Gyenesis 22

Onyankopɔn hyɛ Abraham sɛ ɔmfa Isak mmɔ afɔreɛ

1 Na nsɛm yi akyiri no, Onyankopɔn sɔɔ Abraham hwɛe, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abraham! Na ɔse: Menie.

2 Na ɔkaa sɛ: Fa wo ba, wo ba korɔ a wodɔ no, Isak, kɔ Moria asase so, na fa no kɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ hɔ, wɔ mmepɔ no mu baako a mɛkyerɛ woɔ so.

3 Na Abraham sɔree anɔpatutu, na ɔhyehyɛɛ n’afunumu, na ɔfaa n’asomfoɔ mu baanu ne ne ba Isak kaa ne ho, na ɔtwaa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina, na ɔsii mu kɔɔ faako a Onyankopɔn kyerɛɛ no no.

4 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, Abraham maa n’ani so, na ɔhunuu beaeɛ hɔ wɔ akyirikyiri.

5 Na Abraham ka kyerɛɛ ne somfoɔ no sɛ: Mo ne afunumu yi ntena ha; na me ne abarimaa yi bɛkɔ nohoa akɔsɔre, na yɛasane aba mo nkyɛn.

6 Na Abraham faa ɔhyeɛ afɔdeɛ nnyina no de soaa ne ba Isak, na ɔfaa ogya ne sekan kurae, na wɔn baanu kɔe.

7 Na Isak ka kyerɛɛ n’agya Abraham sɛ: M’agya! Na ɔse: Menie, me ba. Na ɔse: Hwɛ, ogya ne nnyina nie, na adwammaa a wɔde rekɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no wɔ he?

8 Na Abraham se: Me ba, Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ adwammaa no. Na wɔn baanu kɔe.

9 Na wɔkɔduruu deɛ Onyankopɔn kyerɛɛ no hɔ, na Abraham sii afɔrebukyia wɔ hɔ, na ɔsiesiee nnyina no, na ɔkyekyeree ne ba Isak, na ɔde no too afɔrebukyia no so wɔ nnyina no so.

10 Afei Abraham tenee ne nsa faa sekan no sɛ ɔde rebɛkum ne ba no.

11 Na AWURADE bɔfoɔ firi soro frɛɛ no sɛ: Abraham, Abraham! Na ɔse: Menie.

12 Na ɔse: Mfa wo nsa nka abarimaa no, nso nyɛ no hwee. Afei na mahunu sɛ wosuro Onyankopɔn, na woankame me wo ba korɔ no.

13 Na Abraham maa n’ani so, na ɔhunuu odwennini a dɔtɔ asɔ ne mmɛn mu wɔ n’akyi. Na Abraham kɔfaa odwennini no de no sii ne ba no ananmu bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.

14 Na Abraham too bea hɔ din sɛ: Yahwe-yir’e.Enti wɔka no nnɛ ara sɛ: AWURADE bepɔ so na wɔbɛhwɛ.

15 Na AWURADE bɔfoɔ firi soro frɛɛ Abraham bio sɛ:

16 Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ woayɛ saa asɛm yi, na woankame me wo ba korɔ no nti, maka me ho ntam sɛ:

17 Hyira na mɛhyira woɔ, na dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na w’asefoɔ bɛfa wɔn atamfoɔ nkuro ano apono adi so.

18 Na w’asefoɔ mu na wɔbɛhyira asase so amanaman nyinaa, ɛfiri sɛ woatie me nne.

19 Ɛnna Abraham sane baa ne mmeranteɛ no nkyɛn, na wɔsɔre sii mu baa Beer-seba. Na Abraham tenaa Beer-seba.

Nahor asefoɔ

20 Na nsɛm yi akyiri no, wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Hwɛ, Milka nso awo mma ama wo nua Nahor:

21 N’abakan Us ne ne nua Bus ne Kemuel a ɔyɛ Aram agya,

22 ne Kesed ne Haso ne Pildas ne Yidlaf ne Betuel.

23 Na Betuel woo Rebeka. Nnipa baawɔtwe yi na Milka wo maa Abraham nua Nahor.

24 Na ne mpena baako bi a wɔfrɛ no Rehuma nso woo Teba, Gaham, Tahas ne Maaka.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

19 − four =