Yohane 7

Yesu nuanom

1 Na yeinom akyiri no, Yesu kyinii Galilea; na ɔmpɛ sɛ ɔkyini Yudea, ɛfiri sɛ na Yudafoɔ no rehwehwɛ no akum no.

2 Na Yudafoɔ Asesebɔ afahyɛ abɛn.

3 Ɛnna ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Firi ha kɔ Yudea, na w’asuafoɔ nso nhunu wo nnwuma a woyɛ no.

4 Na obi nyɛ biribi kokoam nhwehwɛ sɛ wɔbɛhu no badwa mu. Sɛ woyɛ yeinom a, yi wo ho kyerɛ wiase!

5 Na ne nuanom mpo annye no anni.

6 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ:Me deɛ, me berɛ nnya nnurui, na mo berɛ deɛ, ɛduru daa.

7 Wiase ntumi ntane mo; na me na ɛtane me, ɛfiri sɛ medi adanseɛ, sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.

8 Mo deɛ, monkɔ afahyɛ yi ase. Me deɛ, mennya menkɔɔ afahyɛ yi ase; ɛfiri sɛ me berɛ nnya nnurui.

9 Na ɔsee wɔn saa no, ɔtenaa Galilea.

10 Na ne nuanom kɔeɛ no, ɛnna ɔno nso kɔɔ afahyɛ no aseɛ; wanyi ne ho adi, na mmom ɔhuntae.

Adwene ahodoɔ

11 Ɛnna Yudafoɔ no hwehwɛɛ no afahyɛ no aseɛ, na wɔse: Ɔwɔ he?

12 Na huhuhuhu bebree aba nkurɔfoɔ akuakuo no mu wɔ ne ho. Ebinom se: Ɔyɛ onipa pa; na ebinom se: Dabi, na ɔdaadaa nkurɔfoɔ mmom.

13 Nanso Yudafoɔ no ho hu nti, obi anyi anim anka ne ho asɛm pefee.

Yesu firi soro

14 Na afahyɛ no mfimfini no, Yesu kɔɔ asɔrefie kɔkyerɛkyerɛeɛ.

15 Na ɛyɛɛ Yudafoɔ no nwanwa, na wɔse: Ɛyɛɛ dɛn na oyi nsuaa nwoma pɛn, na ɔnim yi?

16 Yesu buaa wɔn kaa sɛ:Me nkyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na deɛ ɔsomaa me no dea.

17 Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn anaasɛ ɛfiri me ara me tirim na meka.

18 Deɛ ɔbɔ ɔno ara ne tirim kasa no, hwehwɛ ɔno ara animuonyam; na deɛ ɔhwehwɛ deɛ ɔsomaa no no animuonyam no, ɔno na ɔyɛ ɔnokwafoɔ, a deɛ ɛntene nni ne mu.

19 Ɛnyɛ Mose na ɔmaa mo mmara no? Nanso mo mu biara nni mmara no so. Adɛn na morehwehwɛ me aku me?

20 Nkurɔfokuo no buaa sɛ: Wowɔ honhommɔne; hwan na ɔrehwehwɛ wo aku woɔ?

21 Yesu bua see wɔn sɛ:Mayɛ adwuma baako, na yei na ɛyɛ mo nyinaa nwanwa.

22 Mose maa mo twetiatwa (ɛnyɛ sɛ ɛfiri Mose, na ɛfiri agyanom) nanso homeda motwa onipa twetia.

23 Sɛ onipa nya twetiatwa homeda na wɔanto Mose mmara no a, adɛn nti na mo bo afu me sɛ mama onipa mu ho ayɛ no den homeda?

24 Mommmu atɛn sɛdeɛ mohunu kwa, na mommu atɛn a ɛtene!

Deɛ nkurɔfoɔ susuo

25 Ɛnna Yerusalemfoɔ no mu bi kaa sɛ: Ɛnyɛ oyi ne deɛ wɔrehwehwɛ no aku no no?

