Gyenesis 25

Abraham ne Ketura mma

1 Na Abraham waree yerɛ bio a ne din de Ketura.

2 Na ɔwoo Simran, Yoksan, Medan, Midian, Isbak ne Sua maa no.

3 Na Yoksan woo Seba ne Dedan. Na Dedan mma ne Asurfoɔ, Letusfoɔ ne Leumfoɔ.

4 Na Midian mma ne Hefa, Hefer, Hanok, Abida ne Eldaa. Yeinom nyinaa ne Ketura mma.

5 Na Abraham de deɛ ɔwɔ nyinaa maa Isak.

6 Na mmaa nkae mma a Abraham wɔ no deɛ, berɛ a Abraham te aseɛ no, ɔkyɛɛ wɔn adeɛ, na ɔgyaa wɔn kwan firii ne ba Isak ho maa wɔkɔɔ apueeɛ asase no so.

Abraham wuo ne ne sie

7 Na Abraham nna a ɔdiiɛ yɛ mfeɛ ɔha aduɔson nnum.

8 Na Abraham gyaa ne honhom mu, na ɔwuu ɛdwono pa mu, wabɔ akɔkoraa, na ɔnyaa mfeɛ pii. Na ɔtii n’agyanom wɔ asamando.

9 Na ne mma Isak ne Ismael siee no Makpela bodan mu, wɔ Hetini Efron, Sohar ba, afuo no mu wɔ Mamre ntentensoɔ,

10 afuo a Abraham tɔɔ no Het mma nsam no. Ɛhɔ na wɔsiee Abraham ne ne yere Sara.

11 Na Abraham wuo akyiri no, Onyankopɔn hyiraa ne ba Isak. Na Isak tenaa Lahai-roi abura no ho.

Ismael awoɔ ntoatoasoɔ

12 Na yei ne Abraham ba Ismael a Misraimni Hagar, Sara afenaa no, wo maa Abraham no awoɔ ntoatoasoɔ:

13 Na yei ne Ismael mma din a wɔde frɛɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ no: Ismael abakan Nebaiot. Wɔn a wɔka ho ne Kedar, Adbeel, Mibsam,

14 Misma, Duma, Masa,

15 Hadad, Tema, Yetur, Nafis ne Kedema.

16 Yeinom ne Ismael mma, na yeinom ne wɔn din, sɛdeɛ wɔn nkuraa ne wɔn nsraban teɛ, atitire dummienu ne wɔn aman.

17 (Na Ismael nkwa mu mfeɛ a ɔdiiɛ nie: Mfirinhyia ɔha aduasa nson. Na ɔgyaa ne honhom mu, na ɔwui, na ɔtii n’agyanom wɔ asamando.)

18 Na wɔtena firi Hawila kɔsii Sur a ɛwɔ Misraim ntentensoɔ de rekɔ Asiria no. Na ɔne ne nuanom antena no asomdwoeɛ mu.

Esau ne Yakob awoɔ

19 Na yeinom ne Abraham ba Isak awoɔ ntoatoasoɔ: Abraham woo Isak.

20 Na Isak dii mfirinhyia aduanan no, ɔwaree Rebeka, Aramni Betuel ba a ɔfiri Mesopotamia no ne Aramni Laban nua.

21 Na Isak srɛɛ AWURADE maa ne yere, ɛfiri sɛ na ɔyɛ obonini. Na AWURADE tiee n’adesrɛ no, na ne yere Rebeka nyinsɛnee.

22 Na nkɔkoaa no pempem wɔn ho wɔ ne yam. Na ɔse: Sɛ ɛte saa a, na mete ase reyɛ deɛn? Na ɔkɔbisaa AWURADE.

23 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ:

Aman mmienu na ɛwɔ wo yam,

na nkurɔfoɔ ahodoɔ mmienu na ɛbɛtete wɔn ho mu afiri wo yafunu mu.

Na ɔman no baako bɛdi baako so,

na ɔpanin no bɛsom akumaa no.

24 Na ne nna duruu so sɛ ɔbɛwoɔ no, na hwɛ, nta wɔ ne yam.

25 Na deɛ ɔdi kan firi baeɛ no, na ne ho yɛ kɔɔ, ne ho nyinaa wɔ enwi kusuu. Enti wɔtoo no din Esau.

26 Na ɛno akyiri no, ne nua no firi bae, na ne nsa kura Esau nantin, enti wɔtoo no din Yakob.Na wɔwoo wɔn no, na Isak adi mfeɛ aduosia.

Esau tɔn ne panin

27 Na mmɔfra no nyinii. Na Esau nim ahayɔ yie, na ɔyɛ ɔhamuni, na Yakob deɛ na ɔyɛ onipa a ɔmpɛ kasa a daa ɔte ntomadan mu.

28 Na Isak dɔ Esau, ɛfiri sɛ na ne hanam yɛ no dɛ; na Rebeka deɛ, ɔdɔ Yakob.

29 Yakob noaa aduane bi, na Esau firi wiram baeɛ no, na wabrɛ.

30 Na Esau ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Ma me adeɛ kɔkɔɔ yi bi menni ɛ, na mabrɛ. (Enti wɔde too no din Edom)

31 Na Yakob kaa sɛ: Tɔn wo panin ma me nnɛ.

32 Na Esau kaa sɛ: Hwɛ, wuo na merebɛwuo yi, na ɔpanin yi bɛyɛ me deɛn?

33 Na Yakob kaa sɛ: Ka ntam kyerɛ me nnɛ. Na ɔkaa ntam kyerɛɛ no tɔn ne panin maa Yakob.

34 Ɛnna Yakob maa Esau paanoo ne asedua a wanoa; na ɔdii, na ɔdidi nomee, na ɔsɔre kɔe. Na sɛdeɛ Esau ammu ne panin ne no.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

5 × 1 =