Gyenesis 26

Isak kɔ Gerar

1 Na ɛkɔm baa asase no so, ɛsono ɛkɔm a ɛbaa Abraham berɛ soɔ no. Na Isak kɔɔ Filistifoɔ hene Abimelek nkyɛn wɔ Gerar.

2 Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no sɛ: Nsiane nkɔ Misraim, tena asase a mɛkyerɛ woɔ yi so.

3 Tena asase yi so sɛ ɔhɔhoɔ, na mɛdi w’akyi na mahyira wo, ɛfiri sɛ wo ne w’asefoɔ na mede nsase yi nyinaa bɛma mo, na mɛma ntam a mekaa w’agya Abraham no agyina.

4 Na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma, na mede nsase yi nyinaa bɛma w’asefoɔ, na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa,

5 ɛfiri sɛ Abraham tiee me nne, na ɔdii me nsiesieeɛ, me mmara nsɛm, m’ahyɛdeɛ ne me mmara so.

6 Na Isak tenaa Gerar.

7 Na ɛhɔfoɔ no bisaa no ne yere ho asɛm no, ɔkaa sɛ: Me nua ne no. Na ɔsuro sɛ ɔbɛka sɛ: Me yere ne no, ɛfiri sɛ ɔse: Anyɛ saa a, Rebeka nti ɛhafoɔ bɛku me; ɛfiri sɛ ne ho yɛ fɛ.

8 Na ɔkyɛree hɔ no, Filistifoɔ hene Abimelek hwɛɛ mpomma mu hunui, na hwɛ, Isak ne ne yere Rebeka rewewe.

9 Na Abimelek frɛɛ Isak sɛ: Hwɛ, ampa ara ɔyɛ wo yere, na ɛyɛɛ dɛn na wose: Ɔyɛ me nua yi? Na Isak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛfiri sɛ medwenee sɛ: Anyɛ saa a, ne nti mɛwu.

10 Na Abimelek kaa sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yɛn yi? Ɛkaa kumaa bi na anka ɔman yi muni bi ne wo yere dae, na anka wode mmusuo aba yɛn so.

11 Na Abimelek hyɛɛ ne nkurɔfoɔ nyinaa sɛ: Deɛ ɔbɛka ɔbarima yi anaa ne yere no, wuo na ɔbɛwuo.

12 Na Isak duaa mfudeɛ wɔ asase no so, na ɔnyaa nnɔbaeɛ mmɔho ɔha; afirinhyia no ara mu ɛfiri sɛ AWURADE hyiraa no.

13 Na Isak nyaa ne ho, na ɔkɔɔ so ara nyaa ne ho kɔsii sɛ ɔyɛɛ kɛseɛ pa ara.

14 Na ɔnyaa nnwankuo ne anantwikuo ne nkoa pii. Na Filistifoɔ no ani beree no.

15 (Na nsubura a n’agya Abraham nkoa tutuu no n’agya berɛ soɔ no, Filistifoɔ sisii ne nyinaa de dɔteɛ hyehyɛɛ no mama.)

16 Na Abimelek ka kyerɛɛ Isak sɛ: Firi yɛn nkyɛn kɔ, na wowɔ tumi dodo sene yɛn.

17 Na Isak sii mu firi hɔ kɔsisii ne ntomadan wɔ Gerar bonhwa mu, na ɔtenaa hɔ.

18 Na Isak sane titii nsubura a n’agya Abraham berɛ so wɔtutuiɛ a Abraham wuo akyi Filistifoɔ sisii no no mu. Na ɔtotoo no din sɛdeɛ n’agya totoeɛ no ara.

19 Na Isak nkoa funuu bonhwa no mu, na wɔhunuu nsupa abura wɔ hɔ.

20 Na Gerar mmoahwɛfoɔ ne Isak mmoahwɛfoɔ dii so aperepereɛ kaa sɛ: Nsuo no yɛ yɛn dea! Enti Isak too abura no din Esek,ɛfiri sɛ wɔne no hamee.

21 Na wɔtuu asubura foforɔ, na ɛno ho nso wɔpereperee, enti ɔfrɛɛ no Sitna.

22 Na wɔfirii hɔ kɔtuu abura foforɔ, na ɛno deɛ, wɔampere, enti ɔtoo no din Rehobot,na ɔkaa sɛ: Afei deɛ AWURADE ama yɛn mu atrɛ, na yɛadɔre wɔ asase yi so.

23 Na ɔfirii hɔ kɔɔ Beer-seba.

24 Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ no anadwo no ara kaa sɛ: Mene w’agya Abraham Nyankopɔn, nsuro, na medi w’akyi. Mɛhyira wo, na m’akoa Abraham nti mɛma w’asefoɔ adɔre.

25 Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE, na ɔsii ne ntomadan wɔ hɔ. Na Isak nkoa tuu asubura wɔ hɔ.

Abraham ne Abimelek yɛ apam

26 Na Abimelek ne n’adamfo Ahusat ne ne safohene Pikol firi Gerar baa ne nkyɛn.

27 Na Isak ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdeɛn nti na moaba me nkyɛn yi? Sɛ motane me, na moapamo me afiri mo nkyɛn.

28 Na wɔse: Yɛahunu pefee sɛ AWURADE di w’akyi. Na yɛse: Ma ntam nna yɛne wo ntam. Na ma yɛne wo mpam,

29 sɛ worenyɛ yɛn bɔne biara; sɛdeɛ yɛanka woɔ, na yɛayɛ wo papa nko ara, na yɛagya wo kwan asomdwoeɛ mu no. Afei wone deɛ AWURADE ahyira no.

30 Na ɔtoo wɔn pono, na wɔdidi nomee.

31 Na wɔsɔree anɔpatutu kekaa ntam kyerɛkyerɛɛ wɔn ho, na Isak gyaa wɔn kwan, na wɔde asomdwoeɛ firi ne nkyɛn kɔe.

32 Na da no ara Isak nkoa ba bɛkaa no abura a wɔtuiɛ no ho asɛm sɛ: Yɛato nsuo.

33 Na ɔfrɛɛ no Siba. Enti kuro no din de Beer-seba de bɛsi nnɛ yi ara.

Esau ananafoɔ yerenom

34 Na Esau dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Hetini Beeri babaa Yudit ne Hetini Elon babaa Basmat.

35 Na wɔhyɛɛ Isak ne Rebeka awerɛhoɔ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

16 + 14 =