Yohane 5

Betesda obubuani no ayaresa

1 Yei akyiri no, Yudafoɔ afahyɛ duruiɛ, na Yesu kɔɔ Yerusalem.

2 Nso ɔtadeɛ bi wɔ Yerusalem Nnwanten Pono kɛseɛ no ho a wɔfrɛ no Hebri mu sɛ Betesda a ɛwɔ ntwonoo nnum.

3 Na yeinom mu na nnipa pii, ayarefoɔ, anifirafoɔ, mpakye ne wɔn a wɔn fa awuwuo deda [retwɛn nsuo no wosoɔ.

4 Na ɛduru berɛ bi mu a, ɔbɔfoɔ siane ba tadeɛ no mu bɛhono nsuo no, na deɛ nsuo no hono akyiri no, ɔdi kan kɔ mu no, yadeɛ biara a ɔyareɛ no, na ne ho ayɛ no den.]

5 Na onipa bi wɔ hɔ a wadi mfirinhyia aduasa nwɔtwe n’ahoɔmmerɛ mu.

6 Ɔno na Yesu hunuu no sɛ ɔda hɔ, na ɔnim sɛ wakyɛre hɔ no, ɔbisaa no sɛ:Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?

7 Ɔyarefoɔ no buaa no sɛ: Owura, menni onipa bi a sɛ nsuo no hono a, ɔde me kɔto tadeɛ no mu; na sɛ merekɔ a, na obi adi m’anim kan kɔ mu.

8 Yesu see no sɛ:Sɔre, yi wo kɛtɛ, na nante!

9 Na ntɛm ara onipa no ho yɛɛ no den, na ɔyii ne kɛtɛ, na ɔnanteeɛ. Nso na da no yɛ homeda.

Yudafoɔ akyinnyegyeɛ

10 Enti Yudafoɔ no ka kyerɛɛ deɛ wɔasa no yadeɛ no sɛ: Ɛnnɛ yɛ homeda; wonni ho kwan sɛ wosoa wo kɛtɛ.

11 Ɔbuaa wɔn sɛ: Deɛ ɔmaa me ho yɛɛ me den no, ɔno ara na ɔsee me sɛ:Yi wo kɛtɛ, na nante!

12 Ɛnna wɔbisaa no sɛ: Hwan ne onipa a ɔsee wo sɛ: Yi wo kɛtɛ na nante no?

13 Nso deɛ ne ho asane no no nnim onipa ko; ɛfiri sɛ na nkurɔfokuo no wɔ hɔ nti, na Yesu nso atwe ne ho afiri hɔ.

14 Yei akyiri no, Yesu hunuu no asɔrefie, na ɔsee no sɛ:Hwɛ, wo ho ayɛ wo den; nyɛ bɔne bio, na deɛ ɛyɛ bɔne sene yei anyɛ wo.

15 Onipa no sii mu kɔ kɔka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔmaa ne ho yɛɛ no den.

16 Na yei nti Yudafoɔ no taa Yesu, ɛfiri sɛ wayɛ nnoɔma yi homeda.

17 Na ɔbuaa wɔn sɛ:M’Agya gu so yɛ adwuma bɛsi sɛsɛɛ, na me nso meyɛ adwuma.

18 Na yei mmom nti afei Yudafoɔ no hwehwɛɛ sɛ wɔkum no, sɛ ɛnyɛ homeda nko na wasɛe no, na mmom ɔfrɛ Onyankopɔn sɛ ɔno ara n’Agya de yɛ ne ho sɛ ɔno ne Onyankopɔn yɛ pɛ.

Yesu mmuaeɛ

19 Ɛnna Yesu bua see wɔn sɛ:Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, Ɔba no ara ntumi mmɔ ne tirim nyɛ hwee, gye deɛ wahunu Agya no sɛ ɔyɛ; ɛfiri sɛ biribiara a ɔno yɛ no, ɛno ara na Ɔba no nso yɛ.

20 Na Agya no dɔ Ɔba no, na ɔkyerɛ no deɛ ɔno ara yɛ nyinaa; na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛseɛ a ɛsene yeinom, na ayɛ mo nwanwa.

