Yohane 9

Onifirani bi adehunu

1 Na ɔretwam no, ɔhunuu onipa bi a n’ani afira firi n’awoɔ mu.

2 Na n’asuafoɔ bisaa no sɛ: Rabi, hwan na ɔyɛɛ bɔne, oyi anaa n’awofoɔ, sɛ wɔwoo no onifirani yi?

3 Yesu buaa sɛ:Ɛnyɛ oyi, anaa n’awofoɔ na wɔyɛɛ bɔne, na mmom sɛ Nyankopɔn nnwuma bɛda adi wɔ ne mu ntira.

4 Ɛsɛ yɛn sɛ adekyeeɛ wɔ hɔ yi, yɛyɛ deɛ ɔsomaa me no nnwuma; anadwo reba a obiara ntumi nyɛ adwuma.

5 Mewɔ wiase yi, mene wiase hann.

6 Ɔkaa saa no, ɔtoo ntasuo guu fam, na ɔde ntasuo no fraa dɔteɛ, na ɔde dɔteɛ no sraa onifirani no aniwa so,

7 na ɔka kyerɛɛ no sɛ:Kɔ, kɔhohoro so wɔ Ɔtadeɛ Siloa mu(ne nkyerɛaseɛ ne: Deɛ wɔasoma no). Ɛnna ɔsii mu kɔeɛ kɔhohoroo soɔ, na ɔbaeɛ, na ɔhunu adeɛ.

N’afipamfoɔ asɛmmisa

8 Ɛnna amannifoɔ ne wɔn a kane wɔhunuu no sɛ ɔyɛ ɔsrɛsrɛfoɔ no kaa sɛ: Ɛnyɛ oyi na na ɔte hɔ srɛsrɛ adeɛ no?

9 Ebinom se: Ɔno ni! Na ebinom nso se: Ɔsɛ no. Na ɔno ara se: Mene no.

10 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: Ɛyɛɛ dɛn na w’ani bueeɛ?

11 Ɔbua kaa sɛ: Onipa bi a wɔfrɛ no Yesu na ɔpɔtɔɔ dɔteɛ de sraa m’ani soɔ, na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Kɔ Ɔtadeɛ Siloa mu kɔhohoro so. Na mekɔ mekɔhohoroo soɔ no, na mehunuu adeɛ.

12 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: Ɔwɔ he? Ɔse: Mennim.

Farisifoɔ asɛmmisa

13 Wɔde deɛ anka ɔyɛ onifirani no kɔɔ Farisifoɔ nkyɛn.

14 Nso da a Yesu pɔtɔɔ dɔteɛ na ɔbuee n’ani no yɛ homeda.

15 Ɛnna Farisifoɔ no nso bisaa no bio sɛdeɛ ɛyɛeɛ na ɔhunuu adeɛ. Na ɔsee wɔn sɛ: Dɔteɛ na ɔde sraa m’ani soɔ, na mekɔhohoroo soɔ, na mehunu adeɛ yi.

16 Ɛnna Farisifoɔ no mu bi kaa sɛ: Onipa yi mfiri Nyankopɔn nkyɛn, ɛfiri sɛ, ɔnni homeda. Ebinom se: Ɛbɛyɛ dɛn na onipa debɔneyɛni bɛtumi ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛte seyie? Na mpaepaemu baa wɔn mu.

17 Ɛnna wɔsee onifirani no bio sɛ: Wo deɛ, woka deɛn ne ho, sɛ ɔbuee w’ani no? Na ɔse: Ɔyɛ odiyifoɔ.

N’awofoɔ hɔ asɛmmisa

18 Nso na Yudafoɔ no nnye ne ho nsɛm no nni, sɛ anka ɔyɛ onifirani na ɔhunuu adeɛ, de kɔsii sɛ wɔfrɛɛ deɛ ɔhunuu adeɛ no awofoɔ,

19 na wɔbisaa wɔn sɛ: Mo ba a moka sɛ wɔwoo no onifirani no ni anaa? Afei ɛyɛɛ dɛn na ɔhunu adeɛ yi?

