Gyenesis 24

Wɔhwehwɛ yerɛ ma Isak

1 Na Abraham abɔ akɔkoraa, na wadi nna pii, na AWURADE ahyira no ade nyinaa mu.

2 Na Abraham ka kyerɛɛ ne fie asomfoɔ mu panin a ɔhwɛ deɛ ɔwɔ nyinaa soɔ sɛ: Fa wo nsa ka m’asene mu,

3 na mɛma woaka AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn ne asase Nyankopɔn, ntam sɛ worenware Kanaanfoɔ a mete wɔn mu yi mmammaa mu bi mma me ba.

4 Na kɔ me kuro ne m’abusua mu kɔware yerɛ ma me ba Isak.

5 Na ɔsomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Ebia ɔbaa no rempɛ sɛ ɔbɛdi m’akyiri aba asase yi soɔ; ɛnneɛ memfa wo ba no mensane menkɔ asase a wofiri so baeɛ no so anaa?

6 Na Abraham ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ yie, na woamfa me ba ansane ankɔ hɔ bio.

7 AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔfaa me firii m’agya fie ne asase a wɔwoo me wɔ soɔ no so, na ɔne me kasaeɛ, na ɔkaa ntam kyerɛɛ me sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi bɛma wɔn no, ɔbɛsoma ne bɔfoɔ adi w’anim, na woakɔware yerɛ afiri hɔ abrɛ me ba.

8 Na sɛ ɔbaa no mpɛ sɛ ɔdi w’akyiri a, ɛnneɛ wo ho afi me ntam yi mu, nanso mfa me ba nsane nkɔ hɔ bio.

9 Na ɔsomfoɔ no de ne nsa kaa ne wura Abraham asene mu, na ɔkaa no ntam wɔ asɛm no ho.

10 Na ɔsomfoɔ no faa ne wura yoma mu du, na ɔkɔe, na ɔkura ne wura nnepa ahodoɔ nyinaa bi. Na ɔsɔre sii mu kɔɔ Mesopotamia, Nahor kuro mu.

11 Na ɔmaa ne yoma no butuu kuro no kurotia wɔ asubura bi ho anwummerɛ a mmaa bɛsa nsuo.

12 Na ɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn, mesrɛ wo, ma no nsi me yie nnɛ, na yɛ me wura Abraham adɔeɛ.

13 Hwɛ, meregyina asubura yi so ha; na kurom hɔfoɔ mmammaa bɛfiri abɛsa nsuo.

14 Na ma no mmra sɛ ababaa a mɛse no sɛ: Soɛ w’ahina ma mennom nsuo no bi, na ɔbɛka sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no anom bie no, ma ɔno ara nyɛ deɛ woayi no ama w’akoa Isak, na ɛno mu na mɛhunu sɛ woayɛ me wura adɔeɛ.

15 Na ɔnnya nwiee kasa no, hwɛ, Rebeka baeɛ a n’ahina si ne batiri so. Ɔyɛ Betuel a ɔyɛ Abraham ne nua Nahor yere Milka ba.

16 Na ababaa no ho yɛ fɛ sɛ, ɔyɛ ɔbaabunu ɛfiri sɛ na ɔbarima biara nhunuu no da. Na ɔkɔɔ asubura no mu kɔhyɛɛ n’ahina ma, na ɔbae.

17 Na ɔsomfoɔ no tuu mmirika kɔhyiaa no sɛ: Mesrɛ wo, ma mennom w’ahina yi mu nsuo kakra.

18 Na ɔse: Me wura, nom bi! Na ɔyɛɛ ntɛm soɛɛ n’ahina no sii ne nsam maa no nomee.

19 Na ɔmaa no nom wieeɛ no, ɔkaa sɛ: Mɛkɔ makɔsa bi mabrɛ wo yoma no nso akɔsi sɛ wɔbɛwie nom.

20 Na ɔyɛɛ ntɛm kɔhwiee n’ahina mu nsuo no guu anomeeɛ hɔ, na ɔtutuu mmirika kɔɔ abura no mu bio kɔsaa nsuo, na ɔsa maa ne yoma no nyinaa.

21 Na ɔbarima no hwɛɛ no ara, na ɔyɛɛ komm sɛ ɔbɛhunu sɛ AWURADE ama ne kwankorɔ no ayɛ dwoodwoo anaasɛ ɛnte saa.

22 Na yoma no wiee nsuo nom no, ɔbarima no yii sika hwenemkaa a ano si dwetɛbena fa ne nsa so nkapo mmienu a ano si sikabena du de hyɛɛ no.

