Yohane 12

Maria de ngohwan sra Yesu 1 Afei, aka nnansia na Twam no aduru no, Yesu baa Betania, faako a Lasaro a ɔnyanee no firii awufoɔ mu no wɔ. 2 Ɛnna wɔtoo no pono wɔ hɔ, na Marta somee; na Lasaro deɛ, na ɔyɛ wɔn a wɔne no te adidiiɛ no mu baako. 3 Ɛnna Maria […]

Yohane 13

Yesu hohoro asuafoɔ no nan ase 1 Na Twam afahyɛ no rebɛduru no, na Yesu nim sɛ ne dɔn aduru sɛ ɔrebɛfiri wiase akɔ Agya no nkyɛn, na sɛ ɔdɔɔ ɔno ara ne deɛ a wɔwɔ wiase no, ɔdɔɔ wɔn kɔsii awieeɛ. 2 Na wɔrebɛdidie no, na ɔbonsam anya de ahyɛ Yuda Iskariot, Simon ba, […]

Yohane 14

Yesu ne ɔkwan a wɔde kɔ Agya no nkyɛn 1 Mommma mo akoma nntutu! Monnye Onyankopɔn nni, na me nso, monnye me nni. 2 Tenaberɛ pii wɔ m’Agya fie; sɛ ɛnte saa a, anka maka makyerɛ mo sɛ merekɔ makɔsiesie baabi mama mo? 3 Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi mema mo a, mɛba bio, […]

Yohane 15

Yesu ne nokorɛ bobe no 1 Mene nokorɛ bobe no, na m’Agya ne okuafoɔ no. 2 Me ho ban biara a ɛnso aba no, ɔyi; na ebiara a ɛso aba no, ɔyiyi ho, na aso aba bebree. 3 Asɛm a maka makyerɛ mo no nti, mo ho anya afi. 4 Montena me mu, na me […]

Yohane 16

1 Yeinom na maka makyerɛ mo na moansunti. 2 Wɔbɛtu mo afiri hyia adan mu; mpo ɛberɛ reba a obiara a ɔbɛkum mo bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn. 3 Na wɔbɛyɛ yeinom, ɛfiri sɛ wɔnnya nhunuu Agya no ne me. 4 Na maka yeinom makyerɛ mo, na sɛ ɛberɛ no duru a, moakae sɛ maka […]

Yohane 17

Kristo bɔ mpaeɛ ma ne ho 1 Yeinom na Yesu kaeɛ, na ɔmaa n’ani so kyerɛɛ soro, na ɔkaa sɛ:Agya, dɔn no adu. Hyɛ wo Ba animuonyam, na Ɔba no nso ahyɛ wo animuonyam, 2 sɛdeɛ womaa no honam nyinaa so tumi, sɛ adeɛ biara a wɔde ama no no, ɔmma wɔn daa nkwa. 3 […]

Yohane 18

Yuda de asraafoɔ ba bɛkyere Yesu 1 Yesu kaa yeinom no, ɔne n’asuafoɔ no firii adi kɔtwaa Asuo Kidron faako a turo bi wɔ, na ɔne n’asuafoɔ no kɔɔ mu. 2 Na Yuda nso a ɔyii no maeɛ no nim hɔ, ɛfiri sɛ na Yesu ne n’asuafoɔ no taa kɔhyia hɔ. 3 Ɛnna Yuda de […]

Yohane 19

1 Ɛnna afei Pilato faa Yesu, na ɔkaa no mpire. 2 Na asraafoɔ no nwonoo nkasɛɛ abotire, na wɔde hyɛɛ ne ti, na wɔde ntoma kɔkɔɔ bi guguu ne so, 3 na wɔkɔɔ so ara baa ne nkyɛn kaa sɛ: Yudafoɔ hene, mo oo! Na wɔbobɔɔ no asotorɔ. 4 Ɛnna Pilato firii adi baa bio, […]

Yohane 20

Yesu wusɔreɛ 1 Na da a ɛdi nnawɔtwe kan anɔpatutuutu a esum da so wɔ mu no, Maria Magdalene baa ɔboda no ho, na ɔbɛhunuu sɛ wɔayi ɔboɔ no afiri ɛda no ano. 2 Ɛnna ɔtuu mmirika baa Simon Petro ne osuani baako a Yesu dɔ no no nkyɛn, na ɔsee wɔn sɛ: Wɔayi Awurade […]