monim sɛ m’ahoɔden nyinaa na mede masom mo agya,

7 na mo agya asisi me, adane m’akatua ani mprɛdu; nanso Onyankopɔn amma no kwan amma no anyɛ me bɔne biara.

8 Sɛ ɔka sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ ntokontrama no nyɛ w’akatua a, na nnwan no nyinaa awowo ntokontrama. Na sɛ ɔka sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ nsensannsensan no nyɛ w’akatua a, na nnwan no nyinaa awowo nsensannsensan.

9 Na Onyankopɔn agye mo agya mmoakuo ama me.

10 Na berɛ a mmoa no refoforo wɔn ho na wɔanyinsɛn no, memaa m’ani so na mehunui wɔ daeɛ mu, na hwɛ, mpapo a na wɔforo mmirekyie no, wɔn ho yɛ nsensannsensan ne ntokontrama ne nworonnworan.

11 Na Nyankopɔn bɔfoɔ ka kyerɛɛ me daeɛ mu sɛ: Yakob! Na mese: Menie.

12 Na ɔse: Ma w’ani so hwɛ, adwennini no a wɔreforo nnwan no nyinaa yɛ nsensannsensan ne ntokontrama ne nworonnworan: Ɛfiri sɛ mahunu deɛ Laban ayɛ woɔ nyinaa.

13 Mene Nyankopɔn a wohyiaa no Betel faako a wosraa ɛhɔ dum na wohyɛɛ bɔ maa me no; afei sɔre firi asase yi so, na sane kɔ w’abusua asase so.

14 Na Rahel ne Lea bua see no sɛ: Yɛda so wɔ kyɛfa anaasɛ agyapadeɛ bi wɔ yɛn agya fie anaa?

15 Ɔmmu yɛn ahɔhoɔ anaa? Ɛsiane sɛ watɔn yɛn, na wadi yɛn tiri sika awie,

16 na ahonyadeɛ a Onyankopɔn gyee yɛn agya nsam no yɛ yɛn ne yɛn mma dea. Enti afei yɛ deɛ Onyankopɔn aka akyerɛ woɔ nyinaa.

Yakob dwane firi Laban anim

17 Na Yakob sɔre faa ne mma ne ne yerenom tenatenaa yoma so,

18 na ɔfaa ne mmoakuo nyinaa ne n’ahodeɛ a ɔnyaeɛ nyinaa ne mmoakuo a ɔnyaeɛ wɔ Mesopotamia no nyinaa sii mu sɛ ɔrekɔ n’agya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so.

19 Na Laban kɔ rekɔtwitwa ne nnwan ho nwi. Na Rahel wiaa n’agya abusua honi.

20 Na Yakob wiaa ne ho dwanee, ɛfiri sɛ wankra Aramni Laban.

21 Na ɔne deɛ ɔwɔ nyinaa dwanee, na ɔsɔre twaa asubɔnten no, na ɔde n’ani kyerɛɛ Gilead bepɔ.

Laban ti Yakob

22 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔkɔka kyerɛɛ Laban sɛ Yakob adwane.

23 Na Laban faa ne nkurɔfoɔ kaa ne ho tii no nnanson kwan, na ɔbɛtoo no Gilead bepɔ so.

24 Na Onyankopɔn baa Aramni Laban nkyɛn anadwo daeɛ mu sɛ: Hwɛ yie, na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob.

25 Na Laban kɔtoo Yakob. Na Yakob asi ne ntomadan wɔ bepɔ no so, na Laban ne ne nkurɔfoɔ nso sii wɔn deɛ Gilead bepɔ so.

26 Na Laban bisaa Yakob sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yi, sɛ woawia wo ho adwane me, na woasoa me mmammaa kɔ sɛ wɔn a wɔde nkrantɛ afa wɔn nnommum yi?

27 Adɛn nti na woahunta adwane, na woawia wo ho afiri me nkyɛn? Adɛn na woanka ankyerɛ me, na mamfa anigyeɛ ne nnwom, mpintin ne nsankuo mannya wo kwan?

28 Adɛn nti na woamma mamfe me mmammarima ne me mmammaa ano anya wɔn kwan? Yei deɛ, woadi no nkwasea so.

29 Mewɔ tumi sɛ anka me ne mo di no bɔne; nanso nnora anadwo no, mo agya ne Nyankopɔn kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ yie, na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob.

30 Na afei deɛ korɔ ara na wopɛ sɛ wokorɔ, ɛfiri sɛ gyina na w’ani agyina w’agya fie; na adɛn nti na woawia m’anyame?

31 Na Yakob bua see Laban sɛ: Na mesuro, ɛfiri sɛ mesusuu sɛ wobɛgye wo mmammaa afiri me nsam.

32 Na deɛ wobɛhunu w’anyame wɔ ne nsa mu no rentena ase. Yɛn nkurɔfoɔ yi anim na hwehwɛ deɛ ɛyɛ wo dea wɔ me nkyɛn, na fa kɔ. Na Yakob nnim sɛ Rahel na ɔwiaeɛ.