20 N’awofoɔ buaa wɔn kaa sɛ: Yɛnim sɛ yɛn ba ni, na wɔwoo no onifirani;

21 na sɛ ɛyɛeɛ na afei ɔhunu adeɛ yi deɛ, yɛnnim. Na bio nso onipa korɔ a ɔbuee n’ani no, yɛn deɛ, yɛnnim; mommisa no, wanyini, na ɔno ara bɛkasa ama ne ho.

22 N’awofoɔ kaa yei, ɛfiri sɛ na wɔsuro Yudafoɔ no; na Yudafoɔ no apam dada sɛ, sɛ obi pae mu ka sɛ ɔno ne Kristo no a, wɔbɛtu no afiri hyiadan mu.

23 Yei nti na n’awofoɔ kaa sɛ: Wanyini, mommisa no.

Farisifoɔ pam no

24 Ɛnna wɔfrɛɛ onipa a anka ɔyɛ onifirani no ne mprenu soɔ, na wɔsee no sɛ: Fa animuonyam ma Onyankopɔn! Yɛn deɛ, yɛnim sɛ onipa yi yɛ ɔdebɔneyɛni.

25 Ɛnna ɔbua kaa sɛ: Sɛ ɔyɛ ɔdebɔneyɛni a, mennim; adeɛ baako na menim, sɛ na anka meyɛ onifirani, na afei deɛ mehunu adeɛ.

26 Na wɔsee no sɛ: Ɛdeɛn na ɔyɛɛ woɔ? Ɔbuee w’ani no sɛn?

27 Ɔbuaa wɔn sɛ: Maka makyerɛ mo dada, na moante? Ɛdeɛn na mopɛ sɛ mote bio? Mo nso mopɛ sɛ modane n’asuafoɔ anaa?

28 Wɔyaa no, na wɔkaa sɛ: Wo na woyɛ ne suani; na yɛn deɛ, Mose asuafoɔ ne yɛn.

29 Yɛnim sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ Mose; na oyi deɛ, yɛnnim faako a ɔfire.

30 Onipa no bua see wɔn sɛ: Yei na ɛyɛ nwanwa, sɛ monnim faako a ɔfire, nanso ɔbuee m’ani.

31 Na yɛnim sɛ Onyankopɔn ntie adebɔneyɛfoɔ; na sɛ obi fɛre Onyankopɔn na ɔyɛ deɛ ɔpɛ a, ɔno na ɔtie no.

32 Ɛfiri wiase mfitiaseɛ, wɔntee sɛ obi abue deɛ wɔwoo no onifirani ani pɛn.

33 Sɛ oyi mfiri Nyankopɔn nkyɛn a, anka ɔrentumi nyɛ hwee.

34 Wɔbua see no sɛ: Wo deɛ, bɔne mu koraa na wɔwoo woɔ, na wo na wokyerɛkyerɛ yɛn? Na wɔpamm no firii adi.

Onifirani no gye Yesu di

35 Yesu tee sɛ wɔapam no afiri adie; na ɔhunuu no no, ɔbisaa sɛ:Wogye Onipa Ba no di anaa?

36 Ɔbuaa sɛ: Hwan ne no, Owura, na mennye no menni?

37 Na Yesu see no sɛ:Woahu no, na deɛ ɔne wo rekasa yi, ɔne no.

38 Na ɔse: Megye medi, Awurade! Na ɔkoto sɔree no.

Farisifoɔ anifira

39 Na Yesu kaa sɛ:Atemmuo nti na mebaa wiase, na wɔn a wɔnhunu adeɛ no ahunu, na wɔn a wɔhunu adeɛ no adane anifirafoɔ.

40 Na Farisifoɔ no mu bi a wɔne no wɔ hɔ no tee nsɛm yi, na wɔsee no sɛ: Na yɛn nso yɛyɛ anifirafoɔ?

41 Yesu bua see wɔn sɛ:Sɛ moyɛ anifirafoɔ a, anka monni bɔne; na sɛ mose: Yɛhunu adeɛ enti, na mo bɔne aka.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

two × one =