Romafoɔ 9

Onyankopɔn yi Israelfoɔ

1 Mereka nokorɛ no Kristo mu, menni atorɔ, na m’ahonim nso redi me adanseɛ Honhom Kronkron mu

2 sɛ: Medi awerɛhoɔ kɛseɛ ne daa yea wɔ m’akoma mu.

3 Na anka mepɛ sɛ wɔyi me ara firi Kristo ho, yɛ abusudeɛ ma me nuanom a honam fam wɔyɛ m’abusuafoɔ,

4 na wɔyɛ Israelfoɔ a abayɛ ne animuonyam, ne apam ahodoɔ ne mmarahyɛ ne nyamesom ne bɔhyɛ ahodoɔ no yɛ wɔn dea;

5 na agyanom no nso wɔ wɔn, na honam fam no, Kristo a ɔyɛ ade nyinaa so Nyankopɔn a wɔhyira no daa daa no firi wɔn mu bae. Amen.

6 Na ɛnyɛ sɛ ebia Nyankopɔn asɛm no mu atu. Ɛfiri sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔfiri Israel mu nyinaa na wɔyɛ Israelfoɔ,

7 nanso ɛnyɛ sɛ wɔyɛ Abraham asefoɔ nti, wɔn nyinaa yɛ Abraham mma, na mmom: Isak mu na wɔbɛfrɛ w’asefoɔ.

8 Ɛne sɛ, ɛnyɛ honam mma no ne Nyankopɔn mma, na mmom bɔhyɛ mma no na wɔbu wɔn asefoɔ.

9 Ɛfiri sɛ bɔhyɛ asɛm no ni: Afeda sɛsɛɛ mɛba, na Sara anya ɔba.

10 Na ɛnyɛ yei nko, na Rebeka nso ne ɔbaakofoɔ a ɔne yɛn agya Isak no nyinsɛneeɛ,

11 na ɔnnya nwoo mma no, na wɔnnya nyɛɛ papa anaa bɔne no, deɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn tiri mu a ɔbɔɔ no nyiyimu soɔ no atena hɔ, na amfiri nnwuma mu, na mmom ɛnam ne frɛ so nti,

12 wɔsee no sɛ: Ɔpanin no bɛsom akumaa no;

13 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Medɔɔ Yakob,

na metanee Esau.

14 Enti afei yɛbɛka sɛn? Adeɛ a ɛntene wɔ Nyankopɔn hɔ anaa? Dabi da!

15 Na ɔsee Mose sɛ:

Deɛ mehu no mmɔbɔ no ara na mɛhu no mmɔbɔ,

na deɛ me yam hyehye me ma no no ara na me yam bɛhyehye me ama no.

16 Ɛnneɛ na ɛmfiri deɛ ɔpɛ anaa deɛ ɔtu mmirika no, na mmom ɛfiri Onyankopɔn a ɔhunu mmɔborɔ no.

17 Na atwerɛ no see Farao sɛ: Yei ara nti na mama wo so sɛ mɛyi me tumi adi wɔ wo mu, na wɔabɔ me din asase nyinaa so.

18 Ɛnneɛ na deɛ ɔpɛ na ɔhu no mmɔborɔ, na deɛ ɔpɛ na ɔma n’akoma yɛ den.

Onyankopɔn abufuo ne n’ahummɔborɔ

19 Na afei wobɛka akyerɛ me sɛ: Adɛn na ɔda so nunu onipa? Na hwan na ɔbɛtumi ne ne pɛ a ɔpɛ no adi asie?

20 Ɛnneɛ, onipa, hwan ne wo a wotuatua Onyankopɔn asɛm ano? Anwonneɛ bɛse ɔnwomfoɔ sɛ: Adɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ?

21 Okukunwomfoɔ nni dɔteɛ so tumi sɛ ɔde dɔtetoa korɔ no ara nwono kukuo baako ma no yɛ fɛ na ɔnwono foforɔ nso a ɛnyɛ fɛ?

22 Na sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyi n’abufuo adi, na ɔma wɔhunu ne tumidie, nanso ɔde abodwokyɛre bebree kuraa abufuo adeɛ a wɔasiesie ama ɔsɛeɛ no mu,

23 sɛ ɔbɛma wɔahunu n’animuonyam ahonya nso mmɔborɔhunu adeɛ a wɔasiesie ama animuonyam no so a, wobɛka sɛn?

24 Yɛn nso wafrɛ yɛn, ɛnyɛ Yudafoɔ nko ara mu, na amanaman mufoɔ nso.

25 Sɛdeɛ ɔka no Hosea nwoma mu nso sɛ:

Mɛfrɛ wɔn a wɔnyɛ me man no “me man,”

ne deɛ mannɔ no no ɔdɔfo;

26 na ɛbɛba sɛ faako a wɔsee wɔn sɛ: Monyɛ me man no,

ɛhɔ ara na wɔbɛfrɛ wɔn Nyankopɔn Teasefoɔ no mma.

27 Yesaia nso tea mu wɔ Israel ho sɛ: Sɛ Israel mma dodoɔ te sɛ mpoano anwea a, emu nkaeɛ no na wɔbɛgye wɔn nkwa;

28 ɛfiri sɛ Awurade bɛdi n’asɛm asase so awie atwa no tiaa.

29 Na sɛdeɛ Yesaia aka asie no:

Sɛ asafo Awurade annya mma amma yɛn a,

anka yɛayɛ sɛ Sodom, na wɔama yɛasɛ Gomora.

Paulo mpaeɛ a ɔbɔ ma Israel

30 Enti afei yɛbɛka sɛn? Amanaman mufoɔ a wɔanti tenenee no anya tenenee, nanso ɛyɛ tenenee a ɛfiri gyidie mu;

31 na Israel a wɔtii tenenee mmara no deɛ, wɔanto tenenee mmara no.

32 Ɛdeɛn ntira? Ɛfiri sɛ wɔtii no sɛ ɛmfiri gyidie mu, na mmom ɛfiri nnwuma mu; ɛfiri sɛ wɔsuntii suntiboɔ no,

33 sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ:

Hwɛ, mede ɔbotan bi resi Sion a ɛbɛyɛ suntiboɔ ama nnipa, ɛyɛ ɔbotan a ɛbɛma wɔn ahweaseɛ;

na obiara a ɔbɛgye no adie no anim rengu ase.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

two × three =