33 Na Laban kɔɔ Yakob ntomadan mu ne Lea ntomadan ne mfenaa baanu no ntomadan mu, nanso wanhunu. Na ɔfiri Lea ntomadan mu kɔɔ Rahel ntomadan mu.

34 Na Rahel afa abusua honi no de ahyehyɛ yoma so adwa mu atena so. Na Laban de ne nsa kekaa ntomadan mu hɔ nyinaa, nanso wanhunu.

35 Na ɔka kyerɛɛ n’agya sɛ: Mma no nnyɛ me wura abufuo sɛ mentumi mensɔre wɔ w’anim, ɛfiri sɛ mabu me nsa. Na ɔpɛe pɛe pɛe, nanso wanhunu ahoni no.

36 Na Yakob bo fui, na ɔne Laban hamee, na Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Me mfomsoɔ ne sɛn, na me bɔne ne sɛn na wosa me yerɛdɛdɛdɛdɛ yi?

37 Na wobɛhwehwɛɛ me nnoɔma mu nyinaa yi, wo fie mu adeɛ bɛn na woahunu wɔ mu? Saa! Fa bɛto me nkurɔfoɔ ne wo nkurɔfoɔ anim wɔ ha, na wɔmmu yɛn baanu ntam atɛn.

38 Mfirinhyia aduonu ni a metenaa wo nkyɛn, wo nnwammereɛ ne wo mmirekyie ampɔn, na wo nnwan mu adwennini nso, manni bi.

39 Wɔn a mmoa kumm wɔn no mamfa mammrɛ wo, me na metuaa so ka. Deɛ wɔwiaa no awia ne deɛ wɔwiaa no anadwo, me nsa mu na wobisaeɛ.

40 Sɛ ɛyɛɛ me nie: Ahuhuro dee me awia, na awɔ dee me anadwo, na m’ani soroe.

41 Saa na medii wo fie mfirinhyia aduonu. Wo mmammaa baanu ho mesom wo mfeɛ dunan, ne wo mmoakuo ho nso mfeɛ nsia, na wodanee m’akatua ani mprɛdu.

42 Sɛ m’agya Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, ne Isak suro annyina m’akyiri a, anka afei wogyaa me kwan nsapan. Me brɛ ne me nsa ano adwumayɛ na Onyankopɔn hunuiɛ, na ɔkaa w’anim nnora anadwo.

43 Na Laban bua see Yakob sɛ: Mma mmaa yi, me mma a, na mmammarima yi, me mma a, na nnwan yi, me nnwan a, na deɛ wohunu yi nyinaa, me dea. Na me mmammaa yi, anaasɛ wɔn mma a wɔawo wɔn yi, ɛdeɛn na mɛtumi de ayɛ wɔn nnɛ?

44 Afei bra ma yɛmpam, me ne wo, na ɛnyɛ me ne wo ntam adanseɛ.

45 Na Yakob faa ɔboɔ de yɛɛ odum sii hɔ.

46 Na Yakob ka kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ sɛ: Mommoaboa aboɔ ano! Na wɔtasee aboɔ yɛɛ no kuo; na wɔdidii wɔ ekuo no so hɔ.

47 Na Laban frɛɛ hɔ Yegarsahaduta,na Yakob deɛ, ɔfrɛɛ hɔ Galeed.

48 Na Laban kaa sɛ: Ekuo yi ne me ne wo ntam adanseɛ nnɛ. Enti wɔfrɛ hɔ Galeed,

49 ne Mispa,ɛfiri sɛ ɔse: Sɛ yɛtete mu a, AWURADE nhwɛ me ne wo ntam.

50 Sɛ woteetee me mmammaa, na woware yerenom ka me mma ho a, obi nka yɛn ho deɛ, nanso Onyankopɔn ne me ne wo ntam danseni.

51 Na Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Hwɛ kuo yi, na hwɛ odum a mama so asi me ne wo ntam yi.

52 Aboɔkuo yi ne adanseɛ, na odum yi nso yɛ adanseɛ, sɛ me deɛ, merensiane ekuo yi ho memma wo nkyɛn, na wo nso, worensiane ekuo yi ne odum yi ho mma me nkyɛn mmɛyɛ bɔne.

53 Abraham Nyankopɔn ne Nahor Nyankopɔn, ne wɔn agya Nyankopɔn mmu yɛn ntam atɛn. Na Yakob kaa n’agya suro ho ntam.

54 Na Yakob bɔɔ afɔdeɛ wɔ bepɔ no so, na ɔfrɛɛ ne nkurɔfoɔ sɛ wɔmmɛdidi; na wɔdidii na wɔtenaa bepɔ no so anadwo no.

55 Na Laban sɔree anɔpatutu, na ɔfee ne nananom ne ne mmammaa no ano hyiraa wɔn, na ɔsii mu sane kɔɔ ne kurom.