Gyenesis 29

Yakob kɔduru Laban fie

1 Na Yakob sii mu kɔɔ nnipa a wɔte apueeɛ fam asase so.

2 Na ɔhunui asubura bi wɔ wiram, na hwɛ, nnwankuo mmiɛnsa boaboa ho wɔ hɔ, ɛfiri sɛ abura no mu nsuo na wɔsa ma nnwankuo no nom, na ɔboɔ kokuroo da abura no ano.

3 Ɛhɔ na wɔboa nnwankuo nyinaa ano, na wɔmuni ɔboɔ no firi abura no ano, na wɔma nnwan no nom, na wɔmuni ɔboɔ no to abura no so bio wɔ ne daberɛ hɔ.

4 Na Yakob bisaa wɔn sɛ: Me nuanom, mofiri he? Na wɔse: Yɛfiri Haran.

5 Na ɔsee wɔn sɛ: Monim Nahor ba Laban anaa? Na wɔse: Yɛni no.

6 Na ɔbisaa wɔn sɛ: Ne ho yɛ? Na wɔbuaa sɛ: Ne ho yɛ, na hwɛ, ne babaa Rahel ne nnwan na ɛreba yi.

7 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Hwɛ, adeɛ nnya nsae koraa, na ɛberɛ a wɔboaboa mmoakuo ano nnya nnurui. Momma nnwan no nsuo nnom, na monkɔ mma wɔnkɔdidi.

8 Na wɔse: Yɛntumi, gye sɛ wɔaboaboa nnwankuo no nyinaa ano, na wɔamuni ɔboɔ no afiri abura no ano, ansa na yɛama nnwan no anom.

9 Na Yakob ne wɔn da so rekasa no, Rahel ne n’agya nnwan no bae, ɛfiri sɛ na ɔyɛ odwanhwɛfoɔ.

10 Na Yakob hunuu ne na nua Laban ba Rahel ne ne na nua Laban nnwan no no, ɔtwe pinii kɔmunii ɔboɔ no firii asubura no ano, na ɔmaa ne na nua nnwan no nsuo nomee.

11 Na Yakob fee Rahel ano, na ɔmaa ne nne so sui.

12 Na Yakob ka kyerɛɛ Rahel sɛ ɔyɛ n’agya busuani, na ɔyɛ Rebeka ba. Na Rahel tutuu mmirika kɔka kyerɛɛ n’agya.

13 Na Laban tee ne nua ba Yakob nka no, ɔtuu mmirika kɔhyiaa no, na ɔyɛɛ no atuu fee n’ano, na ɔde no baa ne fie. Na ɔbɔɔ n’amanneɛ kyerɛɛ Laban.

14 Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ampa, woyɛ me dompe ne me honam. Na ɔtenaa ne nkyɛn bɛyɛ bosome.

Yakob som Laban de ware Lea ne Rahel

15 Na Laban bisaa Yakob sɛ: Ɛnam sɛ woyɛ me busuani nti, wobɛsom me kwa anaa? Kyerɛ me deɛ ɛnyɛ w’akatua.

16 Nso Laban wɔ mmammaa baanu, ɔpanin no din de Lea, na akumaa no din de Rahel.

17 Na Lea animma yɛ nketewa, na Rahel ho yɛ fɛ, na n’anim yɛ nyam.

18 Na Yakob dɔ Rahel, na ɔkaa sɛ: Wo ba kumaa Rahel nti mɛsom wo mfeɛ nson.

19 Na Laban se: Ɛyɛ sɛ mede no mema woɔ sene sɛ mede no bɛma onipa foforɔ bie; tena me nkyɛn.

20 Na Rahel nti Yakob som mfeɛ nson, na dɔ a ɔdɔ no nti ɛyɛɛ n’ani so sɛ nna mfuamfua bi.

21 Na Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Fa me yere ma me, na me nna no adu, na mene no nna.

22 Na Laban boaboaa kurom hɔfoɔ nyinaa ano, na ɔtoo pono.

23 Na anadwofa no ɔde ne ba Lea brɛɛ no, na ɔne no dae.

24 (Na Laban de n’abaawa Silpa maa ne ba Lea yɛɛ n’abaawa.)

25 Na adeɛ kyeeɛ no, Yakob hunuu sɛ ɛyɛ Lea mmom. Na ɔbisaa Laban sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Ɛnyɛ Rahel nti na mesom woɔ? Na adɛn nti na woadaadaa me yi?

26 Ɛnna Laban se: Yɛn ha deɛ, wɔnyɛ no saa, wɔmma akumaa nware ansa na wɔde abakan ama.

27 Di ne nkyɛn nnawɔtwe yi, na yɛde oyi nso bɛma wo, som a wobɛsom me mfeɛ nson bio ho.

28 Na Yakob yɛɛ saa, na ɔdii ne nkyɛn nnawɔtwe no. Na ɔde ne ba Rahel maa no awareɛ.

29 (Na Laban de n’abaawa Bilha maa ne ba Rahel yɛɛ n’abaawa.)

30 Na Yakob ne Rahel nso dae, na ɔdɔ Rahel sene Lea, na ɔsomm no mfeɛ nson bio.

Yakob mma

31 Na AWURADE hunuu sɛ wɔtane Lea no, ɔbuee ne yafunu mu, na Rahel deɛ, ɔyɛɛ obonini.

32 Na Lea nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo no din Ruben,na ɔse: AWURADE ahwɛ m’amaneɛ, na afei deɛ, me kunu bɛdɔ me.

33 Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔkaa sɛ: AWURADE ate sɛ wɔtane me nti na ɔde oyi nso ama me. Na ɔtoo no din Simeon.

34 Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔse: Afei ansa na me kunu de ne ho bɛfam me ho, ɛfiri sɛ me ne no awo mmammarima baasa. Enti ɔtoo no din Lewi.

35 Na ɔnyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔse: Yei deɛ mɛyi AWURADE ayɛ. Enti ɔtoo no din Yuda.Na n’awoɔ mu twee.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

sixteen − four =