21 Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ, na ɔma wɔn nkwa no, saa ara na Ɔba no nso ma wɔn a ɔpɛ nkwa.

22 Na Agya no nso mmu obiara atɛn, na ɔde atemmuo nyinaa ahyɛ Ɔba no nsa,

23 sɛ wɔn nyinaa nni Ɔba no ni, sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Deɛ ɔnni Ɔba no ni no nni Agya a ɔsomaa no no ni.

Owusɔreɛ ne atemmuo

24 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Deɛ ɔte m’asɛm, na ɔgye deɛ ɔsomaa me no die no wɔ daa nkwa, na ɔremma atemmuo mu, na watwa mu afiri owuo mu kɔ nkwa mu.

25 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Dɔn no reba na anya adu a awufoɔ bɛte Nyankopɔn ba no nne, na wɔn a wɔteɛ no bɛnya nkwa.

26 Na sɛdeɛ Agya no wɔ nkwa ɔno ara mu no, saa ara na ɔde ama Ɔba no nso sɛ ɔnnya nkwa ɔno ara mu;

27 na wama no tumi sɛ ɔmmu atɛn nso, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onipa Ba.

28 Mommma yei nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ adakamena mu nyinaa bɛte ne nne,

29 na wɔafiri adi, na wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa wusɔreɛ mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmuo wusɔreɛ mu.

30 Me deɛ, mentumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; sɛdeɛ meteɛ no, na mebu atɛn, na m’atemmuo no yɛ tenenee. Na menhwehwɛ deɛ me ara mepɛ, na deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ.

31 Sɛ me ara medi me ho adanseɛ a, m’adanseɛ no nyɛ nokorɛ.

32 Obi wɔ hɔ a ɔdi me ho adanseɛ, na menim sɛ adanseɛ a ɔdi me ho no yɛ nokorɛ.

Osuboni Yohane adanseɛ

33 Mo deɛ, moasoma akɔ Yohane nkyɛn, na wadi nokorɛ adanseɛ;

34 na me deɛ, mennye adanseɛ onipa bi nkyɛn, na meka yeinom, na moanya nkwa.

35 Ɔno ne kanea a ɛdɛre na ɛhyerɛn; na mo deɛ, mopɛɛ sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.

Nyankopɔn no ara adanseɛ

36 Na me deɛ, mewɔ adanseɛ a ɛsene Yohane deɛ no; na nnwuma a Agya no de ama me sɛ menwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanseɛ sɛ Agya no na asoma me.

37 Na Agya no a ɔsomaa me no ara adi me ho adanseɛ. Moante ne nne ara da, nso moanhunu ne suban;

38 na monni n’asɛm no wɔ mo mu, ɛfiri sɛ deɛ ɔsomaa no no, monnye no nni!

Apam dada adanseɛ

39 Mohwehwɛ atwerɛsɛm no mu, ɛfiri sɛ mosusu sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; na ɛno ne deɛ ɛdi me ho adanseɛ,

40 na mompɛ sɛ moba me nkyɛn, na moanya nkwa.

Anidie ahodoɔ mmienu

41 Mennye animuonyam mfiri nnipa nkyɛn,

42 na mahu mo sɛ monni Nyankopɔn dɔ wɔ mo mu.

43 Me deɛ, mebaa m’Agya din mu, na monnye me; sɛ ɔfoforɔ ba ɔno ara din mu a, ɔno na mobɛgye no.

44 Ɛbɛyɛ dɛn na mo a mogye animuonyam mo ho mo ho nkyɛn bɛtumi agye adie, mo a Onyankopɔn koro no nkyɛn animuonyam deɛ, monhwehwɛ?

Mose ho akyinnyegyeɛ

45 Monnsusu sɛ mɛbɔ mo kwaadu, Agya no anim, na deɛ ɔbɔ mo kwaadu no wɔ hɔ; ɔne Mose a mode mo ani ato ne soɔ no.

46 Na sɛ mogye Mose di a, anka mobɛgye me adi; na me ho nsɛm no, ɔno na ɔtwerɛeɛ.

47 Na sɛ monnye n’atwerɛsɛm no nni a, ɛbɛyɛ dɛn na mobɛgye me nsɛm adie?

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

three × three =