26 Na hwɛ ɔkasa pefee, na wɔnka no hwee. Sɛsɛɛ mpanimfoɔ ahunu ampa sɛ oyi ne Kristo no anaa?

27 Nanso oyi deɛ, yɛnim deɛ ɔfire; na Kristo no deɛ, sɛ ɔba a, obi renhunu deɛ ɔfire.

28 Ɛnna Yesu rekyerɛkyerɛ asɔrefie no, ɔteaa mu sɛ:Monim me, na monim deɛ mefire. Na ɛnyɛ me ara na mehyɛɛ me ho mebaeɛ; na deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ a monnim no.

29 Na me deɛ, menim no; ɛfiri sɛ mefiri ne nkyɛn, na ɔno na ɔsomaa me.

30 Enti na anka wɔrehwehwɛ no akye no; nanso obiara amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ na ne dɔn nnya nnuruiɛ.

31 Na nkurɔfokuo no mu pii gyee no dii, na wɔkaa sɛ: Kristo no, sɛ ɔba a, ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bebree asene yeinom a oyi ayɛ yi?

Yesu bɛsane akɔ Nyankopɔn nkyɛn

32 Farisifoɔ no tee sɛ nkurɔfokuo no rewiinwii keka yeinom wɔ ne ho. Na Farisifoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no somaa asomfoɔ sɛ wɔnkɔkye no.

33 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ:Mewɔ mo nkyɛn berɛ tiaa bi, na merebɛkɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn.

34 Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me; na deɛ mewɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ.

35 Ɛnna Yudafoɔ no sesee wɔn ho sɛ: Ɛhe na oyi rebɛkorɔ a yɛrenhu no? Ɔrebɛkɔ wɔn a wɔapete Helafoɔ mu no mu akɔkyerɛkyerɛ Helafoɔ?

36 Asɛm bɛn na ɔka yi sɛ:Mobɛhwehwɛ me, na morenhu me, na deɛ mewɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ.

Nkwa nsuo ho bɔhyɛ

37 Na da a ɛdi akyire a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛseɛ no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteaa mu sɛ:Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn, mmɛnom nsuo!

38 Sɛdeɛ atwerɛsɛm no kaeɛ no: Deɛ ɔgye me die no, nkwa asubɔnten bɛsene afiri ne yam.

39 Na yei deɛ, ɔkaa wɔ Honhom a wɔn a wɔgye no die rebɛnya no ho; na Honhom no nnya mmae, ɛfiri sɛ wɔnnya nhyɛɛ Yesu animuonyam.

Nkurɔfoɔ no adwene mu mpaepaemu

40 Na nkurɔfokuo no tee nsɛm yi no, wɔn mu binom kaa sɛ: Odiyifoɔ no nie ampa!

41 Ebinom se: Kristo no nie! Na ebinom nso bisaa sɛ: Kristo no bɛfiri Galilea anaa?

42 Atwerɛsɛm no anka sɛ Dawid asefoɔ mu ne Betlehem kuro a Dawid tenaa hɔ no mu na Kristo no bɛfire anaa?

43 Na ne nti mpaepaemu baa nkurɔfokuo no mu.

Wɔantumi ankye Kristo

44 Na wɔn mu binom pɛɛ sɛ wɔkye no; nanso obiara amfa ne nsa anka no.

45 Ɛnna asomfo no baa asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Farisifoɔ no nkyɛn, na wɔbɛbisaa wɔn sɛ: Adɛn nti na moamfa no amma?

46 Asomfo no buaa sɛ: Onipa biara nkasaa sɛ onipa yi da.

47 Ɛnna Farisifoɔ no buaa wɔn sɛ: Wɔadaadaa mo nso anaa?

48 Mpanimfoɔ anaa Farisifoɔ no mu bi agye no adi anaa?

49 Na nkurɔfokuo yi a wɔnnim mmara no, wɔadome wɔn!

50 Nikodemo a ɔbaa ne nkyɛn da bi a ɔyɛ wɔn mu baako no see wɔn sɛ:

51 Yɛn mmara ntiee onipa na ɛnhunuu deɛ ɔyɛeɛ ansa a, ɛbu no atɛn anaa?

52 Wɔbua see no sɛ: Dabrɛ wo nso wofiri Galilea? Hwehwɛ mu, na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ nsɔree wɔ Galilea pɛn.

53 [Na wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn afie mu mmaako mmaako.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

eighteen + seven =