23 Na ɔbisaa no sɛ: Hwan ba ne wo? Mesrɛ wo, kyerɛ me! Yɛbɛnya daberɛ wɔ w’agya fie anaa?

24 Na ɔbuaa no sɛ: M’agya ne Betuel a ɔyɛ Nahor ne Milka ba no.

25 Na ɔtoaa so sɛ: Yɛwɔ ɛserɛ ne mmoa aduane pii ne deɛ mobɛda.

26 Na ɔbarima no bɔɔ ne mu ase sɔree AWURADE.

27 Na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn a wamma n’adɔeɛ ne ne nokorɛ ammɔ me wura. Na me nso, AWURADE akyerɛ me me wura nuanom fie kwan.

28 Na ababaa no tuu mmirika kɔkaa saa nsɛm yi kyerɛɛ ne na fiefoɔ.

29 Na Rebeka wɔ nuabarima bi a ne din de Laban. Na Laban de mmirika firii adi kɔɔ ɔbarima no nkyɛn wɔ asubura no ho.

30 Na ɔhunuu hwenemkaa ne ne nsa so nkapo no, na ɔtee ne nua Rebeka nsɛm no sɛ: Sɛdeɛ ɔbarima no kasa kyerɛɛ me nie no, ɔbaa ɔbarima no nkyɛn. Na hwɛ, na ɔgyina yoma no nkyɛn, asubura no ho.

31 Na ɔkaa sɛ: Wo a AWURADE ahyira woɔ, bra, adɛn nti na wogyina kurotia? Na masiesie ɛdan mu, ne baabi nso mama yoma no.

32 Na ɔbarima no kɔɔ fie, na ɔyii yoma no so nnoɔma maa no ɛserɛ ne aduane, na ɔmaa ɔno ne nnipa a wɔka ne ho no nsuo sɛ wɔnhohoro wɔn nan ase.

33 Na wɔde aduane bɛsii n’anim sɛ ɔnni. Nanso ɔkaa sɛ: Merennidi gye sɛ mabɔ m’amanneɛ ansa. Na ɔse: Bɔ na yɛn ntie ɛ!

34 Na ɔse: Abraham somfoɔ ne me.

35 Na AWURADE ahyira me wura pii na wayɛ ɔkɛseɛ. Na wama no nnwan ne anantwie, dwetɛ ne sika kɔkɔɔ, nkoa ne mfenaa, ne yoma ne mfunumu.

36 Na me wura yere Sara awo ba wɔ ne mmerewaberɛ mu ama me wura, na ɔde deɛ ɔwɔ nyinaa ama no.

37 Na me wura ama maka ntam sɛ: Nware Kanaanfoɔ a mete wɔn asase soɔ yi mmammaa mu bi mma me ba.

38 Na mmom kɔ m’agya fie ne m’abusua mu kɔware yerɛ brɛ no.

39 Na mebisaa me wura sɛ: Na sɛ ɔbaa no anni m’akyi ɛ?

40 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: AWURADE a menam n’anim no bɛsoma ne bɔfoɔ aka wo ho, na wama wo kwan so ayɛ dwoodwoo, na woakɔware yerɛ wɔ m’abusua mu ne m’agya fie abrɛ me ba;

41 Ɛno na sɛ wokɔ m’abusua mu, na wɔamma wo bi a, ɛnneɛ na wo ho afi me ntam no mu.

42 Na mebaa asubura no ho nnɛ kaa sɛ: AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn, sɛ wo ara worema me kwan a meretuo yi ayɛ dwoodwoo a,

43 hwɛ, megyina asubura yi ho, na ma no mmra sɛ ababaa a ɔbɛfiri abɛsa nsuo no, na mɛse no sɛ: Mesrɛ wo, ma me w’ahina yi mu nsuo kakra mennom,

44 na ɔbɛka akyerɛ me sɛ: Nom, na menkɔsa bi memmrɛ wo yoma no nso no, ma ɔno ara nyɛ ɔbaa a AWURADE ayi no ama me wura ba.

45 Na mennya menwiee m’akoma mu kasa no, hwɛ, Rebeka firii adi bae a ahina si ne mmatiri soɔ, na ɔkɔɔ abura no mu kɔsaa nsuo. Na mesee no sɛ: Mesrɛ wo, ma me bi mennom.

