Romafoɔ 10

1 Anuanom, m’akoma mu adeɛ a mepɛ, ne me nkoto a mekoto mesrɛ Onyankopɔn mema wɔn ne sɛ, wɔbɛnya nkwa.

2 Na medi wɔn adanseɛ sɛ wɔwɔ Nyankopɔn ho mmɔdemmɔ deɛ, nanso wɔnni no nimdeɛ mu.

3 Na wɔnnim Nyankopɔn tenenee no, na wɔhwehwɛ sɛ wɔde wɔn ara tenenee si hɔ nti, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase nhyɛɛ Nyankopɔn tenenee ase.

4 Na Kristo ne mmara no awieeɛ a ɛma wɔn a wɔgye die nyinaa kɔ tenenee mu.

Nkwagyeɛ wɔ hɔ ma obiara

5 Na Mose twerɛ tenenee a ɛfiri mmara mu no ho asɛm sɛ: Onipa ko a ɔdi yei soɔ no bɛnya mu nkwa.

6 Na sɛdeɛ tenenee a ɛfiri gyidie mu no ka nie: Nka no w’akoma mu sɛ: Hwan na ɔbɛforo akɔ soro? (Ɛne sɛ, sɛ wɔde Kristo bɛsiane);

7 anaasɛ hwan na ɔbɛsiane akɔ ebunu mu? (Ɛne sɛ, sɛ wɔde Kristo bɛfiri awufoɔ mu aba).

8 Na mmom ɛse sɛn?

Asɛm no abɛn wo,

w’anomu ne w’akoma mu,

(ɛno ne gyidie asɛm a yɛbɔ no dawuro no).

9 Na sɛ wode w’ano pae mu ka sɛ Yesu ne Awurade, na wode w’akoma gye di sɛ Onyankopɔn anyane no afiri awufoɔ mu a, wɔbɛgye wo nkwa.

10 Na akoma na wɔde gye di kɔ tenenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagyeɛ mu.

11 Na atwerɛ no se: Obiara a ɔgye no die no ani renwu.

12 Na nsonsonoeɛ biara nni Yudani ne Helani ntam; ɛfiri sɛ Awurade korɔ no ara na ɔdi wɔn nyinaa soɔ, na ɔwɔ ahonyadeɛ ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa.

13 Na obiara a ɔbɛbɔ Awurade din no bɛnya nkwa.

14 Na afei ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛfrɛ deɛ wɔnnye no nnie? Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛgye deɛ wɔntee ne ho asɛm no adie? Nanso sɛ ɔsɛnkafoɔ nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛteɛ?

15 Nanso sɛ wɔansoma wɔn a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛbɔ asɛm no ho dawuro? Sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Sɛdeɛ nnepa ho asɛmpakafoɔ no anan si yɛ fɛ fa!

16 Na ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔtiee asɛmpa no. Na Yesaia ka sɛ: Awurade, hwan na wagye yɛn asɛnka adie?

17 Ɛnneɛ afei na gyidie firi asɛm no tie mu, na otie nam Kristo ho asɛm so ba.

18 Na mebisa sɛ: Wɔante koraa? Ampa ara wɔate,

wɔn nne firi kɔɔ asase nyinaa so,

na wɔn nsɛm duruu wiase ano.

19 Na mebisa bio sɛ: Israel anhunu? Mose na ɔdi kan ka sɛ:

Mɛma moatwe wɔn a wɔnyɛ ɔman ho ninkunu,

mede ɔman a wɔnnim hwee bɛyi mo abufuo.

20 Na Yesaia nso si ne bo ka sɛ:

Wɔn a wɔnhwehwɛ me no ahu me,

na mayi me ho makyerɛ wɔn a wɔammisa m’akyiri kwan.

21 Na Israelfoɔ ho deɛ, ɔka sɛ: Daa nyinaa metrɛɛ me nsam memaa ɔman asoɔdenfoɔ nyiyianofoɔ.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

five × 4 =