Romafoɔ 8

Honhom no mu nkwa

1 Ɛnneɛ afei afobuo biara nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu.

2 Na Kristo Yesu mu nkwa honhom mmara no agye me afiri bɔne ne owuo mmara no mu.

3 Na deɛ mmara no antumi anyɛ, ɛnam sɛ honam maa no yɛɛ mmerɛ nti, Onyankopɔn somaa ɔno ara ne Ba, bɔne honam suban mu, ɛne bɔne nti, na ɔde buu bɔne no fɔ honam no mu

4 sɛ mmara no asɛntenenee mmra mu wɔ yɛn a yɛnnante honam fam, na mmom yɛnam honhom deɛ mu no ho.

5 Na wɔn a wɔnam honam fam no dwene honam deɛ, na wɔn a wɔnam honhom deɛ mu no dwene honhom deɛ.

6 Na honam adwene yɛ owuo, na honhom adwene no deɛ, ɛyɛ nkwa ne asomdwoeɛ.

7 Ɛfiri sɛ honam adwene yɛ nitan a ɛtane Onyankopɔn, na ɛmfa ne ho nhyɛ Nyankopɔn mmara no aseɛ, na mpo ɛntumi;

8 na wɔn a wɔwɔ honam mu no ntumi nsɔ Nyankopɔn ani.

9 Na mo deɛ, monni honam mu, na mmom mowɔ honhom mu, nanso gye sɛ Nyankopɔn honhom te mo mu. Na sɛ obi nni Kristo honhom a, ɔnyɛ ne dea.

10 Na sɛ Kristo wɔ mo mu a, bɔne nti nipadua no awu deɛ, nanso tenenee nti honhom no ma nkwa.

11 Na sɛ deɛ ɔnyanee Yesu firii awufoɔ mu no Honhom te mo mu a, deɛ ɔnyanee Kristo Yesu firii awufoɔ mu no bɛma mo nipadua a ɛwuo yi nso nkwa, ɛnam ne honhom a ɛte mo mu no so.

12 Enti afei, anuanom, ɛnyɛ honam na yɛde no ka na yɛatena ase honam fam.

13 Na sɛ mote ase honam fam a, mobɛwu; na sɛ monam honhom no mu kum nipadua no nneyɛɛ a, mobɛtena ase.

Yɛnam honhom so yɛ Nyankopɔn mma

14 Na dodoɔ a Onyankopɔn honhom di wɔn kan no, wɔn na wɔyɛ Nyankopɔn mma.

15 Na moannya akoayɛ honhom a mode bɛsuro bio, na mmom moanya abayɛ honhom a ɛno mu na yɛtea mu sɛ: Abba, Agya!

16 Honhom no ara ne yɛn honhom di adanseɛ sɛ yɛyɛ Nyankopɔn mma.

17 Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifoɔ nso, Nyankopɔn adedifoɔ ne Kristo yɔnkoadedifoɔ, nanso gye sɛ yɛne no hunu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no animuonyam bi.

18 Na mebu no sɛ seesei berɛ yi mu amaneɛ yi nnuru animuonyam a wɔrebɛyi no adie de ama yɛn no.

19 Na abɔdeɛ no ani agyina retwɛn Nyankopɔn mma ahoyie.

20 Na wɔde abɔdeɛ no ahyɛ ade hunu ase, ɛnyɛ ɛno ara na ɛpɛ, na mmom deɛ ɔde hyɛɛ aseɛ no ntira, anidasoɔ mu,

21 sɛ abɔdeɛ no ara nso bɛfa ne ho adi afiri ɔsom a ɛsom porɔeɛ no mu akɔ Nyankopɔn mma animuonyam adehyedie mu.

22 Na yɛnim sɛ abɔdeɛ nyinaa penepene, na ɛko awoɔ bɛduru nnɛ yi.

23 Na ɛnyɛ ɛno nko, na yɛn ara nso a yɛwɔ Honhom no aba a ɛdi kan no, yɛn nso yɛsi apini retwɛn abayɛ a ɛne ɔgyeɛ a wɔbɛgye yɛn nipadua no.

24 Na anidasoɔ mu na wɔgyee yɛn nkwa; na anidasoɔ a wɔhunu nyɛ anidasoɔ; na deɛ obi hunu no, ɛbɛyɛ dɛn na n’ani bɛda soɔ?

25 Na sɛ yɛn ani da deɛ yɛnhunu so a, yɛde boasetɔ twɛn.

26 Saa ara nso na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu, ɛfiri sɛ sɛdeɛ yɛbɛbɔ mpaeɛ a ɛsɛ no, yɛnnim, nanso Honhom no ara de ɔpene a ɛnni kabea di ma yɛn.

27 Na deɛ ɔpɛɛpɛɛ akoma mu no nim adekodeɛ a ɛyɛ Honhom no adwene, ɛfiri sɛ ɔdi ma ahotefoɔ no sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ.

28 Na yɛnim sɛ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no, adeɛ nyinaa di boa wɔn ma no wie wɔn yie, wɔn a wɔnam ne tirimbɔ no so afrɛ wɔn no.

29 Na wɔn a ɔhunuu wɔn sieeɛ no, wayi wɔn ato hɔ nso, sɛ wɔnsɛ ne ba no suban, na wayɛ anuanom pii mu abakan.

30 Na wɔn a ɔyii wɔn too hɔ no, wafrɛ wɔn nso; na wɔn a ɔfrɛɛ wɔn no, wabu wɔn bem nso, na wɔn a ɔbuu wɔn bem no, wahyɛ wɔn animuonyam nso.

Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu

31 Na afei yɛbɛse yeinom ho deɛn? Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie?

32 Deɛ wankame yɛn ɔno ara ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti ɔyii no maeɛ no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?

33 Hwan na ɔbɛtoto wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no ano? Onyankopɔn ne deɛ ɔbu bem;

34 hwan ne deɛ ɔbu fɔ? Kristo Yesu ne deɛ ɔwuiɛ, na mpo wanyane, na ɔte Nyankopɔn nifa nso, nanso ɔdi ma yɛn.

35 Hwan na ɔbɛtete yɛne Kristo dɔ mu? Ahohia anaa ahometeɛ anaa ɔtaa anaa ɛkɔm anaa adagya anaa amanenya anaa nkrantɛ?

36 Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Wo nti wɔku yɛn daa nyinaa;

wɔbu yɛn sɛ nnwanten a wɔrebɛku wɔn.

37 Nanso yeinom nyinaa mu na yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro soɔ.

38 Na megye medi ampa sɛ, owuo anaa nkwa, anaa abɔfoɔ, anaa atumfoɔ, anaa nnoɔma a ɛwɔ hɔ, anaa nnoɔma a ɛrebɛba, anaa ahoɔden,

39 anaa ɔsoro, anaa ebunu, anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Nyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

16 − six =