Yohane 2

Kana ayeforɔhyia

1 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔhyiaa ayeforɔ wɔ Kana a ɛwɔ Galilea; na Yesu ne na wɔ hɔ.

2 Na wɔtoo nsa frɛɛ Yesu ne n’asuafoɔ nso baa ayeforɔ no ase.

3 Na nsa no anso no, Yesu ne na see no sɛ: Wɔnni nsa.

4 Yesu see no sɛ:Ɔbaa, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Me dɔn nnurui!

5 Na ne na see asomfoɔ no sɛ: Biribiara a ɔbɛse mo no, monyɛ!

6 Nso na aboɔ nsuhina nsia sisi hɔ, sɛdeɛ Yudafoɔ ahodwira teɛ, baako bɛtumi agye galɔn aduonu anaa aduasa.

7 Yesu see wɔn sɛ:Momfa nsuo nhyehyɛ nhina yi mama!Na wɔhyehyɛɛ no ma tɛntɛnn.

8 Na ɔsee wɔn sɛ:Afei monsesa mfa nkɔma adidiiɛhwɛfoɔ no!

9 Na wɔde kɔeɛ. Na adidiiɛhwɛfoɔ no kaa nsuo a adane nsa no hwɛeɛ no, na ɔnnim deɛ ɛfire, (na asomfoɔ a wɔsesaa nsuo no deɛ, wɔnim) na adidiiɛhwɛfoɔ no frɛɛ ayeforɔkunu no,

10 na ɔsee no sɛ: Nnipa nyinaa de nsa pa na ɛbɛsisi hɔ kane, na sɛ wɔboboro a, ɛno ansa na wɔde deɛ ɛnyɛ ba; na wo deɛ, wode nsa pa no asie abɛduru sɛsɛɛ.

11 Yesu nsɛnkyerɛnneɛ no mu deɛ ɛdi kan yi, ɔyɛɛ no Kana a ɛwɔ Galilea; na ɔyii n’animuonyam kyerɛe; na n’asuafoɔ no gyee no diiɛ.

12 Yei akyiri no, Yesu kɔɔ Kapernaum, ɔno ne ne na, ne nuanom ne n’asuafoɔ no; na wɔanni nna bebree wɔ hɔ.

Yesu pamo adwadifoɔ firi Asɔredan no mu

13 Na Yudafoɔ Twam da abɛn, na Yesu kɔɔ Yerusalem.

14 Na ɔkɔhunuu wɔn a wɔtɔn anantwie ne nnwan ne mmorɔnoma ne sikasesafoɔ sɛ wɔtete asɔrefie.

15 Na ɔde homa yɛɛ mpire pamm wɔn nyinaa, nnwan ne anantwie no firii asɔrefie hɔ, na ɔhwiee sikasesafoɔ no sika guiɛ, na ɔkaa apono no butubutui;

16 na ɔsee wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no sɛ:Momfa yeinom mfiri ha, monnyɛ m’Agya fie adwadie fie!

17 Na n’asuafoɔ no kaee sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wo fie ho mmɔdemmɔ bɛhyɛ me me.

18 Ɛnna Yudafoɔ no bua see no sɛ: Nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na wode kyerɛ yɛn a enti woyɛ yeinom?

19 Yesu bua see wɔn sɛ:Monnwiri asɔredan yi, na mede nnansa bɛma so bio.

20 Ɛnna Yudafoɔ no se: Mfirinhyia aduanan nsia na wɔde sii asɔredan yi, na wo deɛ, nnansa na wode bɛma soɔ?

21 Deɛ ɔkaeɛ no, na ɔne ne nipadua asɔredan.

22 Enti, ɔsɔre firii awufoɔ mu no, n’asuafoɔ no kaee sɛ waka yei, na wɔgyee twerɛ no ne nsɛm a Yesu kaeɛ no diiɛ.

23 Nso ɔwɔ Yerusalem Twam afahyɛ ase no, nnipa bebree hunuu ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɔyɛeɛ no, wɔgyee ne din diiɛ.

24 Na Yesu no ara deɛ, wamfa ne ho anto wɔn so, ɛfiri sɛ ɔnim wɔn nyinaa,

25 na ɛnhia no sɛ obi di onipa ho adanseɛ; ɛfiri sɛ ɔno ara nim deɛ ɛwɔ onipa mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

5 × two =