46 Na ɔyɛɛ ntɛm soɛɛ n’ahina no kaa sɛ: Nom, na mɛma wo yoma no nso bi anom. Na menomee, na ɔmaa yoma no nso bi nomee.

47 Na mebisaa no sɛ: Hwan ba ne wo? Na ɔse: M’agya ne Betuel a ɔyɛ Nahor ne Milka ba no. Na mede ɛhwenemkaa no mesɛnee ne hwenem, na mede nkapo no mehyehyɛɛ ne nsa,

48 na mebɔɔ me mu ase mesɔree AWURADE, na mehyiraa AWURADE, me wura Abraham Nyankopɔn a ɔkyerɛɛ me nokorɛ kwan sɛ menkɔware me wura nua ba memma ne ba no.

49 Na afei sɛ mo ara moreyɛ me wura adɔeɛ adi no nokorɛ a, monka nkyerɛ me; na sɛ ɛnte saa a, monka nkyerɛ me, na mennane memfa nifa anaa benkum.

50 Ɛnna Laban ne Betuel buaa sɛ: AWURADE na asɛm yi firi no, yɛrentumi nka no papa anaa bɔne nkyerɛ wo.

51 Hwɛ, Rebeka na ɔgyina w’anim yi, fa no kɔ ma no nkɔyɛ wo wura ba yere, sɛdeɛ AWURADE aka no.

52 Na Abraham somfoɔ no tee wɔn nsɛm no, ɔkotoo fam sɔree AWURADE.

53 Na ɔsomfoɔ no yii dwetɛ nnwinneɛ ne sika kɔkɔɔ nnwinneɛ ne ntadeɛ de maa Rebeka; na ɔde nnoɔma a ɛsom boɔ maa ne nuabarima ne ne na.

54 Na ɔne nnipa a wɔka ne ho no didii na wɔnomeeɛ no, wɔdaa hɔ anadwo no. Na wɔsɔree anɔpa no, ɔkaa sɛ: Monnya me kwan, na menkɔ me wura nkyɛn.

55 Na ne nua ne ne na kaa sɛ: Ma ababaa no ntena yɛn nkyɛn nna tiaa bi sɛ dadu ansa na woakɔ.

56 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monnsi me kwan, ɛfiri sɛ AWURADE ama m’akwantuo no asi me yie. Monnya me kwan mma menkɔ me wura nkyɛn.

57 Na wɔse: Ma yɛmfrɛ ababaa no mmisa ɔno ara.

58 Na wɔfrɛɛ Rebeka kyerɛɛ no sɛ: Wo ne ɔbarima yi bɛkɔ anaa? Na ɔse: Mɛkɔ.

59 Na wɔgyaa wɔn nua Rebeka ne n’abaawa panin ne Abraham somfoɔ no ne ne nnipa no kwan.

60 Na wɔhyiraa Rebeka see no sɛ:

Yɛn nuabaa, dane

mpem du ahodoɔ mpem mpem,

na w’asefoɔ mfa

wɔn atamfoɔ apono nni.

61 Na Rebeka ne ne mmaawa sɔree, na wɔtenatenaa yoma so dii ɔbarima no akyi, na ɔsomfoɔ no de Rebeka sii mu kɔe.

62 Na Isak firi Lahai-roi abura ho bae, ɛfiri sɛ na ɔte Negeb asase no so.

63 Na Isak firii adi kɔɔ wiram anwummerɛ kɔdwennwenee ne nsɛm ho. Na ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, yoma reba.

64 Na Rebeka maa n’ani so, na ɔhunuu Isak no, ɔfirii yoma no so sii fam.

65 Na ɔka kyerɛɛ ɔsomfoɔ no sɛ: Ɔbarima bɛn na ɔnam wira mu rebɛhyia yɛn yi? Na ɔsomfoɔ no se: Ɛyɛ me wura. Na ɔfaa ne nkatanimu de kataa n’anim.

66 Na ɔsomfoɔ no kaa deɛ ɔyɛeɛ no nyinaa kyerɛɛ Isak.

67 Na Isak de no kɔɔ ne na Sara ntomadan mu, na ɔwaree Rebeka, na ɔyɛɛ no ɛyerɛ, na ɔdɔ no. Na Isak werɛ kyekyeree, ne na wuo no akyi.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

2 − one =