Romafoɔ 5

Yɛn ne Onyankopɔn mu ateyie

1 Afei ɛfiri gyidie mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo so wɔ Nyankopɔn fam asomdwoeɛ;

2 ɔno nso so na yɛnam de gyidie anya adom yi a yɛwɔ mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Nyankopɔn animuonyam ho anidasoɔ mu.

3 Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho ahohia mu nso, ɛfiri sɛ yɛnim sɛ ahohia de boasetɔ ba,

4 na boasetɔ de osuahunu ba, na osuahunu de anidasoɔ ba.

5 Na anidasoɔ nhyɛ aniwuo, ɛfiri sɛ wɔnam Honhom Kronkron a wɔde ama yɛn no so ahwie Nyankopɔn dɔ agu yɛn akoma mu.

6 Na yɛda so yɛ mmerɛ no, berɛ a ɛsɛ mu no, Kristo wu maa abusuyɛfoɔ.

7 Na ɛbɛyɛ den sɛ obi bɛwu ama deɛ ɔyɛ onipa tenenee mpo; na deɛ ɔyɛ onipa pa no deɛ, ebia anka obi bɛsi ne bo sɛ ɔbɛwu ama no.

8 Na Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, ɛfiri sɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.

9 Enti afei mmom a wɔabu yɛn bem wɔ ne mogya mu yi, wɔnam ne so bɛgye yɛn nkwa afiri abufuo no mu.

10 Na sɛ, berɛ a yɛyɛ atamfoɔ no, wɔnam ne Ba no wuo so apata yɛn ne Nyankopɔn ntam a, afei mmom a wɔapata ama yɛn yi, wɔbɛgye yɛn nkwa mmoroso wɔ ne nkwa no mu.

11 Na ɛnyɛ yei nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu, ɛsiane Awurade Yesu Kristo a yɛnam no so seesei anya mpata yi.

Adam ne Kristo

12 Yei nti, sɛdeɛ ɛnam onipa baako so na bɔne baa wiase, na owuo nam bɔne so baeɛ no, saa na ɛyɛeɛ na owuo trɛ kaa nnipa nyinaa, ɛfiri sɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.

13 Na bɔne wɔ wiase ansa na mmara no reba, nso mmara nni hɔ a, wɔmfa bɔne mmu nkonta.

14 Nanso owuo dii hene firi Adam so bɛsii Mose so; wɔn a wɔanyɛ Adam mmarato no nsɛso so bɔne mpo, ɔdii wɔn so bi; saa Adam yi ara nso ne deɛ ɔbɛba no nsususoɔ.

15 Na ɛnyɛ sɛdeɛ mfomsoɔ no teɛ na adom akyɛdeɛ no nso teɛ, ɛfiri sɛ ɔbaakofoɔ mfomsoɔ nti nnipa bebree awu a, Nyankopɔn adom, ne onipa baako a ɔne Yesu Kristo no mu adom akyɛdeɛ aboro so ama nnipa bebree akyɛne saa.

16 Na ɛnyɛ sɛ deɛ ɛnam ɔbaakofoɔ a ɔyɛɛ bɔne no so baeɛ no na akyɛdeɛ no teɛ, na atemmuo no firi ɔbaakofoɔ na ɛdane afobuo, na adom akyɛdeɛ no firi mfomsoɔ pii mu na ɛdane bembuo.

17 Na sɛ ɛnam ɔbaakofoɔ no so na owuo de ɔbaakofoɔ no mfomsoɔ dii hene a, wɔn a wɔanya adom ne tenenee akyɛdeɛ a ɛboro soɔ no mmom nam ɔbaakofoɔ no, Yesu Kristo so bɛdi ahene wɔ nkwa mu.

18 Enti afei, sɛdeɛ afobuo nam ɔbaakofoɔ mfomsoɔ so baa nnipa nyinaa soɔ no, sɛ nso nkwa bembuo nam ɔbaakofoɔ tenenee soɔ baa nnipa nyinaa soɔ ne no.

19 Na sɛdeɛ nnipa bebree no nam onipa baako no asoɔden so bɛyɛɛ nnebɔneyɛfoɔ no, sɛ nso bebree no nam ɔbaakofoɔ no setie so bɛyɛ ateneneefoɔ ne no.

20 Na mmara no deɛ, ɛbaa sɛ mfomsoɔ no nnɔɔso, na deɛ bɔne adɔɔso no, adom aboro so akyɛne no.

21 Na sɛdeɛ bɔne dii hene owuo mu no, adom nso nam tenenee so adi hene afa yɛn Awurade Yesu Kristo so kɔ daa nkwa mu.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

five × 5 =