Yohane 10

Yesu ne Odwanhwɛfoɔ pa no

1 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, deɛ ɔmfa ɛpono ano nkɔ nnwammuo mu na ɔforo fa baabi no, ɔyɛ owifoɔ ne odwotwafoɔ;

2 na deɛ ɔfa ɛpono ano kɔ mu no ne nnwan no hwɛfoɔ.

3 Ɔno na ɛponoanohwɛfoɔ hini ma no, na nnwan no te ne nne, na ɔbɔ ɔno ara ne nnwan din frɛ wɔn firi adi.

4 Na ɔma ɔno ara ne nnwan firi adi a, ɔdi wɔn anim; na nnwan no di n’akyi, ɛfiri sɛ wɔnim ne nne.

5 Na ɔhɔhoɔ deɛ, wɔrenni n’akyi, na wɔbɛdwane no; ɛfiri sɛ wɔnnim ananafoɔ nne.

6 Yesu de bɛ yi buu wɔn; na wɔn deɛ, wɔanhunu asɛm ko a ɔkaa wɔn no.

Nnwammuo ano pono

7 Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ:Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mene nnwan no pono no.

8 Wɔn a wɔdii m’anim baeɛ no nyinaa yɛ awifoɔ ne adwotwafoɔ; na nnwan no antie wɔn.

9 Mene ɛpono no; sɛ obi fa me so kɔ mu a, wɔbɛgye no nkwa, na ɔbɛkɔ mu, na ɔbɛfiri adi, na ɔbɛnya adidibea.

10 Owifoɔ mma, gye sɛ ɔrebɛwia na wakum na wasɛe; me deɛ, mebae, na wɔanya nkwa, na wɔanya no mmorosoɔ.

Odwanhwɛfoɔ pa no

11 Mene odwanhwɛfoɔ pa no. Odwanhwɛfoɔ pa de ne nkwa to hɔ ma nnwan no;

12 na ɔpaani a ɔnyɛ odwanhwɛfoɔ, na nnwan no nyɛ ne dea no hunu pataku sɛ ɔreba a, ɔgya nnwan no hɔ dwane; na pataku no bɛkye wɔn bɔ wɔn hwete.

13 Na ɔpaani dwane, ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔpaani, na ɔnnwene nnwan no ho.

14 Mene odwanhwɛfoɔ pa no; na menim me deɛ, na me deɛ nso nim me,

15 sɛdeɛ Agya no nim me, na me nso menim Agya no. Na mede me nkwa meto hɔ mema nnwan no.

16 Na mewɔ nnwan foforɔ a wɔmfiri ban yi mu; wɔn nso na ɛtwa sɛ mede wɔn meba, na wɔbɛtie me nne, na ayɛ kuo baako ne ɔhwɛfoɔ baako.

17 Yei nti na Agya no dɔ me, ɛfiri sɛ mede me nkwa meto hɔ, na mafa bio.

18 Obi nnye me nsam, na me ara na mede meto hɔ; na mewɔ ho kwan sɛ mede meto hɔ, na mewɔ ho kwan sɛ mefa bio; ahyɛdeɛ yi na menyaa no m’Agya nkyɛn.

19 Ɛnna nsɛm yi nti mpaepaemu baa Yudafoɔ no mu bio.

20 Na wɔn mu bebree kaa sɛ: Ɔwɔ honhommɔne, na wabɔ dam; adɛn nti na motie no?

21 Ebinom se: Nsɛm yi nyɛ deɛ ɔwɔ honhommɔne nsɛm. Honhommɔne bɛtumi abue anifirafoɔ ani anaa?

Yesu nsɛnkyerɛnneɛ

22 Na Asɔrefiedwira afahyɛ adu wɔ Yerusalem, na awɔ berɛ aba.

23 Na Yesu nenam asɔrefie Salomo abrannaa so.

24 Ɛnna Yudafoɔ bɛtwaa ne ho hyiaeɛ, na wɔsee no sɛ: Wobɛma yɛatwɛn akɔsi da bɛn? Sɛ wone Kristo no a, pae mu ka kyerɛ yɛn pefee?

25 Yesu buaa wɔn sɛ:Maka makyerɛ mo, na monnye nni; nnwuma a meyɛ no m’Agya din mu no, ɛno na ɛdi me ho adanseɛ.

26 Na mo deɛ, monnye nni; ɛfiri sɛ momfiri me nnwan no mu.

27 Me nnwan tie me nne, na me nso menim wɔn, na wɔdi m’akyi;

28 na mema wɔn daa nkwa, na wɔrenyera, na obi renhwim wɔn mfiri me nsam da.

29 M’Agya a ɔde wɔn maa me no yɛ kɛseɛ sene nnoɔma nyinaa; na obi rentumi nhwim wɔn m’Agya nsam.

30 Me ne Agya no yɛ baako.

Yudafoɔ no pɛ sɛ wɔkum Yesu

31 Ɛnna Yudafoɔ no tasee aboɔ bio sɛ wɔde rebɛsi no.

32 Yesu buaa wɔn sɛ:Nnwuma pa pii na mayɛ makyerɛ mo a ɛfiri Agya no nkyɛn; emu deɛ ɛwɔ he nti na morebɛsi me aboɔ yi?

33 Yudafoɔ no buaa no sɛ: Ɛnyɛ adwuma pa nti na yɛrebɛsi wo aboɔ, na abususɛm ntira, ɛfiri sɛ wo a woyɛ onipa no yɛ wo ho sɛ Onyankopɔn.

34 Yesu buaa wɔn sɛ:Wɔntwerɛɛ no mo mmara mu sɛ: Mekaa sɛ: Moyɛ anyame?

35 Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Nyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no anyame na wɔntumi nsɛe atwerɛ no a,

36 adɛn nti na moka deɛ Agya ayɛ no kronkron, na wasoma no wiase no ho sɛ: Woka abususɛm, ɛnam sɛ mekaa sɛ: Nyankopɔn Ba ne me?

37 Sɛ menyɛ m’Agya nnwuma a, ɛnneɛ monnnye me nnni;

38 na sɛ meyɛ, na me deɛ, monnye me nni a, monnye nnwuma no nni, na moahwɛ ahunu sɛ Agya no wɔ me mu, na me nso mewɔ ne mu.

39 Ɛnna wɔhwehwɛɛ bio sɛ wɔkye no, na ɔfiri wɔn nsa kɔe.

Yesu twa kɔ Yordan agya

40 Na ɔsii mu kɔɔ Yordan agya nohoa bio wɔ faako a Yohane bɔɔ asu kane no, na ɔkɔtenaa hɔ.

41 Na nnipa pii baa ne nkyɛn, na wɔkaa sɛ: Yohane anyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi deɛ, nanso nnoɔma a Yohane kaa wɔ oyi ho nyinaa no yɛ nokorɛ.

42 Na nnipa pii gyee no dii wɔ hɔ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

three × four =