Romafoɔ 3

1 Afei ɛdeɛn na Yudani wɔ boro soɔ, anaasɛ twetiatwa ho mfasoɔ ne deɛn?

2 Ɛdɔɔso akwan ahodoɔ nyinaa mu. Deɛ ɛdi kan ne sɛ, wɔde Nyankopɔn nsɛm ahyɛ wɔn nsa.

3 Na sɛ ebinom annye anni ɛ? Wɔn gyeɛ a wɔnnye nnie no bɛma Nyankopɔn gyidie no adane hunu anaa?

4 Dabi da, na mmom ma Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ, na nnipa nyinaa nyɛ atorofoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Deɛ ɛbɛyɛ na woadi bem wɔ wo nsɛm mu,

na wobu atɛn a, woadi nkonim.

5 Na sɛ tene a yɛntene yi na ɛyi Nyankopɔn tenenee no kyerɛ a, yɛbɛse deɛn? Onyankopɔn ntene sɛ ɔde abufuo ba yɛn so anaa? (Meka no nnipa mu.)

6 Dabi da! Sɛ ɛte saa a, anka Onyankopɔn bɛbu wiase atɛn sɛn?

7 Na sɛ Onyankopɔn nokorɛ da adi mmoroso wɔ m’atorɔ mu kɔ n’animuonyam mu a, adɛn na woda so bu me atɛn sɛ ɔdebɔneyɛni?

8 Na adɛn nti na yɛnka sɛ (sɛdeɛ wɔtwa to yɛn so, na ebinom ka sɛ, yɛse:) Momma yɛnyɛ bɔne, na papa mmra? Wɔbɛbu wɔn fɔ sɛdeɛ ɛfata.

Obiara nyɛ teneneeni

9 Ɛnneɛ na ɛdeɛn? Yɛn Yudafoɔ sene yeinom anaa? Yɛnsene wɔn koraa. Na yɛde akane nsɛm no akyekyere Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa sɛ, wɔhyɛ bɔne ase,

10 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Ɔteneneeni biara nni hɔ, ɔbaako mpo nni hɔ.

11 Obiara nni hɔ a ɔwɔ nteaseɛ,

obiara nni hɔ a ɔhwehwɛ Nyankopɔn akyiri kwan.

12 Wɔn nyinaa amane, wɔn nyinaa ayɛ deɛ mfasoɔ nni wɔn so,

obiara nni hɔ a ɔyɛ papa,

ɔbaako mpo nni hɔ.

13 Wɔn mene yɛ ɛda a abue,

wɔde wɔn tɛkyerɛma daadaa;

nhuritia borɔ wɔ wɔn anofafa ase.

14 Nnome ne ade nwononwono ahyɛ wɔn anomu ma.

15 Wɔn nan yɛ hare mogya hwieguo ho,

16 pasaayɛ ne amanehunu wɔ wɔn akwan mu,

17 na asomdwoeɛ kwan deɛ, wɔnnim.

18 Nyankopɔn suro biara nni wɔn ani so.

19 Na yɛnim sɛ biribiara a mmara seɛ no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Nyankopɔn atemmuo mu.

20 Ɛfiri sɛ wɔremfiri mmara nnwuma mu mmu honam biara bem n’anim; na mmara so na wɔnam hunu bɔne yie.

Tenenee a ɛnam Kristo mu gyidie so ba

21 Na afei wɔakwati mmara ayi Nyankopɔn tenenee adi; ɛho adanseɛ na mmara ne adiyifoɔ die.

22 Na ɛyɛ Nyankopɔn tenenee a ɛnam Yesu Kristo ho gyidie soɔ hyɛne wɔn a wɔgye die nyinaa mu no na ɛba wɔn nyinaa soɔ. Na nsonsonoeɛ biara nni mu,

23 ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne, na Nyankopɔn animuonyam abɔ wɔn,

24 na wɔde n’adom nam ɔgyeɛ a ɛwɔ Kristo Yesu mu no so bu wɔn bem kwa.

25 Ɔno na Onyankopɔn de no asi hɔ sɛ mpatadeɛ a ɛnam gyidie so wɔ ne mogya mu, na ɔde akyerɛ ne tenenee sɛ nnebɔne a wɔayɛ kane no wama no atwa mu Nyankopɔn boasetɔ mu no nti.

26 Na ɔde akyerɛ ne tenenee no wɔ ɛberɛ yi mu, na ɔno ara atene, na wabu deɛ ɔfiri Yesu ho gyidie mu no nso bem ama no atene bi.

27 Afei ahohoahoa wɔ he? Wɔatu ɛno afiri mu. Ɛnam mmara bɛn so? Nnwuma deɛ so anaa? Dabi, na mmom ɛnam gyidie mmara so.

28 Enti na yɛbu no sɛ wɔkwati mmara nnwuma de gyidie na ɛbu onipa bem.

29 Onyankopɔn yɛ Yudafoɔ nko ara dea anaa? Ɔnyɛ amanaman mufoɔ no nso dea bi anaa? Ampa, ɔyɛ amanaman mufoɔ dea nso.

30 Sɛ ɛte saa deɛ a, ɛnneɛ na ɛyɛ Onyankopɔn koro no ara a ɔfiri gyidie mu bu twetiafoɔ bem no, na ɔnam gyidie soɔ bu momonotofoɔ bem.

31 Ɛnneɛ na yɛnam gyidie so tuu mmara no guiɛ anaa? Dabi da, na mmom yɛma mmara no ase tim.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

9 − four =