Romafoɔ 7

Owuo gye yɛn firi mmara ase

1 Anaasɛ, anuanom, monnim, na merekasa mekyerɛ wɔn a wɔnim mmara no, sɛ mmara di onipa so ne nkwa nna nyinaa anaa?

2 Na ɔbaa a ɔhyɛ ne kunu aseɛ deɛ, wɔde mmara akyekyere no asa ne kunu, berɛ a ɔte aseɛ no; na sɛ ne kunu no wu a, wɔasane no afiri okunu no mmara no ho.

3 Enti ne kunu no da so te aseɛ no, sɛ ɔde ne ho kɔbɔ ɔbarima bi ho a, wɔbɛfrɛ no ɔwaresɛefoɔ; na sɛ ne kunu no wu a, na wayi ne ho afiri mmara no ho, na sɛ ɔkɔware ɔbarima foforɔ a, na ɔnyɛ ɔwaresɛefoɔ.

4 Saa nti, me nuanom, mo nso, wɔnam Kristo nipadua so akum mo ama mmara no, sɛ monkɔyɛ ɔfoforɔ a ɔno ne deɛ wɔanyane no afiri awufoɔ mu no deɛ, na yɛaso aba ama Onyankopɔn.

5 Na yɛwɔ ɔhonam mu no, nnebɔne nhyɛsodeɛ nam mmara no so yɛɛ adwuma wɔ yɛn honam akwaa mu, sɛ yɛnso aba mma owuo.

6 Na afei deɛ, ɛnam sɛ yɛawu ama deɛ ɛkyekyeree yɛn no nti, wɔasane yɛn afiri mmara no ho ma yɛsom honhom foforɔyɛ mu, na ɛnyɛ atwerɛ dadayɛ mu.

Mmara ne bɔne

7 Enti afei yɛbɛka sɛn? Mmara no yɛ bɔne anaa? Dabi da, na mmom sɛ ɛnyɛ mmara no nti a, anka mennim bɔne, na sɛ mmara anka sɛ: Mma w’ani mmmere ade a, anka mennim akɔnnɔ.

8 Na bɔne no nam mmara asɛm no so nyaa kwan yɛɛ akɔnnɔ nyinaa wɔ me mu; na sɛ mmara nni hɔ a, na bɔne nso awu.

9 Na me deɛ, makwati mmara no matena ase pɛn; nanso mmara asɛm no baeɛ no, bɔne nyanee bio;

10 na me deɛ, mewui, na saa mmara korɔ no ara a ɛhyɛɛ me nkwa ho bɔ no, ɛno ara nso abɛyɛ owuo ama me.

11 Na bɔne no nam mmara asɛm no so nyaa kwan daadaa me, na ɛnam so kumm me.

12 Enti mmara no yɛ kronkron, na mmara asɛm no yɛ kronkron ne tenenee ne papa.

13 Ɛnneɛ na deɛ ɛyɛ papa no adane owuo ama me anaa? Dabi da, na ɛyɛ bɔne no mmom, na ada adi sɛ bɔne a ɛnam deɛ ɛyɛ papa no so mpo de owuo aba me soɔ, na bɔne no nam mmara asɛm no so ayɛ bɔne atra so.

Nnipa su ahodoɔ mmienu

14 Na yɛnim sɛ mmara no yɛ honhom mu adeɛ, na me deɛ, meyɛ ɔhonam muni a wɔatɔn me ahyɛ bɔne aseɛ.

15 Na deɛ meyɛ no, menhunu; ɛfiri sɛ ɛnyɛ deɛ mepɛ na meyɛ, na mmom deɛ mekyire no, ɛno na meyɛ.

16 Na sɛ deɛ mempɛ no na meyɛ a, ɛnneɛ na mepene so sɛ mmara no yɛ.

17 Ɛnneɛ na afei ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no a.

18 Na menim sɛ papa biara nte me mu, mekyerɛ me nipasu mu, ɛfiri sɛ papa ho pɛ deɛ, ɛwɔ me mu, na mmom sɛdeɛ mɛyɛ no deɛ, mentumi.

19 Na papa a mepɛ no, menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ.

20 Na sɛ deɛ mempɛ no meyɛ a, ɛnneɛ ɛnyɛ me na meyɛ bio, na mmom ɛyɛ bɔne a ɛte me mu no a.

21 Ɛnneɛ mehunu mmara yi sɛ, me a mepɛ sɛ meyɛ deɛ ɛyɛ no, bɔne wɔ me mu.

22 Na me mu-nipa fam deɛ, m’ani gye Nyankopɔn mmara ho;

23 nanso mehunu mmara foforɔ bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no.

24 Me manehunufoɔ! Hwan na ɔbɛyi me afiri saa owuo nipadua yi mu?

25 Na afei aseda mfa yɛn Awurade Yesu Kristo so nka Onyankopɔn! Ɛnneɛ afei me ara mede m’adwene mesom Nyankopɔn mmara, na ɔhonam deɛ, mede mesom bɔne mmara.

Leave a comment

Your email address will not be published. Required fields are marked *

fourteen − 6 =